Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 43

Mpa Abaw!

Mpa Abaw!

“Sɛ yɛreyɛ adepa a, mommma yɛmmpa abaw.”—GAL. 6:9.

DWOM 68 Gu Ahenni Aba

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo?

ƐYƐ yɛn dɛ paa sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo! Saa din no nna yɛn so kwa. Yɛka asɛmpa no kyerɛkyerɛ nkurɔfo de kyerɛ sɛ yɛyɛ n’Adansefo. Sɛ yenya obi a ‘ɔwɔ koma pa a ebetumi ama wanya daa nkwa,’ na yɛboa no ma ɔbɛyɛ gyidini a, ɛma yɛn ani gye paa. (Aso. 13:48) Bere a Yesu asuafo no bɛkaa osuahu a ɛhyɛ nkuran a wonyae wɔ asɛnka adwuma no mu kyerɛɛ no no, ‘honhom kronkron hyɛɛ no ma, na n’ani gyei papaapa.’ Yɛn nso, sɛ asɛnka adwuma no kɔ yiye a, saa ara na yɛte nka.—Luka 10:1, 17, 21.

2. Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛmfa yɛn som adwuma no nni agorɔ?

2 Yɛmfa yɛn som adwuma no nni agorɔ. Ɔsomafo Paul hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ: “Hwɛ wo ho so yiye bere nyinaa, na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ ho daa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.” (1 Tim. 4:16) Wei kyerɛ sɛ, yɛn adwuma no yɛ nkwagye adwuma. Yɛhwɛ yɛn ho so yiye bere nyinaa, efisɛ yɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no manfo. Enti yɛpɛ sɛ daa nea yɛyɛ no hyɛ Yehowa anuonyam, na yɛn abrabɔ nso fata asɛmpa a yɛka no. (Filip. 1:27) Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛbɔ Yehowa mpae ansa na yɛakɔ asɛnka. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ‘yɛn ani ku yɛn nkyerɛkyerɛ ho.’

3. Sɛ yɛka Ahenni ho asɛm no a, obiara na obetie anaa? Ma ɛho nhwɛso.

3 Asaasesin a yɛyɛ mu adwuma no, sɛ yɛyere yɛn ho sɛ dɛn mpo ka Ahenni ho asɛmpa no a, ebia nnipa kakraa bi na ebetie. Momma yɛnhwɛ onua Georg Lindal suahu no. Ɔno nko ara kaa asɛmpa no wɔ Iceland fii afe 1929 kosii afe 1947. Ɔmaa nhoma mpempem bebree, nanso onipa baako mpo ammegye nokware no. Ɔkaa sɛ: “Ná ebinom nneyɛe kyerɛ sɛ wɔmpɛ nokware no koraa, nanso dodow no ara de na wɔn ani na ennye ho.” Bere a wɔde Gilead asɛmpatrɛwfo kɔɔ hɔ sɛ wɔnkɔboa adwuma no mpo, mfe nkorɔn twaam ansa na Icelandfo no bi rehyira wɔn ho so ama Yehowa abɔ asu. *

4. Sɛ nkurɔfo ntie asɛmpa no a, ebetumi ama yɛate nka sɛn?

4 Sɛ nkurɔfo ntie asɛmpa no a, etumi yɛ yɛn yaw. Yebetumi ate nka sɛ Paul. Bere a Yudafo no annye Yesu anni sɛ ɔno ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no, odii ‘awerɛhow kɛse, na na ɛyaw a ennyae da wɔ ne koma mu.’ (Rom. 9:1-3) Ebia wowɔ Bible suani bi. Woyɛ nea wubetumi biara kyerɛkyerɛ no yiye, na daa wobɔ mpae ma no. Nanso ɔmfa nea ɔresua no nyɛ adwuma, enti wuhu sɛ ehia sɛ wugyae adesua no yɛ. Anaa ebia w’ankasa wommoaa obiara ma onnyaa nkɔso mmɔɔ asu da. Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ ɛhaw wo na wunya adwene sɛ gyama Yehowa ani nsɔ adwuma a woreyɛ no anaa? Adesua yi mu no, yebenya nsɛmmisa mmienu yi ho mmuae: (1) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi som adwuma rekɔ yiye? (2) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛyɛ wɔ asɛmpa a yɛka no ho?

DƐN NA ƐKYERƐ SƐ OBI SOM ADWUMA REKƆ YIYE?

5. Asɛmpa a yɛka no, ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo betie sɛnea yɛhwɛ kwan no. Adɛn ntia?

5 Bible ka sɛ, obi a ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no: “Nea ɔyɛ biara bewie yiye.” (Dw. 1:3) Nanso wei nkyerɛ sɛ biribiara a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no bɛkɔ sɛnea yɛpɛ. Esiane sɛ bɔne wɔ nnipa nyinaa ho nti, ‘ɔhaw ahyɛ nnipa asetena mu ma.’ (Hiob 14:1) Afei nso, ɛtɔ da a, asɔretiafo tumi bara yɛn asɛnka adwuma no. (1 Kor. 16:9; 1 Tes. 2:18) Ɛnde, dɛn na yɛyɛ a ɛma Yehowa hu sɛ yɛn som adwuma no rekɔ yiye? Momma yɛnhwɛ Bible nnyinasosɛm bi a ɛbɛma yɛanya saa asɛmmisa yi ho mmuae.

Sɛ yɛn ara yɛkɔka asɛm no oo, sɛ yɛfa nkrataakyerɛw anaa fon so oo, mmɔden a yɛbɔ biara Yehowa ani sɔ (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Dɛn na ɛma Yehowa hu sɛ yɛn som adwuma no rekɔ yiye?

6 Yehowa hwɛ yɛn mmɔdenbɔ ne animia a yɛde yɛ ne som adwuma no. Sɛ ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no, na sɛ nkurɔfo tie oo, wɔantie oo, Yehowa de, ohu no sɛ yɛn som adwuma no rekɔ yiye. Paul kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi mo adwuma ne sɛnea moasom akronkronfo na moda so som wɔn de kyerɛ sɛ modɔ ne din no.” (Heb. 6:10) Sɛ mmɔden a yɛrebɔ nyinaa akyi no nkurɔfo antie mpo a, Yehowa de ɔkae yɛn mmɔdenbɔ ne ɔdɔ a yɛda no adi no. Enti, asɛm a Paul ka kyerɛɛ Korintofo no, ɛfa wo nso wo ho. Sɛ wobrɛ yɛ asɛnka adwuma no na sɛ nkurɔfo antie sɛnea wohwɛ kwan mpo a, sɛnea Paul kae no: ‘Wo brɛ renyɛ ɔkwa Awurade mu.’—1 Kor. 15:58.

7. Sɛnea ɔsomafo Paul kaa ne som adwuma ho asɛm no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

7 Ná ɔsomafo Paul yɛ ɔsɛmpatrɛwni a ɔbɔ ne ho mmɔden paa, na ɔhyehyɛɛ asafo bebree wɔ nkurow pii mu. Nanso bere a ebinom kasa tiaa Paul sɛ ɔnyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa na ɔreyi ne ho ano no, wantwe adwene ansi nnipa dodow a na watumi aboa wɔn ma wɔabɛyɛ Kristofo no so. Mmom, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sen no no, ɔbɔɔ wɔn asɛm no gui kaa sɛ: “Mayɛ adwumaden pii sen wɔn.” (2 Kor. 11:23) Sɛnea na Paul bu ne som adwuma no, yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, mmɔdenbɔ ne animia a yɛde bɛyɛ yɛn som adwuma no, ɛno ne ade a ɛho hia Yehowa paa.

8. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ yɛn som adwuma ho?

8 Yehowa ani sɔ yɛn som adwuma. Yesu somaa asuafo 70 sɛ wɔnkɔka Ahenni ho asɛm no. Bere a wowiei no, wɔde “anigye san bae.” Dɛn na ɛmaa wɔn ani gyei saa? Wɔkaa sɛ: “Wo din a yɛde yɛ adwuma nti, ahonhommɔne mpo brɛ wɔn ho ase ma yɛn.” Nanso Yesu teɛɛ wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnni ahurusi sɛ ahonhom brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom munni ahurusi efisɛ wɔakyerɛw mo din wɔ soro.” (Luka 10:17-20) Ná Yesu nim sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wobenya osuahu a ɛhyɛ nkuran saa wɔ asɛnka adwuma no mu. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wodii kan tiee asuafo no, yennim wɔn mu dodow a wɔbɛyɛɛ Kristofo. Enti na ɛsɛ sɛ asuafo no te ase sɛ, ɛnyɛ nkurɔfo a ebetie wɔn asɛm no nko ara na ɛsɛ sɛ ɛma wɔn ani gye, na mmom nea na ɛsɛ sɛ ɛma wɔn ani gye paa ne sɛ Yehowa ani sɔ wɔn adwumaden no.

9. Sɛnea Galatifo 6:7-9 kyerɛ no, sɛ yemia yɛn ani yɛ asɛnka adwuma no a, dɛn na ebefi mu aba?

9 Sɛ yemia yɛn ani yɛ asɛnka adwuma no a, yebenya daa nkwa. Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu gu Ahenni aba no na yɛyɛ ho adwuma a, na yɛredua no “sɛnea honhom no kyerɛ no,” kyerɛ sɛ, na yɛrema Onyankopɔn honhom kronkron no kwan ama ayɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ mu. Sɛ yetumi boa obi ma ohyira ne ho so ma Onyankopɔn oo, sɛ yɛantumi anyɛ saa oo, sɛ ‘yɛampa abaw’ nko ara de a, Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa.—Kenkan Galatifo 6:7-9.

SƐ YƐKA ASƐMPA NO A, DƐN NA ƐSƐ SƐ YƐHWƐ KWAN SƐ NKURƆFO BƐYƐ?

10. Adɛn nti na yɛka asɛmpa no a ebinom tie na ebinom nso ntie?

10 Adɛn nti na yɛka asɛmpa no a ebinom tie na ebinom nso ntie? Yesu de mfatoho a ɛfa ogufo ho no na ɛkyerɛkyerɛɛ saa nokwasɛm yi mu. Ogufo no guu aba wɔ asaase ahorow so, nanso emu baako pɛ na ɛsow aba. (Luka 8:5-8) Yesu kaa sɛ, asaase ahorow no gyina hɔ ma sɛnea nnipa koma te, na sɛnea obi koma te no na ɛbɛkyerɛ sɛnea ɔbɛyɛ n’ade wɔ “Onyankopɔn asɛm” ho. (Luka 8:11-15) Sɛnea ogufo no rentumi nkyerɛ sɛ aba no benyin anaa ɛrennyin no, saa ara na yɛn nso yɛrentumi nkyerɛ sɛ asɛmpa a yɛreka no, nkurɔfo bɛyɛ ho biribi, efisɛ sɛ wɔbɛyɛ ho biribi a, egyina sɛnea wɔn koma te so. Yɛn de ara ne sɛ yɛbɛkɔ so aka Ahenni ho asɛmpa no. Ɔsomafo Paul kaa sɛ, “yɛn mu biara benya n’ankasa akatua sɛnea n’ankasa adwuma te.” Akatua a obenya no nnyina nea ebefi n’adwuma no mu aba so.—1 Kor. 3:8.

Ɛwom sɛ Noa kɔɔ so kaa asɛm no mfe pii, nanso obiara ammɛka ne ho wɔ adaka no mu, gye n’abusua nko ara. Nanso, Noa tiee Onyankopɔn yɛɛ nea ɔka kyerɛɛ no nyinaa! (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Noa yɛ obi a “ɔkaa trenee ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo.” Adɛn nti na yebetumi aka sɛ n’adwuma no kɔɔ yiye? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

11 Yehowa adansefo a wɔtenaa ase tete no, nkurɔfo antie asɛm a na wɔka no. Yɛhwɛ Noa sɛɛ a, ɛbɛyɛ sɛ ɔde mfe 40 anaa 50 ‘kaa trenee ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo.’ (2 Pet. 2:5) Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo betie trenee ho asɛm a ɔka no agu aso pa mu, nanso Yehowa anka sɛ biribi a ɛte saa besi. Mmom, bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛsɛ sɛ wokɔ adaka no mu, wo ne wo mma, wo yere, ne wo mma yerenom.” (Gen. 6:18) Afei nso, sɛ yɛhwɛ adaka a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no kɛse, ne nnipa ne nneɛma a na ebetumi afa a, ɛbɛyɛ sɛ Noa hui sɛ, sɛ nnipa bi betie asɛm no mpo a, ɛbɛyɛ kakraa bi. (Gen. 6:15) Sɛnea yenim no, saa wiase bɔne no mu nipa baako mpo antie asɛm a Noa kae no. (Gen. 7:7) Adwuma a Noa yɛe no, ansɔ Yehowa ani anaa? Ɛnte saa koraa! Onyankopɔn ani so de, Noa asɛnka adwuma no kɔɔ yiye paa, efisɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔyɛɛ ne nyinaa pɛpɛɛpɛ.—Gen. 6:22.

12. Bere a odiyifo Yeremia reka asɛm no, nkurɔfo antie no na ebinom nso sɔre tiaa no, nanso dɛn na ɛmaa n’ani gyei?

12 Odiyifo Yeremia nso de bɛboro mfe 40 kaa asɛm no. Ebinom antie no, na ebinom nso sɔre tiaa no. Asɔretiafo ‘yeyaw no na wɔserew no.’ Wei maa n’abam bui ara ma anka ɔreyɛ agyae adwuma a Yehowa de maa no no. (Yer. 20:8, 9) Nanso Yeremia ampa abaw! Dɛn na ɛboaa no ma ɔkɔɔ so nyaa anigye wɔ ne som adwuma no mu? Ɔde n’adwene sii nsɛntitiriw mmienu bi so. Nea edi kan no, Onyankopɔn asɛm a Yeremia kɔka kyerɛɛ nkurɔfo no, na ɛbɛma wɔanya “daakye ne anidaso.” (Yer. 29:11) Nea ɛto so mmienu, na Yehowa na apaw Yeremia sɛ ɔnyɛ ne kasamafo. (Yer. 15:16) Yɛn nso, yɛreka asɛmpa a ɛma nkurɔfo nya anidaso, na Yehowa apaw yɛn sɛ n’Adansefo. Sɛ yɛde yɛn adwene si nsɛntitiriw mmienu a yɛreka yi so, na sɛ nkurɔfo antie asɛmpa no mpo a, yebetumi anya anigye.

13. Yesu mfatoho a ɛwɔ Marko 4:26-29 no, dɛn na yesua fi mu?

13 Obi mfiti prɛko pɛ nnya gyidi; ɛyɛ nkakrankakra. Yesu mfatoho a ɛfa ogufo bi a ɔdae ho no, ɔkyerɛkyerɛɛ saa nokwasɛm yi mu. (Kenkan Marko 4:26-29.) Bere a ogufo no guu aba no, enyinii nkakrankakra. Nea ɛyɛe a enyinii de, na onnim. Yɛn nso, sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ obi a, ebia ɛnyɛ amonom hɔ ara na yebehu sɛ ɔde reyɛ adwuma, efisɛ ɛnyɛ da koro pɛ na obi betumi de nea ɔresua no ayɛ adwuma. Sɛnea okuafo rentumi nhyɛ ne nnɔbae sɛ ennyin sɛnea ɔpɛ no, saa ara na yɛn nso yɛrentumi nhyɛ yɛn Bible asuafo sɛ wonnya nkɔso ntɛmntɛm. Enti sɛ wo Bible suani bi nnya nkɔso ntɛmntɛm sɛnea wopɛ a, mma w’abam mmu anaa mpa abaw. Sɛnea kuadwuma te no, saa ara na obi a yɛbɛboa no ma wɔabɛsom Yehowa nso te. Ne nyinaa gye abotare.—Yak. 5:7, 8.

14. Nhwɛso bɛn na ɛma yehu sɛ etumi kyɛ paa ansa na ebinom atie asɛmpa no?

14 Nsaasesin bi wɔ hɔ a, yɛka asɛmpa no a, etumi kyɛ paa ansa na ebinom abegye nokware no. Yɛnhwɛ Gladys Allen ne ne nuabea Ruby Allen suahu no. Afe 1959 no, wɔma wɔkɔyɛɛ daa akwampaefo wɔ Quebec mantam a ɛwɔ Canada mu. * Esiane sɛ na nkurɔfo suro nea afoforo bɛka ne nea Katolek asɔfo no bɛyɛ nti, na wɔmpɛ sɛ wotie Ahenni ho asɛm no. Gladys kaa sɛ: “Da biara na yɛde nnɔnhwerew nwɔtwe yɛ afie afie asɛnka. Yɛyɛɛ saa ara mfe mmienu, nanso yɛannya nipa baako mpo ankasa ankyerɛ no! Sɛ yɛbɔ pon no mu na wohu sɛ ɛyɛ yɛn a, na wɔagyaw yɛn hɔ kɔ. Nanso yɛampa abaw.” Bere bi akyi no, nkurɔfo no sesaa wɔn suban, na ebinom fii ase tiee asɛmpa no. Seesei asafo mmiɛnsa na ɛwɔ saa kurow no mu.—Yes. 60:22.

15. Dɛn na 1 Korintofo 3:6, 7 ma yehu fa asuafoyɛ adwuma no ho?

15 Ɛnyɛ ɔbaakofo na ɔboa obi ma ɔbɛyɛ osuani. Asafo no mufo nyinaa na wɔboa obi ma otumi bɔ asu. (Kenkan 1 Korintofo 3:6, 7.) Yɛmfa no sɛ ɔdawurubɔfo bi de kratawa anaa nsɛmma nhoma ama obi a n’ani gye ho. Onua no hu sɛ bere a onii a n’ani gye ho no pɛ sɛ wɔtoa nkɔmmɔ no so no, ɛbɛyɛ den ama no, enti ɔka kyerɛɛ ɔdawurubɔfo foforo sɛ ɔnkɔyɛ saa sankɔhwɛ no mma no. Saa ɔdawurubɔfo no tumi fii Bible adesua ase. Sɛ ɔrekɔyɛ adesua no a, ɔne anuanom afoforo kɔ na wɔn mu biara ka biribi de hyɛ osuani no nkuran. Onua anaa onuawa biara a osuani no hyia no no, ɔboa no ma ne gyidi yɛ den. Sɛnea Yesu kae no, sɛ osuani no tumi bɛbɔ asu a, nea oguu aba no ne nea ɔboaa no ma otwae no nyinaa betumi adi ahurusi.—Yoh. 4:35-38.

16. Sɛ wowɔ yare bi anaa w’ahoɔden so atew mpo a, adɛn nti na w’ani betumi agye wɔ ɔsom adwuma no mu?

16 Sɛ wowɔ yare bi anaa w’ahoɔden so atew ma enti wuntumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu nso ɛ? Ne nyinaa mu no, wubetumi ama w’ani agye esiane kakra a wutumi yɛ no nti. Momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii bere Ɔhene Dawid ne ne mmarima no kɔko gyee wɔn mmusua ne wɔn agyapade fii Amalekfo no hɔ no. Bere a wɔrekɔ no, na ne mmarima no mu 200 abrɛ paa, enti ɔma wɔhwɛɛ akyi bɔɔ nneɛma no ho ban. Nkonimdi no akyi no, Dawid kaa sɛ ɔko no mu nneɛma a wonyae no, wɔn a wɔkɔɔ ɔko no bi ne wɔn a wɔhwɛɛ akyi nyinaa, wɔnkyɛ no pɛ. (1 Sam. 30:21-25) Asuafoyɛ adwuma a yɛreyɛ no wiase nyinaa no nso, saa ara na ɛte. Sɛ woyere wo ho yɛ nea wubetumi biara wɔ asɛnka adwuma no mu a, bere biara a obi bɛba abɛsom Yehowa no, wo nso wubetumi adi ahurusi.

17. Ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ dɛn ho?

17 Yehowa wɔ yɛn som adwuma no ho adwempa, enti ɛsɛ sɛ yɛda no ase wɔ ho. Onim sɛ yɛrentumi nhyɛ nkurɔfo ma wontie yɛn anaa wɔnsom no. Ne nyinaa mu no, ohu mmɔden a yɛbɔ ne adwempa a yɛde yɛ ɔsom adwuma no, na ohyira yɛn. Afei nso ɔma yehu sɛ, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi nyinaa wɔ otwa adwuma kɛse no mu a, yɛn ani betumi agye. (Yoh. 14:12) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛampa abaw nko ara de a, Onyankopɔn ani bɛsɔ nea yetumi yɛ no!

DWOM 67 “Ka Asɛm No”

^ nky. 5 Sɛ nkurɔfo tie asɛmpa no a ɛma yɛn ani gye, na sɛ wɔantie a etumi yɛ yɛn yaw. Ebia na wo ne obi resua Bible, nanso onnya nkɔso biara. Ebi nso a, w’ankasa wommoaa obiara ma ɔmmɔɔ asu da. So wei kyerɛ sɛ wo mmɔdenbɔ nsɔ Yehowa ani anaa? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea ɛkyerɛ sɛ obi som adwuma rekɔ yiye. Afei nso yebehu sɛ, sɛ nkurɔfo tie yɛn oo, sɛ wɔantie yɛn oo, yɛn ani betumi agye.

^ nky. 14 Hwɛ Gladys Allen asetenam nsɛm a ɛbaa September 1, 2002 Ɔwɛn-Aban mu no. Wɔato din sɛ, “Anka Merensesa Ade Biara!