Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 47

Wo Gyidi Betumi Ama Woagyina Nea Ɛreba No Ano Anaa?

Wo Gyidi Betumi Ama Woagyina Nea Ɛreba No Ano Anaa?

‘Mommma mo koma nntu. Munnya gyidi.’—YOH. 14:1.

DWOM 119 Ɛsɛ sɛ Yenya Gyidi Ankasa

NEA YƐREBESUA *

1. Asɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

ƐRENKYƐ wɔbɛsɛe atoro som, Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ Onyankopɔn asomfo so, na ɛbɛkɔ akɔtwe Harmagedon ko no aba. Ɛtɔ da na wudwinnwen nea ɛreba no ho a, ɛyɛ a wo yam hyehye wo anaa? Woabisa wo ho pɛn sɛ, ‘Sɛ nneɛma a ɛyɛ hu yi resisi a, metumi adi nokware akosi awiei?’ Sɛ woabisa saa asɛm yi pɛn a, ɛnde Yesu nsɛm a adesua yi gyina so no bɛboa wo paa. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Mommma mo koma nntu. Munnya gyidi.’ (Yoh. 14:1) Sɛ yɛn gyidi yɛ den a, nea ɛbɛba biara, yebenya akokoduru de agyina ano.

2. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn gyidi ayɛ den, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ sɔhwɛ a yehyia nnɛ no ho a, ɛbɛma yɛahu nea yɛbɛyɛ de ahyɛ yɛn gyidi den. Ebia yebehu sɛ ntokuru abɛdeda yɛn gyidi mu, enti ehia sɛ yetuatua. Wei bɛboa yɛn ama yɛn gyidi ayɛ den, na yɛatumi agyina sɔhwɛ a yebehyia daakye no ano. Sɔhwɛ biara a yebehyia no, sɛ yetumi gyina ano a, ɛma yɛn gyidi no bi bɛka ho. Ɛba saa a, ɛbɛma yɛatumi agyina sɔhwɛ biara a yebehyia daakye no ano. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ tebea nnan bi a Yesu asuafo no hyiae a ɛma wohui sɛ ehia sɛ wonya gyidi kɛse. Afei yɛbɛhwɛ sɛnea yɛn nso yebetumi ahyia tebea bi a ɛtete saa, ne sɛnea ebesiesie yɛn ama yɛagyina sɔhwɛ a yebehyia daakye no ano.

ƐSƐ SƐ YENYA GYIDI SƐ ONYANKOPƆN BƐMA YƐN NEA YEHIA

Ebia na yɛn sikasɛm nkɔ yiye, nanso yɛn gyidi bɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi Ahenni no so (Hwɛ nkyekyɛm 3-6)

3. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Mateo 6:30, 33 no a, gyidi ho asɛm bɛn na Yesu maa emu daa hɔ?

3 Abusua ti biara pɛ sɛ ne yere ne ne mma nya nea wobedi, nea wɔbɛhyɛ ne baabi a wɔde wɔn ti bɛto. Nanso mmere a emu yɛ den yi mu no, ɛtɔ da a na ayɛ den. Yɛn nuanom binom adwuma afi wɔn nsa, na wɔayɛ biara sɛ wobenya foforo, nanso wonnya bi. Afoforo nso tumi nya adwuma no bi, nanso wobɛhwɛ no, na ɛnyɛ adwuma a Kristofo betumi ayɛ. Tebea a ɛtete saa nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ yenya gyidi paa sɛ Yehowa bɛfa kwan bi so ama yɛn abusua nsa aka nea yehia. Yesu kyerɛkyerɛɛ wei mu fann kyerɛɛ n’asuafo no wɔ Bepɔw So Asɛnka no mu. (Kenkan Mateo 6:30, 33.) Sɛ yegye di paa sɛ Yehowa rennan n’akyi nkyerɛ yɛn a, yebetumi de yɛn adwene asi Ahenni no so. Sɛ yehu sɛ Yehowa reboa yɛn ama yɛn nsa aka nea yehia a, ɛbɛma yɛabɛn no paa, na ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den.

4-5. Bere a nneɛma a abusua bi hia yɛɛ wɔn dadwen no, dɛn na ɛboaa wɔn?

4 Yɛnhwɛ Castro abusua a ɛwɔ Venezuela no. Ná nea wobedi mpo reyɛ abɔ wɔn, nanso yɛnhwɛ nea Yehowa yɛ de boaa wɔn. Ná Castro abusua no wɔ afuw a na ɛma wɔn nsa kɔ wɔn ano. Nanso aturutrafo a wokurakura atuo bɛpam wɔn fii wɔn asaase no so. Miguel a ɔyɛ abusua ti no ka sɛ: “Seesei asaase ketewaa bi a yɛakɔfɛm na yedidi so. Anɔpa biara, mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma yɛn nsa nka nea yehia saa da no.” Abrabɔ no mu ayɛ den ama abusua no, nanso wogye di paa sɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no betumi ama wɔanya nea wohia da biara. Wei nti, Castro abusua no ntoto adesua mu, na wɔkɔ asɛnka daa. Wɔde Ahenni no di kan wɔ wɔn asetena mu, na Yehowa nso ma wɔn nea wohia.

5 Miguel ne ne yere Yurai abɛbrɛsɛ yi nyinaa mu no, wɔde wɔn adwene si sɛnea Yehowa hwɛ wɔn no so. Ɛtɔ da a, Yehowa nam anuanom so ma wɔn nsa ka nea wohia anaa wɔboa Miguel ma onya adwuma bi yɛ. Ɛtɔ da nso a, Yehowa nam Betel so ma wɔn nsa ka nea wohia. Yehowa nnanee n’akyi nkyerɛɛ wɔn da. Wei ama wɔn abusua no gyidi ayɛ den paa. Wɔn babea panyin Yoselin kaa sɛnea bere bi Yehowa boaa wɔn no ho asɛm. Ɛno akyi no, ɔkaa sɛ: “Sɛ wuhu sɛ Yehowa nsa redi boa wo a, ɛma w’ani gye paa. Mihu sɛ ɔyɛ adamfo a ɔrenkɔ nnyaw me da.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɔhwɛ a yɛn abusua no afa mu no asiesie yɛn ama sɔhwɛ akɛse a yebehyia daakye.”

6. Sɛ wo sikasɛm nkɔ yiye a, dɛn na wubetumi ayɛ de ahyɛ wo gyidi den?

6 Wo sikasɛm nkɔ yiye anaa? Ɛnde, woredi amia. Nea worefa mu no, sɛ emu yɛ yaw sɛ dɛn mpo a, wubetumi de saa bere yi ahyɛ wo gyidi den. Bɔ Yehowa mpae, na kenkan Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:25-34 no, na dwinnwen ho. Afei nso, yɛn mmere yi mu suahu ahorow a esi so dua sɛ Yehowa hwɛ wɔn a wɔde ne som di kan no, dwinnwen ho. (1 Kor. 15:58) Woyɛ saa a, ɛbɛma woanya ahotoso paa sɛ, sɛnea wo soro Agya no aboa wɔn a na wɔwɔ wo haw no bi no, wo nso, ɔbɛboa wo. Onim nea wuhia, na onim ɔkwan a ɔbɛfa so ama wo nsa aka. Sɛ wuhu Yehowa nsa wɔ w’asetena mu saa a, ɛbɛhyɛ wo gyidi den, na sɛ wuhyia sɔhwɛ akɛse daakye a, woatumi agyina ano.—Hab. 3:17, 18.

ƐSƐ SƐ YENYA GYIDI A YƐDE BEGYINA “MFRAMA KƐSE BI” ANO

Sɛ mframa kɛse bi ankasa bɔ ma ɛsɛe yɛn nneɛma, anaa ɔhaw kɛse bi to yɛn, na yɛwɔ gyidi kɛse a, ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina ano (Hwɛ nkyekyɛm 7-11)

7. Sɛnea Mateo 8:23-26 ma yehu no, sɛn na “mframa kɛse bi” sɔɔ asuafo no gyidi hwɛe?

7 Bere bi a Yesu ne n’asuafo te ɔkorow mu a mframa kɛse bi bɔe no, ɔfaa nea esii no so boaa n’asuafo no ma wohui sɛ wohia gyidi kɛse. (Kenkan Mateo 8:23-26.) Mframa no bɔe denneennen ara ma anka asorɔkye no rekata ɔkorow no so, nanso Yesu de, na wada redwudwo ne ho. Asuafo no bɔɔ hu paa, na wonyan Yesu sɛ onnye wɔn. Awurade Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na ehu aka mo saa, mo a mo gyidi sua?” Ná anka ɛsɛ sɛ asuafo a ehu akyekyere wɔn no hu sɛ ɛnyɛ den koraa mma Yehowa sɛ ɔbɛbɔ Yesu ne wɔn a wɔne no nam no ho ban. Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm no mu? Ɛne sɛ, sɛ “mframa kɛse bi” ankasa bɔ ma ɛsɛe yɛn nneɛma, anaa ɔhaw kɛse bi to yɛn, na yɛwɔ gyidi kɛse a, ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina ano.

8-9. Dɛn na ɛsɔɔ Anel gyidi hwɛe, na dɛn na ɛboaa no?

8 Yɛnhwɛ onuawa sigyani bi a ne din de Anel a ofi Puerto Rico. Sɔhwɛ kɛse bi a ɔfaa mu maa ne gyidi yɛɛ den. “Mframa kɛse bi” a ɛbɔe na ɛkɔfaa ne sɔhwɛ no bae. Afe 2017 no, mframa kɛse bi a wɔfrɛ no Hurricane Maria sɛee ne fie. Ɛnyɛ ɛno nko, mframa no nti, n’adwuma nso fii ne nsa. Anel ka sɛ: “Saa bere no, nneɛma mu yɛɛ den maa me, enti dadwen bɛtɔɔ me so. Nanso, mihui sɛ ɛsɛ sɛ mebɔ mpae na mede me ho to Yehowa so, na ɛnsɛ sɛ mema dadwen hyɛ me so.”

9 Anel ka sɛ, osetie yɛ ade foforo a ɛboaa no ma otumi gyinaa sɔhwɛ no ano. Ɔka sɛ: “Mede akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de mae no yɛɛ adwuma, na ɛboaa me ma me koma tɔɔ me yam. Anuanom nam Kyerɛwnsɛm no so hyɛɛ me nkuran, na wɔmaa me nsa kaa nea mihia. Wei ma mihui sɛ Yehowa nsa redi boa me.” Ɔde ka ho sɛ: “Yehowa ma minya boroo nea mihia so, na wei hyɛɛ me gyidi den paa.”

10. Sɛ wuhyia ɔhaw kɛse bi a, dɛn na wubetumi ayɛ?

10 Worehyia ɔhaw kɛse bi anaa? Ebetumi aba sɛ atoyerɛnkyɛm bi ama woakɔ ahokyere mu. Anaa ebia yare bi a emu yɛ den abɔ wo ma w’abam abu ara ma wunhu nea wonyɛ. Ɛtɔ da a, dadwen betumi abɛtɔ wo so nanso ɛnsɛ sɛ woma ɛhyɛ wo so, mmom kɔ so fa wo ho to Yehowa so. Bɔ no mpae denneennen na ama woabɛn no. Nneɛma a Yehowa yɛ de boaa wo bere bi a atwam no, dwinnwen ho ma ɛnhyɛ wo gyidi den. (Dw. 77:11, 12) Nya awerɛhyem sɛ ɔrennan n’akyi nkyerɛ wo da.

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi yɛn adwene pi sɛ yebetie wɔn a wodi yɛn anim no?

11 Dɛn bio na ebetumi aboa wo ma woagyina sɔhwɛ ano? Sɛnea Anel kae no, osetie betumi aboa wo. Wɔn a Yehowa ne Yesu wɔ wɔn mu ahotoso no, wo nso bɔ mmɔden nya wɔn mu ahotoso. Ɛtɔ da a, anuanom a edi nneɛma anim no de akwankyerɛ bi bɛma, na anhwɛ a, yɛbɛka sɛ ntease nnim. Nanso kae sɛ, osetie na Yehowa pɛ. Bible mu nsɛm ne Yehowa asomfo anokwafo suahu ahorow ma yehu sɛ, yɛyɛ osetie a egye yɛn nkwa. (Ex. 14:1-4; 2 Be. 20:17) Dwinnwen nhwɛso a ɛtete saa ho. Wei bɛma woasi w’adwene pi sɛ wubetie akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de bɛma nnɛ, ne nea ɛde bɛma daakye no. (Heb. 13:17) Woyɛ saa a, mframa kɛse paa a ɛrebɛbɔ nnansa yi ara no remma wommɔ hu.—Mmeb. 3:25.

SƐ NKURƆFO NE YƐN ANNI NO YIYE A, ƐSƐ SƐ YENYA GYIDI DE GYINA ANO

Sɛ yɛannyae mpaebɔ da a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Sɛ yɛhwɛ Luka 18:1-8 no a, sɛn na ɛma yehu sɛ, sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, yehia gyidi na yɛatumi agyina ano?

12 Ná Yesu nim sɛ, sɛ nkurɔfo ne n’asuafo anni no yiye a, ɛbɛsɔ wɔn gyidi ahwɛ. Nea ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi agyina ano no, Yesu yɛɛ mfatoho bi a ɛho asɛm wɔ Luka nhoma no mu. Ná ɛfa okunafo bi ho. Ná daa osu gu ɔtemmufo bi a ɔnteɛ so sɛ ommu atɛntrenee mma no. Ná ɔwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ ɔkɔ so ara srɛ ɔtemmufo no a, da koro obedi n’asɛm ama no. Ampa, ewiee ase no, ɔtemmufo no yɛɛ n’apɛde maa no. Dɛn na yesua fi mu? Ɛne sɛ Yehowa yɛ ɔtreneeni. Enti Yesu kaa sɛ: “Munnye nni sɛ obebu atɛntrenee ama wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa?” (Kenkan Luka 18:1-8.) Yesu de kaa ho sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba a, obehu gyidi a ɛte saa wɔ asaase so ampa?” Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, ɛsɛ sɛ yenya abotare na yɛde animia gyina mu de kyerɛ sɛ yɛn gyidi yɛ den te sɛ okunafo no. Sɛ yenya gyidi a ɛte saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛkyɛ sɛ dɛn ara mpo a, Yehowa bedi yɛn asɛm ama yɛn. Afei nso, ɛsɛ sɛ yegye di sɛ mpaebɔ tumi yɛ adwuma paa. Ɛtɔ da a, sɛnea Yehowa bua yɛn mpaebɔ no, ɛyɛ a na yɛn ani nna mpo.

13. Bere a nkurɔfo ne abusua bi anni no yiye no, sɛn na mpaebɔ boaa wɔn?

13 Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Vero a ɔte Democratic Republic of the Congo suahu no. Ná Vero ne ne kunu a ɔnyɛ Yehowa Danseni, ne wɔn babea a wadi mfe 15 te akuraa bi ase. Bere bi asogyafo bɛtow hyɛɛ akuraa no asefo so, enti na ɛsɛ sɛ Vero ne ne kunu, ne wɔn babea no guan. Wɔrekɔ no wokopuee asogyafo bi so, na wɔkyeree wɔn. Wohunahunaa wɔn sɛ wobekum wɔn. Bere a Vero fii ase sɛ ɔresu no, ne babea no bɔɔ mpae denneennen ma epuee n’ano sɛnea ɛbɛyɛ a ne maame koma bɛtɔ ne yam. Ɔrebɔ mpae no nyinaa na ɔrebɔ Yehowa din. Owiei no, asogyafo panyin no bisaa no sɛ: “Awuraa, hena na ɔkyerɛɛ wo sɛnea yɛbɔ mpae?” Ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ me maame a; mpae a ɛwɔ Mateo 6:9-13 no na ɔde kyerɛɛ me.” Asogyafo panyin no kaa sɛ: “Awuraa, wo ne w’awofo mfa asomdwoe nkɔ, na Yehowa wo Nyankopɔn mmɔ mo ho ban!”

14. Dɛn na ebetumi asɔ yɛn gyidi ahwɛ, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina ano?

14 Osuahu a ɛtete saa ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yebu mpaebɔ adewa da. Na sɛ Yehowa ammua wo mpaebɔ ntɛm anaa wammua no anwonwakwan so nso ɛ? Suasua okunafo a na ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no, na kɔ so ara bɔ mpae, na nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn rennan n’akyi nkyerɛ wo da. Bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛfa kwan bi so abua wo mpaebɔ no. Kɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mmoa wo. (Filip. 4:13) Kae sɛ ɛrenkyɛ Yehowa behyira wo ama aboro so, na amanehunu biara a woahyia pɛn no, worenkae bio. Sɔhwɛ a worehyia no, sɛ woma Yehowa boa wo ma wugyina ano a, ɛbɛhyɛ wo den, na wubetumi agyina nea ɛbɛba daakye no ano.—1 Pet. 1:6, 7.

ƐSƐ SƐ YENYA GYIDI A YƐDE BEGYINA AKWANSIDE ANO

15. Sɛnea Mateo 17:19, 20 kyerɛ no, akwanside bɛn na Yesu asuafo no hyiae?

15 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, sɛ wɔwɔ gyidi a, wobetumi adi akwanside biara so. (Kenkan Mateo 17:19, 20.) Ɛwom sɛ na wɔatu ahonhommɔne pɛn, nanso bere bi, wɔyɛe ara sɛ wobetu honhommɔne bi nanso wɔantumi. Adɛn nti na wɔantumi? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wohia gyidi kɛse, na sɛ wɔwɔ gyidi kɛse a, akwanside a ɛte sɛ bepɔw mpo, wobetumi adi so! Ɛnnɛ, ebia yɛn nso, yɛrehyia ɔhaw bi a ɛte sɛ bepɔw, na ɛte sɛ nea yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye.

Awerɛhow betumi ahyɛ yɛn so, nanso gyidi bɛboa yɛn ama yɛayɛ nea yebetumi biara asom Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Ɔkwan bɛn so na gyidi aboa Geydi ma wagyina awerɛhosɛm kɛse bi a ɛtoo no ano?

16 Yɛnhwɛ nea ɛtoo onuawa bi a ne din de Geydi a ofi Guatemala. Da bi a wɔpɔn adesua a wɔrekɔ fie no, nkurɔfo kum ne kunu Edi. Ɔkwan bɛn so na gyidi aboa Geydi ma wagyina awerɛhosɛm kɛse yi ano? Ɔka sɛ: “Mpaebɔ boa me ma mede m’adesoa to Yehowa so, na ɛma m’asom dwo me. Mihu sɛ Yehowa fa m’abusua ne me nnamfo a wɔwɔ asafo no mu so hwɛ me. Esiane sɛ meyere me ho yɛ nea metumi wɔ Yehowa som mu nti, ɛma yaw a meredi no so tew, na ɛmma minnwinnwen ɔkyena ho nhaw me ho. Nea mafa mu yi ama mahu sɛ, sɔhwɛ biara a mehyia daakye no, sɛ ɛte sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, Yehowa, Yesu, ne ahyehyɛde no bɛboa me ama matumi agyina ano.”

17. Sɛ yehyia akwanside bi a ɛte sɛ bepɔw a, dɛn na yebetumi ayɛ?

17 Obi a wopɛ n’asɛm awu ama woredi awerɛhow anaa? Ɛnde wɔn a wowuwui a Bible ka sɛ wonyan wɔn no, tɔ wo bo ase kenkan wɔn ho asɛm na dwinnwen ho. Woyɛ saa a, ɛbɛma owusɔre no mu gyidi a wowɔ no mu ayɛ den. Wo busuani bi a wɔatu no nti, woredi awerɛhow anaa? Sɛ saa a, yere wo ho sua Bible no, na ɛbɛma woahu sɛ ɔkwan a Yehowa fa so teɛ yɛn so no, ɛno na eye paa. Ɔhaw biara a worehyia no, fa no sɛ ɛyɛ akwannya a wode bɛhyɛ wo gyidi den. Ka nea ɛrehaw wo nyinaa kyerɛ Yehowa. Ntew wo ho mfi anuanom ho, mmom ka bɛn wɔn. (Mmeb. 18:1) Yɛ nneɛma a ɛbɛboa wo ma woatumi agyina wo haw no ano; sɛ ɛbɛma woatew nisu mpo a, mia w’ani yɛ. (Dw. 126:5, 6) Nnyae adesuakɔ, asɛnkakɔ ne Bible akenkan. Afei nso, nneɛma pa a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wo daakye no, kɔ so dwinnwen ho. Sɛ wuhu sɛnea Yehowa reboa wo no a, ɛbɛma ne mu gyidi a wowɔ no mu ayɛ den.

“MA YƐN GYIDI NYƐ KƐSE”

18. Sɛ wuhu sɛ tokuru bi abɛda wo gyidi mu a, dɛn na wubetumi ayɛ?

18 Sɛ sɔhwɛ bi a woahyia pɛn anaa nea worehyia seesei ama woahu sɛ tokuru bi abɛda wo gyidi mu a, mma w’aba mu mmmu. Fa no sɛ ɛyɛ akwannya a wode bɛhyɛ wo gyidi den. Sɛnea Yesu asomafo no srɛe sɛ: “Ma yɛn gyidi nyɛ kɛse” no, wo nso wubetumi ayɛ saa ara. (Luka 17:5) Bio nso, nhwɛso ahorow a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no, dwinnwen ho. Sɛnea Miguel ne Yurai yɛe no, kaakae nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa. Suasua Vero babea no ne Anel; bɔ Yehowa mpae denneennen, ɛnkanka bere a worehyia sɔhwɛ a emu yɛ den no. Afei nso, sɛnea Yehowa yɛ maa Geydi no, kae sɛ ebia Yehowa bɛfa w’abusuafo anaa wo nnamfo so ama wo nsa aka nea wuhia. Sɛ woma Yehowa boa wo ma wugyina sɔhwɛ a worehyia no mprempren no ano a, ɛbɛma woanya ahotoso paa sɛ, sɔhwɛ biara a wubehyia daakye no, ɔbɛboa wo ama woagyina ano.

19. Ahotoso bɛn na na Yesu wɔ, na ahotoso bɛn na wo nso wubetumi anya?

19 Yesu maa n’asuafo no huu baabi a ehia sɛ wɔhyɛ wɔn gyidi den. Nanso na ɔwɔ ahotoso sɛ, sɔhwɛ biara a na wobehyia daakye no, Yehowa bɛboa wɔn ama wɔatumi agyina ano. (Yoh. 14:1; 16:33) Ná ɔwɔ awerɛhyem sɛ nnipakuw kɛse bi betwa ahohiahia kɛse no, esiane wɔn gyidi a ɛyɛ den nti. (Adi. 7:9, 14) Wobɛka wɔn ho anaa? Sɛ wode hokwan biara a wubenya no nnɛ hyɛ wo gyidi den a, Yehowa adom nti, wobɛka wɔn ho!—Heb. 10:39.

DWOM 118 “Ma Yɛn Gyidi Nyɛ Kɛse”

^ nky. 5 Ɛkaa yɛn nko a anka wiase bɔne yi asɛe. Nanso ɛtɔ da a, ebia yebebisa yɛn ho sɛ, gyidi a yɛwɔ yi, ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina mu akodu awiei anaa? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ osuahu ahorow ne nea yebetumi asua afi mu, na aboa yɛn ama yɛn gyidi ayɛ den.