Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Sɛnea Mehwehwɛɛ Asetena a Ɛbɛma Manya Akomatɔyam

Sɛnea Mehwehwɛɛ Asetena a Ɛbɛma Manya Akomatɔyam

BERE bi, na mede hyɛmma bi a ayɛ dedaw nam Mediterranea Po no so. Nea mihui ara ne sɛ nsu ba ara na ɛreba hyɛmma no mu. Menkɔhwɛ a, sɛɛ na tokuru bi abɛda ho. Ankyɛ na mframa kɛse bi bɔe. Wei maa ehu kaa me, enti mebɔɔ mpae. Ná mebɔɔ mpae akyɛ paa. Ɛyɛɛ dɛn na saa asɛm yi too me? Ma mimfi ase mfi me mmofraase.

Midii mfe nson no, na yɛn abusua no wɔ Brazil

Wɔwoo me afe 1948 wɔ Netherlands. Afe a edi hɔ no, yɛn abusua no tu kɔɔ São Paulo a ɛwɔ Brazil. Ná m’awofo kɔ asɔre paa; ná yedidi wie anwummere biara a, yɛkenkan Bible. Afe 1959 mu no, yɛsan tui, nanso saa bere yi de yɛkɔɔ United States, na yɛkɔtenaa Massachusetts.

Paapa yɛɛ adwumaden hwɛɛ yɛn abusua a na yɛn dodow si nwɔtwe no. Ɔyɛɛ nnwuma bebree; otutuu akwan kɔtɔn nneɛma, ɔne adwumakuw bi a wɔyɛ akwan yɛɛ adwuma, na ɔne wimhyɛn adwumakuw bi nso yɛɛ adwuma. Bere a Paapa nyaa adwuma wɔ wimhyɛn adwumakuw no mu no, yɛn ani gyei paa, efisɛ na ɛbɛma yɛatutu akwan akɔ mmeaemmeae.

Bere a mewɔ ntoaso sukuu no, na metaa bisa me ho sɛ, ‘Minyin koraa a, dɛn na mɛyɛ?’ Me nnamfo no bi yɛe sɛ wɔbɛkɔ suapɔn, ebinom nso yɛe sɛ wɔbɛkɔ sogya. Nanso me de, na sraadi nni m’adwenem koraa, efisɛ na mempɛ sɛ me ne obi bɛham mpo, na kampɛsɛ me ne no ako. Meyɛɛ m’adwene sɛ, mɛkɔ sogya de, mɛkɔ suapɔn mmom. Nanso, nea na mepɛ sɛ meyɛ paa ne sɛ mɛboa afoforo, efisɛ na ɛyɛ me sɛ ɛno na ɛbɛma manya akomatɔyam wɔ asetenam.

SUAPƆN MU ASETENA

Mede mfe pii hwehwɛɛ nea enti a mewɔ wiase

Mekɔɔ suapɔn bi wɔ Massachusetts; ná mepɛ sɛ misua nnipa asetena ho nsɛm, efisɛ na mepɛ sɛ mihu nea ɛyɛe a nkwa bae. Wɔkyerɛɛ yɛn sɛ nkwa fi adannandi mu na ɛbae, na na wɔpɛ sɛ yegye tom sɛ ɛyɛ nokwasɛm. Nanso, mihui sɛ sɛnea na wɔkyerɛkyerɛ mu no, na ntease nnim, na na enni nnyinaso biara.

Suapɔn hɔ no, wɔankyerɛ yɛn biribiara a ɛfa abrabɔ pa ho. Mmom, nea na wɔtwe adwene si so ara ne sɛ, wobɛfa kwan biara so atwa suapɔn mu sɔhwɛ no yiye. Sɛ me ne me nnamfo kɔ apontow ase na yɛnom nnubɔne a, na ɛma m’ani gye, nanso ɛnkyɛ na anigye no atetew m’ani so. Enti mibisaa me ho sɛ: ‘Asetena a ɛbɛma manya akomatɔyam ni?’

Akyiri yi, mesan kɔɔ suapɔn foforo wɔ Boston. Nea ɛbɛyɛ na manya sika atua suapɔn a na merekɔ no ho ka no, sɛ yɛma kwan a, na meyɛ adwuma. Akwammabere adwuma yi mu ne bere a edi kan a mihyiaa Yehowa Adansefo. Me yɔnko dwumayɛni bi a ɔyɛ Ɔdansefo kaa “mmere ason” a ɛwɔ Daniel ti nnan no ho asɛm kyerɛɛ me, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛte awiei mmere no mu. (Dan. 4:13-17) Ɛhɔ ara na mihui sɛ, sɛ metoa nkɔmmɔbɔ no so, na migye di paa sɛ nea ɔrekyerɛkyerɛ me no yɛ nokware a, ɛsɛ sɛ mesesa m’abrabɔ. Enti meyɛɛ nea metumi biara de twaa nkɔmmɔ no so.

Mewɔ suapɔn no, misuaa ade a ɛbɛma matumi akɔyɛ atuhoama adwuma wɔ South America. Ɛyɛɛ me sɛ, sɛ mitu me ho ma yɛ nneɛma pa de boa mmɔborɔwafo a, ɛbɛma manya akomatɔyam wɔ asetenam. Nanso midwinnwen wei ho no, mihui sɛ ɛno nso remmoa me. Ná minhu nea menyɛ, enti migyaee suapɔn no.

ASETENA A AKOMATƆYAM WOM A NA MEREHWEHWƐ NO MA MIKOKYINKYIN AMAN A ƐWƆ AKYIRIKYIRI SO

May afe 1970 no, mitu kɔɔ Amsterdam a ɛwɔ Netherlands, na me ne wimhyɛn adwumakuw bi kɔyɛɛ adwuma. Wimhyɛn adwumakuw yi ara na me papa nso ne wɔn yɛɛ adwuma no. Adwuma yi ma mitutuu akwan kɔɔ mmeaemmeae. Mekɔɔ aman pii so wɔ Afrika, North America, South America, Europe ne Asia. Ɔman biara a mekɔɔ so no, mihui sɛ wɔwɔ ɔhaw akɛseakɛse, nanso na asɛ obiara nni ano aduru. Nea mihui no pusuw me, na ɛma mesan tee nka sɛ, ɛsɛ sɛ meyɛ biribi. Wei nti, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsan akɔ United States akofi m’adesua no ase bio wɔ Boston suapɔn no mu.

Bere a mesan baa suapɔn no, ankyɛ koraa na mihui sɛ, nsɛm a ɛhaw m’adwene no, na merennya ho mmuae wɔ sukuu mu hɔ. Ná m’adwene atu afra, enti mekɔɔ abenfo a wɔkyerɛ yɛn ade no baako hɔ sɛ ɔmmoa me. Nea ɔka kyerɛɛ me no yɛɛ me nwonwa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛnde na woregye dɛn wɔ ha? Gyae ɛ?” Nea na merepɛ ate ara no no. Enti mansi suapɔn mu hɔ bio.

Wei nyinaa akyi no, na minhu me ho ano, enti meyɛe sɛ mɛkɔ akɔdɔm kuw bi a hwee mfa wɔn ho. Ná nea esi wɔn ani so ara ne sɛ wɔbɛhyɛ asomdwoe ne ɔdɔ ho nkuran. Me ne me nnamfo bi tutuu akwan kyinkyin United States, na yɛkɔe ara koduu Acapulco a ɛwɔ Mexico. Yɛne wɔn a hwee mfa wɔn ho no na ɛboom tenae. Yɛne wɔn tenae no, mibehui sɛ, sɛnea wɔbɔ wɔn bra no mma wɔn ani nnye papa biara; ná nkontompo ne nsisi adonnɔn wɔn mu pii.

MEDE HYƐMMA KYINKYINII SƐ MEREKƆHWEHWƐ ASETENA PA

Me ne m’adamfo bi de sii yɛn ani so sɛ yɛbɛhwehwɛ supɔw bi a ɛte sɛ Paradise

Saa bere no, biribi a na ɛda me koma so sɛ minyin a mɛyɛ no besii me tirim. Ná mepɛ sɛ me ara meka po so hyɛn de kyinkyin, na ɛnyɛ sɛ mɛyɛ mu adwuma kɛkɛ. Sɛ metumi ayɛ saa a, na ɛsɛ sɛ me ara minya me hyɛmma. M’adamfo bi a ne din de Tom nso, nea na esi n’ani so ara no no. Enti yɛde yɛn ntama bɔɔ ano yɛe sɛ yɛbɛfa po so akyinkyin wiase nyinaa. Ná mepɛ sɛ metew me ho kɔtena supɔw bi a ɛte sɛ Paradise so, sɛnea ɛbɛyɛ a mmara-mmara biara renkyekyere me.

Me ne Tom tuu kwan kɔɔ Arenys de Mar a ɛbɛn Barcelona a ɛwɔ Spain no. Yeduu hɔ no, yɛtɔɔ hyɛmma bi a ne tenten yɛ anammɔn 31 (mita 9.4) Ná hyɛmma no din de Llygra. Yɛyɛɛ hyɛmma no ho adwuma bio sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de afa po so. Esiane sɛ na yɛn ho mpere yɛn sɛ yebedu baabi a na yɛrekɔ no nti, yetuu engine no. Wei ma yetumi faa nsu a yɛbɛnom no bi kaa ho. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi de yɛn hyɛmma no afa po so hyɛn gyinabea a ɛhɔ susua no, yɛtɔɔ tabon mmienu a ebiara tenten yɛ anammɔn 16 (mita 5) de bobɔɔ hyɛmma no ho. Afei yesii kwan so de yɛn ani kyerɛɛ Seychelles wɔ India Po no so. Ná yɛpɛ sɛ yɛkɔfa Afrika atɔe fam mpoano de kopue Cape of Good Hope a ɛwɔ South Africa. Yɛde afiri ketewa bi a ɛboa ma obi hu baabi a ɔrekɔ dii dwuma. Afei yɛhwɛɛ nsoromma, map ahorow so, ne nhoma ahorow mu na ɛboaa yɛn ma yehuu baabi a na yɛrekɔ. Sɛnea na yetumi hu baabi pɔtee a yɛwɔ no yɛɛ me nwonwa paa.

Ankyɛ koraa na yehui sɛ hyɛmma dedaw yi nni ahoɔden a yebetumi de akyinkyin po so. Dɔnhwerew biara na nsu bɛyɛ galɔn nsia (lita 22) ba hyɛmma no mu! Sɛnea mekaa ho asɛm mfiase no, mframa kɛse bi bɔe. Wei maa ehu kaa me, enti mebɔɔ mpae. Ná mebɔɔ mpae akyɛ paa. Mehyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ, sɛ ɔboa yɛn ma yenya yɛn ho tetew a, mɛyere me ho ahwehwɛ n’akyi kwan. Mframa no ano brɛɛ ase, na saa bere yi de, midii me bɔhyɛ so.

Mifii ase kenkan Bible no bere a yɛwɔ po no so no. Wo de, fa w’ani bu sɛ mete Mediterranea Po no mfinimfini na mpataa ne abonsu a wɔrehuruhuruw atwa me ho ahyia. Mema m’ani so a nea na mihu ara ne sɛ, asɛ ewim ne po no ahyia. Sɛ edu anadwo na mihu nsorommakuw a wɔfrɛ no Milky Way no a, na ɛma m’ani gye paa. Wei ma minyaa awerɛhyem paa sɛ, Onyankopɔn bi a odwen nnipa ho wɔ hɔ.

Yedii nnawɔtwe kakra wɔ po no so no, yɛkɔɔ po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Alicante a ɛwɔ Spain. Yeduu hɔ no, yɛyɛe sɛ yɛbɛtɔn yɛn hyɛmma no, na yɛapɛ nea ahoɔden wom atɔ. Ná ɛyɛ den paa sɛ yebenya obi a ɔbɛtɔ, efisɛ na hyɛmma no ayɛ dedaw, engine nnim, na na ɛho nso atue! Nanso minyaa bere pii de kenkan Bible no.

Bere biara a mɛkan Bible no, na ɛma mihu sɛ ɛyɛ nhoma a akwankyerɛ a ɛwom no betumi ama asi yɛn yiye. Bere a mihui sɛ Bible no ka no pefee sɛ yɛnkwati ɔbra fĩ na yɛmmɔ bra pa no, m’ani gyei paa. Nanso na minhu nea enti a yɛn a na yɛfrɛ yɛn ho Kristofo no mfa emu afotu no mmɔ yɛn bra.

Misii me bo sɛ mɛsesa m’abrabɔ, enti migyaee nnubɔne nom. Ná ɛyɛ me sɛ nkurɔfo bi wɔ hɔ a wɔde Bible mu afotu bɔ wɔn bra, enti na mepɛ sɛ mihu wɔn. Saa bere yi nso, mebɔɔ mpae, na mesrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me ma minhu wɔn.

MIFII ASE HWEHWƐƐ NOKWARE SOM

Me de, mihui sɛ, sɛ mepɛ kwan bi fa so yiyi asɔre a enye no fi mu a, ɛbɛboa me ama mahu nokware som. Sɛ menam Alicante mmɔnten so a, na mihu asɔredan bebree. Ná ahoni wɔ asɔredan no bebree mu. Enti emu biara a mehu ahoni wom no, na mayi no adi.

Kwasida awia bi, na mete bepɔw bi so. Ná bepɔw no ani kyerɛ po so hyɛn gyinabea no. Ná merekenkan Yakobo 2:1-5. Asɛm a ɛwɔ hɔ no ma mihui sɛ ɛnsɛ sɛ yebu asikafo sɛ wɔn ho hia sen ahiafo. Meresan aba yɛn hyɛmma no ho no, mefaa baabi a asɛ nyamesomfo hyiam, na na wɔakyerɛw abɔ atifi hɔ sɛ: Yehowa Adansefo Ahenni Asa.

Mekaa sɛ, ‘Mɛsɔ saa nkurɔfo yi ahwɛ. Sɛ wohu me wɔ hɔ a, mɛhwɛ nea wɔbɛyɛ.’ Enti miwuraa Ahenni Asa so hɔ. Ná menhyɛ mpaboa, na m’abɔgyesɛ afuw kuhaa, na na mehyɛ gyens a atetew. Atɛndant a ɔwɔ hɔ no ma mekɔtenaa ɔbaapanyin bi nkyɛn. Sɛ ɔkasafo no bɔ kyerɛwsɛm bi a, na ɔbaapanyin no boa me ma mitumi bue. Yɛpɔnee no, sɛnea obiara yii ne yam bekyiaa me no tɔɔ me so. Owura bi mpo too nsa frɛɛ me sɛ, memmra fie na yɛmmɔ Bible mu nkɔmmɔ. Esiane sɛ na menkenkan Bible no nwiei nti, meka kyerɛɛ no sɛ, “Meyɛ krado a, mɛma w’aso ate.” Nanso mifii ase kɔɔ adesua no nyinaa.

Nnawɔtwe kakra akyi no, mekɔsraa owura no wɔ ne fie, na nsɛmmisa a mewɔ wɔ Bible no ho nyinaa, oyiyii ano maa me. Nnawɔtwe baako akyi no, ɔmaa me ntaade a ɛyɛ fɛ bag bi ma. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ntaade no wura da afiase. Ne bɔne nyinaa ne sɛ, na ɔredi Bible mu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnodɔ yɛn ho na mma yennsua akodi bio no so. (Yes. 2:4; Yoh. 13:34, 35) Ɛhɔ ara na mihui sɛ, nea na merehwehwɛ no ara ni; saa nkurɔfo yi ne nnipa a wɔde Bible mu nsɛm a emu da hɔ pefee no bɔ wɔn bra no! Nea na esi m’ani so sɛ mɛtew me ho akɔtena supɔw bi a ɛte sɛ Paradise so no, migyaee akyi di. Mmom, mede sii m’ani so sɛ mesua Bible no ate ase paa. Enti mesan kɔɔ Netherlands.

MEHWEHWƐƐ ADWUMA

Misiim no, edii nnanan ansa na meredu kurow bi a wɔfrɛ no Groningen a ɛwɔ Netherlands. Miduu hɔ no, na ɛsɛ sɛ mepɛ adwuma a mɛyɛ de ahwɛ me ho. Enti meyɛe sɛ mɛpɛ kapenta adwuma bi ayɛ. Krataa a wɔde maa me sɛ menhyehyɛ no, na ɛsɛ sɛ mekyerɛ asɔre a mekɔ. Mekaa sɛ meyɛ “Yehowa Danseni.” Bere a adwumawura no hui no, mihui sɛ n’anim asesa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wobɛte me nka.” Nanso wamfrɛ me da.

Mekɔɔ kapentani foforo hɔ kɔhwɛe sɛ ɔbɛfa me adwuma mu anaa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ memfa abodin krataa a ɛkyerɛ sɛ meyɛ kapentani ne nkrataa a ɛkyerɛ sɛ mayɛ kapenta adwuma pɛn mmra. Mekyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ, masiesie hyɛmma a asɛe pɛn. Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ, “Wubetumi afi adwuma ase awia yi ara, nanso ade baako pɛ na mempɛ. Esiane sɛ meyɛ Yehowa Danseni nti, mede Bible nnyinasosɛm bɔ me bra, enti mempɛ sɛ woyɛ aniammɔnho biara wɔ ha.” Metɛɛ m’anom hwɛɛ no dinn, na meka kyerɛɛ no sɛ, “Me nso meyɛ Yehowa Danseni!” Esiane sɛ na me ti ne m’abɔgyesɛ nyinaa afuw kuhaa nti, ohui sɛ menyɛ Yehowa Danseni, enti ɔkaa sɛ, “Ɛnde me ne wo besua Bible!” Mampopo me ti koraa. Afei de, nea enti a kapentani baako no amfa me adwuma mu no, metee ase. Ná Yehowa rema me nea me koma pɛ. (Dw. 37:4) Me ne onua no yɛɛ adwuma, na ɔne me suaa ade afe baako. Ɛno akyi no, mebɔɔ asu January afe 1974.

AFEI DE, MINYAA ASETENA A NA ƐBƐMA MANYA AKOMATƆYAM NO!

Bosome baako akyi no, mifii adwuma foforo ase; mebɛyɛɛ daa kwampaefo. Wei maa me koma tɔɔ me yam paa. Bosome a edi hɔ no, mitu kɔɔ Amsterdam kɔboaa kuw bi a wɔatew no foforo a wɔka Spanish kasa. Me ne nkurɔfo suaa Bible no wɔ Spanish ne Portuguese kasa mu maa m’ani gyei paa! May afe 1975 no, minyaa hokwan bɛyɛɛ ɔkwampaefo titiriw.

Da koro bi, onuawa bi a ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw a ne din de Ineke baa yɛn adesua. Ɔde ne Bible suani bi a ofi Bolivia na ɛbae, sɛnea ɛbɛyɛ a obehu anuanom a wɔka Spanish kasa. Me ne Ineke yɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛfa nkrataakyerɛw so ahu yɛn ho yiye. Ankyɛ na yehui sɛ botae koro na esi yɛn nyinaa ani so. Enti afe 1976 no, yɛwaree. Yɛkɔɔ so somee sɛ akwampaefo titiriw kosii sɛ wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra Gilead wɔ afe 1982. Yɛn adesuakuw no na na ɛto so 73. Bere a wɔkaa sɛ yɛnkɔ Afrika apuei fam no, ɛyɛɛ yɛn nwonwa, nanso yɛn ani gyei paa! Wɔde yɛn kɔɔ Mombasa a ɛwɔ Kenya, na yɛsomee wɔ hɔ mfe nnum. Wɔ afe 1987 mu no, wɔde yɛn kɔɔ Tanzania. Saa bere no, asɛnka adwuma a na wɔabara wɔ hɔ no, na wɔasan ama yɛn kwan sɛ yebetumi ayɛ. Yedii hɔ mfe 26 ansa na yɛresan aba Kenya.

Sɛ me ne me yere ne nkurɔfo a ɛwɔ Afrika apuei fam sua Bible no ma wobehu nokware no a, yɛn koma tɔ yɛn yam paa

Sɛ yɛne ahobrɛasefo sua Bible no ma wobehu nokware no a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Mɛyɛ nhwɛso a, Bible suani a odi kan a minyaa no wɔ Mombasa no, mihyiaa no bere a na mereyɛ baguam adansedi. Bere a memaa no nsɛmma nhoma mmienu no, obisaa me sɛ, “Sɛ mekan wie a, menyɛ dɛn?” Nnawɔtwe a edi hɔ no, yɛde Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no fii Bible adesua ase. Afei ara na na wɔayi saa nhoma no adi wɔ Swahili kasa mu. Afe akyi no, ɔbɔɔ asu, na ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Efi saa bere no, ɔne ne yere aboa nnipa bɛyɛ 100 ama wɔahyira wɔn ho so abɔ asu.

Me ne Ineke ahu sɛ, Yehowa hyira ne nkurɔfo ma wonya asetena a akomatɔyam wom

Bere a edi kan a mihuu nea enti a mewɔ wiase no, metee nka sɛ oguadini a okohuu abohene a ne bo yɛ den no; ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ne nsa bɛka. (Mat. 13:45, 46) Ná mepɛ sɛ mede me nkwa nna a aka nyinaa boa nkurɔfo ma wohu nea enti a yɛwɔ wiase. Me ne me yere de yɛn ani ahu no pefee sɛ, Yehowa hyira ne nkurɔfo ma wonya asetena a akomatɔyam wom.