Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 44

Yehowa Dɔ a Enni Huammɔ No, Dɛn Na Wusua Fi Mu?

Yehowa Dɔ a Enni Huammɔ No, Dɛn Na Wusua Fi Mu?

“[Yehowa] dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”—DW. 136:1.

DWOM 108 Onyankopɔn Dɔ

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?

ƆDƆ a enni huammɔ yɛ su a Yehowa ani gye ho. (Hos. 6:6) Enti ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛn nso yɛn ani nnye ho. Onyankopɔn nam odiyifo Mika so ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnnɔ ɔdɔ a enni huammɔ.’ (Mika 6:8, ase hɔ asɛm) Nanso, sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yehu nea ɔdɔ a enni huammɔ kyerɛ.

2. Yɛka ɔdɔ a enni huammɔ a, ɛkyerɛ sɛn?

2 Yɛka ɔdɔ a enni huammɔ a, ɛkyerɛ sɛn? Asɛm a ɛne “ɔdɔ a enni huammɔ” no pue bɛyɛ mpɛn 230 wɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. “Bible Mu Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” a ɛwɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu kyerɛ ɔdɔ a enni huammɔ ase sɛ, “Nea ɛma obi da saa ɔdɔ yi adi kyerɛ obi ne sɛ, ɔne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den, ɔpɛ sɛ odi nokware ma no, anaa ɔmpɛ sɛ odi no huammɔ. Wɔtaa de kyerɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma nnipa, nanso nnipa nso tumi da saa ɔdɔ no bi adi kyerɛ wɔn yɔnko nnipa.” Yɛreka obi a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi paa a, ɔne Yehowa. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ nnipa. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn asomfo betumi asuasua Yehowa na yɛada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho.

YEHOWA “DƆ A ENNI HUAMMƆ NNI ANO”

3. Sɛn na Yehowa kaa ne ho asɛm kyerɛɛ Mose?

3 Bere a Israelfo tu fii Egypt no, ankyɛ na Yehowa kaa ne din ne ne su ahorow ho asɛm kyerɛɛ Mose. Ɔkaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso. Ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem, na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne kyɛ.” (Ex. 34:6, 7) Yehowa nam nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɔkae yi so maa Mose huu biribi titiriw bi faa ne dɔ a enni huammɔ ho. Ɛyɛ dɛn?

4-5. (a) Dɛn na Yehowa ka faa ne ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

4 Yehowa anka kɛkɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ a enni huammɔ, na mmom ɔkaa sɛ ne “dɔ a enni huammɔ nni ano.” Asɛm a ɛne Yehowa dɔ a enni huammɔ nni ano no san pue mpɛn nwɔtwe wɔ Bible no mu. (Num. 14:18; Neh. 9:17; Dw. 86:15; 103:8; 109: 21; 145:8; Yoel 2:13; Yona 4:2) Bible mfa saa asɛm yi nka nnipa ho asɛm. Mpɛn dodow a epue wɔ Bible mu nyinaa no, ɛfa Yehowa nko ara ho. Sɛnea Yehowa ankasa asi ne dɔ a enni huammɔ so dua mpɛn pii saa no, wohwɛ a, ɛnyɛ nwonwa? Wei ma yehu paa sɛ, ɔdɔ a enni huammɔ ho asɛm da ne koma so. * Ɛnyɛ nwonwa sɛ Ɔhene Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, wo dɔ a enni huammɔ kodu soro . . . O Onyankopɔn, hwɛ sɛnea wo dɔ a enni huammɔ no som bo! Wo ntaban nwini ase na nnipa mma guan kɔpɛ ahobammɔ.” (Dw. 36:5, 7) Yɛn nso ɛ, Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ no som bo ma yɛn te sɛ Dawid anaa?

5 Nea ɛbɛma yɛate nea ɔdɔ a enni huammɔ kyerɛ ase yiye no, momma yensusuw nsɛmmisa mmienu yi ho: Henanom na Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn? Sɛn na Yehowa dɔ a enni huammɔ no boa yɛn?

HENANOM NA YEHOWA YI ƆDƆ A ENNI HUAMMƆ ADI KYERƐ WƆN?

6. Henanom na Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn?

6 Henanom na Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn? Bible ka sɛ yebetumi adɔ nneɛma bebree. Ebi ne “mmara,” “nteɛso,” “nimdeɛ,” “nkwa” ne “wiase.” (Dw. 119:97; Mmeb. 12:1; 1 Pet. 3:10; 1 Yoh. 2:15) Nanso, ɔdɔ a enni huammɔ de, wɔnna no adi nkyerɛ nneɛma; nnipa nko ara na woyi no adi kyerɛ wɔn. Nanso ɛnyɛ obiara kɛkɛ na Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ no. Mmom, oyi no adi kyerɛ wɔn a wɔne no wɔ ayɔnkofa soronko. Yɛn Nyankopɔn di ne nnamfo nokware. Wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biribi papa bi ama wɔn, na ɔrenni wɔn huammɔ da.

Yehowa ma adasamma nyinaa nneɛma pa pii; wɔn a wɔnsom no mpo ka ho (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7. Sɛn na Yehowa ada ɔdɔ adi akyerɛ adasamma?

7 Yehowa ada ɔdɔ adi akyerɛ adasamma. Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima bi a ɔde Nikodemo sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase [adasamma] paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.”—Yoh. 3:1, 16; Mat. 5:44, 45.

Asɛm a Ɔhene Dawid ne odiyifo Daniel kae no ma yehu sɛ, Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn a wonim no, wosuro no, wɔdɔ no, na wodi ne mmara nsɛm so (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)

8-9. (a) Adɛn nti na Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo? (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho?

8 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Yehowa asomfo a ɔne wɔn wɔ ayɔnkofa soronko no nkutoo na oyi ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn. Asɛm a Ɔhene Dawid ne odiyifo Daniel kae no ma yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Dawid kaa sɛ: “Kɔ so da wo dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn a wonim wo no.” “Yehowa dɔ nni huammɔ, na ɛwɔ hɔ daa ma wɔn a wosuro no.” Daniel nso kaa sɛ: “O Yehowa, nokware Nyankopɔn, wo a . . . woda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara nsɛm so.” (Dw. 36:10; 103:17; Dan. 9:4) Saa kyerɛwnsɛm yi ma yehu sɛ, Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo a wonim no, wosuro no, wɔdɔ no, na wodi ne mmara nsɛm so. Yehowa nokware asomfo nko ara na oyi ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn.

9 Ansa na yɛrebɛsom Yehowa no, ɔdɔ a ɔda no adi kyerɛ adasamma nyinaa no, ɔdaa bi adi kyerɛɛ yɛn. (Dw. 104:14) Nanso seesei a yɛyɛ n’asomfo no, oyi ne dɔ a enni huammɔ nso adi kyerɛ yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa ma n’asomfo awerɛhyem sɛ: “Me dɔ a enni huammɔ remfi wo so.” (Yes. 54:10) Dawid ankasa hui wɔ n’asetenam sɛ, “Obi a odi Yehowa nokware de, ɔrenni ne ho agoru koraa.” (Dw. 4:3) Sɛnea yɛda Yehowa koma so yi, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ? Odwontofo no kaa sɛ: “Obiara a ɔyɛ onyansafo de nsɛm yi bɛto ne tirim, na nnwuma a Yehowa de kyerɛ ne dɔ a enni huammɔ no, obedwinnwen ho akɔ akyiri.” (Dw. 107:43) Bere a asɛm a Yehowa ma wɔkyerɛwee yi wɔ yɛn adwenem no, momma yɛnhwɛ akwan mmiɛnsa a Yehowa fa so da ne dɔ a enni huammɔ adi, ne sɛnea ɛboa n’asomfo.

YEHOWA DƆ A ENNI HUAMMƆ BOA YƐN SƐN?

Yehowa ma wɔn a wɔsom no no nya nhyira foforo ka ho (Hwɛ nkyekyɛm 10-16) *

10. Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ wɔ hɔ daa a, ɛboa yɛn sɛn? (Dwom 31:7)

10 Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ wɔ hɔ daa. Sɛnea Yehowa dɔ a enni huammɔ wɔ hɔ daa no, wɔaka ho asɛm mpɛn 26 wɔ Dwom 136. Nkyekyɛm a edi kan no ka sɛ: “Monna Yehowa ase, efisɛ oye; ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.” (Dw. 136:1) Efi nkyekyɛm 2 kosi 26 no, emu biara ka sɛ, “na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.” Sɛ yɛkan Dwom 136 no nyinaa a, yehu sɛ Yehowa kɔ so fa akwan pii so da ne dɔ a enni huammɔ adi. Wei ka yɛn koma paa. Asɛm a ɛne, “na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa” no ma yenya awerɛhyem sɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma n’asomfo no nsesa. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛahu sɛ Yehowa mpere ne ho nnyae n’asomfo akyi di! Mmom, wɔn a wɔsom no no, ɔbata wɔn ho denneennen, ɛnkanka bere a wɔakɔ ahohia mu no. Sɛnea ɛboa yɛn: Esiane sɛ yenim sɛ Yehowa bata yɛn ho denneennen nti, ɛma yɛn ani gye, na ɛhyɛ yɛn den ma yegyina ahohia a yɛfa mu no ano, na yɛkɔ so fa nkwa kwan no so.—Kenkan Dwom 31:7.

11. Sɛnea Dwom 86:5 kyerɛ no, dɛn na ɛma Yehowa de bɔne kyɛ?

11 Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ na ɛma ɔde bɔne kyɛ. Sɛ Yehowa hu sɛ obi a wayɛ bɔne anu ne ho, na wagyae ne bɔne no a, ne dɔ a enni huammɔ nti, ɔde ne bɔne kyɛ no. Odwontofo Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔnhwɛ yɛn bɔne ho ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso ho ntua yɛn ka.” (Dw. 103:8-11) Nea Dawid ankasa faa mu no ma ohui sɛ, sɛ obi ahonim haw no a, ɛyɛ adesoa kɛse. Nanso, ohui nso sɛ Yehowa ‘yi ne yam de bɔne kyɛ.’ Dɛn na ɛma Yehowa de bɔne kyɛ? Yebehu mmuae no wɔ Dwom 86:5. (Kenkan.) Dawid mpae no ma yehu sɛ Yehowa de bɔne kyɛ ampa, efisɛ ne dɔ a enni huammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.

12-13. Sɛ bɔne a yɛayɛ atwam nti, yɛn ahonim haw yɛn a, dɛn na ɛbɛboa yɛn?

12 Sɛ yɛyɛ bɔne na yedi awerɛhow a, ɛyɛ ne kwan so, na ɛboa yɛn mpo. Ebetumi ama yɛanu yɛn ho, na yɛayɛ nea yebetumi biara agyae saa bɔne no. Nanso Onyankopɔn asomfo bi wɔ hɔ a, bɔne a wɔayɛ atwam nti, wɔn ahonim da so ara reteetee wɔn paa. Wɔn ahonim a ebu wɔn fɔ no ma wonya adwene sɛ, sɛ wɔanu wɔn ho sɛ dɛn mpo a, Yehowa remfa nkyɛ wɔn da. Sɛ saa na wote nka, na wuhu sɛ Onyankopɔn yi ne yam da ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo a, ɛbɛboa wo.

13 Sɛnea ɛboa yɛn: Ɛmfa ho sɛ bɔne wɔ yɛn ho no, yebetumi de ahonim pa asom Yehowa ama yɛn ani agye. Yebetumi ayɛ saa, efisɛ “ne Ba Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.” (1 Yoh. 1:7) Sɛ wo sintɔ bi nti w’abam abu a, kae sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no. Dawid ma yehu sɛ ɔdɔ a enni huammɔ ne bɔnefakyɛ wɔ abusuabɔ. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea ɔsoro ware sen asaase no, saa ara na ne dɔ a enni huammɔ nso yɛ kɛse boro so ma wɔn a wosuro no. Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, saa ara na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.” (Dw. 103:11, 12) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa yi ne yam ‘de bɔne kyɛ ma ɛboro so.’—Yes. 55:7.

14. Sɛnea Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ bɔ yɛn ho ban no, sɛn na Dawid kaa ho asɛm?

14 Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ bɔ yɛn ho ban na yɛne ne ntam ansɛe. Dawid bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Wone me hintabea; wobɛkora me so na mankɔ ahohia mu. Na wode ahurusi na ebetwa me ho ahyia efisɛ mahu nkwagye. . . . Nea ɔde ne ho to Yehowa so no, ne dɔ a enni huammɔ twa ne ho hyia.” (Dw. 32:7, 10) Tete no, na wɔtow fasu twa kurow bi ho hyia sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ ɔmanfo no ho ban. Saa ara na Yehowa dɔ a enni huammɔ nso twa yɛn ho hyia, na ɛbɔ yɛn ho ban na biribiara ansɛe yɛne Yehowa ntam. Afei nso, Yehowa dɔ a enni huammɔ nti, ɔtwe yɛn ba ne nkyɛn.—Yer. 31:3.

15. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa dɔ a enni huammɔ te sɛ guankɔbea ne abannennen?

15 Dawid de biribi foforo yɛɛ ntotoho a ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfo ho ban. Ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ne me guankɔbea, Onyankopɔn a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me no.” Dawid san kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔno na ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me, na ɔno ne m’abannennen, me guankɔbea a ɛyɛ den ne me gyefo; ɔyɛ me kyɛm ne me hintabea.” (Dw. 59:17; 144:2) Adɛn nti na Dawid de Yehowa dɔ a enni huammɔ totoo guankɔbea ne abannennen ho? Yehowa ne n’asomfo ayɔnkofa ho hia no paa. Enti ɛmfa ho baabiara a yɛte wɔ asaase so no, sɛ yɛyɛ n’asomfo nko ara de a, ɔbɛbɔ yɛn ho ban na biribiara ansɛe yɛne ne ntam. Dwom 91 ma yenya saa awerɛhyem koro yi ara. Nea ɔkyerɛw Dwom 91 no kaa sɛ: “Mɛka akyerɛ Yehowa sɛ: ‘Wone me guankɔbea ne m’abannennen.’” (Dw. 91:1-3, 9, 14) Mose nso de Yehowa totoo guankɔbea ho. (Dw. 90:1, ase hɔ asɛm) Bio nso, aka kakra ma Mose awu no, ɔde biribi foforo a ɛhyɛ nkuran yɛɛ ntotoho. Ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ne wo guankɔbea fi tete; ne basa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo mu.” (Deut. 33:27) Asɛm a ɛne, “ne basa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo mu” no, dɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho?

16. Akwan mmienu bɛn so na Yehowa ahyira yɛn? (Dwom 136:23)

16 Sɛ Yehowa yɛ yɛn guankɔbea a, yɛte nka sɛ yɛwɔ ahobammɔ. Nanso ɛtɔ da a, yetumi botow ara ma yegye yɛn ho a, ennye. Ɛba saa a, dɛn na Yehowa bɛyɛ de aboa yɛn? (Kenkan Dwom 136:23.) Ɔde ne basa beso yɛn mu, na wapagyaw yɛn brɛoo, na waboa yɛn ama yɛasan agyina yɛn nan so. (Dw. 28:9; 94:18) Sɛnea ɛboa yɛn: Yenim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ma yɛn bere nyinaa. Wei ma yɛkae sɛ wahyira yɛn wɔ akwan mmienu so. Nea edi kan, baabi a yɛte biara no, yenim sɛ Yehowa yɛ guankɔbea ma yɛn. Nea ɛto so mmienu, yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn na odwen yɛn ho paa.

AWERƐHYEM BƐN NA YEHOWA DƆ A ENNI HUAMMƆ NO MA YENYA?

17. Esiane Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ nti, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya? (Dwom 33:18-22)

17 Yɛabehu sɛ, sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de mmoa biara a yehia bɛma yɛn na yɛne ne ntam ansɛe. (2 Kor. 4:7-9) Odiyifo Yeremia kaa sɛ: “Yehowa dɔ a enni huammɔ nti na yɛn ase nhyewee, efisɛ ne mmɔborɔhunu to rentwa da.” (Kwa. 3:22) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛnea ɛte biara, Yehowa dɔ a enni huammɔ no remfi yɛn so, efisɛ odwontofo no ma yɛn awerɛhyem sɛ, “Yehowa hwɛ wɔn a wosuro no no so; wɔn a wɔtwɛn ne dɔ a enni huammɔ no.”—Kenkan Dwom 33:18-22.

18-19. (a) Dɛn na yɛpɛ sɛ ɛtena yɛn adwene mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Dɛn na yɛpɛ sɛ ɛtena yɛn adwene mu? Ansa na yɛrebɛsom Yehowa no, ɔdɔ a Onyankopɔn da no adi kyerɛ adasamma nyinaa no, ɔdaa bi adi kyerɛɛ yɛn. Nanso seesei a yɛyɛ n’asomfo no, oyi ne dɔ a enni huammɔ nso adi kyerɛ yɛn. Ne dɔ a enni huammɔ no nti, ɔde ne basa bɔ yɛn ho ban. Ɔbɛkɔ so abata yɛn ho denneennen, na wayɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn biara. Ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye! (Dw. 46:1, 2, 7) Enti sɔhwɛ biara a yebehyia no, Yehowa de mmoa biara a yehia bɛma yɛn, na yɛne ne ntam ansɛe.

19 Yɛahu sɛnea Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo. Ɔpɛ sɛ yɛn mu biara nso da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ ne yɔnko. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so ayɛ saa? Yebesusuw asɛm a ehia yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 136 “Akatua Pa” a Efi Yehowa Hɔ

^ nky. 5 Yɛka ɔdɔ a enni huammɔ a, ɛkyerɛ sɛn? Henanom na Yehowa yi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn, na ɛboa wɔn sɛn? Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu. Adesua a edi hɔ no nso, yebehu saa su titiriw yi ho nsɛm pii.

^ nky. 4 Asɛm a ɛne Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ nni ano no, wohwɛ kyerɛwsɛm afoforo nso a, wubehu ɛho mpopoe wɔ hɔ.—Hwɛ Nehemia 13:22; Dwom 69:13; 106:7; ne Kwadwom 3:32.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yehowa da ne dɔ adi kyerɛ adasamma nyinaa, a n’asomfo nso ka ho. Nneɛma a wɔayɛ ho mfoni wɔ nnipadɔm no atifi hɔ no ma yehu nneɛma bi a Yehowa ayɛ ama yɛn de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Nea edi mu akoten paa ne agyede afɔre a yebetumi anya so mfaso no.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Wɔn a wotu anammɔn bɛyɛ Yehowa asomfo na wonya agyede afɔrebɔ no mu gyidi no, Yehowa nni wɔn ho agorɔ koraa. Ɔdɔ a ­Yehowa da no adi kyerɛ adasamma nyinaa a n’asomfo nya bi no da nkyɛn a, ɔsan yi ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn. Emu bi mfoni na yehu wɔ atifi hɔ no.