Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 48

“Monyɛ Kronkron”

“Monyɛ Kronkron”

“Monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu.”—1 PET. 1:15.

DWOM 34 Mɛnantew Mũdi Mu

NEA YƐREBESUA *

1. Afotu bɛn na ɔsomafo Petro de maa ne mfɛfo gyidifo, na adɛn nti na anhwɛ a yɛbɛka sɛ yɛde yɛ adwuma a ɛrenyɛ yiye?

 SƐ YƐN anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, sɛ yɛbɛtena asaase so oo, afotu a ɔsomafo Petro de maa Kristofo a na wɔasra wɔn wɔ ne bere so no, sɛ yesusuw ho a ebetumi aboa yɛn. Petro kyerɛwee sɛ: “Monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu sɛnea Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no te no, na wɔakyerɛw sɛ: ‘Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.’” (1 Pet. 1:15, 16) Saa asɛm yi ma yehu sɛ yebetumi asuasua Yehowa a ɔyɛ kronkron sen obiara no. Yebetumi ayɛ kronkron wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nso. Nanso esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, anhwɛ a yɛbɛka sɛ yɛrentumi nyɛ. Petro ankasa dii mfomso pii, nanso ne nhwɛso no kyerɛ sɛ yebetumi ‘ayɛ kronkron.’

2. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ kronkron? Dɛn na Bible no ma yehu fa Yehowa kronkronyɛ ho? Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ kronkron wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu? Sɛ yɛyɛ kronkron a, ɛboa yɛne Yehowa ayɔnkofa sɛn?

DƐN NA ƐKYERƐ SƐ OBI YƐ KRONKRON?

3. Adwene bɛn na nnipa pii wɔ wɔ obi a ɔyɛ kronkron ho, na ɛhe na yebenya ɛho nsɛm a ɛyɛ nokware?

3 Sɛ yɛka obi a ɔyɛ kronkron a, nea ɛba nnipa pii adwene mu ne obi a ɔhyɛ asɔfotaade a waka n’anim asi a daa wayɛ ne ho sɛ ɔsoro abɔfo. Nanso ɛnyɛ ɛno na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ kronkron. Bible ka Yehowa a ɔyɛ kronkron no ho asɛm sɛ ɔyɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Tim. 1:11) Wɔn a wɔsom no no, Bible ka wɔn ho asɛm sɛ wɔwɔ “anigye.” (Dw. 144:15) Yesu kasa tiaa nnipa a wɔhyɛ ntaade soronko na wɔyɛ wɔn trenee wɔ nnipa anim no. (Mat. 6:1; Mar. 12:38) Nokware Kristofo de, nea Bible ka no na ɛma yehu nea ɛkyerɛ sɛ obi yɛ kronkron. Yenim paa sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron na ɔdɔ yɛn no remma yɛn ahyɛde bi a yɛrentumi nni so da. Ɛno nti, sɛ Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Monyɛ kronkron” a, yegye di paa sɛ yebetumi ayɛ. Nanso sɛ yebetumi ayɛ kronkron wɔ yɛn nneyɛe mu a, ɛsɛ sɛ yɛte nea kronkronyɛ kyerɛ ase.

4. Dɛn na nsɛmfua “kronkron” ne “kronkronyɛ” kyerɛ?

4 Dɛn na kronkronyɛ kyerɛ? Bible mu no, nea nsɛmfua “kronkron” ne “kronkronyɛ” kyerɛ paa ne sɛ obi abrabɔ ne ne som ho bɛtew anaa nkekaawa biara remma ho. Ebetumi nso akyerɛ biribi a wɔayi asi hɔ ama Onyankopɔn som. Enti yɛbɛka a, sɛ yɛn abrabɔ ho tew, sɛ yɛsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɔpɛ so, na yɛne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ kronkron. Yehowa kronkronyɛ de, ɛso bi nni. Enti yɛn a bɔne wɔn yɛn ho yi, sɛ yehu sɛ ɔpɛ sɛ ɔfa yɛn adamfo a, ɛyɛ a ɛyɛ yɛn nwonwa paa.

“KRONKRON, KRONKRON, KRONKRON NE . . . YEHOWA”

5. Yehowa ho ade bɛn na yebetumi asua afi abɔfo anokwafo no hɔ?

5 Serafim a wɔyɛ abɔfo a wɔbɛn Yehowa ahengua no ma yehu sɛ, Yehowa ho tew, na efĩ ne nkekaawa biara nni ne ho. Wɔn mu bi kaa sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.” (Yes. 6:3) Esiane sɛ saa abɔfo yi yɛ kronkron nti na wotumi bɛn wɔn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Yehowa bɔfo begyina asaase so ha baabi a, ɛhɔ tumi yɛ kronkron. Wei ho nhwɛso na esii bere a na Mose wɔ nwura bi a ɛredɛw ho no.—Ex. 3:2-5; Yos. 5:15.

Wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ ade tratraa hyɛnn bi bɔɔ ɔsɔfo panyin no moma so. Wɔkyerɛw so sɛ: “Yehowa ne Ɔkronkronni no.” (Hwɛ nkyekyɛm 6-7)

6-7. (a) Sɛnea Exodus 15:1, 11 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Mose sii Onyankopɔn kronkronyɛ so dua? (b) Dɛn na na ɛbɛma Israelfo no nyinaa akae sɛ Onyankopɔn yɛ kronkron? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

6 Bere a Mose dii Israelfo no anim ma wotwaa Po Kɔkɔɔ no akyi no, osii so dua kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn Nyankopɔn Yehowa yɛ kronkron. (Kenkan Exodus 15:1, 11.) Nea na Egyptfo abosonsomfo no yɛ no, na ɛho ntew koraa. Kanaanfo abosonsomfo no nso, nneɛma a na wɔyɛ de som wɔn abosom no bi ne sɛ, wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre, na wɔde wɔn ho hyɛɛ aguamammɔ a ɛyɛ abofono mu. (Lev. 18:3, 4, 21-24; Deut. 18:9, 10) Nanso, Yehowa de, ɔremma n’asomfo nyɛ biribi a ɛbɛma wɔn ho agu fĩ da. Yɛrepɛ obi a ɔyɛ kronkron paa a, Yehowa akyi no, obiara nni hɔ. Nea ɛbɛyɛ na Israelfo no akae sɛ Yehowa yɛ kronkron no, wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ ade tratraa hyɛnn bi bɔɔ ɔsɔfo panyin no moma so. Wɔkyerɛw so sɛ: “Yehowa ne Ɔkronkronni no.”—Ex. 28:36-38.

7 Nea na wɔakyerɛw wɔ ade hyɛnn tratraa no so no maa obiara hui sɛ Yehowa yɛ kronkron ampa. Yɛmfa no sɛ biribi nti, Israelni bi ntumi mmɛn ɔsɔfo panyin no na wahu nea wɔakyerɛw wɔ ne moma so no. Ɛba saa a, ɔrenhu sɛ Yehowa yɛ kronkron anaa? Obehu! Ná mmarima, mmea ne mmofra nyinaa hyiam ma wɔkenkan Mmara no kyerɛ wɔn. Enti Israelni biara tee sɛ Yehowa yɛ kronkron. (Deut. 31:9-12) Sɛ wowɔ nhyiam no ase bi a, anka wobɛte sɛ wɔreka sɛ: “Mene Yehowa mo Nyankopɔn; . . . monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” “Monyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa meyɛ kronkron.”—Lev. 11:44, 45; 20:7, 26.

8. Dɛn na yesua fi Leviticus 19:2 ne 1 Petro 1:14-16 mu?

8 Momma yɛmfa yɛn adwene nsi asɛm bi a ɛwɔ Leviticus 19:2 so. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnkenkan saa asɛm no nkyerɛ Israelfo. Ɔkaa sɛ: “Ka kyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Monyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.’” Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no na Petro fa kae bere a ɔretu Kristofo fo sɛ ‘wɔnyɛ kronkron’ no. (Kenkan 1 Petro 1:14-16.) Yenim sɛ yɛnhyɛ Mose Mmara no ase. Nanso nea Petro kyerɛwee no si nea yesua fi Leviticus 19:2 mu no so dua. Ɛne sɛ, Yehowa yɛ kronkron, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ mmɔden yɛ kronkron. Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena paradise asaase so oo, etwa sɛ yɛyɛ kronkron.—1 Pet. 1:4; 2 Pet. 3:13.

“MONYƐ KRONKRON MO NNEYƐE NYINAA MU”

9. Sɛ yɛpɛɛpɛɛ Leviticus ti 19 mu a, asuade bɛn na yebenya?

9 Yɛn koma so ade ne sɛ yɛbɛsɔ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no ani. Enti yɛpɛ sɛ yehu nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛayɛ kronkron. Yehowa ma yɛn afotu a sɛ yɛde yɛ adwuma a ɛbɛboa yɛn. Saa afotu no bi wɔ Leviticus ti 19. Hebrini nhomanimfo bi a ne din de Marcus Kalisch kyerɛwee sɛ: “Sɛ wohwɛ Leviticus nhoma no mu, anaa mpo Bible mu nhoma nnum a edi kan no nyinaa mu a, ɛkame ayɛ sɛ Leviticus ti 19 no na ɛho hia paa, efisɛ aba pii wom.” Yɛhwɛ Leviticus ti 19:2 a, ɛhɔ ka sɛ: “Monyɛ kronkron.” Enti momma yensusuw nkyekyɛm ahorow a ɛwɔ ti yi mu no bi ho, na yɛnhwɛ asuade a yebetumi anya na ama yɛn abrabɔ ayɛ kronkron.

Nea Leviticus 19:3 ka sɛ yɛnyɛ mma yɛn awofo no, ɛsɛ sɛ ɛkanyan Kristofo ma wɔyɛ dɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 10-12) *

10-11. Dɛn na Leviticus 19:3 ka sɛ yɛnyɛ, na adɛn nti na ɛho hia?

10 Yehowa kaa sɛ Israelfo no nyɛ kronkron akyi no, ɔde kaa ho sɛ: “Obiara nnya obu mma ne maame ne ne papa . . . Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”—Lev. 19:2, 3.

11 Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛka sɛ yennya obu mma yɛn awofo no, ɛsɛ sɛ yetie gu asopa mu. Bere a ɔbarima bi bisaa Yesu sɛ: “Papa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” no, wokae mmuae a ɔde maa no no? Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no bi ne sɛ, onni ne papa ne ne maame ni. (Mat. 19:16-19) Farisifo ne akyerɛwfo a wɔfaa kwatikwan so de mmoa a wɔn awofo hia kamee wɔn no, Yesu kasa tiaa wɔn. Farisifo ne akyerɛwfo no nam saa a wɔyɛe so ‘sɛee Onyankopɔn asɛm.’ (Mat. 15:3-6) Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so nnum ne asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:3 no, ne nyinaa ka “Onyankopɔn asɛm” no ho. (Ex. 20:12) Bere a Yehowa kaa sɛ “Monyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron” no, kae sɛ ɛno akyi pɛɛ na ɔde akwankyerɛ a ɛwɔ Leviticus 19:3 mae. Ɛhɔ ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yenya obu ma yɛn papa ne yɛn maame.

12. Yɛbɛyɛ dɛn de ahyɛde a ɛwɔ Leviticus 19:3 no ayɛ adwuma?

12 Yehowa ahyɛde a ɛne sɛ yennya obu mma yɛn awofo no, sɛ yedwinnwen ho a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛyɛ ampa paa sɛ meredi m’awofo ni?’ Sɛ wuhu sɛ nea woreyɛ no nsɔ ani a, ntenatena ho; yɛ ho biribi anim-anim yi ara. Nea mmoa adi no, ma wonni nkɔ. Mmom, si wo bo sɛ, efi saa bere yi rekɔ no, wobɛma w’ani aku w’awofo ho. Ebia wubetumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woanya wɔn ho adagyew. Mmoa a wode ma wɔn wɔ honam fam ne honhom fam, ne nea woyɛ de hyɛ wɔn nkuran anaa wode kyekye wɔn werɛ no, wubetumi apagyaw mu anaa? Woyɛ saa a, na woredi ahyɛde a ɛwɔ Leviticus 19:3 no so.

13. (a) Ahyɛde foforo bɛn na ɛwɔ Leviticus 19:3? (b) Nea Yesu yɛe a wɔaka ho asɛm wɔ Luka 4:16-18 no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

13 Yesua biribi foforo fi Leviticus 19:3 a ebetumi ama yɛayɛ kronkron. Ɛkaa sɛ, wonni Homeda. Kristofo nhyɛ Mmara no ase, enti Homeda a na Israelfo di no nnawɔtwe biara no, enhia sɛ yedi bi. Nanso sɛnea Homeda no boaa Israelfo no, yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Sɛ edu Homeda a, na Israelfo no nyɛ adwuma; na wɔde saa bere no som Onyankopɔn. * Ɛno nti, edu Homeda a, na Yesu kɔ hyiadan a ɛwɔ ne kurom hɔ kɔkenkan Onyankopɔn asɛm. (Ex. 31:12-15; kenkan Luka 4:16-18.) Onyankopɔn ahyɛde a ɔde mae wɔ Leviticus 19:3 sɛ ‘wonni ne home nna’ no, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yeyi bere si hɔ de som Onyankopɔn yiye. Wohwɛ w’asetena mu a, wuhu sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae a ɛbɛma woatumi asom Onyankopɔn yiye anaa? Sɛ daa, wuyi bere si hɔ de yɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho a, wo ne Yehowa ayɔnkofa mu bɛyɛ den, na ɛno bɛma woayɛ kronkron.

HYƐ WO NE YEHOWA AYƆNKOFA MU DEN

14. Nokwasɛm titiriw bɛn na Leviticus ti 19 no nyinaa si so dua?

14 Leviticus ti 19 ka nokwasɛm titiriw bi ho asɛm mpɛn pii. Saa nokwasɛm no betumi aboa yɛn ama yɛakɔ so ayɛ kronkron. Asɛm a etwa to wɔ nkyekyɛm 4 no ka sɛ: “Mene Yehowa mo Nyankopɔn.” Saa asɛm no anaa ne sɛso pue mpɛn 16 wɔ saa ti yi mu. Wei ma yɛkae mmara nsɛm a edi kan no. Ɛka sɛ: “Mene Yehowa wo Nyankopɔn . . . Nsom onyame foforo biara nka me ho.” (Ex. 20:2, 3) Kristoni biara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kronkron no, ɛnsɛ sɛ obi anaa biribiara ho hia no sen ɔne Onyankopɔn ayɔnkofa. Afei nso, esiane sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo nti, yɛawe ataa so sɛ nneyɛe biara a ebegu Onyankopɔn din kronkron no ho fĩ no, yɛbɛtwe yɛn ho afi ho.—Lev. 19:12; Yes. 57:15.

15. Nkyekyɛm ahorow a ɛwɔ Leviticus ti 19 a ɛka afɔrebɔ ho asɛm no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ?

15 Yehowa maa Israelfo no mmara bebree a na ɛsɛ sɛ wodi so de kyerɛ sɛ ɔno ne wɔn Nyankopɔn. Leviticus 18:4 ka sɛ: “M’atemmusɛm so na munni, na m’ahyɛde mu na monnantew. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.” Yɛhwɛ ti 19 no a, yebehu ‘ahyɛde’ a ɔde maa Israelfo no bi. Ɛho nhwɛso ne nkyekyɛm 5-8, 21 ne 22 a ɛka mmoa a wɔde bɔ afɔre ho asɛm no. Ná ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre no wɔ ɔkwan bi so a ‘ɛrengu Yehowa nneɛma kronkron ho fĩ.’ Sɛ yɛkenkan saa nkyekyɛm ahorow no a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Afei nso, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛbɔ ayeyi afɔre a ɛfata ma no. Ɛno na Hebrifo 13:15 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ.

16. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛahu nsonsonoe a ɛda wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnsom no no ntam?

16 Sɛ yebetumi ayɛ kronkron a, ɛsɛ sɛ yetumi ma obiara hu sɛ yɛyɛ soronko. Nanso yenim sɛ, osuae nyɛ ɔko. Ɛtɔ da a, yɛn sukuufo, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma, yɛn abusuafo a wɔnsom Yehowa, ne afoforo bepiapia yɛn sɛ yɛnyɛ nneɛma a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Wɔyɛ saa a, ɛsɛ sɛ yehu nea yɛbɛyɛ. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛasi gyinae pa? Momma yɛnhwɛ nnyinasosɛm kamakama bi a ɛwɔ Leviticus 19:19. Ne fã bi ka sɛ: “Monnhyɛ ataade a wɔde nhama ahorow abien afra anwene.” Saa mmara no maa Israelfo daa nsow fii amanaman a na atwa wɔn ho ahyia no ho. Nanso ɛnnɛ, esiane sɛ yɛnhyɛ Mmara no ase nti, sɛ obi hyɛ ataade anaa ofura ntama a wɔde asaawa ne polyester, anaa naelɔn ne sirikyi afra ayɛ a, mfomso biara nni ho. Nanso yɛmpɛ sɛ yesuasua nnipa a wɔn gyidi ne wɔn nneyɛe ne Bible nkyerɛkyerɛ bɔ abira. Sɛ wɔyɛ yɛn mfɛfo sukuufo oo, yɛn mfɛfo adwumayɛfo oo, yɛn abusuafo oo, yɛmpɛ sɛ yesuasua wɔn! Yɛn abusuafo de, yɛpɛ wɔn asɛm paa na wɔn a ɛte bɛn yɛn nso, yɛne wɔn nte no bɔne. Nanso, sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia wɔ asetenam a, yɛpɛ sɛ yɛyɛ soronko efisɛ Yehowa na yɛsom no. Wei ho hia paa efisɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ kronkron a, ehia sɛ yɛde yɛn ho si hɔ ma Onyankopɔn.—2 Kor. 6:14-16; 1 Pet. 4:3, 4.

Asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:23-25 no, asuade bɛn na Israelfo no nya fii mu, na dɛn na wo nso wusua fi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 17-18) *

17-18. Sɛ yɛhwɛ Leviticus 19:23-25 a, asuade titiriw bɛn na yebetumi anya?

17 Asɛm a ɛne, “Mene Yehowa mo Nyankopɔn” no, na ɛsɛ sɛ ɛkae Israelfo no sɛ wɔne Yehowa ayɔnkofa ne ade a ɛho hia paa. Ɔkwan bɛn so? Leviticus 19:23-25 ma yehu ɔkwan baako. (Kenkan.) Bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asaase no so no, wɔtee saa asɛm no ase sɛn? Sɛ obi dua dua a obedi so aba, na efi ase sow a, mfe mmiɛnsa a edi kan no, ɛnsɛ sɛ odi bi. Afe a ɛto so nnan no, aba biara a ɛbɛsow no, ɔde bɛkɔ Onyankopɔn asɔrefie. Gye sɛ afe a ɛto so nnum no ansa na afuw wura no atumi de bi aka n’ano. Saa mmara yi maa Israelfo no tee ase sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔde nea ehia wɔn di kan. Ná ɛsɛ sɛ wonya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛma wɔn nea wohia, enti na ɛsɛ sɛ wɔde ne som mmom di kan wɔ wɔn asetena mu. Ná ɔbɛhwɛ ama wɔn nsa aka nea wobedi. Enti, Onyankopɔn hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonyi wɔn yam nyi ntoboa mfa mmoa ne som.

18 Mmara a ɛwɔ Leviticus 19:23-25 no, ɛma yɛkae asɛm a Yesu kaa wɔ Bepɔw So Asɛnka no mu no. Ɔkaa sɛ: ‘Munnyae sɛ mudwinnwen sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom?’ Yesu toaa so sɛ: “Mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.” (Mat. 6:25, 26, 32) Yegye di sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn. Afei nso, yɛyɛ ahiafo “adɔe” a, yɛmmɔ no dawuru. Bio nso, ɛka a asafo no bɔ no, yefi yɛn pɛ mu yi ntoboa ma wɔde tua. Ayamye a ɛte saa a yɛda no adi no, Yehowa hu ne nyinaa, na ɔbɛhyɛ yɛn ananmu. (Mat. 6:2-4) Sɛ yɛyɛ wei nyinaa a, ɛkyerɛ sɛ asuade a ɛwɔ Leviticus 19:23-25 no, yɛde reyɛ adwuma.

19. Leviticus ti 19 mu nsɛm kakra a yɛasusuw ho yi, aboa wo sɛn?

19 Leviticus ti 19 mu nsɛm kakraa bi pɛ na yɛasusuw ho. Aboa yɛn ama yɛabehu nneɛma bi a yɛyɛ a ebetumi ama yɛayɛ kronkron te sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no. Sɛ ‘yɛyɛ kronkron yɛn nneyɛe nyinaa mu’ a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua no. (1 Pet. 1:15) Wɔn a wɔnsom Yehowa no bebree di Onyankopɔn nkurɔfo abrabɔ pa ho adanse. Wei akanyan ebinom ma wɔahyɛ Yehowa anuonyam. (1 Pet. 2:12) Nanso nneɛma pii wɔ Leviticus ti 19 no mu a yebetumi asua. Adesua a edi hɔ no bɛka nkyekyɛm a aka no bi ho asɛm. Ɛno nso bɛboa yɛn ama yɛahu nneɛma bi a yɛyɛ a ɛbɛma “yɛayɛ kronkron,” sɛnea Petro hyɛɛ yɛn nkuran no.

DWOM 80 “Monka Nhwɛ na Munhu sɛ Yehowa Ye”

^ nky. 5 Yɛdɔ Yehowa paa, na yɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani. Yehowa yɛ kronkron, na ɔpɛ sɛ n’asomfo nso yɛ kronkron. So nnipa a bɔne wɔ wɔn ho betumi ayɛ kronkron ama ayɛ yiye? Yiw, wobetumi. Afotu a ɔsomafo Petro de maa ne mfɛfo gyidifo ne Yehowa akwankyerɛ a ɔde maa tete Israel no, sɛ yɛtɔ yɛn bo ase pɛɛpɛɛ mu a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ kronkron wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu.

^ nky. 13 Sɛ wopɛ sɛ wunya Homeda ho nkyerɛkyerɛmu pii ne asuade a ɛwom a, hwɛ adesua asɛm a yɛato din “Adwuma Ne Ahomegye ‘Wɔ Ne Bere’” a ɛbaa December 2019, Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi ne ne yere ne ne ba akɔsra n’awofo. Ɔde asi n’ani so sɛ ɔne n’awofo bedi nkitaho daa.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Israelni bi a ɔyɛ kua adua dua bi ma asow, na ɔrehwɛ aduaba no.