Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 49

Leviticus Nhoma No Kyerɛ Yɛn Sɛnea Yɛne Nkurɔfo Bɛtena

Leviticus Nhoma No Kyerɛ Yɛn Sɛnea Yɛne Nkurɔfo Bɛtena

“Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”—LEV. 19:18.

DWOM 109 Momfa Mo Koma Nyinaa Nnɔ Anuanom

NEA YƐREBESUA *

1-2. Adesua a edi wei anim mu no, dɛn na yesuae, na dɛn na yebesua wɔ adesua yi mu?

 ADESUA a edi wei anim mu no, yesusuw asuade ahorow bi a ɛbɛboa yɛn ho wɔ Leviticus ti 19. Ɛho nhwɛso ne nea ɛwɔ nkyekyɛm 3 no. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ, wonnya obu mma wɔn awofo. Yehuu sɛnea yɛde saa afotu no bɛyɛ adwuma, na yɛama yɛn awofo anya nea wohia wɔ honam fam ne honhom fam. Afei nso, yehuu nea yɛbɛyɛ de akyekye wɔn werɛ ama wɔanya akomatɔyam. Nkyekyɛm koro no ara mu no, Onyankopɔn kaee ne nkurɔfo sɛ ehia sɛ wodi Homeda. Ɛwom, yehui sɛ Homeda mmara no nkyekyere yɛn, nanso yebetumi de emu nnyinasosɛm no ayɛ adwuma; kyerɛ sɛ, daa yebeyi bere asi hɔ de ayɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ kronkron sɛnea Leviticus 19:2 ne 1 Petro 1:15 ka sɛ yɛnyɛ no.

2 Adesua yi mu no, yɛbɛtoa so atweetwee Leviticus ti 19 no mu. Yɛhwɛ saa ti yi mu a, yebehu sɛnea yebeyi mmɔborɔhunu adi akyerɛ ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm. Afei nso, yebehu sɛnea ɛsɛ sɛ yedi nokware wɔ yɛn adwuma mu, na yɛdɔ yɛn yɔnko nipa. Yɛpɛ sɛ yesuasua Onyankopɔn na yɛyɛ kronkron, enti momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi saa ti yi mu.

SƐNEA YEBEYI MMƆBORƆHUNU ADI AKYERƐ AYAREFO ANAA WƆN A WƆADI DƐM

Sɛn na Leviticus 19:14 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛne asotifo ne anifuraefo ntena? (Hwɛ nkyekyɛm 3-5) *

3-4. Sɛnea Leviticus 19:14 kyerɛ no, dɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfo yɛ de kyerɛ sɛ wodwen asotifo ne anifuraefo ho?

3 Kenkan Leviticus 19:14. Ná Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na Yehowa mpɛ sɛ Israelfo no dome obi a n’aso asiw. Sɛ obi hunahuna ɔsotifo anaa ɔkasa tia no a, ɛkyerɛ sɛ ɔredome no. Obi yɛ saa a, na ɔne no anni no yiye koraa! Ade yi, ɔnte asɛm na wate nea wɔka faa ne ho no. Enti ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayi ne ho ano?

4 Bio nso, nkyekyɛm 14 no ma yehu sɛ na ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ‘de biribi si onifuraefo kwan mu.’ Nhoma bi ka sɛ, aman a na atwa tete Israel ho ahyia no, wokɔ hɔ a, na nkurɔfo ne ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm nni no yiye, na na wɔteetee wɔn. Ebia obi a onni ahummɔbɔ de biribi besi onifuraefo kwan mu de apira no anaa de adi ne ho agorɔ. Wo ara hwɛ atirimɔdensɛm a ɛte saa! Yehowa de saa ahyɛde yi maa ne nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ, etwa sɛ wonya ayamhyehye ma ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm.

5. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm?

5 Yesu yɛɛ biribi de kyerɛe sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm. Wokae asɛm a ɔma wɔkɔka kyerɛɛ Yohane Suboni no? Ɔkaa sɛ: “Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo nya ayaresa, wɔn a wɔn aso asiw te asɛm, wonyan awufo.” Anwonwade a Yesu yɛe nti, ‘nkurɔfo no nyinaa yii Onyankopɔn ayɛ.’ (Luka 7:20-22; 18:43) Kristofo ani gye ho sɛ wobesuasua Yesu na wɔanya ayamhyehye ama ayarefo anaa wɔn a wɔadi dɛm. Ɛno nti, yeyi ayamye ne mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn, na yenya wɔn ho abotare nso. Ɛwom, Yehowa mmaa yɛn tumi a yɛde yɛ anwonwade. Nanso, yɛanya hokwan sɛ yɛbɛka paradise ho asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔn ani afura ankasa anaa wɔn a wɔn ani afura wɔ honhom mu. Paradise hɔ no, yare ne dɛmdi biara befi hɔ, na yɛne Yehowa ntam bɛyɛ kama. (Luka 4:18) Seesei mpo, asɛmpa no reboa nnipa pii ama wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.

ƐSƐ SƐ YEDI NOKWARE WƆ ADWUMA A YƐYƐ MU

6. Sɛn na Leviticus ti 19 mu nsɛm boa yɛn ma yɛte Mmara Nsɛm Du no ase yiye?

6 Nkyekyɛm ahorow bi a ɛwɔ Leviticus ti 19 no kyerɛkyerɛ Mmara Nsɛm Du no mu kɔ akyiri. Ɛho nhwɛso ne mmara nsɛm a ɛto so nwɔtwe no. Ɛka no tiawa sɛ: “Mmɔ korɔn.” (Ex. 20:15) Ebia obi bɛka sɛ, sɛ ɔmfaa obi ade nko ara de a, ɛkyerɛ sɛ ɔredi saa mmara no so. Nanso wobɛhwɛ no na ɔreyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ ɔrewia ade.

7. Mmara nsɛm a ɛto so nwɔtwe a ɛfa korɔnbɔ ho no, dɛn na oguadini bi yɛ a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔrebu so?

7 Ebia oguadini bi bɛhoahoa ne ho sɛ ɔmfaa obiara biribiara da. Na n’adwumam nso ɛ? Ɛyɛ a odi nokware? Sɛnea Leviticus 19:35, 36 kyerɛ no, Yehowa kaa sɛ: “Sɛ moresusuw biribi oo, morekari oo, morehyɛ oo, mommma nnaadaa mmma mu. Sɛ mode nsenia, nkaribo, anaa susukuruwa resusuw ade a, momfa nea ɛyɛ pɛpɛɛpɛ nsusuw.” Sɛ oguadini bi hyɛ da de nsenia anaa susude a enni mu di gua a, na ɔrebɔ korɔn. Nkyekyɛm afoforo a ɛwɔ Leviticus ti 19 mu no nso ma saa asɛm yi mu da hɔ.

Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:11-13 no a, nsɛm bɛn na Kristoni bi betumi abisa ne ho afa n’adwuma ho? (Hwɛ nkyekyɛm 8-10) *

8. Asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:11-13 no, sɛn na ɛboaa Yudafo no ma wɔde nnyinasosɛm a ɛwɔ mmara nsɛm a ɛto so nwɔtwe no mu no yɛɛ adwuma? Dɛn na yɛn nso yebetumi asua afi mu?

8 Kenkan Leviticus 19:11-13. Leviticus 19:11 fi ase sɛ: “Mommmɔ korɔn.” Nkyekyɛm 13 no ma yehu sɛ, sɛ obi bu nkurɔfo fa so wɔ n’adwumam a, na ɔrewia ade efisɛ ɛhɔ ka sɛ: “Nsisi wo yɔnko.” Enti, nsisi nyinaa yɛ korɔnbɔ. Mmara a ɛto so nwɔtwe no kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ korɔn. Nanso nsɛm a ɛwɔ Leviticus nhoma no mu no kyerɛkyerɛɛ mu kɔɔ akyiri maa Yudafo no huu sɛnea wɔde saa mmara no bɛyɛ adwuma. Adwene a Yehowa wɔ wɔ nsisi ne korɔnbɔ ho no, sɛ yesusuw ho a, ɛbɛboa yɛn. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mehwɛ asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:11-13 no a, ehia sɛ meyɛ nsakrae bi wɔ m’asetena mu anaa? Ɔkwan a mefa so yɛ m’adwuma anaa nneyɛe bi a ɛkɔ so wɔ m’adwumam no, ehia sɛ mesesa mu anaa?

9. Ɔkwan bɛn so na mmara a ɛwɔ Leviticus 19:13 no bɔɔ adwumayɛfo ho ban?

9 Sɛ Kristoni bi fa obi adwuma mu a, biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ odi mu nokware. Leviticus 19:13 ka sɛ: “Mfa ɔpaani akatua nto wo ho mma ade nkye so.” Tete Israel no, na kuayɛ ne adwuma titiriw. Enti sɛ obi fa ɔpaani na sɛ ɔpɔn a, saa da no ara ɛsɛ sɛ otua no ka. Sɛ obi amfa ɔpaani akatua amma no saa da no ara a, ɔne n’abusua bebua ada. Yehowa kyerɛɛ mu sɛ: “Ne ho akyere no, na n’akatua no ara ne n’anidaso.”—Deut. 24:14, 15; Mat. 20:8.

10. Dɛn na yebetumi asua afi Leviticus 19:13 mu?

10 Ɛnnɛ, adwumayɛfo bebree wɔ hɔ a, nnawɔtwe mmienu anaa bosome biara na wotua wɔn ka; wontua no da biara sɛnea na ɛte wɔ tete Israel no. Nanso nnyinasosɛm a ɛwɔ Leviticus 19:13 mu no da so ara yɛ adwuma. Adwumawuranom bi sisi wɔn adwumayɛfo; akatua a ɛfata sɛ wɔde ma wɔn no, ɛnyɛ saa koraa na wɔde ma wɔn. Wonim sɛ adwuma ho yɛ na, enti totɔ-biribi-di akatua biara a wɔde bɛma adwumayɛfo no, wobesom saa ara. Adwumawuranom yɛ saa a, ɔkwan bi so no, na ‘wɔde ɔpaani akatua ato wɔn ho.’ Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔfa nkurɔfo adwumam hwɛ sɛ obetua n’adwumayɛfo ka yiye. Afei, momma yɛnhwɛ ade foforo nso a yebetumi asua afi Leviticus ti 19 mu.

DƆ WO YƆNKO SƐ WO HO

11-12. Bere a Yesu faa asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:17, 18 kae no, dɛn na na ɔresi so dua?

11 Ɛnyɛ nea Onyankopɔn pɛ ara ne sɛ yɛrenyɛ yɛn yɔnko nipa bɔne. Sɛ yɛhwɛ Leviticus 19:17, 18 a, yebehu nea yɛreka yi. (Kenkan.) Yehowa kaa no pefee sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani a, etwa sɛ ɔyɛ saa.

12 Yesu sii so dua sɛ ahyɛde a ɛwɔ Leviticus 19:18 no ho hia paa. Bere bi, Farisini bi bisaa Yesu sɛ: “Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛho hia paa?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ “ahyɛde a ɛho hia paa, ne nea edi kan” ne sɛ yɛde yɛn koma nyinaa ne yɛn kra nyinaa ne yɛn adwene nyinaa bɛdɔ Yehowa. Afei, Yesu faa Leviticus 19:18 mu asɛm kae. Ɔkaa sɛ: “Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’” (Mat. 22:35-40) Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko, nanso momma yɛnsan nhwɛ Leviticus ti 19 na yensua bi nka ho.

13. Yosef ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, sɛn na ɛboa yɛn ma yɛte Leviticus 19:18 ase yiye?

13 Ɔkwan baako a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nipa ne sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Leviticus 19:18 no bɛyɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Obi yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka, na nnya ne ho menasepɔw.’ Yɛn mu dodow no ara nim nkurɔfo a wotumi de obi ho asɛm hyɛ wɔn mu. Ebia wobɛhwɛ na ɔde ne yɔnko dwumayɛni, ne yɔnko sukuuni, anaa ne busuani bi ho asɛm ahyɛ ne mu mfe pii mpo! Kae sɛ Yosef nuanom du no nyaa ne ho menasepɔw, na ewiee ase no, wɔne no dii no nwenweenwene. (Gen. 37:2-8, 25-28) Nanso Yosef de, ɔne wɔn dii no yiye. Bere a onyaa tumi a anka obetumi ayɛ wɔn bi atua ka no, wanyɛ, mmom ohuu wɔn mmɔbɔ. Yosef annya ne nuanom no ho menasepɔw. Mmom, nea ɔyɛe no, ɛne asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:18 no hyia.—Gen. 50:19-21.

14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Leviticus 19:18 no da so ara yɛ adwuma?

14 Yosef de ne nuanom no bɔne kyɛɛ wɔn; wannya wɔn ho menasepɔw anyɛ wɔn bi antua ka. Nea ɔyɛe no yɛ sɛnnahɔ ma Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no. Wei nso ne Awurade mpaebɔ no hyia, efisɛ Yesu kaa sɛ yɛmfa wɔn a wɔayɛ yɛn bɔne no mfomso nkyɛ wɔn. (Mat. 6:9, 12) Ɔsomafo Paul nso tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Adɔfo, munntua bɔne so ka.” (Rom. 12:19) Ɔsan hyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a, ɔnkɔ so nnya ne ho abotare na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.” (Kol. 3:13) Yehowa nnyinasosɛm nsesa da. Nnyinasosɛm a ɛwɔ Leviticus 19:18 no da so ara yɛ adwuma.

Ɛnyɛ papa sɛ kuru tu yɛn a yebetĩtĩ mu; saa ara nso na ɛnyɛ papa sɛ obi yɛ yɛn ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, yɛde bɛhyɛ yɛn mu. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden gyaa mu (Hwɛ nkyekyɛm 15) *

15. Sɛnea yebegyae nsɛm mu ma aka no, mfatoho bɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ mu?

15 Momma yɛnhwɛ mfatoho bi. Sɛ obi yɛ ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, yebetumi de atoto kuru ho. Kuru no bi susua, na ebi nso sõsõ. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, obi reyi ne ti a, oyiwan anaa blade no betumi atwa no kakra. Ebetumi ayɛ no yaw paa, nanso ɛnkyɛ na awu. Nna kakra akyi no, wobɛhwɛ na etwã no mpo ayera. Saa ara na mfomso a nkurɔfo yɛ tia yɛn no te; ɛnyɛ ne nyinaa na ɛyɛ akɛse. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia yɛn adamfo bi bɛka biribi anaa ɔbɛyɛ biribi a wannwene ho ama ahaw yɛn. Ɛba saa a, ɛnyɛ den sɛ yɛde bɛkyɛ no. Nanso sɛ kuru no sõ a, ebia ɛsɛ sɛ dɔkota pam na ɔkyekyere ma yɛn. Nanso sɛ yɛkɔ so tĩtĩ kuru no mu a, na yɛredi yɛn ho awu. Awerɛhosɛm ne sɛ, obi betumi ayɛ biribi a ɛte saa bere a obi ayɛ no ade ma ayɛ no yaw paa no. Sɛnea asɛm no ahye no afa no, ebia daa obedwinnwen ho, na wafa onii no ho abufuw mpo. Sɛnea obi fa nwansena ho abufuw a, ɔbere ne kuru no, saa ara na sɛ obi de ne yɔnko ho asɛm hyɛ ne mu a, epira ɔno ara. Sɛ yetie asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:18 no a, hwɛ sɛnea ɛbɛboa yɛn!

16. Sɛnea Leviticus 19:33, 34 kyerɛ no, sɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfo ne ahɔho tena, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

16 Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnko nipa no, na ɛnyɛ sɛ ɔreka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnɔ wɔn mfɛfo Israelfo nko ara. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnɔ ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no nso. Ɛno na wɔaka no pefee wɔ Leviticus 19:33, 34 no. (Kenkan.) Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no bu ɔhɔho sɛ “kuromanni, na ‘wɔdɔ no’ sɛ wɔn ho. Ɛho nhwɛso bi ni. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no ma ahɔho ne ahiafo nyinaa kwan ma wotumi sesaw nnɔbae ase. (Lev. 19:9, 10) Nnyinasosɛm a ɛfa sɛnea yɛbɛdɔ ahɔho ho no, ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ Kristofo de yɛ adwuma. (Luka 10:30-37) Yɛbɛyɛ no sɛn? Nnipa ɔpepem pii atu kɔ aman foforo so; ebi mpo a, ebi te bɛn wo. Ɛho hia sɛ yɛne mmarima, mmea, ne mmofra a ɛte saa nyinaa tena fɛfɛɛfɛ.

DƐN BIO NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ KA NEA ƐWƆ LEVITICUS TI 19 NO HO?

17-18. (a) Dɛn na Leviticus 19:2 ne 1 Petro 1:15 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ? (b) Adwuma a ɛho hia bɛn na ɔsomafo Petro hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?

17 Sɛ yɛhwɛ Leviticus 19:2 ne 1 Petro 1:15 a, ne nyinaa hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ kronkron. Nkyekyɛm afoforo wɔ Leviticus ti 19 mu a ebetumi aboa yɛn ama yɛahu nea yɛyɛ a, Yehowa begye yɛn atom. Yɛasusuw nkyekyɛm ahorow bi ho, na ama yɛahu nneɛma pa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nneɛma bɔne a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. * Sɛ yɛhwɛ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu nso a, yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ n’asomfo a ɛwɔ hɔ nnɛ da saa suban yi bi adi. Nanso ɔsomafo Petro de biribi foforo kaa ho.

18 Ebia yɛyɛ nneɛma bebree de som Onyankopɔn na yɛboa afoforo nso. Nanso Petro sii ade bi a ɛno nso ho hia paa so dua. Ansa na ɔrebɛka sɛ yɛnyɛ kronkron wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu no, ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ: “Munsiesie mo adwene mma adwuma kɛse.” (1 Pet. 1:13, 15) Adwuma kɛse bɛn na na ɔreka ho asɛm? Petro kaa sɛ, Kristo nuanom a wɔasra wɔn ‘bɛka nea ɔfrɛɛ wɔn no nneyɛe pa akyerɛ.’ (1 Pet. 2:9) Saa adwuma a ɛho hia yi de, Kristofo a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa wɔ hokwan sɛ wɔyɛ bi, efisɛ ɛyɛ adwuma a ɛboa nkurɔfo ma wɔbɛsom Yehowa. Onyankopɔn asomfo a yɛyɛ kronkron no de nsi ne ahokeka bɔ asɛmpa no dawuru, na yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo daa. Wei yɛ akwannya kɛse paa! (Mar. 13:10) Sɛ yɛyere yɛn ho de nnyinasosɛm a ɛwɔ Leviticus ti 19 no yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. Afei nso, yɛma ɛda adi sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛyɛ kronkron’ wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu.

DWOM 111 Nea Ɛma Yɛn Ani Gye

^ nky. 5 Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase. Nanso wohwɛ Mmara no mu a, wubehu ahyɛde pii a ɛkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. Sɛ yesusuw saa ahyɛde no ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛadɔ afoforo, na yɛasɔ Onyankopɔn ani. Asuade ahorow bi a ɛwɔ Leviticus ti 19 no, adesua yi bɛma yɛahu sɛnea yɛde bɛbɔ yɛn bra.

^ nky. 17 Nkyekyɛm ahorow a yɛanka ho asɛm wɔ adesua yi ne nea edi wei anim mu no, ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ animhwɛ, yɛsɛe nkurɔfo din, yedi mogya, yedi ahonhonsɛm ne asumansɛm. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman.—Lev. 19:15, 16, 26-29, 31.—Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no.

^ nky. 52 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔdansefo bi reboa onua bi a ɔyɛ mum ama ɔne dɔkota adi nkitaho.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a ɔwɔ adwumakuw bi a wɔka nkurɔfo adan ho retua ne dwumayɛni bi ka.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɛnyɛ den sɛ onuawa bi bebu n’ani agu kuru ketewa bi so. Na sɛ kuru no sõ nso ɛ, obebu n’ani agu so anaa?