Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 50

Oguanhwɛfo Pa No, Tie Ne Nne

Oguanhwɛfo Pa No, Tie Ne Nne

“Wobetie me nne.”—YOH. 10:16.

DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Yesu de n’akyidifo no totoo nguan ho?

 AYƆNKOFA a emu yɛ den a ɛda oguanhwɛfo ne ne nguan ntam no, Yesu de ayɔnkofa a ɛda ɔne n’akyidifo ntam no totoo ho. (Yoh. 10:14) Ntotoho a ɛte saa fata. Nguan nim wɔn hwɛfo, na wotie ne nne. Ɔkwantufo bi hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. N’anom asɛm ni: “Ná yɛpɛ sɛ yetwa nguan bi mfoni. Enti yɛyɛe ara sɛ anka wɔbɛbɛn yɛn nanso wɔamma efisɛ na wonnim yɛn nne. Ankyɛ na abarimaa bi a ɔhwɛ nguan no bae; obuee n’ano ara na wodi n’akyi.”

2-3. (a) Dɛn na Yesu akyidifo yɛ a, ɛkyerɛ sɛ wɔretie ne nne? (b) Adesua yi ne nea edi hɔ no mu no, dɛn na yebesusuw ho?

2 Ɔkwantufo no suahu no ma yɛkae asɛm bi a Yesu ka faa ne nguan anaa n’asuafo no ho no. Ɔkaa sɛ: “Wobetie me nne.” (Yoh. 10:16) Nanso Yesu wɔ soro, enti yɛbɛyɛ dɛn atie no? Ade titiriw a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛretie yɛn Wura nne ne sɛ yɛde ne nkyerɛkyerɛ bɛbɔ yɛn bra.—Mat. 7:24, 25.

3 Adesua yi ne nea edi hɔ no mu no, yebesusuw Yesu nkyerɛkyerɛ no bi ho. Yebehu sɛ Yesu kyerɛɛ yɛn nneɛma bi a ɛsɛ sɛ yegyae yɛ ne nneɛma bi nso a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yebedi kan ahwɛ nneɛma mmienu bi a oguanhwɛfo pa no ka kyerɛ yɛn sɛ yennyae yɛ.

“MUNNYAE SƐ MUDWINNWEN MA MO ANI YƐ MO TOTƆTOTƆ”

4. Sɛnea Luka 12:29 kyerɛ no, dɛn na ebetumi ama yɛadwinnwen ama yɛn ‘ani ayɛ yɛn totɔtotɔ’?

4 Kenkan Luka 12:29. Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ nneɛma a wohia wɔ asetena mu no, ‘wonnyae sɛ wodwinnwen ho ma wɔn ani yɛ wɔn totɔtotɔ.’ Afotu biara a Yesu de ma yɛn no, yenim sɛ nyansa wom, na ɛyɛ papa. Ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛde yɛ adwuma, nanso ɛtɔ mmere bi a na ayɛ den. Adɛn ntia?

5. Adɛn nti na nea ebinom hia wɔ asetenam no tumi yɛ wɔn so dadwen?

 5 Ɛyɛ a nea ebinom bedi, nea wɔbɛhyɛ anaa baabi a wɔde wɔn ti bɛto tumi yɛ wɔn so dadwen. Ebia ɔman a wɔte mu no sikasɛm nkɔ yiye koraa, na adwuma ho yɛ na. Enti ebia ɛbɛyɛ den sɛ obi benya adwuma ayɛ anya sika kakra de ahwɛ n’abusua. Anaa nea ɔyɛ adwuma hwɛ abusua no, ebia na wawu. Ɛba saa a, na abusua no mufo a aka no ani atutu aka wɔn nsam. Afei nso, COVID-19 nsanyare kodiawu yi nti, ebia nnipa pii adwuma afi wɔn nsa ama wɔn ano aduan abɔ wɔn. (Ɔsɛnk. 9:11) Sɛ biribi a ɛte saa ato yɛn, anaa yɛrehyia ɔhaw foforo bi a, yɛbɛyɛ dɛn agyae adwinnwen sɛnea Yesu kaa sɛ yɛnyɛ no?

Sɛ́ anka wobɛma asetenam nneɛma ho adwinnwen amem wo no, fa wo ho to Yehowa so mmom (Hwɛ nkyekyɛm 6-8) *

6. Ka nea bere bi ɛtoo ɔsomafo Petro.

6 Bere bi na ɔsomafo Petro ne asomafo a aka no te ɔkorow bi mu wɔ Galilea Po no so. Saa bere no, ahum bi tui, na wohui sɛ Yesu nam Po no so. Petro kaa sɛ: “Awurade, sɛ ɛyɛ wo ampa a, ka ma memfa nsu no so mmra wo nkyɛn.” Bere a Yesu kaa sɛ ‘ɔmmra’ no, osi fii ɔkorow no mu “nantew nsu no so, na ɔde n’ani kyerɛɛ baabi a Yesu wɔ no.” Afei, hwɛ nea esii. “Bere a ohuu sɛnea mframa no rebɔ no, ehu kaa no. Na bere a ofii ase sɛ ɔremem no, ɔteɛɛm sɛ: ‘Awurade, gye me!’” Yesu teɛɛ ne nsa soo ne mu de gyee no. Kae sɛ, bere a Petro kɔɔ so de n’ani sii Yesu so no, otumi nantew nsu no so a wammem. Nanso bere a Petro hwɛɛ ahum no, ehu kaa no maa n’adwene hinhimii, na ofii ase sɛ ɔremem.—Mat. 14:24-31.

7. Dɛn na yebetumi asua afi nea ɛtoo Petro no mu?

7 Yebetumi asua biribi afi nea ɛtoo Petro no mu. Bere a Petro fi ɔkorow no mu sii po no so no, na ɔnhwɛ kwan sɛ biribi bɛtwetwe n’adwene ama wafi ase amem. Ná ɔpɛ sɛ ɔnantew nsu no so kodu Yesu nkyɛn. Nanso wankɔ so amfa n’ani ansi Yesu so, mmom, ɔmaa n’adwene kɔɔ ahum no so. Sɛnea na Petro hia gyidi na watumi anantew nsu no so no, yɛn nso, yehia gyidi na yɛatumi agyina sɔhwɛ ano. Sɛ yeyi yɛn adwene fi Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow so a, yɛn gyidi betumi agu asu. Ɔhaw biara a ɛte sɛ ahum a yebehyia wɔ yɛn asetena mu no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de yɛn adwene si Yehowa so, na yenya gyidi sɛ obetumi aboa yɛn. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

8. Dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛannwinnwen yɛn asetena mu ahiade ho ammoro so?

8 Sɛ yenya Yehowa mu ahotoso a, ɛbɛpam adwinnwen. Kae sɛ Yehowa, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no abɔ yɛn anohoba sɛ, sɛ yɛde ne som di kan a, ɔbɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia. (Mat. 6:32, 33) Efi tete nyinaa, Yehowa adi saa bɔhyɛ no so. (Deut. 8:4, 15, 16; Dw. 37:25) Sɛ Yehowa hwɛ nnomaa ne nhwiren a, ɛnde nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ de, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen ho haw yɛn ho koraa! (Mat. 6:26-30; Filip. 4:6, 7) Ɔdɔ a awofo wɔ ma wɔn mma nti, wɔhwɛ ma wɔn nsa ka nea wohia. Yɛn soro Agya no nso, ɔdɔ a ɔwɔ ma n’asomfo nti, ɔma wɔn nsa ka nea wohia. Wei nti, yegye di paa sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn!

9. Dɛn na wubetumi asua afi awarefo bi suahu mu?

9 Momma yɛnhwɛ osuahu bi a ɛma yehu sɛ Yehowa betumi ama yɛn nsa aka nea yehia wɔ asetenam. Ná anuanom mmea bi te atubrafo atenae. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi akɔ adesua no, awarefo bi a wɔyɛ bere nyinaa asomfo tuu wɔn kar dedaw bi twaa kwan bɛboro dɔnhwerew baako kɔfaa wɔn. Onua no kaa sɛ: “Bere a yɛpɔn adesua no, yɛtoo nsa frɛɛ anuanom mmea no sɛ wommedidi, nanso sɛɛ na yenni biribiara wɔ fie.” Dɛn na na awarefo yi bɛyɛ? Onua no toaa so sɛ: “Yeduu fie no, yɛnkɔhwɛ a, bag akɛse mmienu a nnuan ayɛ mu ma na esisi yɛn pon ano yi. Yɛanhu nea ɔde besii hɔ. Yehowa maa yɛn nsa kaa nea yehia.” Akyiri yi, awarefo no kar sɛee. Ná wobehia de akɔ asɛnka, nanso na wonni sika a wɔde besiesie. Bere a wɔde kɔmaa fitafo sɛ wɔnhwɛ ɛka a wɔbɛbɔ wɔ ho no, ɛhɔ ara na ɔbarima bi baa hɔ bebisae sɛ: “Hena kar ni?” Onua no ka kyerɛɛ no sɛ ɛyɛ ne dea, nanso asɛe. Ɔbarima no kaa sɛ: “Asɛe koraa a, ɛnyɛ hwee. Saa kar yi ara bi na me yere rehwehwɛ. Kɔla a ɔpɛ ara nso ni.” Wode begye sɛn?” Onua no refi hɔ no, na obetumi de sika a onyae no atɔ kar foforo. Nea onua no kae ara ne sɛ: “Sɛnea yɛn ani gyei saa da no de, ɛsɛ w’ani. Yehui sɛ, wei de ɛnyɛ kwa; Yehowa nsa wom.”

10. Ɔkwan bɛn so na Dwom 37:5 hyɛ yɛn nkuran sɛ mma yedwinnwen yɛn asetenam ahiade ho?

10 Sɛ yetie oguanhwɛfo pa no na yegyae sɛ yebedwinnwen asetena mu ahiade ho ma aboro so a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yehia. (Kenkan Dwom 37:5; 1 Pet. 5:7) Wo de, susuw ɔhaw ahorow a yɛaka ho asɛm wɔ  nkyekyɛm 5 no ho hwɛ. Yɛrekasa yi, ebia Yehowa nam abusua ti anaa adwumawura bi so na ɔma yɛn nsa ka nea daa yehia. Sɛ abusua ti no ntumi nyɛ saa bio, anaa sɛ yɛn adwuma fi yɛn nsa a, Yehowa bɛfa kwan bi so ama yɛn nsa aka nea yehia. Yegye di sɛ ɔbɛhwɛ yɛn. Afei momma yɛnhwɛ biribi foforo a oguanhwɛfo pa no tu yɛn fo sɛ yennyae yɛ.

“MUNNYAE SƐ MUBU NKURƆFO ATƐN”

Sɛ yɛamfa yɛn adwene ansi nkurɔfo mfomso so a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyae atɛn a yebu wɔn no (Hwɛ nkyekyɛm 11, 14-16) *

11. Sɛnea Mateo 7:1, 2 kyerɛ no, dɛn na Yesu tu yɛn fo sɛ yennyae yɛ, na adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama yɛn?

11 Kenkan Mateo 7:1, 2. Ná Yesu nim sɛ, nnipa a bɔne wɔ yɛn ho de, yɛtaa de yɛn adwene si afoforo mfomso so. Ɛno nti na ɔkaa sɛ: “Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn” no. Ebia yɛbɛbɔ yɛn ho mmɔden paa sɛ yɛremmu yɛn mfɛfo gyidifo atɛn. Nanso, bɔne wɔ yɛn nyinaa ho. Enti sɛ yehu sɛ ɛyɛ a yɛde yɛn adwene si nkurɔfo mfomso so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yetie Yesu afotu no, na yesi nketekrakye sɛ yebegyae atɛn a yebu nkurɔfo no.

12-13. Sɛnea na Yehowa hu Ɔhene Dawid no, yedwinnwen ho a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛagyae atɛn a yebu afoforo no?

12 Sɛ yedwinnwen nhwɛso a Yehowa ayɛ ama yɛn no ho a, ɛbɛboa yɛn. Suban pa a nkurɔfo wɔ no, ɛno na ɔde n’adwene si so. Ɛwom sɛ Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne akɛseakɛse, nanso sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne no dii a, ɛma yɛte nea yɛreka yi ase. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Dawid ne Bat-Seba sɛee aware, na okum ne kunu no mpo pii so. (2 Sam. 11:2-4, 14, 15, 24) Nea ɔyɛe no kɔfaa ɔhaw brɛɛ ɔne n’abusua nyinaa. (2 Sam. 12:10, 11) Bere bi nso, Dawid yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wamfa ne werɛ nyinaa anhyɛ Yehowa mu; ná Yehowa nka nkyerɛɛ no sɛ ɔnkan Israel asraafo no, nanso ɔde ne pɛ kɔkan wɔn. Ebia na ɔpɛ sɛ ɔde n’asraafo no dodow hoahoa ne ho, efisɛ na ogye di sɛ wobetumi abɔ ne ho ban. Ekowiee sɛn? Yare kunkum Israelfo pɔrepɔre 70,000!—2 Sam. 24:1-4, 10-15.

13 Sɛ wowɔ Israel saa bere no a, anka wubebu Dawid sɛn? Ebia anka wobɛka sɛ ɔmfata sɛ Yehowa hu no mmɔbɔ. Nanso Yehowa de, wanhu no saa. Nokware a na Dawid adi wɔ n’asetena nyinaa mu, ne sɛnea ofii ne komam nuu ne ho no, ɛno na Yehowa de n’adwene sii so. Ɛno nti, Yehowa de Dawid bɔne akɛseakɛse yi nyinaa kyɛɛ no. Ná Yehowa nim sɛ Dawid dɔ no paa, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛteɛ. Sɛnea Yehowa de n’adwene si yɛn suban pa so no, ɛnka wo koma anaa?—1 Ahe. 9:4; 1 Be. 29:10, 17.

14. Dɛn na ɛbɛboa Kristofo ama wɔagyae atɛn a wobu nkurɔfo no?

14 Yehowa mfa n’adwene nsi yɛn mfomso so. Enti yɛn nso, etwa sɛ yesuasua no, na yɛde yɛn adwene si suban pa a afoforo wɔ so. Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde yɛn adwene besi nkurɔfo mfomso so, na yɛakasa atia wɔn. Nanso obi a osuasua Yehowa de, ɔne afoforo tena fɛfɛɛfɛ, ɛmfa ho sɛ ohu mfomso a ɛwɔ wɔn ho no. Sɛ dɛnkyɛmmo da hɔ, na wontwiw ho a, ɛnyɛ fɛ. Nanso nea onim mu de, ohu sɛ, sɛ wotwiw ho a, ɛbɛyɛ fɛ, na wɔtɔn a wobenya sika. Enti, ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa ne Yesu, na yɛde yɛn adwene si nkurɔfo suban pa so, na ɛnyɛ wɔn mfomso.

15. Sɛ yehu ɔhaw a nkurɔfo refa mu a, sɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛankasa antia wɔn yayaayaw?

15 Nkurɔfo suban pa a yɛde yɛn adwene besi so akyi no, dɛn bio na ɛbɛboa yɛn na yɛankasa antia wɔn yayaayaw? Fa w’adwene bu ɔhaw a wɔrefa mu. Yɛnhwɛ saa nhwɛso yi. Da koro bi a Yesu wɔ asɔrefie hɔ no, ohuu okunafo hiani bi sɛ ɔde nkaprɛ mma mmienu a ɛnsom bo ahe biara regu ntoboa adaka bi mu. Yesu ammisa sɛ: “Adɛn nti na sika ketewaa yi na ɔde abegu mu?” Yesu amfa n’adwene ansi sika dodow a okunafo no yii so, mmom ɔde n’adwene sii nea enti a oyii ntoboa no, ne ɔhaw a na ɔrefa mu no so. Ɛno nti, ɔkamfoo no sɛ wayɛ nea obetumi nyinaa.—Luka 21:1-4.

16. Dɛn na wubetumi asua afi Veronica suahu no mu?

16 Sɛ yɛhwɛ onuawa bi a ne din de Veronica suahu no a, ɛbɛma yɛahu sɛ, ɔhaw a nkurɔfo refa mu no, sɛ yehu n’ani so a, ɛboa paa. Ná ɔne onuawa bi a onni kunu ne ne babarima na ɛwɔ asafo mu. Veronica kaa sɛ: “Ná ɛyɛ me sɛ wɔnteɛ wɔn ho nsom Yehowa yiye. Ɛno nti, na mempɛ wɔn asɛm. Wei na da koro, me ne maame no kɔɔ asɛnka. Yɛnam asɛnka mu no, ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ me sɛ, ne ba no wɔ adwenemyare bi. Nanso, ɔreyɛ nea obetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛkɔ wɔn ano, na wɔatumi asom Yehowa yiye. Ɛtɔ da a, ne ba no yare nti, ɛyɛ a wɔkɔ adesua wɔ asafo foforo mu.” Veronica de n’asɛm no baa awiei sɛ: “Ná minnim sɛ ɔrefa ɔhaw mu saa. Esiane mmɔden a ɔbɔ de som Yehowa nti, seesei manya ɔdɔ ne obu soronko bi ama no.”

17. Dɛn na Yakobo 2:8 ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

17 Sɛ yehu sɛ yɛabu yɛn yɔnko Kristoni bi atɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, etwa sɛ yɛdɔ yɛn nuanom. (Kenkan Yakobo 2:8.) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛde nkotosrɛ kɔ Yehowa anim, na yɛsrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn na yennyae atɛn a yebu nkurɔfo no. Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa hu sɛ nea yɛabɔ ho mpae no yɛ yɛn ahiasɛm a, yɛbɛka abɛn onii a yɛakasa atia no no. Wei bɛma yɛatumi ahu no yiye. Yebetumi ne no akɔ asɛnka, anaa yɛato nsa afrɛ no ma ɔne yɛn abedidi. Sɛ yɛde nkakrankakra hu yɛn nua no yiye a, yebetumi asuasua Yehowa ne Yesu, na yɛde yɛn adwene asi ne suban pa so. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛretie oguanhwɛfo pa no ahyɛde a ɛne sɛ yennyae atɛn a yebu nkurɔfo no.

18. Oguanhwɛfo pa no, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛretie ne nne?

18 Sɛnea nguan tie wɔn hwɛfo nne no, saa ara na Yesu akyidifo nso tie ne nne. Sɛ yɛyere yɛn ho gyae sɛ yedwinnwen asetena mu ahiade ho, na yɛbɔ mmɔden gyae atɛn a yebu nkurɔfo no a, Yehowa ne Yesu behyira yɛn. Sɛ yɛka “nguankuw ketewa” no ho oo, sɛ yɛka “nguan foforo” no ho oo, momma yentie oguanhwɛfo pa no nne, na yenni n’ahyɛde so. (Luka 12:32; Yoh. 10:11, 14, 16) Adesua a edi hɔ no mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmienu bi a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ.

DWOM 101 Yɛde Baakoyɛ Bom Yɛ Adwuma

^ nky. 5 Bere a Yesu kaa sɛ ne nguan betie ne nne no, nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ n’asuafo betie ne nkyerɛkyerɛ na wɔde abɔ wɔn bra. Adesua yi mu no, yebesusuw Yesu nkyerɛkyerɛ mmienu bi a ɛho hia paa ho. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae sɛ yedwinnwen asetena mu ahiade ho, na yegyae sɛ yebu nkurɔfo atɛn. Yɛbɛhwɛ sɛnea yɛde n’afotu no bɛyɛ adwuma.

^ nky. 51 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi adwuma afi ne nsa, na sika a wɔde bɛtotɔ biribi adi koraa ayɛ asɛm, na ɛsɛ sɛ ɔkɔhae dan nso. Dadwen betumi ahyɛ ne so ara ma wabu n’ani agu Onyankopɔn som so.

^ nky. 53 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi ammedu adesua ase ntɛm. Nanso ɔwɔ suban pa bebree; ɔredi adanse wɔ bɔnnɔ so, ɔreboa onuawa bi a n’ani afi, na ɔresiesie Ahenni Asa so.