Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 2

Sua Biribi Fi Yesu Nua Kumaa No Hɔ

Sua Biribi Fi Yesu Nua Kumaa No Hɔ

“Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa.”—YAK. 1:1.

DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan

NEA YƐREBESUA *

1. Abusua bɛn mu na na Yakobo da?

 ABUSUA a na Yesu nua Yakobo da mu no, na wɔmfa wɔn som nni agorɔ koraa. Ná n’awofo, Yosef ne Maria dɔ Yehowa paa, na wofii wɔn koma nyinaa mu som no. Yakobo nyaa nhyira foforo nso; ne nua panyin na ɔbɛyɛɛ Mesia a na wɔahyɛ ne ho bɔ no. Yakobo nyaa hokwan kɛse paa sɛ na ɔda saa abusua no mu!

Wɔtetee Yakobo ne Yesu nyinaa wɔ abusua baako mu, enti Yakobo huu ne nua panyin no yiye paa (Hwɛ nkyekyɛm 2)

2. Adɛn nti na na Yakobo betumi ahwɛ ne nua panyin no asua no?

2 Ná Yakobo wɔ nneɛma pii a obetumi agyina so ahwɛ ne nua panyin no asua no. (Mat. 13:55) Emu baako ne sɛ, Yesu dii mfe 12 no, na onim Kyerɛwnsɛm no mu yiye paa. Wei maa akyerɛkyerɛfo a wɔaben wɔ Yerusalem no ho dwiriw wɔn. (Luka 2:46, 47) Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ Yakobo ne Yesu boom yɛɛ kapenta adwuma. Sɛ saa a, ɛnde ohuu ne nua no yiye paa. Ná Nathan H. Knorr taa ka sɛ, “Wo ne obi bom yɛ adwuma a, ɛma wuhu no yiye.” * Yakobo nso, ɛbɛyɛ sɛ bere a “Yesu kɔɔ so nyinii, na onyaa nyansa pii, na Onyankopɔn ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm” no, ohui. (Luka 2:52) Wei nti, anhwɛ a ɛbɛyɛ yɛn sɛ na ɔka Yesu asuafo a edi kan no ho. Nanso na ɔnka ho.

3. Yesu fii ne som adwuma ase no, Yakobo yɛɛ n’ade sɛn?

3 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, Yakobo ammɛyɛ ne suani. (Yoh. 7:3-5) Yesu abusuafo a wɔkaa sɛ “ne tirim ka no” no, ebetumi aba mpo sɛ na Yakobo ka ho. (Mar. 3:21) Bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no, na ne maame Maria gyina hɔ. Nanso biribiara nkyerɛ sɛ na Yakobo ka ne ho.—Yoh. 19:25-27.

4. Dɛn na yebesusuw ho?

4 Akyiri yi, Yakobo begyee Yesu dii, na ɔbɛyɛɛ obi a wobu no wɔ Kristofo asafo no mu. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmienu a yebetumi asua afi Yakobo hɔ: (1) nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase ne (2) nea ɛbɛma yɛatumi ayɛ akyerɛkyerɛfo pa.

KƆ SO BRƐ WO HO ASE TE SƐ YAKOBO

Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo no, ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom sɛ Yesu ne Mesia no; efi saa bere no rekɔ no, ɔbɛyɛɛ Kristo suani (Hwɛ nkyekyɛm 5-7)

5. Bere a wonyan Yesu na oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo no, dɛn na ɔyɛe?

5 Bere bɛn na Yakobo bɛyɛɛ Yesu suani? Wonyan Yesu fii awufo mu no, “oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo, ne afei asomafo no nyinaa.” (1 Kor. 15:7) Yi a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo no na ɛma ɔbɛyɛɛ ne suani. Asomafo no hyiaam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem a na wɔretwɛn honhom kronkron a wɔde ahyɛ wɔn bɔ no, na Yakobo ka wɔn ho. (Aso. 1:13, 14) Akyiri yi, akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no, Yakobo nyaa hokwan bɛkaa ho. (Aso. 15:6, 13-22; Gal. 2:9) Afei, ɛrekɔ afe 62 Y.B mu hɔ no, Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no. Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asaase so oo, saa krataa no mu nsɛm bɛboa yɛn. (Yak. 1:1) Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus a na ɔwɔ asomafo no bere so no ka sɛ, Yudafo Sɔfo Panyin Ananias Akumaa na ɔma wokum Yakobo. Yakobo kɔɔ so dii nokware maa Yehowa kosii sɛ owiee ne som adwuma wɔ asaase so.

6. Adɛn nti na na Yakobo nte sɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no?

6 Ná Yakobo brɛ ne ho ase. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Sɛ yɛhwɛ sɛnea akyiri yi Yakobo yɛɛ n’ade wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ ho, ne sɛnea nyamesom akannifo no bebree yɛe no a, yehu sɛ nsonsonoe wom paa. Momma yɛnhwɛ. Bere a Yakobo huu adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Onyankopɔn Ba no, ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom. Asɔfo mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no de, wɔanyɛ saa. Ɛho nhwɛso ni. Bere a Yesu nyanee Lasaro fii awufo mu no, wɔannye ho kyim. Nanso sɛ́ anka wobegye atom sɛ Yesu yɛ Yehowa nanmusini no, wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum Yesu ne Lasaro nyinaa. (Yoh. 11:53; 12:9-11) Akyiri yi a wonyanee Yesu ankasa nso fii awufo mu no, wɔhyehyɛɛ ho sɛ wɔremma ɔmanfo no nhu nokwasɛm no. (Mat. 28:11-15) Nyamesom akannifo no ahomaso nti, wɔannye Mesia no anni.

7. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahomaso?

7 Asuade no: Kwati ahomaso, na brɛ wo ho ase ma Yehowa nkyerɛkyerɛ wo. Ntini a mogya fa mu kɔ koma no mu no, yare betumi ama ayɛ den. Sɛ ɛba saa a, koma no ntumi mmɔ yiye. Saa ara na sɛ yɛyɛ ahomaso a, ɛbɛma yɛn koma ayɛ den. Ɛba saa a, ɛbɛma ayɛ den sɛ yebetie Yehowa akwankyerɛ. Farisifo no huu adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn honhom wɔ Yesu so, na ɔyɛ ne Ba. Ne nyinaa akyi no, esiane sɛ wɔmaa wɔn koma yɛɛ den nti, wɔannye anni. (Yoh. 12:37-40) Ná saa suban no nye koraa, efisɛ na ɛbɛma daa nkwa abɔ wɔn. (Mat. 23:13, 33) Hwɛ hia a ehia sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kɔ so sesa yɛn suban, yɛn nsusuwii ne yɛn gyinaesi! (Yak. 3:17) Esiane sɛ na Yakobo brɛ ne ho ase nti, ɔmaa Yehowa kyerɛkyerɛɛ no. Afei nso, yebehu sɛ n’ahobrɛase nti, ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa.

YƐ ƆKYERƐKYERƐFO PA TE SƐ YAKOBO

8. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ akyerɛkyerɛfo pa?

8 Ná Yakobo nyɛ obi a wasua nhoma akɔ akyiri. Ná nyamesom akannifo a wɔwɔ ne bere so no bu asomafo Petro ne Yohane sɛ “wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma, na wɔnyɛ nnipa titiriw biara.” Ɛbɛyɛ sɛ saa na na wobu Yakobo nso. (Aso. 4:13) Nanso, sɛ yɛkenkan nhoma a Yakobo kyerɛwee no a, yehu sɛ na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa. Ebia yɛn nso, yɛn nhomasua nkɔ akyiri te sɛ Yakobo. Sɛ saa na ɛte mpo a, Yehowa honhom ne ntetee a n’ahyehyɛde no de ma yɛn no betumi aboa yɛn ama yɛayɛ akyerɛkyerɛfo pa. Momma yɛnhwɛ ɔkwan a Yakobo faa so kyerɛkyerɛe ne nea yebetumi asua afi mu.

9. Ɔkwan a Yakobo faa so kyerɛkyerɛe no, wobɛka ho asɛm sɛn?

9 Yakobo amfa nsɛmfua akɛse ankyerɛkyerɛ, na na ne nkyerɛkyerɛ nyɛ nwonworann. Ɛno maa n’atiefo no huu nea ehia sɛ wɔyɛ ne sɛnea wɔbɛyɛ no. Yakobo kyerɛkyerɛɛ Kristofo sɛ, sɛ nkurɔfo ne wɔn anni no yiye a, ɛsɛ sɛ womia wɔn ani gyina mu, na ɛnsɛ sɛ wɔfa wɔn ho abufuw. Momma yɛnhwɛ ɔkwan tiawa bi a ɔfaa so yɛɛ saa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔamia wɔn ani agyina mu no, yɛka sɛ: ‘Wɔwɔ anigye.’ Moate Hiob animia ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae; moabehu sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.” (Yak. 5:11) Hyɛ no nsow sɛ Yakobo de ne nkyerɛkyerɛ gyinaa Kyerɛwnsɛm no so. Ɔde Onyankopɔn Asɛm boaa n’atiefo ma wohui sɛ, sɛnea Hiob dii Yehowa nokware ma ohyiraa no no, saa ara na obiara a obedi no nokware no nso, obehyira no. Yakobo amfa nsɛm akɛse a ɛyɛ nwonworann ankyerɛkyerɛ n’asɛm no mu. Sɛnea ɔkyerɛkyerɛe no nti, wanhyɛ ne ho anuonyam, mmom, ɔhyɛɛ Yehowa anuonyam.

10. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yakobo?

10 Asuade no: Mma wo nkyerɛkyerɛ nyɛ nwonworann. Afei nso, fa gyina Onyankopɔn Asɛm so. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ, yɛbɛkyerɛ nkurɔfo sɛ yenim ara ma. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ Yehowa na onim biribiara, na odwen wɔn ho paa. (Rom. 11:33) Sɛ yebetumi adu saa botae no ho a, gye sɛ bere nyinaa yɛde yɛn nkyerɛkyerɛ gyina Kyerɛwnsɛm no so. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ yɛn Bible asuafo pɛ sɛ wɔyɛ biribi a, ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛyɛ me a, anka sei na mɛyɛ no.’ Mmom, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wosusuw Bible mu nhwɛso bi ho, na wohu Yehowa adwene. Ɛba saa a, ɛbɛkanyan wɔn ma wɔayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, na ɛnyɛ yɛn.

11. Ɔhaw bɛn na na Kristofo binom rehyia wɔ Yakobo bere so, na afotu bɛn na ɔde maa wɔn? (Yakobo 5:13-15)

11 Yakobo kaa ɔhaw no ho asɛm. Sɛ yɛhwɛ krataa a Yakobo kyerɛwee no a, yehu sɛ na onim ɔhaw a ne nuanom Kristofo no refa mu, na ɔmaa wɔn akwankyerɛ a emu da hɔ a ɛbɛma wɔahu nea wɔbɛyɛ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na ɛyɛ den ma Kristofo binom sɛ wɔde afotu bɛyɛ adwuma ntɛm. (Yak. 1:22) Ná ebinom nso bu asikafo sen ahiafo. (Yak. 2:1-3) Afei nso, na ebinom ano nna. (Yak. 3:8-10) Ɔhaw a na Kristofo no refa mu no, na ani sõsõ paa, nanso na Yakobo gye di sɛ wobetumi asesa. Oyii ne yam de afotu maa wɔn, nanso wamfa anwadawada. Afei nso, wɔn a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ nsakrae no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma mpanyimfo no mmoa wɔn.—Kenkan Yakobo 5:13-15.

12. Yɛbɛyɛ dɛn de adwempa aboa yɛn Bible asuafo?

12 Asuade no: Ka ɔhaw no ho asɛm, nanso nya adwempa sɛ nkurɔfo betumi asesa. Wɔn a yɛne wɔn sua Bible no, wɔn mu bebree wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔde Bible mu afotu bɛyɛ adwuma. (Yak. 4:1-4) Ebia ɛbɛkyɛ ansa na wɔatumi atu subammɔne ase, na wɔabɔ bra pa. Nanso ɛsɛ sɛ yesuasua Yakobo, na yenya akokoduru de wae ɔhaw no anim, na yɛboa yɛn Bible asuafo ma wohu baabi a ehia sɛ wɔyɛ nsakrae. Afei nso, ɛsɛ sɛ yenya adwempa sɛ wobetumi asesa, na yenya Yehowa mu ahotoso sɛ, sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase a, Yehowa bɛtwe wɔn na wama wɔn ahoɔden a wɔde bɛyɛ nsakrae.—Yak. 4:10.

13. Sɛnea Yakobo 3:2 ne ase hɔ asɛm no ma yehu no, dɛn na Yakobo gye toom?

13 Yakobo ammu ne ho sɛ ɔkyɛn afoforo. Yakobo ante nka sɛ abusua a ofi mu, ne hokwan ahorow a ɔwɔ nti, ɔsen ne nuanom Kristofo a aka no. Ɔfrɛɛ Kristofo a ɔne wɔn som no sɛ “me nuanom adɔfo.” (Yak. 1:16, 19; 2:5) Wanyɛ biribiara amfa ankyerɛ sɛ, ɔno de bɔne nni ne ho. Mmom ɔkaa sɛ: “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.”—Kenkan Yakobo 3:2 ne ase hɔ asɛm no.

14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yɛn nso yedi mfomso?

14 Asuade no: Kae sɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔkwan bi so no, yɛsen wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no. Adɛn ntia? Sɛ yɛma yɛn suani no nya adwene sɛ, yɛn de yenni mfomso a, anhwɛ a ɛbɛyɛ no sɛ ɔrentumi nni Onyankopɔn mmara so da. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn suani no hu paa sɛ, yɛn nso, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yɛde Bible mu nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma. Afei, sɛ yɛma ohu sɛnea Yehowa aboa yɛn ama yɛayɛ nsakrae a, ɛbɛboa no ama wahu sɛ ɔno nso betumi asom Yehowa.

Nneɛma a Yakobo de yɛɛ mfatoho no, na obiara nim, na mfatoho no mu da hɔ, na na ɛka koma (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15. Mfatoho a Yakobo de dii dwuma no, wobɛka ho asɛm sɛn? (Yakobo 3:2-6, 10-12)

15 Yakobo de mfatoho a ɛka koma dii dwuma. Ɛwom sɛ honhom kronkron boaa no, nanso ɛbɛyɛ sɛ, sɛnea wɔde mfatoho kyerɛkyerɛ no, osuaa ɛho ade pii nso fii ne nua panyin Yesu hɔ. Nneɛma a Yakobo de yɛɛ mfatoho no, na obiara nim; aba a ɛwɔ mu nso, na emu da hɔ.—Kenkan Yakobo 3:2-6, 10-12.

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde mfatoho a ɛka koma di dwuma?

16 Asuade no: Fa mfatoho a ɛka koma di dwuma. Sɛ wode mfatoho a ɛfata kyerɛkyerɛ a, ɛma atiefo tumi twa asɛm a woreka no ho mfoni. Sɛ atiefo tumi twa nneɛma ho mfoni saa a, ɛma wɔkae nokware atitiriw a ɛwɔ Bible mu no. Mfatoho a ɛka koma a wɔde kyerɛkyerɛ no, na Yesu aben wom paa, na ne nua Yakobo nso suasuaa no. Momma yɛnhwɛ Yakobo mfatoho baako bi, na yɛnhwɛ nea enti a ɛka koma saa.

17. Adɛn nti na mfatoho a ɛwɔ Yakobo 1:22-25 no ka koma?

17 Kenkan Yakobo 1:22-25. Yakobo mfatoho a ɛfa ahwehwɛ ho no, nea enti a yebetumi aka sɛ ɛka koma no dɔɔso. Ná ɔwɔ biribi pɔtee a ɔpɛ sɛ ɔka ho asɛm. Ɛne sɛ, sɛ yebenya Onyankopɔn Asɛm so mfaso a, ɛnsɛ sɛ yɛkan no kɛkɛ, mmom, ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛkan no yɛ adwuma. Yakobo de ɔbarima bi a ɔrehwɛ ahwehwɛ mu na ɛyɛɛ ɛho mfatoho. Ná ɛyɛ mfatoho a n’atiefo betumi ate ase ntɛm. Asuade a ɛwom no ne sɛn? Sɛ ɔbarima bi hwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ mu, na ohu sɛ biribi nkɔ yiye, na wanyɛ ho hwee a, ɛbɛyɛ nea nyansa nnim. Saa ara nso na sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm, na yehu sɛ yɛwɔ suban bi a ɛsɛ sɛ yɛsesa, na yɛanyɛ a, ɛnde yɛankan koraa a anka eye.

18. Sɛ yɛde mfatoho rekyerɛkyerɛ a, nneɛma mmiɛnsa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

18 Sɛ wode mfatoho rekyerɛkyerɛ a, wubetumi asuasua Yakobo na woayɛ nneɛma mmiɛnsa yi: (1) Hwɛ hu sɛ mfatoho a wode bɛkyerɛkyerɛ no fa asɛm a woreka no ho. (2) Fa mfatoho a w’atiefo bɛte ase ntɛm kyerɛkyerɛ. (3) Ma aba a ɛwom no mu nna hɔ. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubenya mfatoho a ɛfata a, hwɛ Watch Tower Publications Index no mu. Hwɛ asɛmti “Illustrations” ase, na wubenya mfatoho bebree a wubetumi de akyerɛkyerɛ. Kae sɛ, mfatoho te sɛ akasam. Sɛnea akasam tumi ma obi nne kɔ akyiri no, saa ara na mfatoho nso te. Ɛsɛ sɛ ɛma aba a ɛwɔ asɛm a woreka no mu no yi ne ho. Ɛno nti, nsɛntitiriw a wopɛ sɛ eyi ne ho no, ɛno na ɛsɛ sɛ wode mfatoho no kyerɛkyerɛ mu. Ɛnyɛ nea enti a yɛpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ yiye ne sɛ yɛde betu yɛn ho. Mmom, nea enti paa a yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa ne sɛ, yɛpɛ sɛ yɛboa nnipa bebree ma wɔbɛka Yehowa abusua a anigye wom no ho.

19. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo?

19 Yɛn de, onua panyin a bɔne nni ne ho de, yennyaa bi ne no ntenaa da. Nanso, yɛanya hokwan da abusua kɛse bi mu; ɛyɛ abusua a emufo nyinaa som Yehowa. Sɛ yɛne wɔn bɔ, yesua biribi fi wɔn hɔ, na yɛne wɔn bom yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Sɛ yɛyere yɛn ho suasua Yakobo suban, ne nneyɛe, ne ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe a, ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam, na yebetumi aboa komapafo ma wɔabɛn yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no.

DWOM 114 Munnya Abotare

^ Wɔtetee Yakobo ne Yesu nyinaa wɔ abusua baako mu. Onyankopɔn Ba a bɔne biara nni ne ho no, na Yakobo nim no yiye sen ne beresofo dodow no ara. Ná Yakobo yɛ Yesu nua kumaa, na ɔbɛyɛɛ edum wɔ tete Kristofo asafo no mu. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi n’abrabɔ ne ne nkyerɛkyerɛ mu.

^ Ná Nathan H. Knorr ka Akwankyerɛ Kuw no ho. Owiee ne som adwuma wɔ asaase so afe 1977.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yakobo de ogya ketewa bi kyerɛkyerɛe sɛ, sɛ yɛanhwɛ yɛn kasa yiye a, ebetumi de asɛnkɛse aba. Ná ɛyɛ mfatoho a ɛfata, efisɛ na obiara betumi ate ase.