Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 7

“Tie Anyansafo Nsɛm”

“Tie Anyansafo Nsɛm”

“Yɛ aso na tie anyansafo nsɛm.”—MMEB. 22:17.

DWOM 123 Brɛ Wo Ho Ase Ma Nyankopɔn Nhyehyɛe

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na ɛma wotu yɛn fo, na adɛn nti na yɛn nyinaa hia afotu?

ƐWOM ara a, ehia sɛ wotu yɛn mu biara fo. Ɛtɔ da a, yɛn ankasa betu anammɔn akɔ obi a yebu no hɔ akogye afotu. Ɛtɔ mmere bi nso a, onua bi a odwen yɛn ho bɛma yɛahu sɛ anammɔn bi a yɛpɛ sɛ yetu no, ɛbɛma yɛanu yɛn ho. (Gal. 6:1) Afei nso, sɛ yedi mfomso kɛse bi a, ebehia sɛ wɔteɛ yɛn so; ɛno nso yɛ afotu. Sɛ dɛn na ɛma wotuu yɛn fo oo, sɛ dɛn na ɛma wotuu yɛn fo oo, ɛsɛ sɛ yetie. Yɛyɛ saa a, yɛn ara na ɛbɛboa yɛn, na ebetumi nso agye yɛn nkwa!—Mmeb. 6:23.

2. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 12:15 no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie afotu?

2 Kyerɛwsɛm a adesua asɛm yi gyina so no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yentie anyansafo nsɛm.’ (Mmeb. 22:17) Nyansa nni ɔbaakofo tirim; bere nyinaa, obi wɔ hɔ a ne nimdeɛ ne ne suahu boro yɛn de so. (Kenkan Mmebusɛm 12:15.) Enti sɛ yetie afotu a, ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛkyerɛ sɛ yenim sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim; sɛ yebetumi adu yɛn botae ho a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yehia afoforo mmoa. Onyankopɔn de ne honhom boaa Ɔhene Solomon nyansafo no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Afotufo [anaa “agyinatufo,” ase hɔ asɛm] dodow ma nhyehyɛe yɛ yiye.”—Mmeb. 15:22.

Afotu mmienu yi mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ den ma wo sɛ wubetie? (Hwɛ nkyekyɛm 3-4)

3. Akwan bɛn na yɛfa so nya afotu?

3 Wobetumi atu yɛn fo tẽẽ, anaa ebetumi afa kwan foforo so aba. Sɛ yɛka sɛ afotu betumi afa kwan foforo so aba a, dɛn na yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ? Sɛ yɛkan biribi wɔ Bible anaa asafo nhoma bi mu a, ebetumi apem yɛn ama yɛafi ase adwen ɔbra a yɛwom no ho, na yɛasesa yɛn akwan. (Heb. 4:12) Ɛno yɛ afotu a ɛfa kwan foforo so ba. Na afotu a yenya no tẽẽ no nso ɛ, dɛn na ɛkyerɛ? Asafo mu panyin anaa onua bi a ne ho akokwaw betumi atwe yɛn adwene asi suban bi a ehia sɛ yɛyɛ ho adwuma so. Ɛno yɛ afotu a yenya no tẽẽ. Ɔdɔ a obi dɔ yɛn nti, sɛ ɔde Bible tu yɛn fo a, ɛsɛ sɛ yetie gu aso pa mu de kyerɛ ho anisɔ.

4. Sɛnea Ɔsɛnkafo 7:9 kyerɛ no, sɛ wotu yɛn fo a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

4 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wotu yɛn fo tẽẽ a, ɛtaa yɛ den sɛ yebegye atom. Ebetumi ama yɛn bo afuw mpo. Adɛn ntia? Ɛwom, ɛnyɛ den koraa sɛ yebegye atom sɛ yɛtɔ sin, nanso sɛ obi tu yɛn fo wɔ yɛn mmerɛwyɛ pɔtee bi ho a, ebetumi ayɛ den sɛ yebegye atom. (Kenkan Ɔsɛnkafo 7:9.) Ebia yɛde nsɛm beyiyi yɛn ho ano. Ebi nso a yɛbɛka sɛ onii a ɔretu yɛn fo no mpɛ yɛn asɛm anaa ɔkwan a ɔfaa so tuu yɛn fo no antwa yiye. Ebi mpo a yɛbɛka sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na kuku aka akyerɛ dadesɛn sɛ ne ho tumm? Wunim afotu a, tu wo ho fo!’ Sɛ yɛn ani nnye afotu no ho a, anhwɛ a yɛremfa nyɛ adwuma anaa yɛbɛkɔ akɔpɛ obi a ɔbɛka nea ɛyɛ yɛn asom dɛ akyerɛ yɛn.

5. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

5 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nnipa bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a wɔpoo afotu, ne wɔn a wɔde afotu yɛɛ adwuma. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea ɛbɛboa yɛn ama yɛagye afotu atom na yɛanya so mfaso.

WƆPOO AFOTU

6. Sɛnea Ɔhene Rehoboam yɛɛ n’ade wɔ afotu a wɔde maa no ho no, dɛn na yesua fi mu?

6 Momma yɛnhwɛ Rehoboam nhwɛso no. Bere a ɔbɛyɛɛ Israel hene no, ɔmanfo no de wɔn adesrɛ bi bɛtoo n’anim. Wɔsrɛɛ no sɛ, adesoa duruduru a ne papa Solomon de too wɔn so no, ɔmma emu nyɛ hare mma wɔn. Rehoboam yɛɛ ade paa, efisɛ ɔne Israel mpanyimfo kotuu agyina sɛnea ɛbɛyɛ a obehu asɛm a ɔde bebua ɔmanfo no. Mpanyimfo no tuu ɔhene no fo sɛ, sɛ ɔyɛ ɔmanfo no abisade ma wɔn a, wɔbɛtaa n’akyi daa. (1 Ahe. 12:3-7) Ɛda adi sɛ, saa afotu no ansen Rehoboam tirim, enti ɔne mmerante a ɔne wɔn sii so no nso kotuu agyina. Ɛbɛyɛ sɛ na saa mmarima no adi mfe 40 ne kakra, enti ɛbɛyɛ sɛ na wɔnyɛ nnipa a wonni asetena mu suahu. (2 Be. 12:13) Nanso, wɔamma Rehoboam afotu pa. Wotuu no fo sɛ, ɔmfa adesoa no bi nka ho mma ɔmanfo no. (1 Ahe. 12:8-11) Bere a mpanyimfo no ne mmerante no afotu anhyia no, anka Rehoboam betumi abɔ Yehowa mpae ma wakyerɛ no afotu no mu nea ɔmfa nyɛ adwuma. Nanso, nea ɛyɛɛ n’asom dɛ na otiei, enti mmerante no afotu mmom na ɔde yɛɛ adwuma. Nea Rehoboam yɛe no de nsunsuanso bɔne brɛɛ ɔne Israel man no nyinaa. Yɛn nso, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn ani begye afotu a wɔde bɛma yɛn no ho. Nanso, sɛ egyina Onyankopɔn Asɛm so a, ɛnde ɛsɛ sɛ yetie.

7. Dɛn na yesua fi nea Ɔhene Usia yɛe no mu?

7Ɔhene Usia poo afotu. Yehowa asɔrefie no fã a asɔfo nko ara na ɛwɔ hokwan sɛ wɔkɔ hɔ no, ɔbɔ wuraa hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam. Yehowa asɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Usia, ɛnyɛ ne kwan so sɛ wobɛhyew aduhuam ama Yehowa! Asɔfo no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔhyew aduhuam.” Dɛn na Usia yɛe? Sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase tiee afotu no, ɛnna ofii asɔrefie hɔ ntɛm a, anka ebia Yehowa de ne bɔne bɛkyɛ no. Nanso, ‘Usia bo fuwii.’ Adɛn nti na wantie afotu no? Ɛbɛyɛ sɛ, ɔtee nka sɛ, esiane sɛ ɔyɛ ɔhene nti, obetumi ayɛ nea ɔpɛ biara. Nanso, Yehowa ani so de, na onni saa hokwan no. Esiane Usia ahomaso no nti, Yehowa maa kwata yɛɛ no, na ‘ɔyaree kwata kosii sɛ owui.’ (2 Be. 26:16-21) Nea Usia yɛe no, asuade a ɛwom ne sɛ, sɛ yɛyɛ hena oo, sɛ yɛyɛ hena oo, sɛ wɔde Bible mu afotu ma yɛn na sɛ yɛpo a, Yehowa ne yɛn betwa ayɔnkofa mu.

WOTIEE AFOTU

8. Bere a wotuu Hiob fo no, ɔyɛɛ n’ade sɛn?

8 Bible mu nnipa a yɛaka wɔn ho asɛm yi, nea wɔyɛe no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn. Nanso ebinom nso wɔ hɔ a, wotiee afotu, na Yehowa hyiraa wɔn. Momma yɛnhwɛ Hiob. Ɛwom sɛ na osuro Onyankopɔn, nanso na bɔne wɔ ne ho. Bere bi a ɔrefa ateetee mu paa no, ɔkekaa nsɛm bi a ɛmfa kwan mu. Wei nti, Elihu ne Yehowa nyinaa de afotu maa no tẽẽ. Dɛn na Hiob yɛe? Ɔbrɛɛ ne ho ase gyee afotu no toom. Ɔkaa sɛ: “Mekasae, nanso na mente ase, . . . ɛno nti asɛm a mekae no, matwe asan, na manu me ho wɔ dɔte ne nsõ mu.” Hiob ahobrɛase nti, Yehowa hyiraa no.—Hiob 42:3-6, 12-17.

9. Nhwɛso pa a Mose yɛe bere a wotuu no fo no, dɛn na yesua fi mu?

9 Sɛ yɛreka wɔn a wodii mfomso kɛse, na wotiee afotu a, yɛrentumi nka nnyaw Mose. Bere bi, ne bo fuwii paa, na anuonyam a ɛfata Yehowa no, wamfa amma no. Wei nti, wannya hokwan ankɔ Bɔhyɛ Asaase no so bi. (Num. 20:1-13) Asɛm no hyee Mose paa. Bere a ɔkɔfaa ɛho asɛm bae no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmɔ asɛm yi so nkyerɛ me bio.” (Deut. 3:23-27) Mose bo amfuw. Mmom ogyee nea Yehowa kae no toom, na Yehowa nso ma ɔkɔɔ so dii Israel man no anim. (Deut. 4:1) Hiob ne Mose nyinaa tiee afotu, enti ɛfata sɛ yesuasua wɔn. Hiob teɛɛ n’adwene; wamfa nsɛm anyiyi ne ho ano. Mose nso, bere a hokwan a ɛsom bo paa ma no fii ne nsa mpo no, ɔkɔɔ so ara dii Yehowa nokware de kyerɛe sɛ, ogye n’afotu tom.

10. (a) Sɛnea asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 4:10-13 ma yehu no, sɛ yetie afotu a, mfaso bɛn na yenya? (b) Suban pa bɛn na ebinom daa no adi bere a wotuu wɔn fo no?

10 Nhwɛso a mmarima anokwafo te sɛ Hiob ne Mose yɛe no, sɛ yesuasua a, ɛbɛboa yɛn. (Kenkan Mmebusɛm 4:10-13.) Saa pɛpɛɛpɛ na yɛn nuanom bebree ayɛ. Onua bi a ɔte Congo a ne din de Emmanuel ka kɔkɔbɔ bi a wɔde maa no ho asɛm sɛ: “Anuanom bi a wɔn ho akokwaw wɔ m’asafo mu hui sɛ, menenam baabi a ɛhɔ yɛ toro paa, enti wɔboaa me. Mitiee afotu a wɔde maa me no, na ɛboaa me ma mekwatii ɔhaw bebree.” * Ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Canada a ne din de Megan ka sɛ: “Ɛnyɛ bere nyinaa na afotu a wɔde maa me no, m’ani gyee ho, nanso nea na ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ me ara no no.” Onua bi a ofi Croatia a ne din de Marko nso ka sɛ: “Hokwan bi a na mewɔ fii me nsa, nanso sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, afotu a wɔde maa me no, ɛno na ɛboaa me ma mesan hyɛɛ me ne Yehowa ayɔnkofa mu kena.”

11. Dɛn na Onua Karl Klein ka faa afotu a yebetie ho?

11 Obi a otiee afotu ma ɛboaa no nso ne Onua Karl Klein a ɔbɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni no. Ɔreka n’asetenam nsɛm no, ɔkaa sɛ na Joseph F. Rutherford yɛ n’adamfo paa. Nanso bere bi ɔkaa n’anim. Onua Klein gye toom sɛ, mfiase no, anyɛ no dɛ. Ɔkaa sɛ: “Ɛno akyi no, [Onua Rutherford] hyiaa me kyiaa me fɛfɛɛfɛ sɛ, ‘Karl, ɛte sɛn?’ Nanso esiane sɛ na me bo nnwoe nti, mede me menem na egyee so. Ɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ, ‘Karl hwɛ yiye! Ɔbonsam ani sa wo!’ Mede aniwu kaa sɛ, oh Onua Rutherford, ɔhaw biara nni hɔ.’ Nanso ohui paa sɛ me bo afuw, enti ɔsan bɔɔ me kɔkɔ sɛ, ‘Wo de mate, nanso nea mereka ara ne sɛ hwɛ yiye. Ɔbonsam ani sa wo.’ Nokwasɛm paa na na ɔreka no! Ɛtɔ da a, onua bi de afotu bɛma yɛn. Wobɛhwɛ mu no, na ɛyɛ asɛm a odi ka. . . . Sɛ ɛba saa na yenya ne ho menasepɔw a, na yɛrekeka kɔ Ɔbonsam mfiri ho.” * (Efe. 4:25-27) Onua Klein de Onua Rutherford afotu no yɛɛ adwuma. Wei nti, wɔn ayɔnkofa no ansɛe.

DƐN NA ƐBƐBOA YƐN MA YƐATIE AFOTU?

12. Sɛn na ahobrɛase bɛboa yɛn ama yɛatie afotu? (Dw. 141:5)

12 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatie afotu? Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛkae sɛ yɛtɔ sin paa na ɛtɔ da a yedi nsɛnhunu. Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, Hiob kekaa nsɛm bi a na ɛmfa kwan mu. Nanso akyiri yi, ɔteɛɛ n’adwene na Yehowa nso hyiraa no. Adɛn ntia? Efisɛ na Hiob brɛ ne ho ase. Ɛwom sɛ na wanyin sen Elihu koraa, nanso bere a Elihu tuu no fo no, otiei. Ɔyɛɛ wei de kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase. (Hiob 32:6, 7) Yɛn nso, sɛ obi tu yɛn fo, na yɛte nka sɛ afotu no mfata yɛn anaa yɛanyin sen onii a ɔretu yɛn fo no mpo, na yɛwɔ ahobrɛase a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatie. Asafo mu panyin bi a ɔwɔ Canada ka sɛ, “Esiane sɛ nea ɔretwa sa no nnim sɛ n’akyi akyea nti, sɛ obi antu yɛn fo a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya nkɔso?” Yɛn mu hena na obetumi aka sɛ su ahorow a ɛka bom yɛ honhom aba no, baabi a wasow akodu no ara ye, na asɛnka adwuma no nso, enhia sɛ otu mpɔn wom bio?—Kenkan Dwom 141:5.

13. Sɛn na ɛsɛ sɛ yebu afotu a wɔde ma yɛn no?

13Bu afotu sɛ ɛyɛ Yehowa dɔ a ɔreyi no adi akyerɛ wo. Yehowa pɛ sɛ esi yɛn yiye. (Mmeb. 4:20-22) Sɛ ɔfa n’Asɛm no, asafo nhoma bi, anaa onua bi a ne ho akokwaw so tu yɛn fo a, ɛkyerɛ sɛ ɔreyi ne dɔ adi akyerɛ yɛn. Hebrifo 12:9, 10 ka sɛ: “Yɛn yiye mu nti na ɔyɛ saa.”

14. Sɛ wotu yɛn fo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so?

14Fa w’adwene si aba a ɛwom no so, ɛnyɛ ɔkwan a wɔfaa so tuu wo fo no. Ɛtɔ da a, yebetumi ate nka sɛ ɔkwan a wɔfaa so tuu yɛn fo no, antwa yiye. Ɛwom, ɛsɛ sɛ ɔfotufo biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma n’afotu ayɛ mmerɛw ama nea ɔretu no fo no sɛ obegye atom. * (Gal. 6:1) Nanso sɛ obi tu yɛn fo, na ɛyɛ yɛn sɛ ɔkwan a ɔfaa so tuu yɛn fo no antwa yiye mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si aba a ɛwom no so. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mempɛ ɔkwan a ɔfaa so tuu me fo no mpo a, enti nokwasɛm biara nni nea ɔkae no mu? Metumi abu m’ani agu ɔfotufo no sintɔ so, na mede m’adwene asi mfaso a ɛwɔ afotu no so mmom?’ Afotu biara a wɔde bɛma yɛn no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛpɛ kwan bi afa so de ayɛ adwuma ma aboa yɛn.—Mmeb. 15:31.

HWEHWƐ AFOTU NA ƐBƐBOA WO

15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ afotu?

15 Bible no tu yɛn fo sɛ yɛnhwehwɛ afotu. Mmebusɛm 13:10 ka sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ afotu no na nyansa yɛ wɔn dea.” Wei yɛ nokwasɛm turodoo! Wɔn a wotu anammɔn kɔhwehwɛ afotu no, ɛyɛ a wonya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu sen wɔn a wɔtena hɔ twɛn sɛ obi bɛba abetu wɔn fo no. Enti ɛyɛ a tu anammɔn kɔhwehwɛ afotu.

Adɛn nti na onuawa ababaa no kɔhwehwɛɛ afotu fii onuawa a ne ho akokwaw no hɔ? (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Tebea ahorow bɛn mu na yebetumi ahwehwɛ afotu?

16 Bere bɛn na yebetumi akɔhwehwɛ afotu afi yɛn mfɛfo Kristofo hɔ? Momma yɛnhwɛ tebea ahorow bi. (1) Onuawa bi ka kyerɛɛ ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw sɛ onkogya no na ɔnkɔyɛ ne Bible adesua bi. Wowiei no, obisaa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw no sɛ, ɔnkyerɛ no nea ɔyɛ a ebetumi ama wakyerɛkyerɛ yiye. (2) Onuawa sigyani bi pɛ sɛ ɔkɔtɔ trɔsa, enti obisa onuawa bi a ne ho akokwaw adwene wɔ nea ɔpɛ sɛ ɔkɔtɔ no ho. (3) Onua bi rebɛma ne baguam kasa a edi kan. Enti ɔka kyerɛ obi a onim kasa ma sɛ ontie no yiye, na sɛ owie a, ɔde afotu a ɛbɛma watu mpɔn ama no. Sɛ onua bi ama ɔkasa mfe pii mpo a, eye sɛ obebisa anuanom a wonim ɔkasa ma, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma no afotu a ɛbɛboa no ma watu mpɔn.

17. Dɛn na yɛyɛ a, ɛbɛma yɛanya afotu so mfaso?

17 Efi nnɛ rekɔ yi, ɛnyɛ dɛn ara a, wobetu yɛn mu biara fo. Ebia wobetu yɛn fo tẽẽ, anaa afotu no bɛfa kwan foforo so aba. Ɛba saa a, kae nsɛntitiriw a yɛasusuw ho no. Brɛ wo ho ase. Fa w’adwene si aba a ɛwom no so, ɛnyɛ ɔkwan a wɔfaa so tuu wo fo no. Afei, fa afotu no yɛ adwuma. Wɔamfa nyansa anwo yɛn mu biara. Nanso sɛ ‘yetie afotu na yegye nteɛso tom’ a, Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn bɔ sɛ ‘yebehu nyansa.’—Mmeb. 19:20.

DWOM 124 Yebedi Nokware Daa

^ nky. 5 Yehowa asomfo nim sɛ, ɛho hia sɛ wotie Bible mu afotu na wɔde bɔ wɔn bra. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebetie afotu. Adɛn ntia? Sɛ wɔde afotu ma yɛn a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde ayɛ adwuma?

^ nky. 10 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 14 Adesua a edi hɔ no mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea wɔn a wotu fo no de anifere bɛyɛ adwuma.