Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 8

Ɛyɛ a W’afotu “Ma Koma Di Ahurusi”?

Ɛyɛ a W’afotu “Ma Koma Di Ahurusi”?

“Ngo ne aduhuam ma koma di ahurusi, saa ara na adamfo a otu fo a ɔmfa biribiara nsie no ma adamfofa yɛ dɛ.”—MMEB. 27:9.

DWOM 102 “Boa Wɔn a Wɔyɛ Mmerɛw No”

NEA YƐREBESUA *

1-2. Sɛnea yetu nkurɔfo fo no, dɛn na onua bi sua faa ho?

BERE bi, asafo mu mpanyimfo mmienu bi kɔsraa onuawa bi a na ɔntaa nkɔ adesua. Ɔpanyin a odii anim ma wofii nkɔmmɔbɔ no ase no kenkan kyerɛwnsɛm bebree a ɛfa adesuakɔ ho kyerɛɛ onuawa no. Ɛyɛɛ no sɛ nsrahwɛ no akɔ yiye paa. Nanso, bere a ɔne ɔpanyin a ɔka ne ho no refi hɔ no, onuawa no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nea merefa mu no, munnim ho hwee.” Mpanyimfo no ammisa onuawa no ɔhaw a ɔrefa mu, ne n’asetenam nsɛm ho hwee ansa na wɔretu no fo. Enti, onuawa no anhu wɔn afotu no so mfaso biara.

2 Ɔpanyin a odii anim ma wofii nkɔmmɔbɔ no ase no hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Saa bere no, minyaa adwene sɛ onuawa no mmu ade. Nanso bere a mede asɛm no kɔɔ adwinnwen mu no, mibehui sɛ kyerɛwnsɛm a ɛfata biara de, mekenkanee, nanso nsɛmmisa a ɛfata te sɛ, ‘Dɛn na ɛrekɔ so wɔ w’abrabɔ mu?’ anaa ‘Dɛn na metumi ayɛ de aboa wo?’ de, mammisa.” Ɔpanyin no suaa biribi paa fii nea esii no mu. Ɛnnɛ, ɔyɛ ɔhwɛfo a ɔwɔ tema na otumi boa anuanom.

3. Henanom na wobetumi de afotu ama wɔ asafo no mu?

 3 Asafo mu mpanyimfo yɛ ahwɛfo, enti sɛ ɛho behia sɛ wɔde afotu ma a, wɔn na ɛyɛ wɔn asɛde. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, asafo no mufo binom nso betumi de afotu ama. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia onua anaa onuawa bi de Bible mu afotu bɛma n’adamfo bi. (Dw. 141:5; Mmeb. 25:12) Afei nso, nneyɛe bi a Tito 2:3-5 ka ho asɛm no, onuawa bi a n’ani afi betumi “atu mmabaa fo” wɔ ho. Mpɛn pii no, ɛyɛ a ehia sɛ awofo nso tu wɔn mma fo na wɔteɛ wɔn so. Adesua asɛm yi, asafo mu mpanyimfo paa na ɛkɔ ma wɔn, nanso ebetumi aboa yɛn nyinaa. Akwan pa a yɛbɛfa so atu obi fo ma aboa no, na akanyan no no, sɛ yɛn nyinaa susuw ho a, ɛbɛma nea yɛretu no fo no ‘koma adi ahurusi.’—Mmeb. 27:9.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nsɛmmisa nnan bi a ɛfa sɛnea yɛde afotu ma ho: (1) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan obi ma ɔde afotu ma? (2) So afotu no ho hia ampa? (3) Hena na ɛsɛ sɛ ɔde afotu no ma? (4) Dɛn na woyɛ a ɛbɛma w’afotu akɔ yiye?

DƐN NA ƐSƐ SƐ ƐKANYAN OBI MA ƆDE AFOTU MA?

5. Sɛ ɔpanyin bi pɛ sɛ otu obi fo a, dɛn na ɔyɛ a ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama nea ɔretu no fo no sɛ obegye atom? (1 Korintofo 13:4, 7)

5 Asafo mu mpanyimfo dɔ anuanom. Enti ɛtɔ da na wohu sɛ onua bi nam nea ɛhɔ yɛ toro a, ɔdɔ kanyan wɔn ma wotu no fo. (Gal. 6:1) Ansa na ɔpanyin bi betu obi fo no, nea ɔsomafo Paul ka faa ɔdɔ ho no, ɛbɛyɛ papa sɛ osusuw ho. “Ɔdɔ wɔ abotare na ne yam ye. . . . Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano.” (Kenkan 1 Korintofo 13:4, 7.) Sɛ ɔpanyin no tɔ ne bo ase dwinnwen Bible mu nsɛm yi ho a, ɛbɛboa ama n’afotu no ayɛ akɔnnɔ. Onii a ɔretie afotu no, sɛ ohu sɛ ɔpanyin no dwen ne ho a, ɛda adi sɛ, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obegye atom.—Rom. 12:10.

6. Nhwɛso pa bɛn na ɔsomafo Paul yɛe?

6 Ná ɔsomafo Paul yɛ asafo mu panyin a ɔyɛ nhwɛso pa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a anuanom a na ɛwɔ Tesalonika hia afotu no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ obetu wɔn fo. Nanso ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa wɔn no mu no, wɔn gyidi, wɔn dɔ, ne animia a na wɔde resom Onyankopɔn no, odii kan kamfoo wɔn wɔ ho. Afei nso, ɔma wohui sɛ, onim tebea a wɔrefa mu no; onim sɛ asetena no mu yɛ den ma wɔn, na nkurɔfo nso retan wɔn ani. Nanso ne nyinaa mu no, wɔde animia regyina mu. (1 Tes. 1:3; 2 Tes. 1:4) Ɔka kyerɛɛ wɔn mpo sɛ, wɔayɛ nhwɛso ama wɔn mfɛfo Kristofo. (1 Tes. 1:8, 9) Bere a wɔn nsa kaa Paul krataa no, na wohuu sɛnea Paul yii ne yam kamfoo wɔn no, hwɛ sɛnea wɔn ani begye afa! Ɛda adi pefee sɛ, na Paul dɔ anuanom no paa. Ɛno nti, afotu a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no a ɛwɔ ne nkrataa mmienu no mu no, ɛkɔɔ yiye paa.—1 Tes. 4:1, 3-5, 11; 2 Tes. 3:11, 12.

7. Adɛn nti na wotu ebinom fo a, wɔn bo tumi fuw?

7 Sɛ yɛretu obi fo, na yɛamfa kwampa so a, dɛn na ebetumi asi? Asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw ka sɛ, “Nea enti a wotu ebinom fo a wɔn bo fuw ne sɛ, ɔkwan a afotufo no bi fa so no, ɛyɛ a entwa yiye; afotu no ankasa de, ɛyɛ a mfomso biara nni ho.” Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Sɛ obi amfa abufuw antu fo, na mmom ɔyɛ no ɔdɔ so a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ nea ɔretie no begye atom.

SO AFOTU NO HO HIA AMPA?

8. Sɛ ɔpanyin bi pɛ sɛ otu obi fo a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ obisa ne ho?

8 Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo pere wɔn ho kotu obi fo. Ansa na ɔpanyin bi betu obi fo no, ɛsɛ sɛ obisa ne ho sɛ: ‘Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ meka ho asɛm anaa? Migye di paa sɛ nea onii no reyɛ no yɛ mfomso? Wabu Bible mmara bi so anaa? Anaa me na m’ani nnye nea ɔreyɛ no ho?’ Ɛbɛyɛ papa sɛ asafo mu mpanyimfo ‘rempere wɔn ho wɔ wɔn kasa mu.’ (Mmeb. 29:20) Sɛ ɔpanyin bi adwene nsi no pi sɛ ɛho hia sɛ otu obi fo a, obetumi ne ɔpanyin foforo asusuw asɛm no ho. Ɛno bɛma wahu sɛ onii no abu Bible mmara bi so ma enti ehia sɛ wotu no fo anaa.—2 Tim. 3:16, 17.

9. Sɛ yɛpɛ sɛ yetu obi fo wɔ ne ntaadehyɛ anaa n’ahosiesie ho a, dɛn na yebetumi asua afi Paul hɔ? (1 Timoteo 2:9, 10)

9 Momma yɛnhwɛ nhwɛso bi. Yɛmfa no sɛ onua anaa onuawa bi ntaadehyɛ anaa n’ahosiesie haw ɔpanyin bi. Ɔpanyin no betumi abisa ne ho sɛ, ‘Mmara bɛn na ɛwɔ Bible mu a onipa ko no abu so a enti ehia sɛ meka ho asɛm?’ Esiane sɛ ɔmpɛ sɛ ɛkɔyɛ sɛ ɔno ara na n’ani nnye sɛnea onii no siesie ne ho nti, ebia obebisa ɔpanyin foforo anaa ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw nso adwene wɔ ho. Ebia Paul afotu a ɛfa ntaadehyɛ ne ahosiesie ho no, wɔbɛbom asusuw ho. (Kenkan 1 Timoteo 2:9, 10.) Paul kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ Kristoni ntaadehyɛ anaa n’ahosiesie yɛ kuntann anaa hyerɛpɛɛ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ntaade a ɛfata na ɔde adwene a emu da hɔ siesie ne ho. Paul anka ntaade pɔtee a ɛsɛ sɛ obi hyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ ɔhyɛ. Saa ara nso na wanka sɛ sei anaa sei na ɛsɛ sɛ obi siesie ne ho. Ná onim sɛ Kristoni betumi ahyɛ ataade biara a ɔpɛ, anaa obetumi asiesie ne ho wɔ ɔkwan biara a ɔpɛ so. Nea ehia ara ne sɛ, ɔremmu Bible mmara biara so. Enti sɛ mpanyimfo pɛ sɛ wohu sɛ ehia sɛ wɔde afotu ma obi wɔ ne ntaadehyɛ anaa n’ahosiesie ho a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ onii no ntaadehyɛ fata na ɔde adwene a emu da hɔ na esiesie ne ho anaa.

10. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ obiara tumi paw nea ɔpɛ?

10 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Kristofo mmienu a wɔn ho akokwaw mpo, sɛ wɔresi gyinae wɔ asɛm bi ho a, ebia ɛbɛsono gyinae a wɔn mu biara besi. Nanso wobɛhwɛ mu no, na wɔn mu biara de ye. Nea yɛpɛ ne nea yɛmpɛ no, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn mfɛfo Kristofo ma wogye tom.—Rom. 14:10.

HENA NA ƐSƐ SƐ ƆDE AFOTU NO MA?

11-12. Sɛ ehia sɛ ɔpanyin bi tu obi fo a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ obisa ne ho, na adɛn ntia?

11 Sɛ ɛbɛda adi sɛ obi hia afotu a, asɛm a edi hɔ a ɛsɛ sɛ yebisa ne sɛ, ‘Hena na ɛsɛ sɛ ɔde afotu no ma?’ Ansa na asafo mu panyin bi betu ɔbea warefo anaa abofra bi fo no, ɛsɛ sɛ odi kan ne abusua ti no susuw ho. Ebia na abusua ti no ara bɛpɛ sɛ ɔde afotu no ma. * Anaa ebi nso a, sɛ ɔpanyin no de afotu no rema a, abusua ti no ani begye ho sɛ ɔbɛtena mu bi. Afei nso, sɛnea yɛkaa ho asɛm  nkyekyɛm 3 no, ɛtɔ da a, ɛbɛyɛ papa sɛ onuawa a n’ani afi mmom de afotu bɛma onuawa kumaa.

12 Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔpanyin no susuw ho. Obetumi abisa ne ho sɛ, ‘Me na mefata paa sɛ mede afotu no ma, anaa obi foforo mmom na ɔde ma a ɛbɛboa?’ Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ obi bu ne ho sɛ ɔnsɛ hwee, na ehia sɛ wɔde afotu ma no a, ebia ɔpanyin a wafa saa ɔhaw no bi mu pɛn mmom de ma no a, ɛbɛboa. Ebetumi aba sɛ saa ɔpanyin no bɛte onii a ɔretu no fo no ase paa, enti ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obetie. Nanso ɛyɛ mpanyimfo no nyinaa asɛde sɛ wɔhyɛ anuanom nkuran ma wɔyɛ nsakrae biara a Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ ehia sɛ wɔde afotu ma obi a, ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ wɔde ma no; ɛno na ehia paa.

DƐN NA WOYƐ A ƐBƐMA W’AFOTU AKƆ YIYE?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ‘yɛ ntɛm tie asɛm’? (Hwɛ nkyekyɛm 13-14)

13-14. Sɛ ɔpanyin retu obi fo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔyɛ aso tie onii no?

13Yɛ aso tie. Sɛ ɔpanyin bi pɛ sɛ okotu obi fo a, ɛsɛ sɛ obisa ne ho sɛ: ‘Nea me nua no refa mu no, minim anaa? Dɛn na ɛrekɔ so wɔ n’asetenam? Ebetumi aba sɛ ɔwɔ ɔhaw bi a minnim anaa? Mprempren, dɛn na ɛbɛboa no paa?’

14 Wɔn a wotu afoforo fo no, nnyinasosɛm a ɛwɔ Yakobo 1:19 no fa wɔn ho paa. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm; mma ɔmmpere ne ho nnkasa anaa ɔmmpere ne ho mmfa abufuw.” Ebia ɔpanyin bi bedwen sɛ onim nea onua anaa onuawa no refa mu nyinaa. Nanso ɛyɛ ampa sɛ onim? Mmebusɛm 18:13 ka sɛ: “Sɛ obi bua asɛm ansa na wate emu nokware a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.” Enti, ne papa mu ne sɛ, obebisa onii no ankasa ama waka nea ɔrefa mu. Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔpanyin no di kan tie ansa na wakasa. Asafo mu panyin a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua yi mfiase no, kae nea ɛtoo no ne nea osua fii mu no. Ohui sɛ, na anka ɛnsɛ sɛ odi kan hwie nsɛm a ɔde nam no gu onuawa no so. Mmom na anka ɛsɛ sɛ obisa no nsɛm bi te sɛ, “Dɛn na ɛrekɔ so wɔ w’abrabɔ mu?” “Dɛn na metumi ayɛ de aboa wo?” Sɛ mpanyimfo tɔ wɔn bo ase hu nea wɔn nuanom refa mu yiye a, ɛbɛma wɔatumi aboa wɔn na wɔahyɛ wɔn nkuran paa.

15. Nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 27:23 no, sɛn na mpanyimfo betumi de ayɛ adwuma?

15Bɔ mmɔden hu nguan no yiye. Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ adesua yi mfiase no, sɛ afotu bɛkɔ yiye a, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ yɛbɛkan kyerɛwnsɛm ahorow bi anaa yɛde nyansahyɛ baako anaa mmienu bi bɛma. Ɛsɛ sɛ anuanom hu sɛ yedwen wɔn ho, yɛte wɔn ase na yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn. (Kenkan Mmebusɛm 27:23.) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yere wɔn ho paa ne anuanom fa adamfo denneennen.

Dɛn na ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama mpanyimfo sɛ wɔde afotu bɛma anuanom? (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Dɛn na ɛbɛboa mpanyimfo ama wɔn afotu akɔ yiye?

16 Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo ma anuanom nya adwene sɛ asɛm bi si nko ara a na yehu mpanyimfo. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔtaa ne anuanom bɔ nkɔmmɔ. Afei nso, sɛ wɔrehyia ɔhaw bi a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ wodwen wɔn ho. Asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw ka sɛ, “Woyɛ saa a, wɔbɛba abɛyɛ wo nnamfo. Afei, ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wutu wɔn fo a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo.” Onii a woretu no fo no nso, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obetie.

Sɛ ɔpanyin bi retu obi fo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ onya abotare na ɔda ayamye adi? (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Bere bɛn paa na ɛsɛ sɛ ɔpanyin nya abotare na ɔda ayamye adi?

17Nya abotare na da ayamye adi. Sɛ ɔpanyin bi de Bible retu obi fo, na mfiase no, onii no mpɛ sɛ ɔde afotu no yɛ adwuma a, saa bere no paa na ehia sɛ ɔpanyin no nya abotare na ɔda ayamye adi. Sɛ onii no amfa afotu no anyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin no hwɛ yiye na wamfa abufuw. Bible hyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ: “Ɔremmu demmire a abukaw biara mu, na ɔrennum ntamaban a ɛrefi wusiw biara.” (Mat. 12:20) Enti, sɛ ɔpanyin no rebɔ ne mpae a, nea enti a ɔde afotu no maa onii no, obetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma ɔnte ase, na ɔmfa nyɛ adwuma. Ebia ebehia sɛ onua a wotuu no fo no kɔda dwen asɛm no ho. Sɛ ɔpanyin no nya abotare na ɔda ayamye adi a, ɛremma onii no mfa n’adwene nkɔ ɔkwan a ɔfaa so tuu no fo no so, mmom ɔde n’adwene besi aba a ɛwom no so. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa ɔde afotu no gyina Onyankopɔn Asɛm so.

18. (a) Sɛ yɛde afotu rema obi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? (b) Sɛnea mfoni no ne adaka no mu nsɛm kyerɛ no, dɛn na awofo no resusuw ho?

18Wudi mfomso a, sua biribi fi mu. Yɛyɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho yi nko ara de, ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi de nyansahyɛ a ɛwɔ adesua yi mu nyinaa ayɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. (Yak. 3:2) Yebedi mfomso, nanso ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sua biribi fi mu. Sɛ yɛn nuanom hu sɛ yɛdɔ wɔn, na yɛka asɛm bi anaa yɛyɛ biribi ma ɛhaw wɔn mpo a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔde bɛkyɛ yɛn.—Adaka a yɛato din “ Awofo Nhyɛ No Nsow” no, hwɛ ɛno nso.

DƐN NA YƐASUA?

19. Yɛbɛyɛ dɛn ama anuanom koma adi ahurusi?

19 Sɛnea yɛahu no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebetu obi fo ma akɔ yiye. Bɔne wɔ yɛn ho; wɔn a yetu wɔn fo no nso saa ara. Mma wo werɛ mmfi nnyinasosɛm a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no. Sɛ wopɛ sɛ wutu obi fo a, hwɛ sɛ wode adwempa bɛyɛ. Afei nso, hwɛ hu sɛ afotu no ho hia ampa, na wo na wofata sɛ wode ma anaa. Ansa na wubetu obi fo no, bisabisa no nsɛm na yɛ aso tie no yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nea onii no refa mu. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte no ase. Nya anuanom ho abotare, na wo ne wɔn mfa adamfo denneennen. Kae botae a esi yɛn ani so no: Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛn afotu kɔ yiye kɛkɛ, na mmom yɛpɛ sɛ ɛma “koma di ahurusi” nso.—Mmeb. 27:9.

DWOM 103 Ahwɛfo—Wɔyɛ Akyɛde

^ nky. 5 Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebetu obi fo. Sɛ ehia sɛ yetu obi fo a, ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so aka no ama ayɛ akɔnnɔ na aboa onii no? Adesua yi, asafo mu mpanyimfo paa na ɛbɛboa wɔn ama wɔahu sɛnea wobetu nkurɔfo fo ama aka wɔn koma.

^ nky. 11 Hwɛ adesua asɛm a yɛato din “Sɛnea Tiyɛ Nhyehyɛe No Yɛ Adwuma Wɔ Asafo No Mu” no. Ɛbaa February 2021 Ɔwɛn-Aban no mu.