Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 9

Suasua Yesu Na Boa Afoforo

Suasua Yesu Na Boa Afoforo

“Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—ASO. 20:35.

DWOM 17 ‘Mepɛ na Mɛyɛ’

NEA YƐREBESUA *

1. Suban pa bɛn na Yehowa nkurɔfo wɔ?

EFI teteete na Bible hyɛɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn nkurɔfo “betu wɔn ho ama koraa” de asom Yehowa wɔ Yesu akwankyerɛ ase. (Dw 110:3) Ɛnnɛ, akyinnye biara nni ho sɛ, saa nkɔmhyɛ no aba mu. Afe biara, Yehowa asomfo a wɔyɛ nsi de nnɔnhwerew ɔpepem pii ka asɛmpa no. Obiara ntua wɔn ka; wofi wɔn pɛ mu na ɛyɛ. Wɔde wɔn bere no bi nso boa wɔn mfɛfo gyidifo ma wɔn nsa ka nea wohia, wɔhyɛ wɔn nkuran, na wɔboa wɔn ma wɔn gyidi nso yɛ den. Asafo mu mpanyimfo ne asomfo de bere pii siesie wɔn ho bɛkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu, na wɔsrasra anuanom nso hyɛ wɔn den. Dɛn na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ saa nnwuma yi nyinaa? Ɛyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne wɔn yɔnko nipa.—Mat. 22:37-39.

2. Sɛnea Romafo 15:1-3 kyerɛ no, nhwɛso bɛn na Yesu ayɛ ama yɛn?

2 Yesu dii kan yɛɛ nea afoforo hia maa wɔn de yɛɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ maa yɛn. Yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebedi n’anammɔn akyi. (Kenkan Romafo 15:1-3.) Wɔn a wosuasua no no benya so mfaso. Yesu kaa sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Aso. 20:35.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a Yesu de bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aboa afoforo, na yɛahwɛ nea yebetumi ayɛ de asuasua no. Afei nso, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa afoforo no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi ahyɛ mu kena.

SUASUA YESU NHWƐSO NO

Ɛmfa ho sɛ na Yesu abrɛ no, bere a nnipadɔm bi baa ne nkyɛn no, dɛn na ɔyɛe? (Hwɛ nkyekyɛm 4)

4. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na odi kan yɛ nea afoforo hia ma wɔn?

4Sɛ Yesu abrɛ mpo a, na oyi ne yam boa nkurɔfo. Wo de, hwɛ nea Yesu yɛe bere a nnipadɔm bi kohyiaa no wɔ bepɔw bi so no. Ɛbɛyɛ sɛ na saa bepɔw no bɛn Kapernaum. Ná Yesu abɔ mpae anadwo mũ no nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ na wabrɛ paa, nanso bere a ohuu nnipadɔm no, ahiafo ne ayarefo a ɛwom no asɛm yɛɛ no mmɔbɔ. Ɔsaa ayarefo no yare, nanso wamfa anso hɔ ara. Ɔsan maa ɔkasa bi a ɛnnɛ yɛfrɛ no Bepɔw So Asɛnka no. Abakɔsɛm mu nyinaa no, ɔkasa a nkurɔfo ama a ɛka koma paa no, ɔkasa a Yesu mae yi ka ho.—Luka 6:12-20.

Sɛnea Yesu yii ne yam boaa nkurɔfo no, yɛn nso, dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛresuasua no? (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Sɛ mmusua ti abrɛ mpo a, dɛn na wɔyɛ de suasua sɛnea Yesu yii ne yam boaa nkurɔfo no?

5Sɛnea mmusua ti resuasua Yesu. Momma yɛnhwɛ asɛm yi: Yɛmfa no sɛ abusua ti bi kɔyɛɛ adwuma da mu no nyinaa, enti obeduu fie no na wayɛ hodwoo. Ɛwom, na anka ɔmpɛ sɛ wɔyɛ Abusua Som saa anwummere no, nanso ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no ahoɔden ma ɔmfa nyɛ. Yehowa tiee ne mpaebɔ no, na wotumi yɛɛ Abusua Som no sɛnea wɔyɛ no nnawɔtwe biara no. Mmofra no suaa biribi titiriw bi saa anwummere no. Ɛne sɛ, wɔn awofo de, Yehowa som na wɔde di kan wɔ biribiara mu.

6. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea Yesu de ne bere bɔɔ afɔre de boaa nkurɔfo.

6Yesu yii ne yam de ne bere bɔɔ afɔre. Wohwɛ a, sɛn na Yesu tee nka bere a ɔtee sɛ wɔatwa ne yɔnko Osuboni Yohane ti no? Ɛbɛyɛ sɛ Yesu werɛ howee yiye. Bible ka sɛ: “Bere a Yesu tee [Yohane wu no ho] asɛm no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu fii hɔ kɔe, na ɔno nko ara kɔhyɛɛ baabi komm.” (Mat. 14:10-13) Wei ma yehu nea enti a na ɔno nko ara pɛ sɛ ɔkɔhyɛ baabi komm no. Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, sɛ yɛredi awerɛhow a, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ no nnipa mu. Nanso Yesu de, wantumi ankɔhyɛ baabi ansu n’adamfo no. Adɛn ntia? Ansa na obedu baabi a ɔrekɔhyɛ no na nnipadɔm bi adu hɔ dedaw. Dɛn na Yesu yɛe? Odwenee nea nnipadɔm no hia ho, na “wɔyɛɛ no mmɔbɔ.” Ohui sɛ na Onyankopɔn asɛm ho kɔm de wɔn paa, enti ɛhɔ ara na ɔyɛɛ ho biribi. “Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.”Mar. 6:31-34; Luka 9:10, 11.

7-8. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ suasua Yesu bere a asafo no muni bi hia mmoa no.

7Sɛnea mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ suasua Yesu. Sɛnea asafo mu mpanyimfo de wɔn ho bɔ afɔre ma yɛn no, yɛn ani sɔ paa! Nnwuma a wɔyɛ no, emu fa kɛse no ara, asafo no mufo nhu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yare kɛse bi bɔ onua bi putupuru a, Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mufo yɛ ntɛm kɔboa no. Mpɛn pii no, saa nsɛm yi si anadwo dasum! Nanso ayamhyehye a saa mpanyimfo yi wɔ ma wɔn nuanom a wɔn ho aka mu yi nti, wɔne wɔn mmusua de wɔn mfɛfo gyidifo ahiade di kan.

8 Asafo mu mpanyimfo san boa ma wosisi Ahenni Asa ne asafo adan ahorow. Sɛ atoyerɛnkyɛm nso si a, wotu wɔn ho ma kɔboa wɔn nuanom. Wei nyinaa nka mfua, mpanyimfo no de nnɔnhwerew pii kyerɛkyerɛ yɛn, hyɛ yɛn den na wɔboa yɛn. Saa anuanom yi ne wɔn mmusua nyinaa fata nkamfo. Yehowa nhyira wɔn! Nanso sɛnea ɛsɛ sɛ obiara kari pɛ no, saa ara na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nso yɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔma asafo mu nnwuma a ɛtete saa gye wɔn bere nyinaa ma wɔn mmusua ho ka mu.

NEA YƐYƐ A ƐBƐMA YƐATUMI AYI YƐN YAM ABOA AFOFORO

9. Sɛnea Filipifo 2:4, 5 kyerɛ no, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa bɔ mmɔden nya?

9 Kenkan Filipifo 2:4, 5. Ɛwom, ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛyɛ asafo mu mpanyimfo, nanso yɛn nyinaa betumi asuasua sɛnea Yesu yii ne yam boaa nkurɔfo no. Bible ka sɛ Yesu ‘faa akoa tebea.’ (Filip. 2:7) Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm no mu? Akoa anaa ɔsomfo a ɔda ne wura koma so no, ɔhwehwɛ hokwan a ɔde bɛyɛ nea ɛbɛsɔ ne wura ani. Esiane sɛ woyɛ Yehowa akoa na wosom wo nuanom nti, akyinnye biara nni ho sɛ, wopɛ sɛ Yehowa de wo yɛ adwuma paa, na woboa wo nuanom nso. Sɛ wode nyansahyɛ a edidi so yi yɛ adwuma a, ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ saa.

10. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

10Pɛɛpɛɛ wo ho mu. Wubetumi abisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Mewɔ ɔpɛ sɛ mede me bere anaa nneɛma bi bɛbɔ afɔre aboa afoforo? Yɛmfa no sɛ wɔaka akyerɛ me sɛ menkɔsra onua bi a n’ani afi wɔ ne fie. Dɛn na mɛyɛ? Anaa sɛ wɔka sɛ menkɔfa onuawa bi a n’ani afi mmra adesua nso ɛ? Sɛ wɔrepɛ atuhoamafo ma wɔakosiesie baabi a yɛbɛyɛ nhyiam anaa Ahenni Asa so a, ɛyɛ a meyɛ ntɛm kɔboa anaa?’ Yɛahyira yɛn bere ne nneɛma a yɛwɔ nyinaa so ama Yehowa. Enti sɛ yeyi yɛn yam de boa afoforo a, ɛma Yehowa ani gye. Sɛ yehu sɛ yɛtɔ sin wɔ baabi a, dɛn na yebetumi ayɛ?

11. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛayi yɛn yam aboa afoforo?

11Fi wo komam bɔ Yehowa mpae. Ebia sɛnea na ɛyɛ wo sɛ wuyi wo yam boa nkurɔfo no, woabehu sɛ ehia sɛ wopagyaw mu. Nanso biribiara mpusuw wo sɛ yɛ ho biribi. Sɛ saa a, fi wo komam bɔ Yehowa mpae; mfa biribiara nsie. Sɛnea wote nka no, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa, na srɛ no sɛ ɔmma ‘wunnya ɔpɛ no ne ahoɔden a wode bɛyɛ n’apɛde.’—Filip. 2:13.

12. Dɛn na onua aberantewaa a wabɔ asu betumi ayɛ de aboa asafo a ɔwom no?

12 Sɛ woyɛ onua aberantewaa a woabɔ asu a, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na nya ɔpɛ a wode bɛyɛ pii wɔ w’asafo mu. Aman bi so no, asafo mu mpanyimfo dɔɔso sen asafo mu asomfo. Saa asomfo no mu pii yɛ mmasiriwa, na ebinom nso ani afi paa. Esiane sɛ nnipa pii reba ahyehyɛde no mu nti, yehia mmerante bebree a wɔbɛboa yɛn ama yɛahwɛ Yehowa nkurɔfo so. Sɛ wutu wo ho ma kɔsom wɔ baabi a wohia mmoa a, w’ani begye. Adɛn ntia? Efisɛ ɛbɛma woasɔ Yehowa ani, wubenya din pa na wo koma nso bɛtɔ wo yam sɛ woreboa afoforo.

Kristofo a na wɔwɔ Yudea no guanee, na wokotwaa Asubɔnten Yordan kɔɔ Pella. Wɔn a wodii kan koduu kurow no mu no rekyekyɛ aduan ama wɔn nuanom Kristofo a afei ara na wɔabedu no (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13-14. Nneɛma pɔtee bɛn na yebetumi ayɛ de aboa anuanom? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

13Fa w’ani to fam hwɛ nea anuanom hia. Ɔsomafo Paul tuu Hebrifo no fo sɛ: “Mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfo akyɛ nneɛma a mowɔ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani yiye.” (Heb. 13:16) Ná wei yɛ afotu pa! Kristofo a na wɔwɔ Yudea no nsa kaa krataa yi, ankyɛ koraa na ‘wofii ase guan kɔɔ mmepɔw so.’ Ná ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn afie, wɔn nnwuma, ne wɔn abusuafo a wɔnyɛ Kristofo hɔ. (Mat. 24:16) Akyinnye biara nni ho sɛ, saa bere no, na ehia paa sɛ obiara boa ne yɔnko. Paul afotu a ɛne sɛ wɔne wɔn nuanom nkyɛ nea wɔwɔ no, sɛ wɔn nsa kaa ne krataa no ara na wofii ase de yɛɛ adwuma a, ɛnde baabi foforo a wotu kɔe no, ɛhɔ asetena anyɛ den amma wɔn.

14 Ebia ɛnyɛ daa na yɛn nuanom bɛka akyerɛ yɛn sɛ wohia biribi. Yɛmfa no sɛ onuawa bi awu agyaw ne kunu yayaayaw. Wohwɛ a, yɛn nua no behia obi a ɔbɛyɛ aduan ama no, ɔde kar bɛkɔ akɔfa no, anaa ɔbɛyɛ fie nnwuma bi ama no? Ebia ɔremmɔ so mpo na akɔyɛ sɛ ɔrehaw yɛn. Nanso sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ biribi de boa no a, ebia n’ani bɛsɔ paa. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, ne nsa bɛka nea ohia anaa sɛ ohia biribi a ɔbɛka akyerɛ yɛn. Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ me na asɛm a ɛte saa ato me a, dɛn na anka obi yɛ ma me a, m’ani begye?’

15. Sɛ yɛpɛ sɛ yeyi yɛn yam boa nkurɔfo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

15Ma nkurɔfo ntumi mmɛn wo. Yegye di sɛ wunim anuanom bi wɔ w’asafo mu a bere nyinaa wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa afoforo. Wɔmma yennya adwene sɛ yɛrehaw wɔn. Yenim sɛ bere biara a yehia mmoa no, wɔwɔ hɔ ma yɛn. Yɛn nso yɛpɛ paa sɛ yesuasua wɔn! Alan yɛ asafo mu panyin a wadi mfe 45. Ɔpɛ sɛ anuanom tumi bɛn no. Alan ka nea Yesu yɛe no ho asɛm sɛ: “Ná Yesu nni adagyew koraa, nanso na mmofra, mpanyin ne obi biara tumi bɛn no. Ná ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wɔde wɔn abisade bɛto n’anim. Wohuu no sɛ obi a odwen wɔn ho paa. Mepɛ sɛ mifi me koma nyinaa mu suasua Yesu, na nkurɔfo hu me sɛ obi a afoforo tumi bɛn no, ɔpɛ nnipa na odwen nkurɔfo ho.”

16. Sɛ yɛde asɛm a ɛwɔ Dwom 119:59, 60 yɛ adwuma a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛadi Yesu nhwɛso akyi pɛɛ?

16 Sɛ yentumi nsuasua Yesu pɛpɛɛpɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛn aba mu bu. (Yak. 3:2) Osuani de, ɔyɛ dɛn ara a, ɔrento ne kyerɛkyerɛfo. Nanso sɛ odi mfomso na osua biribi fi mu, na ɔyɛ nea obetumi biara suasua ne kyerɛkyerɛfo no a, nkakrankakra obenya nkɔanim. Yɛn nso, sɛ yɛde nea yɛasua afi Bible mu no bɔ yɛn bra, na yɛyere yɛn ho yɛ nsakrae biara a ehia a, yebetumi adi Yesu nhwɛso akyi pɛɛ.—Kenkan Dwom 119:59, 60.

SƐ YEYI YƐN YAM BOA AFOFORO A, ƐBƐBOA YƐN SƐN?

Sɛ mpanyimfo suasua sɛnea Yesu yii ne yam boaa afoforo no a, anuanom mmerante nso sua (Hwɛ nkyekyɛm 17) *

17-18. Sɛ yesuasua sɛnea Yesu yii ne yam boaa nkurɔfo no a, dɛn na ebefi mu aba?

17 Sɛ yeyi yɛn yam boa nkurɔfo a, ebetumi ama afoforo nso asuasua. Asafo mu panyin bi a ne din de Tim ka sɛ: “Yɛwɔ anuanom mmerantewaa a wɔanya nkɔanim ma wɔapaw wɔn sɛ asomfo. Wɔpaw wɔn mu binom no, na wosusua. Ade baako a ɛboaa wɔn ne sɛ, wosuasuaa anuanom a woyi wɔn yam boa afoforo no. Mmerantewaa yi boa yɛn asafo no mufo, na wɔboa asafo mu mpanyimfo no nso paa.”

18 Pɛsɛmenkominya adonnɔn wiase a yɛte mu yi. Nanso Yehowa nkurɔfo yɛ soronko koraa. Sɛnea Yesu yii ne yam boaa afoforo no, aka yɛn koma paa, na yɛasi yɛn bo sɛ yebesuasua ne nhwɛso no. Ɛwom, yɛrentumi nni n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ, nanso yebetumi adi “n’anammɔn akyi pɛɛ.” (1 Pet. 2:21) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara suasua sɛnea Yesu yii ne yam boaa afoforo no a, yɛn nso, Yehowa begye yɛn atom ama yɛn ani agye.

DWOM 13 Kristo Yɛ Yɛn Nhwɛsofo

^ nky. 5 Bere nyinaa na Yesu di kan yɛ nea afoforo hia ma wɔn. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ akwan a yɛbɛfa so asuasua no. Afei nso, sɛnea Yesu yii ne yam boaa afoforo no, yɛbɛhwɛ sɛnea yesuasua no a ɛbɛboa yɛn.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua aberantewaa bi a ne din de Dan papa da ayaresabea. Asafo mu mpanyimfo mmienu bi abɛsra no, na Dan nso wɔ hɔ bi. Ɔdɔ a asafo mu mpanyimfo no reda no adi no aka no. Dan nso de n’ani ato fam ahu sɛ obi hia mmoa wɔ asafo no mu, enti ɔreboa no. Sɛnea Dan ayi ne yam reboa obi no, aberantewaa foforo a ne din de Ben rehwɛ. Dan nhwɛso no aka Ben ma enti ɔreboa ama wɔasiesie Ahenni Asa so.