Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Minyaa Biribi a Ɛsom Bo Sen Dɔkta Adwuma

Minyaa Biribi a Ɛsom Bo Sen Dɔkta Adwuma

“ME KOMA so ade fi me mmofraase pɛɛ na moabɔ so yi oo!” Afe 1971 tɔnn na mede anigye kaa saa asɛm no kyerɛɛ awarefo bi a wɔbaa me klinik begyee ayaresa. Afei ara na na mabɛyɛ dɔkta a mabue me klinik a mafi ase reyɛ adwuma. Henanom ne saa awarefo yi, na dɛn na na ɛyɛ me koma so ade no? Nea ɛyɛe a saa nkɔmmɔ no sesaa nea na esi m’ani so paa wɔ abrabɔ mu, ne nea enti a migye di sɛ me koma so ade fi me mmofraase no bɛbam nnansa yi ara no, ma menka ho asɛm nkyerɛ wo.

Wɔwoo me afe 1941 wɔ Paris, France. Ná yɛn abusua no nhyɛ da nni bi. Ná m’ani gye adesua ho, nanso midii mfe du no, meyaree nsamanwaw, enti na ɛsɛ sɛ migyae sukuu. Wo de, hwɛ sɛnea me werɛ howee! Esiane sɛ na m’ahrawa ayɛ mmerɛw nti, adɔktafo ka kyerɛɛ me sɛ menna mpa mu nhome. Enti medaa mpa mu abosome kakra. Saa bere no nyinaa na mekenkan nsɛm asekyerɛ nhoma. Afei nso, na mitie University of Paris radio station bi a wɔfrɛ no Sorbonne so dwumadi. Akyiri yi, bere a me dɔkta ka kyerɛɛ me sɛ me ho atɔ me na metumi asan akɔ sukuu no, m’ani gyei papa. Mekaa no me tirim sɛ, ‘Ei, adɔktafo yɛ ade oo!’ Efi saa bere no, mede sii m’ani so sɛ daakye mɛsa nkurɔfo yare. Bere biara a na me papa bebisa me nea mepɛ sɛ meyɛ daakye no, nea na meka ara ne sɛ, “Mɛyɛ dɔkta.” Wei na ɛmaa m’ani begyee dɔkta adwuma ho paa no.

ABƆDE MU NYANSAHU TWEE ME BƐN ONYANKOPƆN

Ná yɛn abusua no yɛ Katolekfo. Nanso na minnim Onyankopɔn ho hwee, na na mewɔ nsɛmmisa pii a minnyaa ho mmuae. Ɛyɛ bere a mekɔɔ sukuupɔn kosuaa ade sɛ mepɛ sɛ mebɛyɛ dɔkta no na mibehui sɛ obi na ɔmaa nkwa bae.

Mekae bere a edi kan a mede afiri hwɛɛ nkwammoaa a ɛwɔ afifide bi a ɛte sɛ sukooko mu no. Sɛnea ɔhyew ba a, nkwammoaa no yɛ n’ade, ne sɛnea awɔw ba nso a, ɛyɛ n’ade no, ɛyɛɛ me nwonwa paa. Afei nso, mihui sɛ ade bi wɔ nkwammoaa mu a, sɛ nkyene ka a na amoa; wode hyɛ nsu mu a, na ayɛ kɛse. Wei ne nneɛma foforo pii na abɔde nketenkete a nkwa wom yɛ de gyina nsakrae a ɛba baabi a wɔwɔ no ano. Bere a mihuu sɛnea nkwammoaa biara mu nneɛma dɔɔso na ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ no, mibehui sɛ nkwa amma kwa.

Afe a ɛto so mmienu wɔ me sukuupɔn adesua mu no, mihuu adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Yɛresua nipadua no ho ade no, yehui sɛ efi yɛn nsakokom kosi yɛn abakɔn no, ɔkwan a wɔfaa so yɛe no, ɛno na ɛboa yɛn ma yetumi koa yɛn nsateaa mu, na yɛsan teɛ mu. Sɛnea ntini ahorow no suso nnompe no mu ma biribiara yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no, ɛyɛ nwonwa paa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ntini a efi yɛn nsakokom kosi yɛn abakɔn no, mihui sɛ emu baako koso yɛn nsateaa dompe a ɛto so mmienu no mu. Afei ahama bi ka ntini no fam dompe no ho. Ɛrekɔ nsateaa no ano no, saa ahama yi mu kyɛ mmienu sɛnea ɛbɛyɛ a ahama foforo a ɛno nso rekɔ nsateaa no ano no betumi afa hɔ akɔ. Ntini nketenkete bi a emu yɛ den nso ka nhama no fam nsateaa dompe no ho denneennen. Sɛ saa ntini nketenkete yi nni hɔ a, anka nhama no mu bɛyere tann te sɛ agyan bi a wɔatwe mu. Mihui pefee sɛ obi a onim nyansa paa na ɔyɛɛ nipadua no.

Bere a misuaa nea ɛkɔ so wɔ abawo mu no, Ɔbɔadeɛ no ho yɛɛ me nwonwa paa. Mihui sɛ, sɛ abofra hyɛ yafunu mu a, enhia sɛ ɔno ankasa home efisɛ onya mframa fi ne maame hɔ. Ɛno nti, ade nketenkete a ɛte sɛ baluu a ɛwɔ ahrawa no mu a ɛyɛ a mframa kogyina mu no, na mframa nnya nkogyinaa mu. Aka nnawɔtwe kakra ama wɔawo abofra no, ade nketenkete a ɛte sɛ baluu no, wobɛhwɛ na biribi a ɛte sɛ srade a anan abɛyeyɛ emu biara mu. Afei sɛ wɔwo abofra no na ogye ahome a edi kan wie a, anwonwasɛm a ɛkɔ so de, ɛsɛ w’ani. Tokuru bi a ɛda abofra no koma mu no siw, na mogya no dan kɔfa ahrawa no mu. Esiane sɛ biribi a ɛte sɛ srade a anan wɔ ade nketenkete a ɛte sɛ baluu no mu biara mu nti, ɛboa ma ntɛmpa ara mframa begyina mu. Amonom hɔ ara, abofra no ankasa tumi home.

Ná mepɛ sɛ mihu Onii a ɔyɛɛ saa anwonwade yi nyinaa, enti mifii ase kenkan Bible, na mamfa anni agorɔ. Ahotew ho mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni no, ɛmaa me ho dwiriw me. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, sɛ wɔbɛkɔ tiafi a wontutu fam, na wowie a wɔnkata so. Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntaa nguare, na sɛ obi nya nsanyare bi a, ɛnsɛ sɛ ɔkɔ nnipa mu. (Lev. 13:50; 15:11; Deut. 23:13) Nea Bible ka fa sɛnea yare trɛw ho no, nnansa yi ara na abɔde mu nyansahufo rehu. Afei nso, mibehui sɛ mmara a ɛfa nna ho a ɛwɔ Leviticus nhoma no mu no, ɛboaa ɔmanfo no nyinaa ma wonyaa apɔwmuden. (Lev. 12:1-6; 15:16-24) Mihui sɛ Israelfo no yiyedi nti na Ɔbɔadeɛ no de saa mmara no maa wɔn, na wɔn a wodii so no, ohyiraa wɔn. Mibegye dii sɛ, Bible no fi Onyankopɔn hɔ. Saa bere no na minnim saa Onyankopɔn no din.

SƐNEA MIHYIAA ME YERE NE SƐNEA MIBEHUU YEHOWA

Me ne Lydie, yɛn ayeforohyia da, April 3, 1965

Bere a na mewɔ sukuupɔn resua ade abɛyɛ dɔkta no, mihyiaa ababaa bi a ne din de Lydie; na medɔ no paa. Yɛwaree afe 1965; saa bere no na meda so ara kɔ sukuupɔn no. Eduu afe 1971 no, na yɛawo yɛn mma nsia no mu mmiɛnsa. Lydie aboa me paa wɔ me dɔkta adwuma no mu, na yɛn abusua no mu nso, ɔbɔ ne ho mmɔden paa.

Meyɛɛ adwuma mfe mmiɛnsa wɔ ayaresabea bi ansa na merebue me klinik no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, awarefo a mekaa wɔn ho asɛm mfiase no baa me klinik hɔ ayaresa. Meyɛe sɛ merebɛkyerɛw aduru ama ɔbarima no, ɛhɔ ara na ne yere kaa sɛ: “Dɔkta yɛsrɛ wo, yɛmpɛ aduru a mogya wɔ mu.” Ɛyɛɛ me nwonwa, enti mibisaa no sɛ: “Saa? Adɛn ntia?” Ɔkaa sɛ: “Yɛyɛ Yehowa Adansefo.” Ná mentee Yehowa Adansefo ho asɛm da; wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛfa mogya ho no nso, na mentee da. Ɔbea no yii ne Bible na ɔkyerɛɛ me nea enti a wonnye mogya. (Aso. 15:28, 29) Afei, ɔne ne kunu kyerɛɛ me nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ; ebeyi amanehunu, yare ne owu afi hɔ. (Adi. 21:3, 4) Meteɛɛm sɛ: “Me koma so ade fi me mmofraase pɛɛ na moabɔ so yi oo! Nea enti a mebɛyɛɛ dɔkta ne sɛ mɛboa nkurɔfo ama wɔn ho adwo wɔn.” M’ani gyei ara ma me ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ bɛyɛ dɔnhwerew baako ne fã. Awarefo no refi hɔ akɔ no, me koma mu paa de, na menyɛ Katolekni bio. Afei nso, mibehui sɛ Ɔbɔadeɛ a na ne ho yɛ me nwonwa no, sɛɛ ne din de Yehowa!

Me ne Yehowa Adansefo awarefo no hyiae mprɛnsa wɔ me klinik hɔ; emu biara no, yɛbɔɔ nkɔmmɔ bɛboro dɔnhwerew baako. Nea ɛbɛyɛ a yebenya bere pii abɔ Bible mu nkɔmmɔ no, metoo nsa frɛɛ wɔn baa me fie. Ɛwom sɛ me yere Lydie penee so sɛ ɔne yɛn besua Bible no, nanso na onnye ntom sɛ Katolek asɔre no nkyerɛkyerɛ no bi yɛ atoro. Ɛno nti, metoo nsa frɛɛ Katolek sɔfo baako baa yɛn fie. Yɛde Bible nko ara pɛnsɛpɛnsɛɛ asɔre no nkyerɛkyerɛ mu kosii anadwo dasum. Saa nkɔmmɔbɔ no na ɛboaa Lydie ma obegye dii sɛ nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ no na ɛyɛ nokware. Ɛno akyi no, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn no kɔɔ so yɛɛ kɛse, enti afe 1974 no, yɛbɔɔ asu.

YƐDE YEHOWA DII KAN

Nea Onyankopɔn bɛyɛ ama adasamma ho ade a misuae no, ɛma mesesaa nea na mede asi m’ani so no. Me ne Lydie de, Onyankopɔn som na ɛbɛyɛɛ ade titiriw wɔ yɛn asetenam. Yesii yɛn bo sɛ yɛde Bible bɛtete yɛn mma no. Yɛkyerɛkyerɛɛ yɛn mma no sɛ wɔnnɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nipa. Wei kaa yɛn abusua no boom.—Mat. 22:37-39.

Sɛ me ne Lydie bu kɔmpɔ hwɛ yɛn akyi, na yɛkae sɛnea na yɛn mma no hu sɛ biribiara mu no, yɛn adwene kɔ bɛnkoro mu no a, yetumi serew saa ara. Ná wonim sɛ asɛm a Yesu kaa sɛ “momma mo ‘Yiw’ nyɛ yiw, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi” no, ɛno na ɛyɛ adwuma wɔ yɛn fie. (Mat. 5:37) Ɛho nhwɛso baako ni. Bere a yɛn mma mmea no baako dii mfe 17 no, na ɔpɛ sɛ ɔne mmerante ne mmabaa bi pue, nanso Lydie amma no kwan. Wɔn mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo maame mpɛ sɛ wokɔ a, ɛnde bisa wo papa!” Nanso yɛn babea no kaa sɛ: “Tow w’adwene mu. Bere nyinaa wɔn adwene yɛ baako.” Yɛn mma nsia no nyinaa behui sɛ, sɛ ɛba Bible nnyinasosɛm a yɛde yɛ adwuma a, nea mɛka biara na me yere nso aka ato so. Yɛda Yehowa ase sɛ, ɛnnɛ yɛn abusuafo bebree resom Yehowa.

Ɛwom sɛ nokware no sesaa nea na esi m’ani so, nanso na mepɛ sɛ mede dɔkta adwuma a na masua no boa Onyankopɔn nkurɔfo. Ɛno nti, mituu me ho mae de dɔkta adwuma ho nimdeɛ a mewɔ no kɔboae wɔ Betel a na ɛwɔ Paris no. Akyiri yi, mekɔboae wɔ Betel foforo a ɛwɔ Louviers no. Daa mifi fie na ɛkɔboa wɔ Betel; mayɛ saa ara bɛyɛ mfe 50 ni. Manya nnamfo bi a mframa mfa me ne wɔn ntam koraa wɔ Betel abusua no mu; seesei wɔn mu binom adi boro mfe 90. Da koro bi, mihyiaa obi a na waba Betel foforo maa m’ani gyei paa. Ɛbɛdaa adi sɛ, mfe 20 a atwam no, bere a ne maame rewo no no, sɛɛ me na migyee no awo!

MAHU SƐ YEHOWA DWEN NE NKURƆFO HO PAA

Ade rekye a ade resa yi nyinaa, na ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa no reyɛ kɛse, efisɛ mihu sɛ ɔnam n’ahyehyɛde no so kyerɛ ne nkurɔfo kwan na ɔbɔ wɔn ho ban. Afe 1980 mu hɔ no, Akwankyerɛ Kuw no de nhyehyɛe bi guu akwan mu wɔ United States sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa Adansefo ne adɔktafo bedi nkitaho yiye.

Afei, afe 1988 no, Akwankyerɛ Kuw no tew dwumadibea foforo bi wɔ Betel. Wɔtoo din Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea. Mfiase no, na saa dwumadibea no na ɛhwɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow (HLC) a ɛwɔ United States no so. Ná HLC no adwuma ne sɛ wɔbɛboa Adansefo a wɔyare ama wɔanya adɔktafo a wɔbɛhwɛ wɔn a wɔremma wɔn mogya. Bere a wɔtrɛw saa nhyehyɛe yi mu kɔɔ wiase nyinaa no, wɔtetew HLC no bi wɔ France nso. Sɛ anuanom yare, na mihu sɛnea Yehowa ahyehyɛde no yɛ nea ebetumi biara boa wɔn no a, ɛyɛ a minhu nea menka mpo!

MANYA NEA NA ƐDA ME KOMA SO NO

Yɛda so ara de anigye ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no

Dɔkta adwuma na na ɛda me koma so. Nanso bere a midwinnwen nea na esi m’ani so ho no, mibehui sɛ nea nnipa hia paa ne honhom fam ayaresa; ɛne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ama wɔne Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Nkwamafo no ntam ayɛ papa. Mekɔɔ pɛnhyen no, me ne Lydie bɛyɛɛ daa akwampaefo. Enti, bosome biara yɛde nnɔnhwerew pii ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa. Besi nnɛ nyinaa, yɛyɛ nea yebetumi wɔ nkwagye adwuma yi mu.

Me ne Lydie, afe 2021

Meda so boa ayarefo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bedwo wɔn kakra. Nanso minim sɛ dɔkta a ɔyɛ ade paa mpo rentumi nsa yare nyinaa, na saa ara nso na ɔrentumi nyi owu mfi hɔ. Enti bere a ɛyaw, yare ne owu befi hɔ no, ɛno na merehwɛ kwan. Wiase foforo a ɛbɛba nnansa yi ara mu no, menya hokwan asua Onyankopɔn abɔde ho ade afebɔɔ; mesua sɛnea ɔyɛɛ nipadua no ma ɛyɛɛ nwonwa no nso ho ade. Nea na ɛda me koma so fi me mmofraase pɛɛ no, ɛho mpopoe kakraa bi na me nsa aka yi. Migye di paa sɛ papa paa no nam kwan so reba!