Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Pene a Yehowa penee so maa Israelfo de mmuruburuw ne mmorɔnoma nyinaa bɔɔ afɔre no, adɛn nti na ɛboaa wɔn?

MMARA a Yehowa de maa Israelfo no mu no, na obi betumi de mmuruburuw anaa mmorɔnoma abɔ afɔre. Mmara a ɛka afɔrebɔ ho asɛm no, baabiara a ɛbɛbɔ aburuburuw din no, na aborɔnoma bata ho. Mmara no kyerɛɛ mu sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ afɔre na wannya aburuburuw a, na obetumi de aborɔnoma abɔ. (Lev. 1:14; 12:8; 14:30) Adɛn nti na wei boaa Israelfo no? Ade baako ne sɛ, na mmuruburuw ho tumi kɔ atwee. Adɛn ntia?

Aburuburuw

Mmuruburuw yɛ nnomaa a wodi atutena. Edu ahohuru bere wɔ Israel a wɔnyɛ na. Afe biara, sɛ edu October a, wotu kɔ aman a ɛwɔ Israel anaafo a ɔhyew wɔ hɔ no, na sɛ edu osutɔbere wɔ Israel a, na wɔasan aba. (Nmd. 2:11, 12; Yer. 8:7) Wei kyerɛ sɛ, tete Israel no, sɛ edu awɔwbere a na ɛbɛyɛ den ama Israelfo no sɛ wobenya mmuruburuw de akɔbɔ afɔre.

Abotan mu aborɔnoma

Nanso mmorɔnoma de, wɔntaa nni atutena, enti afe mũ no nyinaa, wɔnyɛ na wɔ Israel. Afei nso, na nkurɔfo yɛn mmorɔnoma wɔ fie. (Fa toto Yohane 2:14, 16 ho.) Nhoma bi a wɔato din Bible Plants and Animals ka sɛ: “Sɛ wokɔ Palestina nkurow ne nkuraase nyinaa a, na wɔyɛn mmorɔnoma. Ná ofiewura biara wɔ mmorɔnoma buw, anaa tokuru bi wɔ ban ho a na nnomaa no tumi da mu.”—Fa toto Yesaia 60:8 ho.

Aborɔnoma a ɔda ne buw mu

Yehowa maa kwan sɛ Israelfo no betumi de nnomaa a na wɔnyɛ na wɔ afe no mu nyinaa abɔ afɔre. Wei a ɔyɛe no kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ ne ntease.