Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 10

Wubetumi ‘Ayi Suban Dedaw No Agu’

Wubetumi ‘Ayi Suban Dedaw No Agu’

“Munyi suban dedaw no ne ne nneyɛe ngu.”—KOL. 3:9.

DWOM 29 Yɛbɛtew Yehowa Din Ho

NEA YƐREBESUA *

1. Ansa na worefi ase asua Bible no, na w’abrabɔ te sɛn?

 ANSA na worefi ase ne Yehowa Adansefo asua Bible no, na w’abrabɔ te sɛn? Yɛn mu bebree kae a, na yɛn se afem. Sɛnea na yɛn suban te no, ɛbɛyɛ sɛ nea wiase no susuw sɛ ɛyɛ papa ne bɔne no, ɛno na yesuasuae. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na ‘yɛwɔ wiase no mu a yenni anidaso biara, na na yennim Onyankopɔn.’ (Efe. 2:12) Nanso, bere a yefii ase suaa Bible no, biribiara sesae!

2. Bere a wufii ase suaa Bible no, dɛn na wuhui?

2 Bere a wufii ase suaa Bible no, wuhui sɛ wowɔ Agya bi wɔ soro a ɔdɔ wo paa. Wuhui sɛ, sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na wobɛka n’asomfo ho a, ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae akɛse wɔ w’abrabɔ ne wo nsusuwii mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ wusua sɛ wode Yehowa akwankyerɛ bɛbɔ wo bra.—Efe. 5:3-5.

3. Sɛnea Kolosefo 3:9, 10 kyerɛ no, dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Yehowa ne yɛn Bɔfo ne yɛn Agya a ɔwɔ soro, enti ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Afei nso, ansa na yɛbɛbɔ asu no, Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyere yɛn ho ‘yi suban dedaw no ne ne nneyɛe gu.’ * (Kenkan Kolosefo 3:9, 10.) Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no, adesua yi bɛboa wɔn ma wɔabua nsɛmmisa mmiɛnsa yi: (1) Dɛn ne “suban dedaw no”? (2) Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yeyi gu? (3) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Yɛn a yɛabɔ asu dedaw no de, adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu nea yɛbɛyɛ na suban dedaw no anyi ne ti bio.

DƐN NE “SUBAN DEDAW NO”?

4. Sɛ obi wɔ “suban dedaw no” a, sɛn na ɔbɔ ne bra?

4 Sɛ obi wɔ “suban dedaw no” a, mpɛn pii no, ne nsusuwii ne ne nneyɛe tɔ kɔ bɔne so. Ebia ɔyɛ pɛsɛmenkominya, bonniayɛ, ahomaso, na ɛnkyɛ na ne bo afuw. Ebia n’ani gye ho sɛ ɔbɛhwɛ ponografi, ne sini a ahuhubra anaa awudisɛm wom. Ɛwom, ɛnyɛ dɛn ara a ɔwɔ suban pa bi, enti sɛ ɔka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi na enye a, ebia n’ahonim tumi haw no. Nanso biribiara mpusuw no sɛ ɔnsesa ne nsusuwii ne ne nneyɛe.—Gal. 5:19-21; 2 Tim. 3:2-5.

Sɛ yeyi “suban dedaw” no gu a, nsusuwii bɔne ne suban bɔne rennya yɛn so tumi bio (Hwɛ nkyekyɛm 5) *

5. Yebetumi atu suban dedaw no ase anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Asomafo Nnwuma 3:19)

5 Esiane sɛ sintɔ wɔ yɛn ho nti, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi atu nsusuwii bɔne ne akɔnnɔ bɔne ase afi ne koma ne n’adwene mu korakora. Ɛtɔ da bi a, yɛbɛka asɛm bi anaa yɛbɛyɛ biribi a akyiri yi yebenu yɛn ho. (Yer. 17:9; Yak. 3:2) Nanso sɛ yeyi suban dedaw no gu a, nsusuwii bɔne ne suban bɔne rennya yɛn so tumi bio. Nkurɔfo behu sɛ yɛn suban asesa koraa te sɛ nea yɛayɛ abɔde foforo.—Yes. 55:7; kenkan Asomafo Nnwuma 3:19.

6. Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yeyi nsusuwii bɔne ne nneyɛe bɔne gu?

6 Yehowa pɛ sɛ yeyi nsusuwii bɔne ne nneyɛe bɔne gu, efisɛ ɔdɔ yɛn paa na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye. (Yes. 48:17, 18) Onim sɛ wɔn a wontumi nhyɛ wɔn ho so nti wɔyɛ bɔne no, wopira wɔne afoforo. Sɛ Yehowa hu sɛ yɛn nneyɛe nti, yɛakɔfa ɔhaw abɛto yɛne afoforo so a, ɛyɛ ne yaw.

7. Sɛnea Romafo 12:1, 2 kyerɛ no, gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yesi?

7 Sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsesa yɛn suban a, ebia mfiase no, yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo binom bɛserew yɛn. (1 Pet. 4:3, 4) Ebia wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yebetumi ayɛ nea yɛpɛ, na ɛnsɛ sɛ yɛma obi kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Nanso wɔn a wɔmfa Yehowa akwankyerɛ nyɛ hwee no, ɛnkyerɛ sɛ wɔde wɔn ho. Nea ɛwom paa ne sɛ, wiase a Satan di so no na ɛkyerɛ wɔn kwan. (Kenkan Romafo 12:1, 2.) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa si gyinae bi: Ɛne sɛ, yɛn suban dedaw a bɔne ne Satan wiase no kyerɛ no kwan no, yɛbɛkɔ so atena mu, anaasɛ yɛbɛma kwan ma Yehowa asesa yɛn suban ama yɛayɛ nipa pa?—Yes. 64:8.

WOBƐYƐ DƐN ‘AYI SUBAN DEDAW NO AGU’?

8. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛayi nsusuwii bɔne ne nneyɛe bɔne afi yɛn akwan mu?

8 Yehowa nim sɛ ebegye bere ne mmɔdenbɔ na yɛatumi ayi nsusuwii bɔne ne nneyɛe bɔne afi yɛn akwan mu. (Dw. 103:13, 14) Ɛno nti, Yehowa nam n’Asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde no so ma yɛn nyansa, ahoɔden, ne mmoa biara a yehia na ama yɛatumi asesa. Akyinnye biara nni ho sɛ waboa wo dedaw. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi abɔ asu no, ma yɛnhwɛ nneɛma pɔtee bi a wubetumi ayere wo ho ayɛ, na ama woayi suban dedaw no agu.

9. Dɛn na Onyankopɔn Asɛm betumi aboa wo ma woayɛ?

9 Fa Bible pɛɛpɛɛ wo ho mu yiye. Onyankopɔn Asɛm te sɛ ahwehwɛ; ebetumi aboa wo ma woapɛɛpɛɛ wo ho mu ahwɛ sɛnea wudwen, sɛnea wokasa, ne sɛnea woyɛ w’ade. (Yak. 1:22-25) Nea ɔne wo sua Bible ne Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw betumi aboa wo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wobetumi de Kyerɛwnsɛm no aboa wo ma woahu nea wobɔ mu mmɔden ne nea wotɔ sin wɔ mu. Wobetumi aboa wo ma woanya afotu a egyina Bible so a ɛbɛboa wo ma woagyae subammɔne. Yehowa nso ayɛ krado bere biara sɛ ɔbɛboa wo. Ɔno paa na obetumi aboa wo, efisɛ onim nea ɛwɔ wo koma mu. (Mmeb. 14:10; 15:11) Enti bɔ mmɔden sɛ da biara wobɛbɔ no mpae, na woasua n’Asɛm no.

10. Dɛn na wusua fii Elie asɛm no mu?

10 Gye tom sɛ Yehowa akwankyerɛ na ɛyɛ papa paa. Biribiara a Yehowa ka sɛ yɛnyɛ no, yɛn ara na ɛboa yɛn. Wɔn a wɔde n’akwankyerɛ bɔ wɔn bra no, wɔte nka sɛ wɔsom bo, wohu nea enti a wɔte ase, na wonya anigye ankasa. (Dw. 19:7-11) Nanso wɔn a wobu wɔn ani gu Yehowa akwankyerɛ so, na wɔyɛ ɔhonam nnwuma no, wotwa so aba yayaayaw. Onyankopɔn akwankyerɛ a obi bebu n’ani agu so no, yɛnhwɛ nea ɔbarima bi a ɔde Elie ka faa ho. N’awofo a wɔtetee no no dɔ Yehowa. Nanso Elie yɛ aberantewaa no, ɔfaa nnamfo bɔne. Ofii ase nom nnubɔne, ɔbɔɔ aguaman, na na ɔyɛ ɔkorɔmfo nso. Elie hui sɛ ɛreyɛ ara ni na ne koko apae, na wogoro ne ho a obepira wo. Ɔka sɛ: “Wohwɛ mu a, nneɛma a na wɔakyerɛkyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni yɛ no, meyɛɛ ne nyinaa bi.” Nanso Elie werɛ amfi nea osuae wɔ ne mmofraberem no. Akyiri yi, ɔsan fii ase suaa Bible. Ɔyeree ne ho yii subammɔne biara fii n’akwan mu, na ɔbɔɔ asu afe 2000. Yehowa akwankyerɛ a ɔde abɔ ne bra no, aboa no sɛn? Elie ka sɛ: “Seesei mewɔ asomdwoe, na m’adwene mmu me fɔ.” * Elie asɛm yi ma yehu sɛ wɔn a wɔpo Yehowa akwankyerɛ no, wɔn ara na wɔbrɛ. Nanso Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn ama wɔasesa.

11. Nneɛma bɛn na Yehowa kyi?

11 Bɔ mmɔden kyi nea Yehowa kyi. (Dw. 97:10) Bible ma yehu sɛ Yehowa kyi “ani a ɛtra ntɔn, tɛkrɛma a edi atoro, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu.” (Mmeb. 6:16, 17) Yehowa “kyi wɔn a wɔpɛ awudisɛm ne nnaadaa” nso. (Dw. 5:6) Yehowa kyi saa suban ne nneyɛe yi kɔkɔɔkɔ, enti ɔsɛee abɔnefo a na wɔwɔ Noa bere so no nyinaa, efisɛ na wɔde amumɔyɛ ahyɛ asaase so ma. (Gen. 6:13) Yɛnhwɛ nhwɛso foforo. Yehowa nam odiyifo Malaki so kaa sɛ wɔn a wotwa nkontompo gyaa wɔn ahokafo a wɔn ho nni asɛm aware no, okyi wɔn. Onyankopɔn nnye wɔn som ntom, na wɔn nneyɛe nso, obebu wɔn atɛn wɔ ho.—Mal. 2:13-16; Heb. 13:4.

Sɛ ebesi yɛn tirim sɛ yɛnyɛ biribi a Yehowa ka sɛ ɛyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn tan te sɛ aduan a asɛe (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)

12. Sɛ Bible ka sɛ “munkyi bɔne” a, dɛn na ɛkyerɛ?

12 Yehowa pɛ sɛ ‘yekyi bɔne.’ (Rom. 12:9) Sɛ yɛka sɛ obi “kyi” biribi a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, saa ade no, ɔmpɛ koraa, na ɛyɛ no tan mpo. Fa no sɛ wɔde aduan bi a asɛe abesi w’anim sɛ di, anka wobɛte nka sɛn? Ebesi wo tirim kɛkɛ koraa a, anhwɛ a ɛbɛbɔ wo yare. Saa ara na sɛ ebesi yɛn tirim sɛ yɛnyɛ biribi a Yehowa ka sɛ ɛyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn tan.

13. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn adwene ho ban?

13 Bɔ w’adwene ho ban. Nea yedwen ho no, ɛno na ɛyɛ a yɛyɛ. Ɛno nti, Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ nea ɛbɛma yɛayɛ bɔne a emu yɛ duru no, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen ho. (Mat. 5:21, 22, 28, 29) Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ yɛn Agya a ɔwɔ soro no ani, anaa ɛnte saa? Enti, ɛho hia paa sɛ, adwemmɔne biara a ɛbɛba yɛn tirim no, yeyi fi hɔ ntɛm ara!

14. Dɛn na yɛn kasa da no adi, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

14 Hwɛ wo kasa yiye. Yesu kaa sɛ: “Nea efi onipa anom ba no fi koma no mu.” (Mat. 15:18) Wei kyerɛ sɛ, yɛn kasa ma nkurɔfo hu nea ɛwɔ yɛn koma mu. Enti bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Sɛ meka nokware na me ho bɛkyere me mpo a, mɛka, anaa medi atoro? Sɛ maware a, mehwɛ yiye sɛ meremfa me ho nhyehyɛ obi a ɔnyɛ me hokafo? Mikyi kasafĩ? Sɛ obi hyɛ me abufuw a, mitumi kasa abodwo so?’ Sɛ woto wo bo ase dwinnwen nsɛmmisa yi ho a, ɛbɛboa wo. Yebetumi de yɛn kasa atoto ataade bɔtom ho. Sɛ yebuebue bɔtom no a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebeyi ataade no. Saa ara nso na sɛ wobɔ mmɔden kwati atɛnnidi, atorodi, ne kasafĩ a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubeyi suban dedaw no agu.

15. Sɛ wɔka sɛ yɛmmɔ yɛn suban dedaw no “asɛndua mu” a, dɛn na ɛkyerɛ?

15 Mia w’ani yɛ nea ehia sɛ woyɛ biara. Ɔsomafo Paul yɛɛ ntotoho bi a ɛma yehu sɛ, ɛho hia paa sɛ yɛsesa yɛn suban. Ɔkaa sɛ yɛmmɔ yɛn suban dedaw no “asɛndua mu.” (Rom. 6:6) Yɛbɛka no kwan foforo so a, yɛpɛ sɛ yesuasua Kristo. Enti suban ne nneyɛe biara a Yehowa kyi no, ɛsɛ sɛ yetu ase koraa. Sɛ yɛyɛ saa nko ara a na ɛbɛma yɛanya ahonim pa, na yɛanya anidaso sɛ yebenya daa nkwa. (Yoh. 17:3; 1 Pet. 3:21) Kae sɛ, Yehowa rensesa ne mmara sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne nea yɛpɛ behyia. Mmom, yɛn na ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn suban ma ɛne n’apɛde hyia.—Yes. 1:16-18; 55:9.

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wusi wo bo sɛ wobɛkɔ so ako atia honam akɔnnɔ?

16 Kɔ so ko tia honam akɔnnɔ. Wobɔ asu wie mpo a, ɛho hia sɛ wokɔ so ko tia honam akɔnnɔ. Momma yɛnhwɛ ɔbarima bi a ne din de Maurício. Ɔyɛ abofra no na ofii ase ne mmarima dae. Akyiri yi, ohyiaa Yehowa Adansefo, na ofii ase ne wɔn suaa Bible. Ɔsesaa ne suban, na ɔbɔɔ asu afe 2002. Ɛwom sɛ Maurício asom Yehowa mfe pii, nanso ɔka sɛ: ‘Nokwasɛm ni, ɛtɔ mmere bi a akɔnnɔ a ɛmfata tumi ba me mu.’ Nanso ɔmma wei mmu n’abam. Mmom, ɔka sɛ: “Ade a ɛma me ahoɔden ne sɛ mehu sɛ saa akɔnnɔ no a memma ɛmfa me so no ma Yehowa ani gye me ho.” *

17. Sɛn na Nabiha suahu no hyɛ wo nkuran?

17 Bɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa, na ma ne honhom nkyerɛ wo kwan, na mfa wo ho nto w’ahoɔden so. (Gal. 5:22; Filip. 4:6) Sɛ yebetumi ayi suban dedaw no agu, a yɛrensan nkɔfa bio a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa. Yɛnhwɛ ɔbea bi a ne din de Nabiha suahu. Odii mfe nsia na ne papa guan gyaw no. Ɔka sɛ, “Awerɛhow hyɛɛ me so.” Nabiha nyinii no, ɔbɛyɛɛ ababaa nuɔdenfo a ɔwɔ koko bɔne. Ná ɔtɔn nnubɔne, na wɔkyeree no de no too afiase mfe dodow bi. Adansefo a na wɔkɔ afiase hɔ kɔka asɛmpa no fii ase ne no suaa Bible. Nabiha fii ase yɛɛ nsakrae akɛse wɔ n’abrabɔ mu. Ɔkaa sɛ: “Suban no bi gyae anyɛ den amma me.” Ɔsan kaa sɛ, “Sigaretnom de, na ne gyae nna fam koraa.” Nabiha yɛe ara, nanso edi boroo afe baako ansa na ɔretumi agyae sigaretnom. Ɔyɛɛ no sɛn? Ɔkaa sɛ: “Mpae a mebɔɔ Yehowa daa no na ɛboaa me kɛse paa ma migyaee.” Ɛnnɛ ɔka kyerɛ nkurɔfo sɛ: “Migye di yiye paa sɛ, sɛ me mpo matumi asesa a, obiara nso betumi asesa.” *

WUBETUMI AYERE WO HO ABƆ ASU!

18. Sɛnea 1 Korintofo 6:9-11 ka no, dɛn na Onyankopɔn asomfo bebree atumi ayɛ?

18 Asomafo no bere so no, mmarima ne mmea a Yehowa paw wɔn sɛ wɔne Kristo nkodi ade no, ansa na wɔn mu bi rebɛyɛ Kristofo no, na wɔyɛ nneɛma bɔne bebree. Ná wɔn mu bi yɛ awaresɛefo, mmarima a wɔne mmarima da, ne akorɔmfo. Nanso Onyankopɔn honhom kronkron adaworoma nti, wotumi sesaa wɔn suban. (Kenkan 1 Korintofo 6:9-11.) Saa ara na ɛnnɛ nso Bible aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔasesa wɔn abrabɔ. * Subammɔne a na agye ntini wɔ wɔn mu no, wɔatumi atutu ase. Wɔn nhwɛso no da no adi sɛ, wo nso wubetumi asesa wo suban na woatumi abɔ asu.

19. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Suban dedaw no a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no yere wɔn ho yi gu no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden hyɛ suban foforo no. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛnea yebetumi ayɛ saa, ne sɛnea afoforo betumi aboa yɛn.

DWOM 41 Tie Me Mpaebɔ

^ Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɔ asu a, ɛsɛ sɛ yetumi sesa yɛn suban. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu nneyɛe a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ suban dedaw no, nea enti a ɛsɛ sɛ yegyae saa nneyɛe no, ne ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛ, sɛ yɛbɔ asu mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ suban foforo no, na ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ no.

^ ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ Bible ka sɛ ‘yenyi suban dedaw no ngu’ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, nsusuwii ne nneyɛe biara a Yehowa ani nnye ho no, yɛbɛtwe yɛn ho afi ho. Ɛsɛ sɛ yefi ase yɛ saa ansa na yɛabɔ asu.—Efe. 4:22.

^ Sɛ wopɛ sɛ wokenkan n’asɛm no nyinaa a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Bible Tumi Sesa Nnipa—‘Ná Ɛsɛ sɛ Mesan ba Yehowa Nkyɛn.’” Ɛbaa April 1, 2012, Ɔwɛn-Aban mu.

^ Sɛ wopɛ sɛ wokenkan n’asɛm no nyinaa a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Bible Tumi Sesa Nnipa—‘Wɔma mihui sɛ wodwen me ho.’” Ɛbaa May 1, 2012, Ɔwɛn-Aban mu.

^ Sɛ wopɛ sɛ wokenkan n’asɛm no nyinaa a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Bible Tumi Sesa Nnipa—‘Mebɛyɛɛ Ababaa Nuɔdenfo a Ɔwɔ Koko Bɔne.’” Ɛbaa October 1, 2012, Ɔwɛn-Aban mu.

^ Hwɛ adaka a yɛato din “ Bible Tumi Sesa Nnipa” no.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Suban ne nneyɛe bɔne a yebeyi agu no te sɛ yɛreyi ataade dedaw agu.