Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 12

Wuhu Nea Sakaria Hui No?

Wuhu Nea Sakaria Hui No?

“‘Me honhom na menam so bɛyɛ’ . . . , asafo Yehowa asɛm ni.”—SAK. 4:6.

DWOM 73 Ma Yɛn Akokoduru

NEA YƐREBESUA *

1. Yudafo a na wɔakodi obi man so no, anigyesɛm bɛn na na wɔrebɛte?

 NÁ ANIGYESƐM bi rebobɔ ba. Ná Israelfo no atena Babilon akyɛ paa. Enti bere soe no, Yehowa Nyankopɔn “kanyan Persia hene Kores” sɛ onnyaa wɔn. Ɔhene no bɔɔ dawuru sɛ, Yudafo no nsan nkɔ wɔn kurom “nkosi Yehowa, Israel Nyankopɔn fi” no. (Esra 1:1, 3) Ná wei yɛ anigyesɛm paa! Wei kyerɛ sɛ, na Yudafo no bɛma nokware som so bio wɔ asaase a Onyankopɔn de maa wɔn no so.

2. Bere a Yudafo no san baa wɔn kurom no, dɛn na mfiase no wotumi yɛe?

2 Afe 537 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba) no, Yudafo a wodii kan fii Babilon no beduu Yerusalem. Yerusalem na na ɛyɛ Yuda ahemman a na ɛwɔ anaafo fam no ahenkurow. Yudafo no bedui no, ankyɛ koraa na wofii ase sii asɔrefie no. Eduu afe 536 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba) no, na wɔato asɔrefie no fapem awie dedaw!

3. Ɔsɔretia bɛn na Yudafo no hyiae?

3 Bere a Yudafo no fii ase sii asɔrefie no, atamfo sɔre tiaa wɔn denneennen. Aman a na atwa wɔn ho ahyia no, ‘daa na wobu Yudafo no abam, na na wotu wɔn koma wɔ ɔdan no si ho.’ (Esra 4:4) Sɛ wei nko ara mpo a, anka wɔbɛfa no saa ara, nanso asɛm no sɛee koraa. Afe 522 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba) no, Persia hene foforo a ne din de Artasasta bedii ade. * Ɔhene foforo a obedii ade no nti, atamfo no nyaa adwene sɛ wobetumi ‘akɔhyɛ mmara akyi de ɔhaw aba,’ na wɔama Yudafo no agyae asɔrefie no si koraa. (Dw. 94:20) Wɔkyerɛw krataa kɔmaa Ɔhene Artasasta sɛ Yudafo no retew ne so atua. (Esra 4:11-16) Ɔhene no gyee wɔn atosɛm no dii, na ɔhyɛɛ mmara sɛ wonnyae asɔrefie no si. (Esra 4:17-23) Ɛbaa saa no, anigye a na Yudafo no de resi asɔrefie no tew kɔe, na nkakrankakra wogyaee asɔrefie no si.—Esra 4:24.

4. Bere a atamfo sɔre tiaa Yudafo a na wɔresi asɔrefie no, dɛn na Yehowa yɛe? (Yesaia 55:11)

4 Abosonsomfo a na wɔatwa Yudafo no ho ahyia, ne Persia aban no mufo bi de sii wɔn ani so sɛ wɔbɛma Yudafo no agyae asɔrefie no si. Nanso na Yehowa pɛ sɛ wosi asɔrefie no wie; Yehowa nso de, n’atirimpɔw biara bam. (Kenkan Yesaia 55:11.) Ɔpaw odiyifo bi a ɔwɔ akokoduru a ne din de Sakaria, na ɔma onyaa anisoadehu ahorow nwɔtwe bi a ɛyɛ nwonwa. Ná ɛsɛ sɛ ɔka anisoadehu no ho asɛm kyerɛ Yudafo no de hyɛ wɔn nkuran. Saa anisoadehu ahorow no boaa Yudafo no ma wohui sɛ, ɛnsɛ sɛ wosuro atamfo no koraa. Afei nso, ɛhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho nyɛ Yehowa adwuma no. Anisoadehu a ɛtɔ so nnum no mu no, Sakaria huu kaneadua bi ne ngodua mmienu.

5. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

5 Ɛtɔ da a, yɛn mu biara aba mu tumi bu. Enti adesua yi mu no, Sakaria anisoadehu a ɛtɔ so nnum a Yehowa nam so hyɛɛ Israelfo no nkuran no, yɛbɛhwɛ sɛnea ebetumi aboa yɛn. Sɛ yɛrehyia ɔsɔretia oo, sɛ nsakrae bi na aba yɛn asetena mu oo, sɛ akwankyerɛ bi na aba na yɛnte ase oo, sɛ yɛte saa anisoadehu yi ase a, ebetumi aboa yɛn ma yɛde nokwaredi asom Yehowa.

BERE A YƐREHYIA ƆSƆRETIA

Sakaria nyaa anisoadehu bi. Ohuu nkanea nson a esisi kaneadua so, na na ngo fi ngodua mmienu bi mu reba nkanea no mu (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Kaneadua ne ngodua mmienu ho anisoadehu a ɛwɔ Sakaria 4:1-3 no, sɛn na ɛmaa Yudafo no nyaa akokoduru? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

6 Kenkan Sakaria 4:1-3. Ɛwom sɛ na Yudafo no rehyia ɔsɔretia. Nanso kaneadua ne ngodua mmienu ho anisoadehu no ma wonyaa akokoduru de toaa adwuma no so. Ɔkwan bɛn so? Wohyɛɛ no nsow sɛ, daa na kaneadua no nya ngo anaa? Ná ngo fi ngodua mmienu no mu bɛtaa kyɛnsee bi mu. Afei nkanea nson a esisi kaneadua no so no, ngo no fa dorobɛn mu kɔ emu biara mu. Wei nti, na nkanea no nnum da. Sakaria bisae sɛ: “Eyinom nyinaa kyerɛ dɛn?” Ɔbɔfo no de asɛm a efi Yehowa hɔ yi yii no ano sɛ: “‘Ɛnyɛ asraafodɔm anaa nnipa ahoɔden, na mmom me honhom na menam so bɛyɛ eyinom nyinaa,’ asafo Yehowa asɛm ni.” (Sak. 4:4, 6) Ngo a efi nnua no mu no gyina hɔ ma Yehowa honhom kronkron a ɛwɔ tumi no. Saa tumi no nsa da. Tumi a Onyankopɔn honhom wɔ no, na Persia Ahemman no asraafo de nnu ho baabiara. Esiane sɛ na Yehowa wɔ Yudafo a na wɔresi asɔrefie no afã nti, na wobetumi ako atia ɔsɔretia biara a ɛbɛba wɔn so, na wɔatumi awie adwuma no. Ná wei yɛ nkuranhyɛsɛm paa! Nea na ɛsɛ sɛ Yudafo no yɛ ara ne sɛ, wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so, na wɔasan akɔtoa adwuma no so. Saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛe, ɛmfa ho sɛ na wɔabara adwuma no.

7. Nsakrae bɛn na ɛbae a ɛmaa Yudafo a na wɔresi asɔrefie no ho dwoo wɔn kakra?

7 Nsakrae bi a ɛbae maa Yudafo a na wɔresi asɔrefie no ho dwoo wɔn kakra. Ɛyɛ nsakrae bɛn? Ɔhene foforo a ne din de Dario I bedii Persia so. N’ahenni afe a ɛtɔ so mmienu a ɛyɛ afe 520 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba) no, obehui sɛ mmara mma kwan sɛ wɔbara asɔrefie no si. Enti Dario maa wɔn kwan sɛ wɔnkɔtoa so nsi nwie. (Esra 6:1-3) Asɛm a ɔhene no kae no yɛɛ obiara nwonwa, nanso anso hɔ ara. Ɔhene no san hyɛɛ mmara sɛ, mma aman a atwa Yuda ho ahyia no mfa wɔn asɛm nkɔ adwuma a wɔreyɛ no so. Afei nso, ɔkaa sɛ wɔmma wɔn sika ne biribiara a wobehia de ayɛ adwuma no! (Esra 6:7-12) Ɛno nti, Yudafo no de mfe nnan ne kakra sii asɔrefie no wiei wɔ afe 515 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba).—Esra 6:15.

Sɛ wuhyia ɔsɔretia a, fa wo ho to Yehowa tumi so (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8. Sɛ wuhyia ɔsɔretia a, adɛn nti na wubetumi anya akokoduru?

8 Ɛnnɛ nso, Yehowa asomfo pii hyia ɔsɔretia. Aman bi so no, aban no mma Adansefo a ɛtete hɔ no kwan mma wɔnsom Yehowa sɛnea wɔpɛ. Aman a ɛtete saa so no, ebia wɔbɛkyere yɛn nuanom de wɔn ‘akɔ amrado ne ahemfo anim,’ na ayɛ adanse ama wɔn. (Mat. 10:17, 18) Ɛtɔ da na wɔsesa aban bi a, ɛma yɛn nuanom ho dwo wɔn. Anaa ebia ɔtemmufo bi a obu atɛntrenee bebu atɛn a ɛbɛma yɛn nuanom anya ahofadi de asom Yehowa. Adansefo binom de, ɔsɔretia a wohyia no yɛ soronko. Aman a wɔte mu no, wɔwɔ ahofadi a wɔde som Yehowa. Nanso wɔn abusuafo asi wɔn bo sɛ wɔremma wɔnsom Onyankopɔn, enti wɔsɔre tia wɔn. (Mat. 10:32-36) Mpɛn pii no, sɛ asɔretiafo no hu sɛ wɔrentumi nhyɛ wɔn abusuafo a wɔyɛ Adansefo no mma wonnyae Yehowa som a, na wɔato wɔn adwene mu. Wɔn a na bere bi wɔsɔre tia Yehowa asomfo denneennen no, ɛnnɛ wɔn mu bi ayere wɔn ho resom Yehowa. Sɛ wuhyia ɔsɔretia a, mpa abaw! Nya akokoduru. Yehowa ne ne honhom kronkron no taa w’akyi, enti ɛnsɛ sɛ wusuro biribiara.

BERE A NSAKRAE BI ABA YƐN ASETENA MU

9. Bere a wɔtoo asɔrefie no fapem wiei no, adɛn nti na Yudafo no binom abam bui?

9 Bere a wɔtoo asɔrefie foforo no fapem no, Yudafo a wɔanyinyin no bi sui. (Esra 3:12) Wohuu asɔrefie fɛfɛɛfɛ a Solomon sii no, na wɔtee nka sɛ, sɛ wɔde asɔrefie yi toto kan de no ho a, wohu sɛ foforo yi ‘nsɛ hwee koraa.’ (Hag. 2:2, 3) Sɛ wɔde asɔrefie foforo yi toto dedaw no ho a, na ato nisu. Ná Sakaria anisoadehu no bɛboa wɔn ama wɔn sũ adan serew. Ɔkwan bɛn so?

10. Ɔbɔfo no nsɛm a ɛwɔ Sakaria 4:8-10 no, sɛn na ɛboaa Yudafo no maa wɔn sũ dan serew?

10 Kenkan Sakaria 4:8-10. Bere a ɔbɔfo no kaa sɛ Yudafo no ‘bedi ahurusi, na wobehu prumo wɔ [Yuda amrado] Serubabel nsam’ no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? Prumo yɛ adwinnade a yɛde susuw ade bi hwɛ sɛ ɛteɛ paa anaa. Enti na ɔbɔfo no rema Onyankopɔn nkurɔfo no awerɛhyem sɛ, ebia ebinom bebu asɔrefie no sɛ n’anuonyam nnu kan de no, nanso na wobesi awie, na na ɛbɛyɛ sɛnea Yehowa pɛ. Enti sɛ Yehowa ani begye ho a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ Yudafo no nso ani gye ho? Nea na ɛho hia Yehowa ne sɛ wɔbɛsom no sɛnea ɔpɛ wɔ asɔrefie foforo no mu. Sɛ Yudafo no de si wɔn ani so sɛ wɔbɛsom Yehowa ma wagye wɔn atom a, na wɔbɛsan anya anigye bio.

Sɛ nsakrae bi ba w’asetenam a, nya ho adwempa (Hwɛ nkyekyɛm 11-12) *

11. Ɔhaw bɛn na Yehowa asomfo binom hyia nnɛ?

11 Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, sɛ nsakrae bi ba yɛn asetenam a, ɛhaw yɛn. Anuanom a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no bi akyɛ paa no, seesei wɔn mu binom dwumadi asesa. Ebinom nso, esiane mfe a wɔadi nti, ɛsɛ sɛ wɔde hokwan bi a ɛda wɔn koma so paa to hɔ. Enti, sɛ nsakrae a ɛte saa ba yɛn asetenam na ɛhaw yɛn a, ɛyɛ ne kwan so. Mfiase no, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛte ase anaa yebegye atom. Ebia yɛn ani begyina hokwan a na yɛwɔ no. Afei nso, ebetumi ama yɛn abam abu na yɛate nka sɛ, yɛn so nni mfaso papa biara wɔ Yehowa som mu bio. (Mmeb. 24:10) Ɔkwan bɛn so na Sakaria anisoadehu no boa yɛn ma yɛkɔ so yɛ nea yebetumi nyinaa de som yɛn Nyankopɔn?

12. Sɛ nsakrae bi ba yɛn asetenam ma ɛhaw yɛn a, sɛn na Sakaria anisoadehu no betumi aboa yɛn ama yɛagyina ano?

12 Sɛ yenya Yehowa adwene wɔ nsakrae a aba yɛn asetenam no ho a, ɛboa yɛn ma yetumi gyina ano yiye. Ɛnnɛ, Yehowa reyɛ nneɛma akɛseakɛse, na yɛanya hokwan soronko sɛ yɛne no bɛbom ayɛ adwuma. (1 Kor. 3:9) Yɛn dwumadi betumi asesa, nanso ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no de, ɛrensesa da. Enti sɛ nsakrae bi ba ahyehyɛde no mu na ɛka wo a, mmisabisa sɛ, adɛn, ɛbaa no sɛn, ne nea ɛkeka ho. Sɛ́ anka wubedwinnwen “kan nna” no ho no, bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na hu adepa a ɛwɔ nsakrae no mu. (Ɔsɛnk. 7:10) Sɛ́ anka wubedwinnwen nea wuntumi nyɛ seesei ho no, dwinnwen nneɛma a wubetumi ayɛ mmom ho. Sakaria anisoadehu no ama yɛahu sɛ, ɛho hia sɛ yenya adwempa. Sɛ yɛyɛ saa, na nsakrae bi ba yɛn asetenam mpo a, yɛbɛkɔ so anya anigye, na yɛde nokwaredi asom Yehowa.

BERE A AKWANKYERƐ BI ABA A ƐYƐ DEN SƐ YƐDE BƐYƐ ADWUMA

13. Akwankyerɛ a ɛne sɛ Israelfo no nsan nkosi asɔrefie no, adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ ebinom tee nka sɛ ɛnyɛ ne kwan so?

13 Ná wɔabara Yudafo no sɛ mma wɔnnsan nnsi asɔrefie no. Nanso Ɔsɔfo Panyin Yesua (Yosua) ne Amrado Serubabel a wɔpaw wɔn sɛ wonni adwuma no anim no “fii ase sii Onyankopɔn fi” no. (Esra 5:1, 2) Ɛbɛyɛ sɛ Yudafo no bi nyaa adwene sɛ, ɛnyɛ ne kwan so sɛ wobesi asɔrefie no. Ná wɔrentumi nsi dan no wɔ sum ase. Ná wonim sɛ atamfo no bɛyɛ biara sɛ wɔbɛma wɔagyae adwuma no. Ɛno nti, Yosua ne Serubabel, mmarima mmienu a na wodi adwuma no anim no, na ɛsɛ sɛ wonya awerɛhyem sɛ Yehowa taa wɔn akyi. Wonyaa awerɛhyem a na wohia no nso. Ɔkwan bɛn so?

14. Sɛnea Sakaria 4:12, 14 kyerɛ no, awerɛhyem bɛn na Ɔsɔfo Panyin Yosua ne Amrado Serubabel nyae?

14 Kenkan Sakaria 4:12, 14. Sakaria anisoadehu yi mu no, ɔbɔfo no maa Onyankopɔn diyifo nokwafo no hui sɛ, ngodua mmienu no gyina hɔ ma “nnipa baanu a wɔasra wɔn” no. Wɔne Yosua ne Serubabel. Sɛnkyerɛnne kwan so no, na saa mmarima mmienu no ‘gyina [Yehowa], asaase nyinaa Wura no nkyɛn.’ Ná wei nyɛ hokwan ketewa! Ná Yehowa wɔ wɔn mu ahotoso. Enti asɛm biara a na saa mmarima no bɛka, anaa akwankyerɛ biara a na wɔde bɛma Israelfo no, na ɛsɛ wonya mu ahotoso, efisɛ Onyankopɔn na na ɔde wɔn reyɛ adwuma.

15. Akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn wɔ n’Asɛm mu no, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yegye tom?

15 Ɛnnɛ Yehowa kɔ so ma yɛn akwankyerɛ. Ɔkwan baako a ɔfa so yɛ saa ne n’Asɛm Bible no. Nhoma kronkron yi ma yehu ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so som no. Akwankyerɛ a Onyankopɔn Asɛm de ma yɛn no, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yegye tom? Ɛne sɛ, yɛbɛto yɛn bo ase akenkan na yɛate ase. Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ mekenkan Bible anaa asafo nhoma bi a, ɛyɛ a migyina to me bo ase dwinnwen ho? Nokware a ɛwɔ Bible mu no, sɛ emu bi “asete yɛ den” a, ɛyɛ a mebɔ mmɔden yɛ nhwehwɛmu sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte ase? Anaa ɛyɛ a mekan no ntɛmntɛm pɛ me baabi tena?’ (2 Pet. 3:16) Sɛ yegye bere dwinnwen nea Yehowa rekyerɛkyerɛ yɛn no ho a, yebetumi adi n’akwankyerɛ so, na yɛayere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no.—1 Tim. 4:15, 16.

Sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma wo akwankyerɛ bi a, nya mu ahotoso (Hwɛ nkyekyɛm 16) *

16. Sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de akwankyerɛ bi ma yɛn na yɛnte ase papa mpo a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛadi so?

16 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nso, Yehowa nam wɔn so de akwankyerɛ ma yɛn. (Mat. 24:45) Ɛtɔ mmere bi a, ebia akoa nokwafo no bɛma yɛn akwankyerɛ bi a yɛnte ase papa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia wɔbɛma yɛn akwankyerɛ pɔtee a ɛbɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho na sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, yɛatumi anya yɛn ti adidi mu. Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ baabi a yɛte no, biribi a ɛte saa rentumi nsi. Anaa ebia yɛbɛte nka sɛ, sɛ nsanyare kodiawu tew si baabi a, ahwɛyiye a akoa nokwafo no yɛ no, ɛyɛ a na ɛboro so. Akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ ntease nnim a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛnea Israelfo no tiee afotu a Yosua ne Serubabel de maa wɔn no, yebetumi adwinnwen ho. Afei nso, Bible mu nsɛm afoforo a yɛakenkan no, yebetumi adwinnwen ho. Ɛtɔ da a, akwankyerɛ a na Onyankopɔn nkurɔfo nya no, nnipa ani so de, na ɛte sɛ nea ntease nnim, nanso ɛno na egyee wɔn nkwa.—Atem. 7:7; 8:10.

HU NEA SAKARIA HUI NO

17. Kaneadua ne ngodua mmienu ho anisoadehu no, sɛn na ɛkaa Yudafo no?

17 Anisoadehu a Sakaria hui no, ebia na ɛnyɛ tenten pii, nanso ɛmaa Yudafo no nyaa adwempa wɔ adwuma no ho, na wɔde nsi ne ahokeka som Yehowa. Bere a wɔde nea Sakaria hui wɔ anisoadehu mu no yɛɛ adwuma no, wɔtee nka sɛ Yehowa dɔ wɔn, ɔtaa wɔn akyi, na ɔrema wɔn akwankyerɛ. Yehowa nam ne honhom kronkron a ɛwɔ tumi no so boaa wɔn ma wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no, na wɔsan nyaa anigye bio.—Esra 6:16.

18. Sakaria anisoadehu no, sɛn na ebetumi aboa wo?

18 Kaneadua ne ngodua mmienu ho anisoadehu a Sakaria hui no, ebetumi ama woanya adwempa wɔ ɔsom a wode ma Yehowa no ho. Sɛnea yɛahu no, sɛ nkurɔfo sɔre tia wo a, ebetumi ahyɛ wo den ma woagyina ano. Afei nso, sɛ nsakrae bi ba w’asetena mu a, ɛbɛma woatumi akɔ so agyina ano, na w’anigye ansɛe. Bio nso, sɛ wɔde akwankyerɛ bi ma wo na sɛ wonte ase a, ebetumi ama woanya mu ahotoso na woatie. Sɛ wuhyia ɔhaw wɔ w’asetena mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Nea edi kan, hu nea Sakaria hui no. Ɛne sɛ, ohuu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehwɛ ne nkurɔfo. Afei, nea wuhu no, fa yɛ adwuma; kyerɛ sɛ, fa wo ho to Yehowa so na kɔ so fa wo koma nyinaa som no. (Mat. 22:37) Sɛ woyɛ saa a, Yehowa bɛboa wo ma wode anigye asom no daa.—Kol. 1:10, 11.

DWOM 7 Yehowa, Yɛn Botan Kɛse

^ Yehowa maa odiyifo Sakaria nyaa anisoadehu ahorow bi a ɛyɛ nwonwa. Ná Sakaria ne Yehowa nkurɔfo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsan ama nokware som so, nanso wohyiaa ɔhaw pii. Nea Sakaria hui wɔ anisoadehu mu no, ɛhyɛɛ wɔn den ma wotumi dii ɔhaw no so. Yɛn nso, ɛmfa ho ɔhaw biara a yɛrehyia no, saa anisoadehu no betumi aboa yɛn ma yɛde nokwaredi asom Yehowa. Adesua yi mu no, Sakaria anisoadehu a ɛfa kaneadua ne ngodua ho no, yɛbɛhwɛ nneɛma titiriw bi a yebetumi asua afi mu.

^ Mfe bi akyi no, bere a na Nehemia yɛ amrado no, ɔhene foforo a ɔno nso din de Artasasta bedii ade. Ɔno de, na ɔpɛ Yudafo no asɛm.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onyin ne yare ama nsakrae aba onua bi asetena mu, na ohu sɛ ehia sɛ ogye tom.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛnea Yehowa taa Yosua ne Serubabel akyi, na ɔtaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no akyi no, onuawa bi redwinnwen ho.