Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 13

Nokware Som Bɛma Woanya Anigye Kɛse

Nokware Som Bɛma Woanya Anigye Kɛse

“Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi.”—ADI. 4:11.

DWOM 31 O Wo ne Onyankopɔn Nnantew!

NEA YƐREBESUA *

1-2. Dɛn na ɛbɛma Onyankopɔn agye yɛn som atom?

 SƐ WOTE asɛmfua “ɔsom” a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ebia onua bi a wabu nkotodwe wɔ ne mpa anim reka ne komam asɛm akyerɛ Yehowa na ɛba w’adwenem. Anaasɛ ebia nea ɛbɛba w’adwenem ne abusua bi a wɔde anigye resua Bible.

2 Nea onua no, ne abusua no reyɛ no, emu biara yɛ biribi a yɛyɛ de som Yehowa. Yehowa begye wɔn som atom anaa? Sɛ ɛne n’atirimpɔw hyia, na ɔdɔ ne obu a wɔwɔ ma no nti na wɔreyɛ a, ɛnde obegye atom. Yɛdɔ Yehowa paa. Yenim sɛ ɛfata sɛ yɛsom no, na yɛpɛ sɛ yɛde ɔsom a edi mu paa ma no.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, yebehu ɔsom a tete no Yehowa gye toom. Afei nso, yɛbɛhwɛ nneɛma nwɔtwe bi a ɛnnɛ Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ de som no. Bere a yɛreyɛ saa no, yebetumi adwen ho ahwɛ sɛnea yɛn mu biara betumi ayere ne ho asom Yehowa yiye. Bio nso, yɛbɛhwɛ nea enti a nokware som ma yɛn ani gye.

ƆSOM A YEHOWA GYE TOOM TETE NO

4. Sɛn na Yehowa asomfo a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba no daa no adi sɛ wɔwɔ obu ne ɔdɔ ma Yehowa?

4 Ansa na Yesu reba no, mmarima anokwafo bi te sɛ Habel, Noa, Abraham, ne Hiob daa no adi sɛ wɔwɔ obu ne ɔdɔ ma Yehowa. Wɔyɛɛ no sɛn? Wɔyɛɛ osetie maa Yehowa, wonyaa ne mu gyidi, na wɔbɔɔ afɔre maa no. Nneɛma pɔtee a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ de som Onyankopɔn no, Bible no nka. Nanso, ɛda adi pefee sɛ wɔyɛɛ nea wobetumi biara de hyɛɛ Yehowa anuonyam, na ɔno nso gyee wɔn som toom. Akyiri yi, Yehowa de Mose Mmara no maa Abraham asefo. Nneɛma pɔtee a na Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ de som no no, saa mmara yi kaa ho asɛm.

5. Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, nsakrae bɛn na ɛbaa nokware som mu?

5 Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, na Yehowa nhwɛ kwan sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔsom no a, odi Mose Mmara no so. (Rom. 10:4) Ná ɛsɛ sɛ Kristofo di mmara foforo bi so, nea wɔfrɛ no “Kristo mmara no.” (Gal. 6:2) Sɛ wobetumi adi saa “mmara” yi so a, na enhia sɛ wɔkyere mmara bebree biara gu wɔn tirim, mmom na ɛsɛ sɛ wosuasua Yesu, na wɔde ne nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra. Ɛnnɛ nso, Kristofo yɛ nea wobetumi biara di Kristo akyi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Yehowa ani, na ‘wɔanya ɔhome.’—Mat. 11:29.

6. Ɔkwan bɛn so na adesua asɛm yi betumi aboa yɛn?

6 Nneɛma a yɛyɛ de som Yehowa no, emu biara a yebesusuw ho no, bisa wo ho sɛ, ‘Nkɔso bɛn na manya wom?’ Wubetumi asan abisa sɛ, ‘Metumi ayere me ho asom Yehowa yiye?’ Nkɔso biara a woanya no, ma w’ani nnye, nanso wubetumi abɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na hu nea wubetumi ayɛ de asom no yiye.

NNEƐMA A YƐYƐ DE SOM YEHOWA NO, EBI NE SƐN?

7. Sɛ yefi yɛn komam bɔ Yehowa mpae a, ohu no sɛn?

7 Yɛbɔ Yehowa mpae a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom no. Aduhuam a na wɔto wɔn bo ase fra no yiye a na wɔhyew wɔ ntamadan no mu ne akyiri yi asɔrefie hɔ no, Kyerɛwnsɛm no de yɛn mpaebɔ toto ho. (Dw. 141:2) Ná aduhuam no yi hua huamhuam a na Onyankopɔn ani gye ho. Yɛn nso, sɛ yɛbɔ mpae na yɛn nsɛm no mu mpiw mpo, na efi yɛn koma mu nko ara de a, Yehowa ‘ani gye ho.’ (Mmeb. 15:8; Deut. 33:10) Yɛwɔ nea ebetumi ama yɛagye adi paa sɛ, Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛte sɛ yɛreka akyerɛ no sɛ yɛdɔ no, na yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no. Yehowa pɛ sɛ yɛka nea ɛhaw yɛn, nea esi yɛn ani so, ne nea ɛda yɛn koma so ho asɛm kyerɛ no. Ansa na wobɛbɔ Yehowa mpae no, adɛn nti na wonto wo bo ase nnwinnwen nea wobɛka ho? Sɛ woyɛ saa a, “aduhuam” a ɛyɛ papa paa na wobɛhyew ama wo soro Agya no.

8. Hokwan a ɛyɛ fɛ bɛn na yɛanya sɛ yɛde beyi Onyankopɔn ayɛ?

8 Yeyi Yehowa ayɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom no. (Dw. 34:1) Sɛ yɛka sɛnea yɛn ani gye Yehowa suban a ɛyɛ fɛ ne ne nnwuma ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyi no ayɛ. Sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn a, ɛbɛka yɛn koma ama yɛayi no ayɛ. Sɛ yegye bere dwinnwen Yehowa papayɛ anaa nneɛma pa a wayɛ ama yɛn nyinaa ho a, bere nyinaa yebenya biribi agyina so ayi no ayɛ. Asɛnka adwuma no paa na ɛma yenya hokwan a ɛyɛ fɛ de ‘yɛn anofafa bɔ ayeyi afɔre ma Onyankopɔn.’ (Heb. 13:15) Sɛnea ɛsɛ sɛ yedwen nea yɛbɛka ho yiye ansa na yɛabɔ Yehowa mpae no, saa ara na sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yedwen nea yɛbɛka ho yiye ansa na yɛadi obi adanse. Yɛpɛ sɛ “ayeyi afɔre” a yɛbɔ no yɛ nea edi mu paa. Ɛno nti na yefi yɛn koma mu di nkurɔfo adanse no.

9. Sɛ yehyiam som Yehowa sɛnea tete Israelfo no yɛe no a, ɛboa yɛn sɛn? Kyerɛ sɛnea Kristofo nhyiam aboa wo.

9 Yɛkɔ Kristofo nhyiam a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa. Yehowa ka kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ: “Afe biara mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa bɛba abegyina Yehowa mo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛpaw.” (Deut. 16:16) Ná ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn afie ne wɔn mfuw hɔ a obiara nhwɛ so. Nanso Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Mprɛnsa a wobɛkɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim no, obiara ani remmere w’asaase.” (Ex. 34:24) Esiane sɛ Israelfo no de wɔn ho too Yehowa so koraa nti, afe biara na wokodi afahyɛ ahorow no. Wei ma wonyaa nhyira pii. Ebi ne sɛ, ɛma wɔtee Onyankopɔn Mmara no ase yiye, wodwinnwen ne papayɛ ho, na wɔne wɔn mfɛfo gyidifo bɔɔ fekuw de hyehyɛɛ wɔn ho nkuran. (Deut. 16:15) Yɛn nso, sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre na yɛkɔ Kristofo nhyiam a, yenya nhyira koro no ara bi. Sɛ yesua ade ansa na yɛakɔ, na yɛma mmuae tiawa a ɛtɔ asom a, ɛma Yehowa ani gye paa.

10. Adɛn nti na nnwonto ho hia wɔ yɛn som mu?

10 Sɛ yɛne yɛn nuanom bom to nnwom a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa. (Dw. 28:7) Ná Israelfo no bu nnwonto sɛ ɛho hia wɔ wɔn som mu. Ɔhene Dawid paw Lewifo 288 sɛ nnwontofo wɔ asɔrefie hɔ. (1 Be. 25:1, 6-8) Ɛnnɛ, nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne sɛ yɛbɛto ayeyi nnwom ama no. Sɛ yɛn nne nyɛ dɛ mpo a, ɛnyɛ hwee. Yɛnhwɛ ntotoho yi: “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii” wɔ yɛn kasa mu, nanso ɛno nsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛkasa wɔ adesua ase ne asɛnka mu. (Yak. 3:2) Saa ara na sɛ yɛte nka sɛ yɛn nne nyɛ dɛ a, ɛnsɛ sɛ esiw yɛn kwan sɛ yɛbɛto ayeyi nnwom ama Yehowa.

11. Sɛnea Dwom 48:13 kyerɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ abusua biara yi bere si hɔ de sua Bible?

11 Sɛ yesua Bible, na yɛkyerɛkyerɛ yɛn mma ma wohu Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom no. Homeda no maa Israelfo no nyaa hokwan de nneɛma a wɔyɛ no daa no too nkyɛn, na wɔde wɔn adwene sii wɔne Yehowa ayɔnkofa so. (Ex. 31:16, 17) Anokwafo a ɛwɔ wɔn mu no kyerɛkyerɛɛ wɔn mma ma wohuu Yehowa ne ne papayɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yi bere si hɔ de kenkan Onyankopɔn Asɛm na osua. Wei ka ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho, na ɛboa yɛn ma yɛbɛn no. (Dw. 73:28) Sɛ yebom sua ade sɛ abusua a, yebetumi aboa yɛn mma ama wɔne yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn no anya ayɔnkofa a emu yɛ den.—Kenkan Dwom 48:13.

12. Wɔn a wɔyɛɛ ntamadan no mu nneɛma no, sɛnea Yehowa buu adwuma a wɔyɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

12 Sɛ yesisi adan a yɛde som Yehowa na yɛhwɛ so yiye a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa. Bible ka sɛ ntamadan no ne emu nneɛma ho adwuma no, na ɛyɛ “adwuma kronkron.” (Ex. 36:1, 4) Ɛnnɛ nso, Ahenni Asa ne asafo adan ahorow a yesisi no, Yehowa bu no sɛ ɛyɛ ɔsom kronn. Anuanom binom de wɔn bere pii yɛ saa nnwuma yi. Adwuma a ɛho hia yi a wɔyɛ de boa Ahenni adwuma no, yɛn ani nsɔ anaa? Wei nyinaa akyi no, wɔsan yɛ asɛnka adwuma no. Ebia wɔn mu bi mpo pɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo. Nea asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔtaa adansi adwuma yi akyi ne sɛ, sɛ anuanom a wɔyɛ adwumaden yi mu bi pɛ sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo na sɛ wɔfata a, ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛma wɔn hokwan no. Sɛ yɛwɔ adansi ho nimdeɛ oo, sɛ yenni bi oo, yɛn nyinaa betumi aboa ma yɛasiesie adan no na yɛadi no ni.

13. Ntoboa a yeyi de boa Ahenni adwuma no, sɛn na ɛsɛ sɛ yebu no?

13 Sɛ yeyi ntoboa de boa Ahenni adwuma no a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa. Ná ɛnsɛ sɛ Israelfo no de nsapan kɔ Yehowa anim. (Deut. 16:16) Ná ɛsɛ sɛ obiara hwɛ ne tebea, na oyi biribi de ma Yehowa. Wɔyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ nhyehyɛe biara a Yehowa ayɛ a na ɛbɛma ɔne wɔn ayɔnkofa mu ayɛ den no, wɔn ani sɔ. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa, na yɛn ani sɔ nhyehyɛe biara a wayɛ ma yetumi som no yiye no? Ɔkwan baako ne sɛ, yɛbɛhwɛ nea yɛwɔ ho ayi sika de aboa asafo a yɛwom ne wiase nyinaa adwuma no. Ɔsomafo Paul kaa ho asɛm sɛ: “Sɛ obi koma ka no sɛ onyi bi mma a, nea ɛsɔ ani ne sɛ ɔde nea ɔwɔ bɛma, na ɛnyɛ nea onni.” (2 Kor. 8:4, 12) Sɛ ntoboa a yebeyi no nyɛ ahe biara mpo, na sɛ efi yɛn koma mu a, Yehowa ani sɔ.—Mar. 12:42-44; 2 Kor. 9:7.

14. Sɛnea Mmebusɛm 19:17 ma yehu no, sɛ anuanom ho kyere wɔn na yɛboa wɔn a, sɛn na Yehowa bu no?

14 Yɛboa yɛn nuanom Kristofo a wɔn ho akyere wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa. Yehowa hyɛɛ Israelfo no bɔ sɛ, sɛ woyi wɔn yam boa ahiafo a, ɔbɛhyɛ wɔn anan. (Deut. 15:7, 10) Bere biara a yɛbɛboa yɛn nua Kristoni bi a ne ho akyere no no, Yehowa bu no sɛ yɛakyɛ no ade. (Kenkan Mmebusɛm 19:17.) Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Paul da afiase a Kristofo a wɔwɔ Filipi kɔkyɛɛ no ade no, ɔkaa sɛ ɛyɛ “afɔrebɔ a ɛfata na ɛsɔ Onyankopɔn ani yiye.” (Filip. 4:18) Fa w’ani to fam wɔ asafo no mu, na bisa wo ho sɛ, ‘Obi wɔ hɔ a metumi aboa no?’ Sɛ Yehowa hu sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, yɛn nimdeɛ, ne yɛn ahode reboa wɔn a wɔn ho akyere wɔn a, n’ani sɔ. Obu no sɛ ɛno nso ka nokware som ho.—Yak. 1:27.

NOKWARE SOM MA YƐN ANI GYE

15. Sɛ yebetumi asom Yehowa nokwarem a, egye bere ne mmɔdenbɔ, nanso ɛnyɛ adesoa. Adɛn ntia?

15 Sɛ yebetumi asom Yehowa nokwarem a, egye bere ne mmɔdenbɔ, nanso ɛnyɛ adesoa. (1 Yoh. 5:3) Adɛn ntia? Efisɛ yɛdɔ Yehowa nti na yɛsom no. Wo de, yɛnhwɛ abofra bi a ɔpɛ sɛ ɔkyɛ ne papa ade. Obetumi de nnɔnhwerew pii ayɛ mfoni bi ama no. Nanso, ɛnyɛ abofra no yaw sɛ ɔde bere pii reyɛ mfoni no. Esiane sɛ ɔdɔ ne papa nti, ɛyɛ no dɛ sɛ ɔrekyɛ no ade. Yɛn nso, esiane sɛ yɛdɔ Yehowa nti, ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden bɛsom no.

16. Sɛnea Hebrifo 6:10 kyerɛ no, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani a, ohu no sɛn?

16 Awofo a wɔdɔ wɔn mma nhwɛ kwan sɛ, sɛ wɔn mma rekyɛ wɔn ade a, wɔn nyinaa de bɛyɛ pɛ. Wonim sɛ ɛsono sɛnea wɔn ba biara te, ne nea obetumi ayɛ. Saa ara na yɛn Agya a ɔwɔ soro no nso nim nea yɛn mu biara betumi ayɛ. Ebia wubetumi ayɛ pii asen nnipa bebree a wunim wɔn. Anaasɛ ebia onyin, yare, anaa asɛde a wowɔ wɔ abusua mu nti, worentumi nyɛ pii sɛnea afoforo yɛ no. Nanso, mma w’abam mmmu. (Gal. 6:4) Yehowa werɛ remfi adwuma a woyɛ no. Sɛ ɔdɔ na ɛka wo ma woyɛ nea wubetumi nyinaa a, ɛnde n’ani bɛsɔ. (Kenkan Hebrifo 6:10.) Nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ mpo, Yehowa nim. Nea wutumi yɛ wɔ ne som mu no, ɔpɛ sɛ ɛma wunya anigye ne akomatɔyam.

17. (a) Sɛ nneɛma a yɛyɛ de som Yehowa no bi yɛ den ma yɛn a, dɛn na yebetumi ayɛ? (b) Sɛn na nneɛma a yɛyɛ de som Yehowa a ɛwɔ adaka a yɛato din “ Ma W’anigye Nyɛ Kɛse” no mu baako aboa wo?

17 Nneɛma a yɛyɛ de som Yehowa te sɛ Bible a yebesua ne asɛnka adwuma no, sɛ yehu sɛ ɛyɛ den ma yɛn a, dɛn na yebetumi ayɛ? Ebia yebehu sɛ, sɛ yɛtaa yɛ saa nneɛma yi a, yɛn ani bɛba abegye ho, na ɛbɛboa yɛn paa. Yebetumi de yɛn som atoto apɔwmuteɛteɛ anaa sankubɔ ho. Sɛ yɛntaa nyɛ a, yɛrennya nkɔso papa biara. Nanso sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ no daa a, yebenya nkɔso. Yebetumi afi ase nkakrankakra nanso bere rekɔ so no, yebetumi de bere no pii aka ho. Sɛ yehu yɛn mmɔdenbɔ no so mfaso a, afei de, yɛn ho bɛpere yɛn sɛ yɛbɛyɛ, na ɛbɛma yɛn ani agye paa. Wunhu sɛ yebetumi de saa asɛm yi ayɛ adwuma wɔ yɛn som mu?

18. Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yenim nea enti a Yehowa bɔɔ yɛn, na dɛn na efi mu ba?

18 Sɛ yɛde yɛn koma nyinaa som Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yenim nea enti a Yehowa bɔɔ yɛn. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani gye, na yɛn koma tɔ yɛn yam, na ɛma yenya anidaso sɛ yɛbɛsom Yehowa afebɔɔ. (Mmeb. 10:22) Seesei mpo yɛn asom dwo yɛn, efisɛ yenim sɛ, sɛ Yehowa asomfo hyia ɔhaw a, ɔboa wɔn. (Yes. 41:9, 10) Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ yɛresom yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no, efisɛ ɔfata sɛ n’abɔde nyinaa de “anuonyam ne nidi” ma no.—Adi. 4:11.

DWOM 24 Bra Yehowa Bepɔw So

^ Yehowa na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, enti ɛfata sɛ yɛsom no. Biribiara a yɛyɛ de som Yehowa no, sɛ obegye atom a, gye sɛ yedi ne mmara so na yɛde n’akwankyerɛ bɔ yɛn bra. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma nwɔtwe bi a yɛyɛ de som Yehowa. Yebehu sɛnea yebetumi ayere yɛn ho ayɛ emu biara yiye, na yɛahu sɛnea ɛbɛboa yɛn ama yɛn ani agye.