Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 14

Asafo Mu Mpanyimfo—Monkɔ So Nsuasua Ɔsomafo Paul

Asafo Mu Mpanyimfo—Monkɔ So Nsuasua Ɔsomafo Paul

“Munsuasua me.”—1 KOR. 11:1.

DWOM 99 Anuanom Mpempem Bebree

NEA YƐREBESUA *

1-2. Sɛn na ɔsomafo Paul nhwɛso no betumi aboa asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ?

 NÁ ƆSOMAFO Paul dɔ ne nuanom Kristofo. Okum ne ho maa wɔn. (Aso. 20:31) Ɛno nti, na ne nuanom Kristofo nso dɔ no paa. Bere bi, mpanyimfo a ɛwɔ Efeso no tee sɛ wɔrenhu Paul bio. Wei maa “wɔn nyinaa sui yiye.” (Aso. 20:37) Ɛnnɛ, asafo mu mpanyimfo nso wɔ ahofama, wɔdɔ wɔn nuanom, na wɔyɛ nea wobetumi biara de boa wɔn. (Filip. 2:16, 17) Nanso ɛtɔ da a, mpanyimfo no hyia ɔhaw ahorow bi. Dɛn na ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi adi saa ɔhaw no so?

2 Mpanyimfo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden yi betumi asuasua Paul. (1 Kor. 11:1) Ná ɔnyɛ ɔsoro abɔfo. Ná bɔne wɔ Paul ho, enti ɛtɔ da a, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. (Rom. 7:18-20) Afei nso, ohyiaa ɔhaw bebree. Nanso, Paul ampa abaw anaa n’anigye ansɛe. Sɛ mpanyimfo no suasua Paul a, wobetumi adi ɔhaw a wohyia no so, na wɔakɔ so de anigye asom Yehowa. Momma yɛnhwɛ sɛnea wɔbɛyɛ no.

3. Dɛn ne dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ ɔhaw nnan bi a mpanyimfo taa hyia: (1) Sɛnea wobenya bere ayɛ asɛnka adwuma no, na wɔanya bere nso de ayɛ nneɛma foforo a ɛho hia, (2) sɛnea wɔbɛyɛ ahwɛfo a wodwen anuanom ho, (3) nea wɔyɛ a, ɛremma wɔn mmerɛwyɛ mmu wɔn abam, ne (4) sɛnea wobenya afoforo sintɔ ho koma. Yɛbɛhwɛ sɛnea Paul dii ɔhaw yi mu biara so, ne sɛnea mpanyimfo betumi asuasua no.

SƐNEA WOBENYA BERE AYƐ ASƐNKA ADWUMA NO, NA WƆANYA BERE NSO DE AYƐ NNEƐMA FOFORO A ƐHO HIA

4. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama mpanyimfo sɛ wobedi asɛnka adwuma no anim?

4 Nea enti a ebetumi ayɛ den. Asɛnka adwuma no a mpanyimfo di anim no da nkyɛn a, nnwuma pii nso gu wɔn so. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔn mu bebree hwɛ nnawɔtwe mfinimfini adesua no so. Afei nso, wɔhwɛ Asafo Bible Adesua so. Ɛyɛ a wɔma ɔkasa ahorow nso. Wɔyere wɔn ho tete asafo mu asomfo, na wɔkɔ so de anigye hyɛ anuanom nkuran. (1 Pet. 5:2) Mpanyimfo no bi nso boa ma wosisi Ahenni Asa ne asafo adan ahorow, na wosiesie nso. Ne nyinaa akyi no, sɛnea ɛsɛ sɛ asafo no muni biara kɔ asɛnka no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔpanyin biara nso yɛ, efisɛ ɛno ne adwuma a ɛho hia paa.—Mat. 28:19, 20.

5. Nhwɛso bɛn na Paul yɛe wɔ asɛnka adwuma no mu?

5 Nhwɛso a Paul yɛe. Nea ɛboaa Paul paa wɔ asɛnka adwuma no mu ne asɛm a ɛwɔ Filipifo 1:10 no. Paul ka wɔ hɔ sɛ: ‘Monhwehwɛ mu nhu nneɛma a ehia paa no.’ Paul de ɔno ankasa afotu no yɛɛ adwuma. Ná wɔde ɔsom adwuma bi ahyɛ ne nsa. Ɔde mfe pii yɛɛ saa adwuma no de kyerɛe sɛ na ɛho hia no paa. Ɔkyerɛkyerɛe wɔ “baguam ne afi afi mu.” (Aso. 20:20) Ɛnyɛ bere pɔtee anaa da pɔtee bi na na wayi asi hɔ a ɔde ka asɛmpa no. Hokwan biara a obenya no, na ɔde ka asɛmpa no! Ɛho nhwɛso ni. Bere a ɔretwɛn wɔn a na ɔne wɔn retu kwan wɔ Atene no, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ anuonyamfo bi maa wɔn mu bi begyee nokware no. (Aso. 17:16, 17, 34) Bere a Paul da “afiase” a na wɔde “nkɔnsɔnkɔnsɔn” agu no mpo, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara a na ɔwɔ hɔ.—Filip. 1:13, 14; Aso. 28:16-24.

6. Ntetee bɛn na Paul de maa afoforo?

6 Paul de ne bere dii dwuma yiye paa. Ná ɔtaa to nsa frɛ afoforo ma wɔbɛka ne ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, n’asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no, ɔne Yohane a wɔfrɛ no Marko no na ɛkɔe. Nea ɛtɔ so mmienu no nso, ɔne Timoteo na ɛkɔe. (Aso. 12:25; 16:1-4) Ɛda adi sɛ, Paul bɔɔ mmɔden kyerɛkyerɛɛ saa mmarima yi sɛnea wɔbɛtoto nneɛma wɔ asafo no mu, sɛnea wɔbɛsrasra anuanom ahyɛ wɔn nkuran, ne sɛnea wobetumi akyerɛkyerɛ yiye.—1 Kor. 4:17.

Yɛ krado sɛ wubedi adanse sɛnea Paul yɛe no (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7. Paul afotu a ɛwɔ Efesofo 6:14, 15 no, sɛn na mpanyimfo betumi de ayɛ adwuma?

7 Nea yesua fi mu. Asafo mu mpanyimfo betumi asuasua Paul. Ɛnyɛ sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ afie afie nko, na mmom wɔbɛyɛ krado sɛ hokwan biara a wobenya nso, wɔde bedi adanse. (Kenkan Efesofo 6:14, 15.) Sɛ wɔrekɔtɔ ade wɔ gua so, anaa wɔwɔ adwumam a, wobetumi adi adanse. Anaa sɛ wɔreboa ma wɔasisi asafo adan a, wobetumi aka asɛmpa no akyerɛ mpɔtam hɔfo ne adetɔnfo a ɛwɔ hɔ no. Sɛnea Paul yɛe no, asafo mu mpanyimfo nso, bere a wɔreyɛ asɛnka adwuma no, wobetumi atete asafo mu asomfo ne afoforo.

8. Ɛtɔ da a, dɛn na ebia ebehia sɛ asafo mu panyin bi yɛ?

8 Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ asafo no anaa ɔmansin no mu dwumadi begye ɔpanyin bi abɔ so ara ma enti ɔrennya bere mpo nkɔ asɛnka. Sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere ayɛ nneɛma biara a ehia sɛ ɔyɛ no, dwumadi no bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ ogye to ne ho so. Sɛ ɔbɔ mpae na osusuw asɛm no ho yiye a, ebia obehu sɛ, sɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ dwumadi no a, nneɛma afoforo a ɛho hia paa bɛka mu. Saa nneɛma no bi ne abusua som a ɔbɛyɛ no nnawɔtwe biara, asɛnka adwuma no a ɔbɛyere ne ho ayɛ, anaa ne mma a ɔbɛtete wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ wɔde ɔsom hokwan bi rema ebinom a, ɛyɛ a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka sɛ wɔrentumi nyɛ. Nanso wobetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa te wɔn ase, efisɛ wɔpɛ sɛ wonya bere de yɛ nneɛma afoforo a ɛno nso ho hia.

SƐNEA WƆBƐYƐ AHWƐFO A WODWEN ANUANOM HO

9. Nnwuma a egu mpanyimfo no so nti, ɔhaw bɛn na wohyia?

9 Nea enti a ebetumi ayɛ den. Ɔhaw a Yehowa nkurɔfo hyia de, ɛnyɛ ano bi ni. Awiei mmere yi mu yi, yɛn nyinaa hia nkuranhyɛ, awerɛkyekye ne mmoa. Ɛtɔ mmere bi nso a, ehia sɛ yɛboa ebinom ma wɔtwe wɔn ho fi suban bɔne ho. (1 Tes. 5:14) Ɔhaw a Yehowa nkurɔfo hyia no, mpanyimfo no rentumi nyi ne nyinaa mfi hɔ. Nanso, Yehowa pɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nea wobetumi biara hyɛ ne nguan no nkuran, na wɔbɔ wɔn ho ban. Mpanyimfo a nnwuma gu wɔn so yi, wɔbɛyɛ dɛn anya bere aboa wɔn nuanom a wohia mmoa?

Kamfo afoforo na hyɛ wɔn nkuran (Hwɛ nkyekyɛm 10, 12) *

10. Sɛnea 1 Tesalonikafo 2:7 kyerɛ no, dɛn na Paul yɛ de kyerɛe sɛ odwen Yehowa nkurɔfo ho?

10 Nhwɛso a Paul yɛe. Paul hwehwɛɛ akwan a ɔbɛfa so akamfo ne nuanom na wahyɛ wɔn den. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden suasua ne nhwɛso no, na woyi ɔdɔ adi kyerɛ Yehowa nkurɔfo, na wɔyɛ wɔn brɛbrɛ. (Kenkan 1 Tesalonikafo 2:7.) Paul maa ne mfɛfo Kristofo nyaa awerɛhyem sɛ ɔdɔ wɔn, na Yehowa nso dɔ wɔn. (2 Kor. 2:4; Efe. 2:4, 5) Anuanom a ɛwɔ asafo no mu no, Paul faa wɔn sɛ ne nnamfo, na onyaa bere maa wɔn ne wɔn bɔe. Ɔkaa nea ɛhaw no ne ne mmerɛwyɛ ho asɛm pefee kyerɛɛ wɔn de kyerɛe sɛ ogye wɔn di. (2 Kor. 7:5; 1 Tim. 1:15) Nanso ɛnyɛ ɔhaw a na Paul refa mu no na na daa ɛda n’ano. Mmom, na ɔpɛ sɛ ɔboa ne nuanom.

11. Adɛn nti na Paul tuu ne nuanom Kristofo fo?

11 Ɛtɔ da a, na ɛho abehia sɛ Paul tu ne nuanom Kristofo fo. Ɛnyɛ sɛ na ne bo afuw wɔn nti na otuu wɔn fo; wanyɛ saa da. Mmom nea enti a otuu wɔn fo ne sɛ, na odwen wɔn ho, na na ɔpɛ sɛ ɔbɔ wɔn ho ban fi asiane ahorow ho. Ɔbɔɔ mmɔden maa n’afotu no mu daa hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ den mma wɔn a wɔretie no sɛ wobegye atom. Ɛho nhwɛso na ɛwɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu no. Saa krataa no mu no, Paul de afotu a emu yɛ den maa wɔn. Bere a ɔde krataa no kɔmaa wɔn akyi no, ɔsomaa Tito kɔɔ hɔ. Ná Paul pɛ sɛ ohu sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ ne krataa no ho. Bere a ohui sɛ wɔatie n’afotu no agu aso pa mu no, n’ani gyei papa!—2 Kor. 7:6, 7.

12. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de ahyɛ wɔn mfɛfo gyidifo den?

12 Nea yesua fi mu. Asafo mu mpanyimfo betumi asuasua Paul nhwɛso no, na wɔanya bere ama wɔn mfɛfo gyidifo. Ɔkwan baako a wobetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wobedu adesua ase ntɛm na wɔne afoforo abɔ nkɔmmɔ ahyɛ wɔn nkuran. Mpɛn pii no, egye simma kakraa bi na yɛde nkuranhyɛ a onua bi hia ama no. (Rom. 1:12; Efe. 5:16) Afei nso, ɔpanyin a osuasua Paul nhwɛso no, ɔde Onyankopɔn Asɛm bɛhyɛ ne mfɛfo gyidifo den na wama wɔanya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn. Bio nso, ɔma anuanom hu sɛ ɔdɔ wɔn. Ɔtaa ne wɔn bɔ nkɔmmɔ, na ɔhwehwɛ hokwan a ɔde bɛkamfo wɔn. Sɛ ɛho behia sɛ ɔpanyin bi tu obi fo a, ɔde n’afotu no gyina Onyankopɔn Asɛm so. Ɔwae asɛm no anim, nanso ɔda ayamye adi, efisɛ ɔpɛ sɛ onua no de afotu no yɛ adwuma.—Gal. 6:1.

NEA WƆYƐ A ƐREMMA WƆN MMERƐWYƐ MMU WƆN ABAM

13. Sɛn na ɔpanyin bi mmerɛwyɛ betumi ama wate nka?

13 Nea enti a ebetumi ayɛ den. Asafo mu mpanyimfo nso tɔ sin. Sɛnea obiara di mfomso no, wɔn nso di mfomso. (Rom. 3:23) Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wobenya adwene a ɛfata wɔ wɔn mmerɛwyɛ ho. Ebinom ma wɔn mmerɛwyɛ ho dadwen hyɛ wɔn so ara ma wɔn abam tumi bu. Ebia afoforo nso remfa wɔn mmerɛwyɛ aniberesɛm, enti ɛmma wonhu sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ nsakrae biara.

14. Sɛ yɛhwɛ Filipifo 4:13 a, sɛn na ahobrɛase boaa Paul ma onyaa ne mmerɛwyɛ ho adwempa?

14 Nhwɛso a Paul yɛe. Esiane Paul ahobrɛase nti, ogye toom sɛ, sɛ wannya mmoa a, ne mmerɛwyɛ no bebu ne kɔn mu. Ná ohia Onyankopɔn mmoa. Ansa na Paul rebɛyɛ Kristoni no, na n’asɛm yɛ den, na ɔne Kristofo no dii no nwenweenwene. Nanso akyiri yi, ogyee ne mfomso toom, na ɔsesaa ne suban. (1 Tim. 1:12-16) Yehowa mmoa nti, Paul bɛyɛɛ ɔhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ, ayamhyehye ne ahobrɛase. Ná ɛyɛ no yaw paa sɛ sintɔ bebree wɔ ne ho, nanso wamfa n’adwene ansi ne sintɔ no so. Mmom, na ogye di sɛ Yehowa de ne bɔne bɛkyɛ no. (Rom. 7:21-25) Paul annya adwene sɛ ne sintɔ no befi hɔ. Mmom, ɔyeree ne ho sɛ obenya suban a ɛyɛ fɛ. Afei nso, ɔbrɛɛ ne ho ase maa Yehowa boaa no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi awie ne som adwuma no.—1 Kor. 9:27; kenkan Filipifo 4:13.

Yere wo ho di wo mmerɛwyɛ so (Hwɛ nkyekyɛm 14-15) *

15. Adwempa bɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nya wɔ wɔn mmerɛwyɛ ho?

15 Nea yesua fi mu. Ɛnyɛ sɛ bɔne nni asafo mu mpanyimfo ho nti na wɔpaw wɔn. Enti, Yehowa hwɛ kwan sɛ wobegye wɔn mfomso atom na wɔayere wɔn ho anya suban pa. (Efe. 4:23, 24) Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin de Onyankopɔn Asɛm pɛɛpɛɛ ne ho mu hwɛ, na ɔyɛ nsakrae biara a ehia. Ɔyɛ saa a, Yehowa bɛboa no ama n’ani agye, na watumi ayɛ n’adwuma yiye.—Yak. 1:25.

SƐNEA WOBENYA AFOFORO SINTƆ HO KOMA

16. Sɛ ɔpanyin bi de n’adwene si afoforo sintɔ so a, dɛn na ebetumi de aba?

16 Nea enti a ebetumi ayɛ den. Esiane sɛ mpanyimfo no ne asafo no mufo taa bɔ nti, wobetumi ahu wɔn sintɔ ntɛm. Sɛ mpanyimfo anhwɛ yiye a, wɔn bo betumi afuw wɔn nuanom, na wɔbɛkasa atia wɔn, anaa wɔbɛka nsɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ wɔn. Paul bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ saa na Satan pɛ sɛ wɔyɛ.—2 Kor. 2:10, 11.

17. Sɛn na na Paul bu ne nuanom Kristofo?

17 Nhwɛso a Paul yɛe. Ná ɔwɔ ne nuanom Kristofo ho adwempa. Ná onim sɛ mfomso wɔ wɔn ho, efisɛ ɛtɔ da mpo a, na wotumi yɛ biribi ma ɛhaw no. Nanso, na Paul nim sɛ, sɛ obi da subammɔne bi adi a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ nipa bɔne. Ná ɔdɔ ne nuanom, enti ɔde n’adwene sii wɔn suban pa so. Sɛ na ɛyɛ den ma ne nuanom Kristofo sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ a, na ɔmfa no sɛ wɔwɔ adwemmɔne, na mmom, na ohu no sɛ nea ehia ara ne sɛ obi bɛboa wɔn.

18. Sɛnea Paul dii Euodia ne Sintike asɛm no ho dwuma no, dɛn na wusua fi mu? (Filipifo 4:1-3)

18 Yɛmfa sɛnea Paul boaa anuanom mmea baanu bi a na wɔwɔ Filipi asafo no mu nyɛ nhwɛso. (Kenkan Filipifo 4:1-3.) Ɛbɛyɛ sɛ na Euodia ne Sintike ama nsɛmnsɛm bi asɔre wɔ wɔn ntam ma wɔn ntam ayɛ basaa. Paul ankasa antia wɔn, anaa wanka asɛm a ɛyɛ yaw ankyerɛ wɔn, mmom ɔde n’adwene sii wɔn suban pa so. Ná wɔyɛ anuanom mmea anokwafo a wɔde mfe pii asom Yehowa. Ná Paul nim sɛ Yehowa dɔ wɔn. Esiane sɛ na Paul wɔ anuanom mmea yi ho adwempa nti, ɛkanyan no ma ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsiesie wɔn ntam. Ná Paul de n’adwene si afoforo suban pa so, enti n’anigye ansɛe, na ɔne anuanom a ɛwɔ saa asafo no mu ntam kɔɔ so yɛɛ kama.

Bɔ mmɔden sɛ worenkasa ntia afoforo (Hwɛ nkyekyɛm 19) *

19. (a) Ɛbɛyɛ dɛn na asafo mu mpanyimfo akɔ so anya wɔn nuanom Kristofo ho adwempa? (b) Mfoni a yehu sɛ asafo mu panyin bi resiesie Ahenni Asa so no, dɛn na wusua fi mu?

19 Nea yesua fi mu. Asafo mu mpanyimfo, ɛyɛ a monhwɛ suban pa a anuanom wɔ. Wɔn nyinaa tɔ sin, nanso wɔn mu biara wɔ suban a ɛyɛ fɛ. (Filip. 2:3) Ɛyɛ nokware sɛ, ɛwom ara a ebia ebehia sɛ mpanyimfo no tu onua anaa onuawa bi fo. Nanso sɛnea Paul yɛe no, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nso yere wɔn ho paa na wɔamfa wɔn adwene ansi onua bi kasa a ɛnhyɛ nkuran anaa ne nneyɛe bi a ɛhaw adwene so. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔdɔ a onii no wɔ ma Yehowa, animia a ɔde resom Onyankopɔn, ne nea obetumi ayɛ daakye. Sɛ asafo mu mpanyimfo nya anuanom ho adwempa a, ɛma asafo no mu yɛ dɛ, na obiara ho bae no.

KƆ SO SUASUA PAUL

20. Dɛn na asafo mu mpanyimfo kɔ so yɛ a, ebetumi ama Paul nhwɛso no aboa wɔn?

20 Asafo mu mpanyimfo, sɛ mokɔ so sua Paul nhwɛso ho ade a, ɛbɛboa mo. Wohwɛ Watch Tower Publications Index no mu sɛɛ a, wubetumi ahwɛ asɛmti a ɛne “Paul,” na afei woahwɛ asɛmti ketewa a wɔato din “example for elders” (wayɛ nhwɛso ama mpanyimfo). Sɛ worekenkan nsɛm a ɛwɔ hɔ no bi a, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛn na Paul nhwɛso no betumi aboa me ma mede anigye akɔ so ayɛ m’adwuma sɛ ɔpanyin?’

21. Awerɛhyem bɛn na asafo mu mpanyimfo betumi anya?

21 Asafo mu mpanyimfo, Yehowa nim sɛ motɔ sin. Enti ɔnhwɛ kwan sɛ mobɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, mmom nea ɔhwehwɛ fi mo hɔ ne sɛ mubedi nokware. (1 Kor. 4:2) Adwumaden a Paul yɛe ne ne nokwaredi no, Yehowa ani sɔe. Mo nso, munnya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ani sɔ nea moyɛ wɔ ne som mu no. Ɛremma da sɛ Yehowa ‘werɛ befi mo adwuma ne sɛnea moasom akronkronfo na moda so som wɔn de kyerɛ sɛ modɔ ne din no.’—Heb. 6:10.

DWOM 87 Bra! Benya Ahotɔ

^ Adwumaden a asafo mu mpanyimfo a wɔdɔ yɛn, na wodwen yɛn ho yɛ ma yɛn no, yɛn ani sɔ paa. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ ɔhaw nnan bi a mpanyimfo no hyia. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea ɔsomafo Paul nhwɛso betumi aboa asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wɔadi saa ɔhaw no so. Adesua yi bɛboa yɛn nyinaa ma yɛanya tema ama mpanyimfo no, na akanyan yɛn ama yɛayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn, na yɛaboa wɔn.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi apɔn adwuma a ɔnam kwan so rekɔ fie, na ɔreka asɛmpa no akyerɛ ne yɔnko dwumayɛni bi.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu panyin bi rehyɛ onua bi a ɔtaa tew ne ho nkuran.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asɛm bi asi ma ahyɛ onua bi abufuw, na onua foforo de afotu a ɛbɛboa no rema no.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi atu ne ho ama sɛ ɔbɛyɛ adwuma bi, nanso biribi retwetwe n’adwene. Asafo mu panyin a ogyina hɔ no ankasa antia no.