Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 17

Ɛnanom—Munsuasua Eunike

Ɛnanom—Munsuasua Eunike

“Mpo wo maame akwankyerɛ. Ɛte sɛ nhwiren abotiri fɛfɛɛfɛ a ɛbɔ wo ti, ne kɔnmuade a ɛyɛ fɛ wɔ wo kɔn mu.”—MMEB. 1:8, 9.

DWOM 137 Tete Mmea Anokwafo ne Kristofo Mmea

NEA YƐREBESUA *

Timoteo maame Eunike ne ne nanabea Lois ani agye sɛ wɔrebɔ Timoteo asu ama wabɛyɛ Kristoni (Hwɛ nkyekyɛm 1)

1-2. (a) Ná hena ne Eunike, na ɔhaw bɛn na ohyiae bere a ɔrekyerɛkyerɛ ne ba no? (b) Ka mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no anim no ho asɛm.

 ƐWOM sɛ Bible nka Timoteo asubɔ ho asɛm, nanso ɛnyɛ den sɛ yɛde yɛn adwene bebu sɛnea ne maame Eunike ani gyei da a Timoteo bɔɔ asu no. (Mmeb. 23:25) Hwɛ sɛ Timoteo gyina nsu no mu, na ne maame de anigye rehwɛ no. Afei, hwɛ sɛ Timoteo maame reserew, na ne nanabea Lois nso gyina ne nkyɛn pɛɛ. Bere a wɔde Timoteo rehyɛ nsu no mu no, Eunike nhu nea ɔnyɛ ne ho. Afei hwɛ sɛ Timoteo apue afi nsu no mu a ɔde anigye reserew; ne maame ani agye ara ma adan nisu. Ɔhaw a Eunike hyiae nyinaa akyi no, watumi akyerɛkyerɛ ne ba no ma wabɛdɔ Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo. Ɔhaw bɛn na na ɛsɛ sɛ odi so na watumi akyerɛkyerɛ ne ba no?

2 Ná Timoteo awofo nni ɔsom baako mu. Ná ne papa yɛ Greeceni, na na ne maame ne ne nanabea yɛ Yudafo. (Aso. 16:1) Bere a Eunike ne Lois bɛyɛɛ Kristofo no, ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo yɛ aberantewaa. Nanso ne papa de, wammɛyɛ Kristoni. Ná Timoteo bedi ne papa anammɔn akyi anaa obedi ne maame anammɔn akyi? Ɛbɛyɛ sɛ na wanyin a ɔno ara betumi asi ne gyinae. Ná ɔbɛkɔ akɔdɔm ɔsom a ne papa wom no? Ɔbɛkɔ so atena Yudasom a na wɔde atete no fi ne mmofraase no mu? Anaa ɔbɛba abɛyɛ Yesu Kristo suani?

3. Sɛnea Mmebusɛm 1:8, 9 kyerɛ no, adwuma a ɛnanom yɛ de boa wɔn mma ma wɔfa Yehowa adamfo no, Yehowa bu no sɛn?

3 Ɛnnɛ nso, ɛnanom a wɔyɛ Kristofo dɔ wɔn mmusua. Nea ehia wɔn paa ne sɛ, wɔbɛboa wɔn mma ma wɔne Yehowa afa adamfo denneennen. Onyankopɔn nso ani sɔ wɔn mmɔdenbɔ no paa. (Kenkan Mmebusɛm 1:8, 9.) Yehowa aboa ɛnanom bebree ma wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔaso nokware no mu.

4. Ɔhaw bɛn na ɛyɛ a ɛnanom hyia?

4 Sɛnea Timoteo sii gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa no, ɛtɔ da a, ɛnanom bi ntumi nhu sɛ wɔn mma nso bɛyɛ saa anaa. Ade yi, awofo nim sɛ nhyɛso a wɔde ba mmofra so wɔ Satan wiase yi mu no, ɛnyɛ ano bi ni. (1 Pet. 5:8) Bio nso, ɛnanom bebree wɔ hɔ a wɔn nko ara na ɛretete wɔn mma. Ebinom nso kununom nsom Yehowa. Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Christine. * Ɔka sɛ: “Ná me kunu yɛ agya pa, na na onni n’abusua ho agorɔ, nanso na ɔmpɛ koraa sɛ mɛtete yɛn mma no ma wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo. Misui saa ara mfe pii, efisɛ na minhu nea ɛbɛyɛ a me mma no betumi abɛsom Yehowa.”

5. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

5 Sɛ woyɛ ɛna a, sɛnea Eunike tumi yɛe no, wo nso wubetumi atete wo mma ma wɔabɛsom Yehowa. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea wubetumi asuasua Eunike, na wode wo kasa ne wo nneyɛe akyerɛkyerɛ wo mma. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa bɛboa wo.

FA WO KASA KYERƐKYERƐ WO MMA

6. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:14, 15 no a, ɛyɛɛ dɛn na Timoteo bɛyɛɛ Kristoni?

6 Bere a Timoteo yɛ abofra no, esiane sɛ na ne maame yɛ Yudani nti, ɔbɔɔ mmɔden paa de “nkyerɛwee kronkron no” mu ntease a na Yudafo no wɔ no kyerɛkyerɛɛ no. Nimdeɛ a na Eunike wɔ no, na emu nnɔ papa, efisɛ na onnim sɛ Yesu ne Mesia no. Ne nyinaa mu no, nea Timoteo sua fii Kyerɛwnsɛm no mu no boaa no ma onyaa nea obegyina so abɛyɛ Kristoni. Nanso na ɔbɛba abɛyɛ Kristoni? Sɛ́ aberante no, sɛ ɔpɛ a, na obetumi asi gyinae abɛyɛ Kristoni. Nokwasɛm ne sɛ, Timoteo maame ka ho bi na ɛmaa Timoteo ‘begyee’ nokware a ɛfa Yesu ho no ‘dii.’ (Kenkan 2 Timoteo 3:14, 15.) Ɛwom sɛ na ɛnna fam, nanso ɛbɛyɛ sɛ Eunike ani gyei paa sɛ watumi akyerɛkyerɛ ne ba no ama wabɛsom Yehowa! Anokwa, na Eunike din ne ne suban sɛ, efisɛ ne din no kyerɛ “nkonimdi.”

7. Timoteo asubɔ akyi no, sɛn na Eunike boaa no ma onyaa nkɔso?

7 Bere a Timoteo bɔɔ asu no, na wadu botae bi a ɛho hia paa ho wɔ n’asetenam, nanso na Eunike haw to ntwae. Ná dɛn na ne ba no de n’asetena bɛyɛ? Ná ɔbɛkɔ akɔbɔ fekuw bɔne anaa? Ná ɔbɛkɔ sukuu wɔ Atene akogye abosonsomfo nyansapɛfo a ɛwɔ hɔ no nkyerɛkyerɛ adi anaa? Ná ɔbɛsɛe ne bere, n’ahoɔden, ne ne mmabunbere, na wabiri ne mogya ani apɛ ahonyade anaa? Ná Eunike rentumi nsi gyinae mma Timoteo, nanso na obetumi aboa no. Sɛn na na ɔbɛyɛ no? Ná obetumi akɔ so ayere ne ho de Yehowa ho dɔ ne ne Ba no ho anisɔ adua Timoteo komam. Ɛnyɛ wɔn a wɔn kununom anaa wɔn yerenom nsom Yehowa nko ara na wohyia ɔhaw. Sɛ awofo mmienu no nyinaa wɔ nokware no mu mpo a, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔabɛsom Yehowa. Dɛn na awofo betumi asua afi Eunike hɔ?

8. Dɛn na ɛna betumi ayɛ de aboa ne kunu a ɔwɔ asafo no mu ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma Yehowa ho ade?

8 Mo ne mo mma nsua Bible no. Anuanom mmea, sɛ mo kununom wɔ nokware no mu a, Yehowa pɛ sɛ moboa wɔn ma wɔde Bible no kyerɛkyerɛ mo mma. Ɔkwan baako a mobɛfa so ayɛ saa ne sɛ, mobɛboa ma moayɛ Abusua Som daa. Ka Abusua Som nhyehyɛe no ho asɛmpa, na hwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa ma ayɛ anika ma obiara ani agye. Ebia wubetumi aboa wo kunu ma moayɛ nhyehyɛe de asi mo ani so sɛ mubesua Bible mu asɛm pɔtee bi ho ade anaa mobɛyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Afei nso, sɛ mo mma no bi anyin a wobetumi asua Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no a, ebia wubetumi aboa wo kunu ma mo ne wɔn asua.

9. Ɛna a ne kunu nni asafo no mu no, ɛhe na obetumi anya mmoa?

9 Anuanom mmea no bi wɔ hɔ a, wɔn ara na ɛsɛ sɛ wodi anim ne wɔn mma sua Bible. Nea ɛma etumi ba saa ne sɛ, ebia ɛna no yɛ ɔbaatankoro anaa ne kunu nni asafo no mu. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, mma ɛnnhaw wo pii. Yehowa bɛboa wo. Nnwinnade a ɛbɔ adwuma a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ama yɛn sɛ yɛmfa nkyerɛkyerɛ yɛn mma no, fa di dwuma. Wubetumi abisa awofo a wɔn ho akokwaw ama wɔakyerɛ wo sɛnea wɔde saa nnwinnade yi yɛ wɔn abusua som. * (Mmeb. 11:14) Afei nso, Yehowa betumi aboa wo ma wo ne wo mma atwetwe nkɔmmɔ. Srɛ no sɛ ɔmmoa wo na hu nea ɛwɔ wɔn adwene ne wɔn koma mu. (Mmeb. 20:5) Sɛ wubisa asɛm tiawa bi te sɛ, ‘Wokɔ sukuu a, dɛn paa na ɛyɛ a ɛhaw wo?’ a, ebetumi akɔtwetwe nkɔmmɔ bebree aba.

10. Ɔkwan foforo bɛn bio na wubetumi afa so aboa wo mma ma wɔasua Yehowa ho ade?

10 Mo ara monhwehwɛ akwan a mobɛfa so akyerɛkyerɛ mo mma Yehowa ho ade. Ka Yehowa ne nneɛma pa bebree a wayɛ ama wo no ho asɛm kyerɛ wɔn. (Deut. 6:6, 7; Yes. 63:7) Ɛho hia paa sɛ woyɛ wei, ɛnkanka bere a wuntumi ne wo mma nsua ade daa wɔ fie no. Christine a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Ná ɛyɛ den paa sɛ menya hokwan akyerɛkyerɛ me mma no Yehowa ho ade, enti hokwan ketewa biara a ebeyi ne ti no, na minnyaagyaa me ho. Ɛyɛ a yetu mpase anaa yɛkɔtena korow mu hare kɔ nsu no so kakra. Afei, nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa abɔ ne biribiara a ɛbɛboa wɔn ama wɔne Yehowa afa adamfo no, yɛbɔ ho nkɔmmɔ. Me mma no ani fii kakraa pɛ na mehyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔn ankasa nsua Bible no.” Bio nso, ka Yehowa ahyehyɛde no ne wo nuanom Kristofo ho asɛm pa. Nkasa ntia asafo mu mpanyimfo no. Nea wobɛka afa wɔn ho no na ɛbɛkyerɛ sɛ, sɛ wo mma hia mmoa a, wɔbɛkɔ wɔn hɔ anaa wɔrenkɔ.

11. Sɛnea Yakobo 3:18 kyerɛ no, adɛn nti na ɛho hia sɛ woma asomdwoe tena w’abusua mu?

11 Momma asomdwoe ntena mo abusua mu. Taa ma wo kunu ne wo mma nhu sɛ wodɔ wɔn. Sɛ woreka wo kunu ho asɛm a, ma ɛnna adi sɛ wubu no, na kyerɛkyerɛ wo mma nso ma wɔnyɛ saa ara. Woyɛ saa a, ɛbɛma asomdwoe aba w’abusua mu, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo mma sɛ wobesua Yehowa ho ade. (Kenkan Yakobo 3:18.) Momma yɛnhwɛ Jozsef a ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Romania no. Bere a ɔyɛ abofra no, ne papa ma ɛyɛɛ den paa maa ɔne ne maame ne ne nuanom sɛ wɔbɛsom Yehowa. Jozsef ka sɛ: “Me maame yeree ne ho paa sɛ ɔbɛma asomdwoe aba yɛn abusua no mu. Sɛ me papa yere mu tann a, na me maame agow mu bɔkɔɔ. Sɛ me maame hu sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebebu yɛn papa anaa yebetie no a, ɛyɛ a ɔne yɛn susuw Efesofo 6:1-3 ho. Afei ɔka yɛn papa suban pa ho asɛm, na ɔboa yɛn ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yebu no. Mpɛn pii no, sɛ asɛm bi sɔ gya wɔ fie a, na ɔfa saa kwan yi so bu nsu gu so.”

FA WO NNEYƐE KYERƐKYERƐ WO MMA

12. Sɛnea 2 Timoteo 1:5 ma yehu no, sɛn na nhwɛso a Eunike yɛe no boaa Timoteo?

12 Kenkan 2 Timoteo 1:5. Eunike yɛɛ nhwɛso pa maa Timoteo. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ no sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi. (Yak. 2:26) Ɛda adi pefee sɛ, Timoteo hui sɛ ne maame nneyɛe kyerɛ sɛ ɔdɔ Yehowa paa. Ɛbɛyɛ sɛ Timoteo hui sɛ, Yehowa a na ne maame som no nti, na ɛma n’ani gye. Sɛn na nhwɛso a Eunike yɛe no boaa Timoteo? Sɛnea ɔsomafo Paul kae no, na Timoteo wɔ gyidi te sɛ ne maame. Wei amma kwa. Timoteo de n’ani too fam hwɛɛ ne maame nhwɛso no, na ɛkaa no ma osuasuae. Saa ara na ɛnnɛ, ɛnanom bebree aboa wɔn abusuafo ma wɔabɛsom Yehowa a ‘wɔankasa mpo.’ (1 Pet. 3:1, 2) Wo nso wubetumi ayɛ saa. Wobɛyɛ no sɛn?

13. Sɛ woyɛ ɛna a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma wo ne Yehowa ayɔnkofa ho hia wo paa?

13 Mo ne Yehowa ayɔnkofa no, momma ɛho nhia mo paa. (Deut. 6:5, 6) Sɛnea ɛnanom pii de nneɛma bebree bɔ afɔre no, saa ara na wo nso woyɛ. Wode wo bere, wo sika, wo nna ne nneɛma afoforo bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahwɛ wo mma. Nanso, ɛnsɛ sɛ wo mma a wobɛhwɛ wɔn no gye w’adwene ara ma wupia wo ne Yehowa ayɔnkofa no to nkyɛn. Ɛyɛ a yi bere si hɔ a wode bɛbɔ mpae na wode asua Bible. Afei nso, ɛyɛ a kɔ adesua bere nyinaa. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa no mu den, na ayɛ nhwɛso pa ama w’abusua ne afoforo.

14-15. Dɛn na wusua fi nea Leanne, Maria, ne João yɛe no mu?

14 Mmofra bebree ahwɛ nea wɔn maamenom yɛe ma enti wɔabɛdɔ Yehowa na wɔde wɔn ho ato no so. Momma yɛnhwɛ wɔn mu kakra. Christine babea Leanne ka sɛ: “Sɛ yɛn papa wɔ fie a, na yentumi nsua Bible no. Nanso na me maame ntoto adesuakɔ mu koraa. Ɛwom sɛ na yenni Bible mu nimdeɛ pii, nanso ne nhwɛso maa yɛn gyidi yɛɛ den. Ansa na yɛrefi ase akɔ adesua mpo no, na yenim sɛ wei ara ne nokware no.”

15 Yɛnhwɛ Maria nso. Sɛ ɔne ne maame ne ne nuanom kɔ adesua ba a, ɛtɔ da a na ne papa twe wɔn aso. Maria ka sɛ: “Me maame akokoduru de, mete ne so a, masɔre. Meyɛ abofra no, nneɛma bi wɔ hɔ a, na mempɛ sɛ meyɛ, efisɛ na misuro nea afoforo bɛka. Nanso sɛ mehwɛ sɛnea na me maame wɔ akokoduru ne sɛnea na ɔde Yehowa di kan wɔ biribiara mu no a, ɛboaa me ma miyii nnipa ho suro fii me mu.” João nso, ne papa baraa wɔn sɛ, mma wɔnnka Yehowa anaa Bible ho asɛm wɔ wɔn fie. João ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ nea ɛkaa me koma paa ne sɛ, biribiara a na ɛsɛ sɛ me maame yɛ na wasɔ me papa ani no, ɔyɛe, nanso Yehowa som de, wampia anto nkyɛn da.”

16. Sɛn na ɛnanom nhwɛso betumi aboa afoforo?

16 Ɛnanom, monkae sɛ mo nhwɛso betumi anya afoforo so tumi. Ɔkwan bɛn so? Wo de hwɛ sɛnea Eunike nhwɛso no nyaa ɔsomafo Paul so tumi. Ɔkaa sɛ, Timoteo gyidi a nyaatwom nnim no, “edii kan tenaa . . . Eunike mu.” (2 Tim. 1:5) Bere bɛn na Paul dii kan hui sɛ Eunike wɔ gyidi? Ɛbɛyɛ sɛ n’asɛmpatrɛw akwantu a edi kan a ɔkɔɔ Listra no na ohyiaa Lois ne Eunike, na ɛbɛyɛ sɛ ɔno na ɔboaa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Kristofo. (Aso. 14:4-18) Wo de susuw ho hwɛ, mfe 15 akyi a Paul kyerɛw Timoteo no, na Paul da so ara kae Eunike nokwaredi, na ɔkaa sɛ ɔyɛ obi a afoforo betumi asuasua no! Wei ma yehu sɛ, ne nhwɛso no nyaa ɔsomafo no so tumi kɛse. Afei nso, Kristofo a na ɛwɔ hɔ saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ ne nhwɛso no nyaa wɔn mu bebree so tumi. Sɛ woyɛ ɔbaatankoro a woretete wo mma anaa wo kunu nni asafo no mu a, nya awerɛhyem sɛ, wo nhwɛso pa no hyɛ wɔn a atwa wo ho ahyia no nkuran.

Sɛ woreboa wo ba ma wabɛsom Yehowa a, ɛnyɛ da koro asɛm. Mpa abaw! (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Ntetee a wode ama wo ba nyinaa akyi no, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔsom Yehowa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

17 Ntetee a wode ama wo ba nyinaa akyi no, sɛ ɔmfa ne ti nnye ɛ? Kae sɛ abatete de, ɛnyɛ da koro asɛm. Sɛnea yehu wɔ mfoni no mu no, sɛ wode aba hyɛ fam anaa wudua biribi a, ɛtɔ da a, wuntumi nhu sɛ ebetumi anyin na asow. Ɛwom, worentumi nhu sɛ ɛbɛsow de, nanso wokɔ so ara gugu so sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi anyin. (Mar. 4:26-29) Ɛnanom binom wɔ hɔ a, saa ara na wɔn nso te nka; wontumi nhu sɛ nea wɔrekyerɛkyerɛ wɔn mma no ka wɔn koma anaa. Nea wo mma bɛyɛ daakye de, wunni so tumi. Nanso sɛ wokɔ so yɛ nea wubetumi nyinaa tete wɔn a, ɛbɛma wɔanya hokwan a wobetumi de abɛsom Onyankopɔn.—Mmeb. 22:6.

MA YEHOWA MMOA WO

18. Sɛn na Yehowa betumi aboa wo mma ma wɔabɛsom no?

18 Sɛ wokan Bible a, wubehu sɛ efi tete nyinaa Yehowa aboa mmofra pii ama wɔabɛyɛ ne nnamfo. (Dw. 22:9, 10) Sɛ wo mma no pɛ a, Yehowa betumi aboa wɔn nso ama wɔabɛsom no. (1 Kor. 3:6, 7) Sɛ ɛte sɛ nea wo mma no mfi wɔn koma nyinaa mu nsom Yehowa mpo a, ɔbɛkɔ so de n’ani adi wɔn akyi. (Dw. 11:4) Wɔyɛ biribi ketekete mpo a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ “koma pa” a, Yehowa bɛtwe wɔn aba ne nkyɛn. (Aso. 13:48; 2 Be. 16:9) Obetumi aboa wo ma woanya asɛm pɔtee a wobɛka wɔ bere a ɛfata mu; ebia saa asɛm no paa na ehia sɛ wo mma te. (Mmeb. 15:23) Anaa ebia obekanyan onua anaa onuawa bi wɔ asafo no mu ma wafa wo mma no nnamfo. Sɛ wo mma no nyinyin mpo a, nea wokyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ wɔn mmofraase no, Yehowa betumi ama wɔakae bi. (Yoh. 14:26) Sɛ wokɔ so de wo kasa ne wo nneyɛe kyerɛkyerɛ wo mma a, Yehowa behyira wo.

19. Adɛn nti na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa gye wo tom?

19 Ɛnyɛ gyinae a wo mma sisi ho na Yehowa hwɛ ansa na wadɔ wo. Ɔdɔ wo, efisɛ wo nso wodɔ no. Sɛ woyɛ ɔbaatankoro a, Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ Agya ama wo mma no, na wayɛ wo Kamafo. (Dw. 68:5) Sɛ wo mma bɛsom Yehowa oo, sɛ wɔrensom no oo, wunni so tumi. Nanso sɛ woma Yehowa kɔ so boa wo, na woyɛ nea wubetumi nyinaa a, obegye wo atom.

DWOM 134 Onyankopɔn De Mmofra Ahyɛ Awofo Nsa

^ nky. 5 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea ɛnanom a wɔyɛ Kristofo betumi asuasua Timoteo maame Eunike, na wɔaboa wɔn mma ma wɔahu Yehowa na wɔadɔ no.

^ nky. 4 Wɔasesa edin no bi.

^ nky. 9 Wubetumi ahwɛ adesua a ɛtɔ so 50 a ɛwɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu no. Afei nso, wubetumi ahwɛ asɛm a yɛato din “Abusua Som ne Ankorankoro Adesua Ho Nyansahyɛ” a ɛbaa Ɔwɛn-Aban August 15, 2011, kr. 6-7 mu no.