Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 18

Sɛnea Wode Botae Besisi W’ani So Na Woayere Wo Ho Adu Ho

Sɛnea Wode Botae Besisi W’ani So Na Woayere Wo Ho Adu Ho

“Dwinnwen eyinom ho; fa w’adwene nyinaa si so, na ama nnipa nyinaa ahu wo nkɔso.”—1 TIM. 4:15.

DWOM 84 Yɛbɛboa Adwuma No

NEA YƐREBESUA *

1. Botae bɛn na yebetumi de asisi yɛn ani so?

 NOKWARE Kristofo de, yɛdɔ Yehowa paa. Ɔsom a edi mu paa na yɛpɛ sɛ yɛde ma no. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ehia sɛ yɛde botae sisi yɛn ani so. Ebi ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho anya suban pa, yebesua adwuma a mfaso wɔ so, na yɛahwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa afoforo.

2. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde botae sisi yɛn ani so na yɛyere yɛn ho du ho?

2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ho sɛ yebenya nkɔso wɔ Yehowa som mu? Ade titiriw nti a yɛyɛ saa ne sɛ, yɛpɛ sɛ yɛsɔ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no ani. Sɛ Yehowa hu sɛ yɛde yɛn dom akyɛde ne yɛn nimdeɛ nyinaa resom no a, ɛma n’ani gye. Nea ɛka ho bio ne sɛ, yɛpɛ sɛ yenya nkɔso sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboa yɛn nuanom Kristofo yiye. (1 Tes. 4:9, 10) Sɛ yɛbaa nokware no mu akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, yɛn nyinaa betumi apere akɔ yɛn anim. Yɛnhwɛ sɛnea yebetumi ayɛ saa.

3. Sɛnea 1 Timoteo 4:12-16 kyerɛ no, dɛn na ɔsomafo Paul hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔnyɛ?

3 Ná Timoteo yɛ aberante bere a ɔsomafo Paul kyerɛw krataa a edi kan kɔmaa no no, nanso na ɔyɛ asafo mu panyin a ne ho akokwaw. Ne nyinaa mu no, Paul hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmma ne nkɔso nna adi. (Kenkan 1 Timoteo 4:12-16.) Sɛ wudwinnwen nea Paul kae no ho a, wubehu sɛ na ɔpɛ sɛ Timoteo nya nkɔso wɔ akwan mmienu so: Baako ne sɛ, obenya suban pa te sɛ ɔdɔ ne gyidi, na wama n’abrabɔ ho atew. Nea ɛtɔ so mmienu ne sɛ, obetu mpɔn wɔ baguam akenkan, afotu ne nkyerɛkyerɛ mu. Bere a Timoteo nhwɛso no wɔ yɛn adwenem yi, momma yɛnhwɛ sɛnea yɛde botae a yebetumi adu ho besisi yɛn ani so, na aboa yɛn ama yɛanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Yɛbɛsan ahwɛ akwan bi a yɛbɛfa so ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu.

YERE WO HO NYA SUBAN PA

4. Sɛnea Filipifo 2:19-22 ma yehu no, dɛn na ɛmaa Timoteo bɛyɛɛ Yehowa somfo a ɔda ne koma so?

4 Dɛn na ɛmaa Timoteo bɛyɛɛ Yehowa somfo a ɔda ne koma so? Ɛyɛ ne suban pa ntia. (Kenkan Filipifo 2:19-22.) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Paul kaa Timoteo ho asɛm no a, ɛma yehu sɛ na Timoteo brɛ ne ho ase, odi nokware, ɔyɛ mmɔdenbɔfo, na ɔyɛ obi a wubetumi de wo ho ato no so. Ná ɔdɔ nnipa, na na odwen anuanom no ho paa. Wei nti, na Paul dɔ Timoteo, na anhaw no sɛ ɔde dwumadi akɛseakɛse bɛhyehyɛ ne nsa. (1 Kor. 4:17) Yɛn nso, sɛ yɛyere yɛn ho nya suban pa a, yebetumi aboa asafo no paa, na ɛbɛma Yehowa nso adɔ yɛn.—Dw. 25:9; 138:6.

Suban pa bɛn na wopɛ sɛ woyere wo ho nya? (Hwɛ nkyekyɛm 5-6)

5. (a) Wobɛyɛ dɛn ahu suban pa pɔtee bi a ɛsɛ sɛ wunya? (b) Onuawa ababaa bi de asi n’ani so sɛ ɔpɛ sɛ onya tema. Wohwɛ mfoni no a, dɛn na ɔreyɛ na ama watumi adu saa botae no ho?

5 Fa botae pɔtee bi si w’ani so. Sɛ wobɔ mpae na wohwehwɛ wo ho mu a, ebia wubehu sɛ suban bi wɔ hɔ a wotɔ sin wom. Wuhu no saa a, wubetumi de w’adwene asi suban pɔtee a wopɛ sɛ wunya no so. Wopɛ sɛ woyere wo ho nya tema anaa woyere wo ho nya ahofama a wode bɛboa wo nuanom Kristofo? Wopɛ sɛ woyɛ asomdwoe nipa, anaa obi a wutumi de bɔne kyɛ? Sɛ saa a, wubetumi abisa w’adamfo bi a wugye no di ama waboa wo na woahu nea woyɛ a ɛbɛma woanya saa suban pa no.—Mmeb. 27:6.

6. Wobɛyɛ dɛn anya suban pa a wode asi w’ani so no?

6 Yɛ botae a wode asi w’ani so no ho adwuma. Wobɛyɛ no sɛn? Ɔkwan baako a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ, wobɛto wo bo ase asua suban ko a wopɛ sɛ wunya no ho ade. Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ wutumi de afoforo bɔne kyɛ wɔn. Wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ ebinom fii wɔn komam de afoforo bɔne kyɛɛ wɔn, na ebinom nso anyɛ saa. Bɔ mmɔden kenkan wɔn ho asɛm na dwinnwen ho. Momma yɛnhwɛ Yesu. Oyii ne yam de afoforo bɔne kyɛɛ wɔn. (Luka 7:47, 48) Afei nso, wamfa n’adwene ansi wɔn mfomso so; nea wobetumi ayɛ mmom na ɔde n’adwene sii so. Nanso Farisifo a na wɔwɔ Yesu bere so no de, ‘na wɔmfa afoforo nyɛ hwee.’ (Luka 18:9) Sɛ wususuw saa nhwɛso ahorow yi ho wie a, bisa wo ho sɛ: ‘Afoforo suban bɛn na ɛyɛ a mihu? Wɔn suban no mu nea ɛwɔ he na mede m’adwene si so?’ Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wode obi bɔne bɛkyɛ no a, suban pa a ɔwɔ no, bɔ mmɔden kyerɛw dodow biara a wubetumi. Afei bisa wo ho sɛ: ‘Saa onipa yi, sɛn na Yesu hu no? Yesu hwɛ no a, ɔde ne bɔne bɛkyɛ no anaa?’ Yɛyɛ saa a, ebetumi ama yɛasesa adwene a yɛwɔ wɔ onii no ho. Ebia mfiase no, ebehia sɛ yɛyere yɛn ho paa na yɛatumi de obi a wafom yɛn bɔne akyɛ no. Nanso sɛ yɛkɔ so mia yɛn ani a, ebedu baabi no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ.

SUA ADWUMA A MFASO WƆ SO

Ma wɔnkyerɛ wo sɛnea biribi sɛe wɔ Ahenni Asa so a, wosiesie (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 22:29 no a, akwan bɛn so na Yehowa de adwumayɛfo a wɔn adwuma ho twa redi dwuma nnɛ?

7 Botae foforo nso a wubetumi de asi w’ani so ne sɛ wubesua adwuma bi a mfaso wɔ so. Wo de, hwɛ adwumayɛfo paa a yehia na ama yɛatumi asisi Betel adan, Nhyiam Asa, ne Ahenni Asa. Adwumayɛfo yi mu bebree wɔ hɔ a, wɔne anuanom a wɔaben wɔ adwuma no mu boom yɛɛ adwuma, na wosuaa adwuma no fii wɔn nkyɛn. Sɛnea yehu wɔ mfoni no mu no, nneɛma a ɛyɛ a ɛsɛesɛe wɔ Nhyiam Asa ne Ahenni Asa so no, anuanom mmea ne mmarima bi resua sɛnea wosiesie. Yehowa Nyankopɔn, “mmeresanten Hene” no ne Kristo Yesu, “ahemfo mu Hene” no nam saa kwan yi ne akwan foforo so de adwumayɛfo a wɔn adwuma ho twa reyɛ nneɛma akɛseakɛse. (1 Tim. 1:17; 6:15; kenkan Mmebusɛm 22:29.) Yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma. Afei nso, adwuma ho nimdeɛ biara a yɛwɔ no, yɛmpɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn ho anuonyam, mmom yɛpɛ sɛ yɛde hyɛ Yehowa anuonyam.—Yoh. 8:54.

8. Wobɛyɛ dɛn ahu biribi a ehia sɛ wobɔ mu mmɔden?

8 Fa botae pɔtee bi si w’ani so. Biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wobɔ mu mmɔden anaa? Wubetumi abisa w’asafo mu mpanyimfo anaa ebia wo mansin sohwɛfo ma wɔakyerɛ wo biribi a ehia sɛ wobɔ mu mmɔden. Yɛmfa no sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ yere wo ho ma wo kasa ne wo nkyerɛkyerɛ ntu mpɔn. Sɛ wɔka saa a, bisa wɔn ma wɔnkyerɛ wo ɔkasa su pɔtee a ehia sɛ woyɛ ho adwuma. Afei tu anammɔn pɔtee bi a ɛbɛma woanya nkɔso. Wobɛyɛ no sɛn?

9. Sɛ wode biribi asi w’ani so sɛ wubetu mpɔn wom a, wobɛyɛ dɛn adu saa botae no ho?

9 Yere wo ho sɛ wubedu wo botae no ho. Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ wutumi kyerɛkyerɛ yiye. Wubetumi ato wo bo ase asua Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho nhomawa no. Sɛ wɔma wo dwumadi wɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua no mu a, wubetumi ayɛ akyerɛ onua bi a ne ho akokwaw na woatie nea ɔbɛka, ansa na da a wobɛyɛ no adu so. Bɔ mmɔden ma anuanom nhu sɛ, ɛnyɛ sɛ wunim nkyerɛkyerɛ kɛkɛ, na mmom sɛ wɔma wo dwumadi a, wubesiesie wo ho abɛyɛ.—Mmeb. 21:5; 2 Kor. 8:22.

10. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea wubetumi atu mpɔn wɔ biribi mu.

10 Ebia wopɛ sɛ wutu mpɔn wɔ biribi mu, nanso ɛyɛ den ma wo. Sɛ saa a, dɛn na wobɛyɛ? Mma w’abam mmmu! Ná onua bi a ne din de Garry akenkan nyɛ papa. Ɔkyerɛ mu sɛ, bere bi a atwam no, sɛ ɔrekenkan ade wɔ adesua ase na ɔtoto paapaa so a, na n’ani awu. Nanso ɔkɔɔ so miaa n’ani. Seesei ɔka sɛ, ntetee a onyae nti, otumi ma ɔkasa wɔ Ahenni Asa so, ne amansin ne amantam nhyiam ase!

11. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Timoteo na yɛayɛ pii wɔ Yehowa som mu?

11 So Timoteo bɛyɛɛ ɔkasafo a onim nkyerɛkyerɛ yiye anaa? Bible no nka. Nanso ɛda adi sɛ, bere a ɔde Paul afotu no yɛɛ adwuma no, nkakrankakra, otumi yɛɛ dwumadi ahorow a na ɛhyɛ ne nsa no yiye. (2 Tim. 3:10) Yɛn nso, sɛ yɛma yɛn ho kokwaw a, ɛbɛma yɛatumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu.

HWEHWƐ AKWAN A WOBƐFA SO ABOA AFOFORO

12. Mmoa bɛn na woanya afi afoforo hɔ pɛn?

12 Yɛn mu biara nni hɔ a obi mmoaa no da. Sɛ wogye yɛn to ayaresabea, na Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw anaa Ayarefo Nsrahwɛ Akuw no mufo bɛsra yɛn a, yɛn ani gye. Sɛ yɛrehyia ɔhaw bi wɔ yɛn asetenam na ɔpanyin bi a odwen yɛn ho yɛ aso tie yɛn, na ɔkyekye yɛn werɛ a, yɛn ani sɔ. Sɛ yɛrepɛ obi aka yɛn ho na yɛakɔyɛ yɛn Bible adesua bi, na ɔkwampaefo bi a ne ho akokwaw ne yɛn kɔ na ɔma yɛn afotu a ɛbɛma yɛatu mpɔn a, yɛn ani gye. Anuanom yi nyinaa ani gye ho sɛ wɔbɛboa yɛn. Enti yɛn nso, sɛ yɛpɛ sɛ yenya saa anigye no bi a, ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn nuanom. Yesu kaa sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Sɛ wopɛ sɛ wofa saa kwan yi anaa akwan foforo so yɛ pii wɔ Yehowa som mu a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woadu wo botae ho?

13. Sɛ yɛde botae bi resi yɛn ani so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

13 Hwɛ na botae a wode besi w’ani so no, anyɛ nea wunhu ne ti, nhu ne nan. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia wobɛka sɛ, ‘Mepɛ sɛ meyɛ pii wɔ asafo no mu.’ Nanso saa botae yi de, ɛbɛyɛ den sɛ wubehu ɔkwan a wobɛfa so adu ho, na sɛ wudu ho mpo a, wobɛyɛ dɛn ahu? Enti, fa botae pɔtee bi si w’ani so. Botae a wopɛ sɛ wudu ho, ne ɔkwan a wobɛfa so adu ho no, wubetumi mpo akyerɛw ato hɔ.

14. Sɛ yɛde botae resisi yɛn ani so a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa?

14 Afei nso, sɛ yɛde botae resisi yɛn ani so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa. Adɛn ntia? Efisɛ yennim ɔkyena asɛm. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na ɔsomafo Paul aboa ma wɔatew asafo foforo wɔ Tesalonika. Ɛda adi sɛ, na ɔpɛ sɛ ɔkɔ so tena hɔ na ɔboa wɔn a afei ara na na wɔabɛyɛ Kristofo no. Nanso, nea asɔretiafo bi yɛe nti, na ɛsɛ sɛ Paul fi kurow no mu. (Aso. 17:1-5, 10) Sɛ Paul amfi kurow no mu a, anka ɔde anuanom no nkwa bɛto asiane mu. Nanso Paul ampa abaw. Ohui sɛ mmere adane, enti ɛsɛ sɛ ɔno nso dane ne ho. Akyiri yi, ɔsomaa Timoteo kɔɔ Tesalonika sɛ ɔnkɔhyɛ anuanom a afei na na wɔabɛyɛ agyidifo no den. (1 Tes. 3:1-3) Ɛbɛyɛ sɛ anuanom a ɛwɔ Tesalonika no ani gyei paa sɛ, Timoteo penee so sɛ baabi a mmoa ho hia biara, ɔbɛkɔ akɔboa!

15. Sɛ yɛde botae bi asi yɛn ani so a, ɔkwan bɛn so na tebea bi a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye betumi asesa no? Ma ho nhwɛso.

15 Nea ɛtoo Paul wɔ Tesalonika no, yebetumi asua biribi afi mu. Ebia na yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛn nsa bɛka ɔsom hokwan bi. Nanso tebea bi a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye nti, yɛn nsa ntumi nka. (Ɔsɛnk. 9:11) Sɛ worehyia ɔhaw a ɛte saa a, ɛnde fa botae foforo a wubetumi adu ho si w’ani so. Saa na awarefo bi a wɔn din de Ted ne Hiedi yɛe. Esiane yare bi nti, na ɛsɛ sɛ wofi Betel. Nanso ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa nti, wɔhwehwɛɛ akwan foforo a wɔbɛfa so atrɛw wɔn som adwuma mu. Nea edi kan, wɔbɛyɛɛ daa akwampaefo. Akyiri yi, wɔpaw wɔn sɛ akwampaefo titiriw, na wɔtetee Ted ma ɔbɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo nanmusini. Nanso ankyɛ na mfe a amansin so ahwɛfo di a wɔmma wɔnsom bio no sesae. Enti Ted ne Hiedi behui sɛ wɔanyinyin dodo sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma no. Ɛwom sɛ ɛhaw wɔn, nanso wohui sɛ wobetumi asom Yehowa wɔ akwan foforo so. Ted ka sɛ, “Sɛ ɛba ɔsom hokwan a, yɛasua sɛ yɛremfa yɛn ani nhwɛ toa baako mu.”

16. Dɛn na yebetumi asua afi Galatifo 6:4 mu?

16 Ɛnyɛ biribiara a ebesi wɔ yɛn asetena mu no na yɛwɔ so tumi. Ɛno nti, ɛho hia paa sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya adwene sɛ ɔsom hokwan bi a yɛwɔ na ɛma yɛsom bo wɔ Yehowa ani so. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛde ɔsom hokwan a yɛwɔ toto nea afoforo wɔ ho. Hiedi kyerɛ mu sɛ, “Sɛ wode w’asetena toto afoforo de ho a, w’anigye betu ayera.” (Kenkan Galatifo 6:4.) Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa nkurɔfo, na yɛasom Yehowa yiye. *

17. Sɛ worepɛ ɔsom hokwan bi a, dɛn na wubetumi ayɛ?

17 Sɛ wopɛ sɛ wunya ɔsom hokwan bi a, mma w’asetena nnyɛ kyenkyenenn, na nsoa ɛka hunu ngu wo so. Fa botae nketewa a ɛbɛboa wo ma woadu wo botae akɛse ho no sisi w’ani so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ daa kwampaefo a, wubetumi de asi w’ani so sɛ bosome biara wobɛyɛ akwampaefo boafo. Sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ asafo mu somfo a, wubetumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no. Afei nso, wubetumi asrasra ayarefo ne anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ w’asafo mu no. Osuahu a wubenya no betumi ama wo nsa aka ɔsom hokwan bi daakye. Si wo bo sɛ, dwumadi biara a wɔde bɛma wo no, wubefi wo koma nyinaa mu ayɛ.—Rom. 12:11.

Fa botae pɔtee bi a wubetumi adu ho si w’ani so (Hwɛ nkyekyɛm 18) *

18. Dɛn na wubetumi asua afi Beverley hɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)

18 Sɛ yɛanyin sɛ dɛn mpo a, yebetumi de Onyankopɔn som mu botae asisi yɛn ani so, na yɛayere yɛn ho adu ho. Momma yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Beverley a wadi mfe 75 no. Ná yare bi reteetee no paa, enti na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛnantew. Nanso asɛnka adwuma titiriw a yɛyɛ no Nkaedi bere no, na ɔpɛ sɛ ɔyere ne ho yɛ bi. Enti ɔde botae pɔtee bi sisii n’ani so. Botae a Beverley de sisii n’ani so wɔ asɛnka adwuma no mu wɔ Nkaedi bere no mu no, bere a oduu ho no, n’ani gyei paa. Ne mmɔdenbɔ no kanyan afoforo nso ma wɔyeree wɔn ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ tebea bi nti, yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no ntumi nyɛ pii mpo a, Yehowa ani sɔ kakra a wotumi yɛ no.—Dw. 71:17, 18.

19. Honhom fam botae bɛn na yebetumi de asisi yɛn ani so?

19 Fa botae a wubetumi adu ho sisi w’ani so. Yere wo ho nya suban a ɛbɛma Yehowa ani agye wo ho. Sua adwuma anaa biribi a ebetumi ama Onyankopɔn ne n’ahyehyɛde no de wo adi dwuma. Hwehwɛ akwan a wubetumi afa so aboa wo nuanom yiye. * Sɛ wusuasua Timoteo a, Yehowa bɛboa wo ama “nnipa nyinaa ahu wo nkɔso.”—1 Tim. 4:15.

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

^ nky. 5 Ná Timoteo yɛ ɔsɛmpakafo a onim nkyerɛkyerɛ paa. Nanso ɔsomafo Paul hyɛɛ no nkuran sɛ, ɔnkɔ so nnya nkɔanim. Sɛ Timoteo de Paul afotu no yɛ adwuma a, na Yehowa de no bedi dwuma kɛse, na watumi aboa ne nuanom Kristofo no yiye. Wo nso ɛ? Wopɛ sɛ wusuasua Timoteo na woyere wo ho som Yehowa yiye, na woboa wo nuanom Kristofo kɛse anaa? Yegye di sɛ saa na wopɛ sɛ woyɛ. Botae bɛn na wode sisi w’ani so a, ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ saa, na dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi de botae asisi w’ani so, na woayere wo ho adu ho?

^ nky. 16 Hwɛ asɛm a yɛato din “Wubetumi Akɔsom Wɔ Baabi a Wohia Mmoa” no. Ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 10, nky. 6-9.

^ nky. 19 Hwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, adesua a ɛtɔ so 60 a ɛne, “Kɔ So Ara Ma Wo Ne Yehowa Ayɔnkofa No Mu Nyɛ Den” no.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi rekyerɛ anuanom mmea baanu bi ama wɔahu sɛnea biribi sɛe a, wobesiesie. Afei, wɔde nea wɔasua no reyɛ adwuma.

^ nky. 64 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a yare nti ɔrentumi nnantew redi adanse wɔ tɛlefon so, na ɛrekɔ yiye paa. Ɔreto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no ase.