Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 16

Yɛ Nea Wubetumi Nyinaa Ma Yehowa, Na Ɛbɛma W’ani Agye

Yɛ Nea Wubetumi Nyinaa Ma Yehowa, Na Ɛbɛma W’ani Agye

“Ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te.”—GAL. 6:4.

DWOM 37 Yebefi Yɛn Kra Nyinaa Mu Asom Yehowa

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na ɛma yɛn ani gye paa?

 YEHOWA pɛ sɛ yɛn ani gye. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, anigye ka honhom aba no ho. (Gal. 5:22) Esiane sɛ ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye nti, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no, na yɛboa yɛn nuanom wɔ akwan horow so a, ɛma yɛn ani gye paa.—Aso. 20:35.

2-3. (a) Sɛnea Galatifo 6:4 kyerɛ no, nneɛma mmienu bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so anya anigye wɔ Yehowa som mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Sɛnea Galatifo 6:4 kyerɛ no, ɔsomafo Paul kaa nneɛma mmienu bi a ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so anya anigye. (Kenkan.) Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa ama Yehowa. Sɛ nea yebetumi nyinaa na yɛreyɛ ama Yehowa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn ani gye. (Mat. 22:36-38) Nea ɛtɔ so mmienu, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo. Nea yɛn ahoɔden, ntetee a yɛanya, ne yɛn dom akyɛde ma yetumi yɛ biara, ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase. Ade yi, nea yɛwɔ biara ɔno na ɔde maa yɛn. Nanso sɛ ebinom bɔ mmɔden sen yɛn wɔ ɔsom adwuma no fã bi mu a, ɛsɛ sɛ yedi ahurusi sɛ wɔamfa wɔn dom akyɛde no anhyɛ wɔn ho anuonyam anaa wɔamfa anyɛ nea wɔpɛ, na mmom wɔde reyi Yehowa ayɛ. Ɛba saa a, yɛne wɔn rensi akan, na mmom yebesua biribi afi wɔn hɔ.

3 Sɛ yentumi nyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa wɔ yɛn som mu ma enti yɛn abam abu a, adesua yi bɛma yɛahu nea ɛbɛboa yɛn. Afei nso, ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛde bɛyɛ adwuma ne nea yebetumi asua afi afoforo hɔ.

BERE A YƐTE NKA SƐ YENTUMI NYƐ NEA YƐPƐ SƐ YƐYƐ NYINAA

Yɛn nkwa nna nyinaa, sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa a, ɛsɔ Yehowa ani (Hwɛ nkyekyɛm 4-6) *

4. Dɛn na ebetumi ama yɛn abam abu? Ma ho nhwɛso.

4 Yehowa asomfo binom wɔ hɔ a, onyin anaa yare nti, wontumi nyɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ nyinaa. Wei tumi ma wɔn abam bu. Biribi saa na ɛtoo Carol. Bere bi, onyaa hokwan kɔsomee wɔ baabi a adawurubɔfo nnɔɔso. Saa bere no, ɔne nnipa 35 na na esua Bible, na ɔboaa wɔn mu bi ma wohyiraa wɔn ho so bɔɔ asu. Asɛnka adwuma no kɔɔ yiye paa maa Carol! Akyiri yi ɔbɛyaree. Ɛno nti, mpɛn pii no, na ontumi nkɔ baabiara. Carol ka sɛ, “Minim sɛ me yare no nti, mintumi nyɛ pii sɛnea afoforo yɛ no, enti mete nka sɛ me mmɔdenbɔ nsɔ ani. Ɛkaa me nko a anka mitumi yɛ pii, nanso nea ɛwom ne sɛ mintumi nyɛ. Enti ɛyɛ a na m’abam abu.” Carol pɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi nyinaa ma Yehowa, na ɔfata nkamfo paa. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu no ani sɔ nea otumi yɛ no.

5. (a) Sɛ yentumi nyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa ma enti yɛn abam abu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? (b) Sɛ yɛhwɛ mfoni no a, dɛn na onua no akɔ so ayɛ de akyerɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu?

5 Sɛ ɛtɔ da na wuntumi nyɛ nea wopɛ sɛ woyɛ nyinaa ma enti w’abam abu a, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi me hɔ?’ Ɛne sɛ, mprempren, tebea biara a wowom no, wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa. Wo de, susuw wei ho hwɛ: Onuawa bi a wadi mfe 80 abam abu efisɛ nea na otumi yɛ bere a na wadi mfe 40 no, seesei ontumi nyɛ. Ɛwom sɛ ɔreyɛ nea obetumi nyinaa, nanso ɔte nka sɛ ɛnsɔ Yehowa ani. Nanso ɛyɛ nokware saa? Wo de, dwen ho hwɛ. Sɛ onuawa yi yɛɛ nea obetumi nyinaa bere a ɔwɔ mfe 40, na ɔda so ara reyɛ nea obetumi nyinaa seesei a ɔwɔ mfe 80 yi a, ɛkyerɛ sɛ ɔntew ntenae; nea obetumi nyinaa na ɔda so reyɛ no. Sɛ yɛte nka sɛ nea yetumi yɛ no nsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ yɛkae yɛn ho sɛ, Yehowa na ɔkyerɛ nea obi yɛ a, ɛsɔ n’ani. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa a, Yehowa bɛma yɛn ‘amo!’—Fa toto Mateo 25:20-23 ho.

6. Dɛn na yebetumi asua afi Maria hɔ?

6 Sɛ yɛamfa yɛn adwene ansi nea yɛrentumi nyɛ so, na yɛde si nea yebetumi ayɛ so a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛn ani begye. Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Maria. Yare bi a abɔ no nti, ontumi nyɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ nyinaa wɔ asɛnka adwuma no mu. Mfiase no, n’abam bui paa, na ɔtee nka sɛ mfaso biara nni no so. Nanso onuawa bi a ɔwɔ asafo no mu a waka mpa mu ho asɛm besii Maria tirim, na ɔyɛe sɛ ɔbɛboa no. Maria ka sɛ: “Meyɛɛ nhyehyɛe sɛ me ne no bɛfa tɛlefon ne nkrataakyerɛw so ayɛ asɛnka adwuma no. Bere biara a yɛbɛbom ayɛ adwuma no, mɛba fie no, na manya anigye ne akomatɔyam sɛ matumi aboa me nuabea no.” Yɛn nso, sɛ yɛamfa yɛn adwene ansi nea yɛrentumi nyɛ so, na yɛde si nea yebetumi ayɛ so a, yebetumi anya anigye kɛse. Nanso sɛ yetumi yɛ pii, anaa yɛbɔ mmɔden paa wɔ Yehowa som no fã bi mu nso ɛ?

WOWƆ AKYƐDE BI A, ‘FA SOM’!

7. Afotu pa bɛn na ɔsomafo Petro de maa Kristofo?

7 Ɔsomafo Petro krataa a odii kan kyerɛwee no mu no, ɔhyɛɛ ne nuanom nkuran sɛ akyɛde anaa ɔdom akyɛde biara a wɔwɔ no, wɔmfa nhyɛ wɔn mfɛfo gyidifo den. Petro kyerɛwee sɛ: “Akyɛde a obiara nsa aka no, ɔmfa nsom ne yɔnko sɛ ofiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde . . . ahyɛ ne nsa.” (1 Pet. 4:10) Ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ, ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ no, sɛ yɛde di dwuma a, afoforo ani bɛbere yɛn anaa wɔn abam bebu enti yɛbɛka ahyɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nea yebetumi nyinaa na yɛreyɛ ama Yehowa.

8. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 4:6, 7 a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn dom akyɛde hoahoa yɛn ho?

8 Ɛsɛ sɛ yɛde ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ di dwuma, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa anhoahoa yɛn ho. (Kenkan 1 Korintofo 4:6, 7.) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ɛnyɛ den koraa mma wo sɛ wubefi Bible adesua ase. Sɛ saa a, ɛnsɛ sɛ wotwentwɛn wo nan ase koraa sɛ wode saa ɔdom akyɛde no bedi dwuma! Nanso ɛsono sɛ wode ɔdom akyɛde no redi dwuma, ɛnna ɛsono sɛ wode rehoahoa wo ho. Yɛmfa no sɛ wunyaa osuahu bi a ɛhyɛ nkuran wɔ asɛnka mu nnansa yi ara, na ɛma wutumi fii Bible adesua ase. Wo ho pere wo sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ w’asɛnka kuw mufo. Nanso, bere a wo ne wo kuw no mufo hyiae no, onuawa bi fii ase kaa sɛnea otumi de nsɛmma nhoma maa obi ho asɛm. Ɔno maa nsɛmma nhoma, ɛnna wufii Bible adesua ase. Dɛn na wobɛyɛ? Wunim sɛ wo suahu no bɛhyɛ kuw no mufo nkuran, nanso ebia wobɛyɛ w’adwene sɛ wobɛtwɛn na woaka no bere foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensɛe onuawa a ɔmaa nsɛmma nhoma no anigye. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wudwen wo nua no ho. Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ wohwehwɛ Bible adesua foforo; kɔ so ara hwehwɛ. Wowɔ ɔdom akyɛde, enti fa som!

9. Ɔdom akyɛde a yɛwɔ no, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma?

9 Momma yɛnkae sɛ, ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ no fi Onyankopɔn hɔ. Ɛsɛ sɛ yɛde saa akyɛde no hyɛ asafo no den, na ɛnsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn ho anuonyam. (Filip. 2:3) Sɛ yɛde yɛn ahoɔden ne yɛn dom akyɛde yɛ Onyankopɔn apɛde a, ɛbɛma yɛanya biribi agyina so adi ahurusi. Ɛnyɛ sɛ yɛde nea yɛreyɛ no rekyerɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sen afoforo anaa yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛsen wɔn, na mmom ɔdom akyɛde a yɛwɔ no na yɛpɛ sɛ yɛde yi Yehowa ayɛ.

10. Adɛn nti na ntease nnim sɛ yɛde yɛn ho bɛtoto afoforo?

10 Sɛ obi anhwɛ yiye a, ɔde ne mmɔdenbɔ bɛtoto obi mmerɛwyɛ ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia onua bi nim ɔkasa ma paa. Ɛno yɛ biribi a ɔbɔ mu mmɔden. Nanso, onua bi a onnim kasa ma te sɛ ɔno no, anhwɛ a obebu no animtiaa wɔ ne komam. Nanso ebia na onua no bɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden, otumi tete ne mma, anaa ɔyere ne ho yɛ asɛnka adwuma no. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛwɔ anuanom bebree a wɔde wɔn dom akyɛde resom Yehowa ne afoforo!

SUA BIRIBI FI AFOFORO HƆ

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Yesu?

11 Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn ho antoto afoforo, nanso yebetumi asua biribi afi Yehowa asomfo anokwafo hɔ. Momma yɛmfa Yesu nyɛ nhwɛso. Ɛwom sɛ na bɔne nni ne ho, nanso yebetumi asuasua ne su a ɛyɛ fɛ ne nneɛma pa a ɔyɛe no. (1 Pet. 2:21) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara di Yesu nhwɛso akyi pɛɛ a, ɛma yetumi som Yehowa yiye, na ɛma yetumi yɛ asɛnka adwuma no nso yiye.

12-13. Dɛn na yebetumi asua afi Ɔhene Dawid hɔ?

12 Yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm mu a, yebehu mmarima ne mmea anokwafo bebree a yebetumi asuasua wɔn, ɛmfa ho sɛ na sintɔ wɔ wɔn ho no. (Heb. 6:12) Yɛnhwɛ Ɔhene Dawid a Yehowa kaa ne ho asɛm sɛ “ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ nea me koma pɛ” no. Bible nkyerɛase foforo ka no sɛ “onipa a ɔyɛ nea ɛsɔ m’ani paa.” (Aso. 13:22) Nanso na sintɔ wɔ Dawid ho. Nokwasɛm ne sɛ, odii mfomso akɛse bi. Ne nyinaa mu no, yebetumi asuasua nneɛma pa a ɔyɛe no. Adɛn ntia? Efisɛ bere a wɔteɛɛ no so no, wamfa nsɛm anyiyi ne ho ano. Mmom, nteɛso a wɔde maa no no, ogye toom, na ofii ne komam nuu ne ho. Ɛno nti, Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no.—Dw. 51:3, 4, 10-12.

13 Yebetumi asuasua Dawid na yɛabisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ wotu me fo a, meyɛ m’ade sɛn? Ɛyɛ a migye me mfomso tom ntɛm ara, anaa ɛyɛ a mede nsɛm yiyi me ho ano? Ɛreyɛ ara ni na maprɛw asodi no ato afoforo so anaa? Meyɛ nea metumi nyinaa sɛ merensan nni mfomso koro no ara bio?’ Sɛ worekenkan mmarima ne mmea anokwafo afoforo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a, wubetumi abisa wo ho nsɛm a ɛtete saa. Wohyiaa ɔhaw a worehyia no bi anaa? Suban pa bɛn na wɔdaa no adi? Wɔn mu biara a wobɛkan ne ho asɛm no, bisa wo ho sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn ayɛ m’ade te sɛ Yehowa somfo nokwafo yi?’

14. Sɛ yɛhwɛ nea yɛn nuanom afoforo reyɛ na yesua biribi fi mu a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

14 Afei nso, sɛ yɛhwɛ nea yɛn nuanom mmofra ne mpanyin nyinaa reyɛ na yesua biribi fi wɔn hɔ a, ɛbɛboa yɛn. Obi wɔ w’asafo mu a ɔde animia regyina sɔhwɛ bi ano anaa? Ebia ɛyɛ atipɛnfo nhyɛso, abusuafo na ɛresɔre tia no, anaa yare bi na ɛreteetee no. Wuhu suban pa bi a onii no reda no adi a wubetumi asuasua? Sɛ wohwɛ ne nhwɛso pa no a, ebia wubehu nneɛma pɔtee bi a wubetumi ayɛ de agyina wo sɔhwɛ no ano. Yɛda Yehowa ase paa sɛ yɛwɔ anuanom a wɔyɛ nhwɛso pa saa a yebetumi asuasua wɔn gyidi.—Heb. 13:7; Yak. 1:2, 3.

MA W’ANI NNYE WƆ YEHOWA SOM MU

15. Afotu bɛn na ɔsomafo Paul de mae a ebetumi ama yɛn ani akɔ so agye wɔ Yehowa som mu?

15 Nea ɛbɛyɛ na asomdwoe ne baakoyɛ akɔ so atena asafo no mu no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ nea obetumi nyinaa de som Yehowa. Momma yɛnhwɛ Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no. Ná obiara wɔ ne dom akyɛde ne adwuma a ɛhyɛ ne nsa. (1 Kor. 12:4, 7-11) Nanso wei amfa akansi ne mpaapaemu amma wɔn mu. Mmom, Paul hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔn mu biara nyɛ nea ehia “na wɔde ahyɛ Kristo nipadua no den.” Paul kyerɛw kɔmaa Efesofo no sɛ: “Sɛ kwaa biara yɛ n’adwuma yiye a, ɛma nipadua no nyin, na ɛyɛ den wɔ ɔdɔ mu.” (Efe. 4:1-3, 11, 12, 16) Wɔn a wɔde saa afotu no yɛɛ adwuma no maa asomdwoe ne baakoyɛ tenaa asafo no mu. Saa su no ara bi na yehu wɔ nsafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? (Hebrifo 6:10)

16 Si wo bo sɛ woremfa wo ho ntoto afoforo. Mmom, yere wo ho suasua Yesu suban ne nneɛma pa a ɔyɛe no. Anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ne anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no, suasua wɔn gyidi. Sɛ wokɔ so yɛ nea wubetumi nyinaa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ‘nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi w’adwuma.’ (Kenkan Hebrifo 6:10.) Ma w’ani nkɔ so nnye wɔ Yehowa som mu, na hu sɛ n’ani sɔ nea wufi wo kra nyinaa mu yɛ no.

DWOM 65 Kɔ W’anim!

^ nky. 5 Yɛn nyinaa betumi ahwɛ nea afoforo yɛ asua biribi afi wɔn hɔ. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye. Sɛ yɛde nea yetumi yɛ toto nea afoforo tumi yɛ ho a, ebetumi ama yɛayɛ ahantan anaa ebetumi ama yɛn abam abu. Ɛba saa a, ɛbɛsɛe yɛn anigye. Enti adesua yi bɛboa yɛn na biribi a ɛte saa anto yɛn.

^ nky. 49 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi yɛ aberante no, ɔsomee wɔ Betel. Akyiri yi, ɔwaree na ɔne ne yere boom yɛɛ akwampae adwuma. Bere a wɔwoe no, ɔtetee ne mma no wɔ asɛnka adwuma no mu. Seesei ne mfe akɔ anim, nanso ɔnam nkrataakyerɛw so di adanse de yɛ nea obetumi nyinaa.