Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 25

Yehowa Hyira Wɔn a Wɔde Bɔne Kyɛ

Yehowa Hyira Wɔn a Wɔde Bɔne Kyɛ

“Sɛnea Yehowa ayi ne yam de akyɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—KOL. 3:13.

DWOM 130 Fa Bɔne Kyɛ

NEA YƐREBESUA *

1. Awerɛkyekyesɛm bɛn na Yehowa de ma abɔnefo a wɔanu wɔn ho?

 ƐWOM sɛ Yehowa yɛ yɛn Bɔfo, yɛn Mmarahyɛfo ne yɛn Temmufo, nanso ɔsan yɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn. (Dw. 100:3; Yes. 33:22) Sɛ yɛyɛ no bɔne, na yefi yɛn komam nu yɛn ho a, wayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ yɛn, efisɛ ɔno na ɔwɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ. (Dw. 86:5) Yehowa nam odiyifo Yesaia so kaa saa awerɛkyekyesɛm yi: “Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.”—Yes. 1:18.

2. Sɛ yɛpɛ sɛ asomdwoe tena yɛne afoforo ntam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

2 Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn nyinaa ho nti, yetumi ka nsɛm anaa yɛyɛ biribi ma ɛhaw afoforo. (Yak. 3:2) Nanso, wei nkyerɛ sɛ yɛrentumi ne afoforo ntena asomdwoe mu. Sɛ yetumi de afoforo mfomso kyɛ wɔn a, yebetumi ne wɔn atena asomdwoe mu. (Mmeb. 17:9; 19:11; Mat. 18:21, 22) Sɛ obi yɛ biribi a ɛnhyɛ da nhaw adwene tia yɛn a, Yehowa pɛ sɛ yɛde kyɛ ɔyaa ko no. (Kol. 3:13) Adɛn ntia? Ade yi, Yehowa yi ne yam de kyɛ yɛn ‘ma ɛboro so.’—Yes. 55:7.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, yebehu sɛ, ɛmfa ho sɛ sintɔ wɔ yɛn ho no, yebetumi asuasua Yehowa na yɛde afoforo bɔne akyɛ wɔn. Bɔne bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ asafo mu mpanyimfo? Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yɛde afoforo mfomso kyɛ wɔn? Afei, yɛn nuanom Kristofo a afoforo bɔne ama wɔahu amane paa no nso, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

BERE A KRISTONI BI AYƐ BƆNE A ƐSÕ

4. (a) Sɛ Yehowa somfo bi yɛ bɔne a ɛsõ a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? (b) Sɛ obi yɛ bɔne na mpanyimfo no hyia no a, wɔn adwuma ne sɛn?

4 Sɛ obi yɛ bɔne a ɛsõ a, ɛsɛ sɛ ɔma asafo mu mpanyimfo aso te. Saa bɔne no bi na ɛwɔ 1 Korintofo 6:9, 10 no. Sɛ obi yɛ bɔne a ɛsõ a, ɛkyerɛ sɛ wabu Onyankopɔn mmara so paa. Sɛ Kristoni bi yɛ bɔne a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae, na ɔde kɔto asafo mu mpanyimfo nso anim. (Dw. 32:5; Yak. 5:14) Mpanyimfo no adwuma ne sɛn? Yehowa nko ara na ɔwɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ korakora, na ɔnam agyede afɔre no so na ɛyɛ saa. * Nanso, Yehowa ama asafo mu mpanyimfo no adwuma bi. Ɛne sɛ, wonnyina Kyerɛwnsɛm no so nhwɛ sɛ ɛfata sɛ ɔbɔnefo no kɔ so tena asafo no mu anaa. (1 Kor. 5:12) Nneɛma a wɔhwɛ no, baako ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden anya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Onii no boapa na ɔyɛɛ bɔne no? Ɔhyɛɛ da bɔɔ ne tirim pɔw na ɔkɔyɛɛ bɔne no anaa? Ɔyɛɛ bɔne no kyɛe? Nea ehia paa no, adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ onii no afi ne komam anu ne ho? Wohwɛ a, biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa de ne bɔne no akyɛ no?—Aso. 3:19.

5. Adwuma a mpanyimfo no yɛ no, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

5 Sɛ mpanyimfo no hyia ɔbɔnefo no a, wɔn botae ne sɛ gyinae a wobesi no, ɛne nea Onyankopɔn adi kan asi wɔ soro no behyia. (Mat. 18:18) Sɛn na saa nhyehyɛe yi boa asafo no? Ɛboa ma woyi abɔnefo a wonnu wɔn ho fi asafo no mu, efisɛ wobetumi ahaw Onyankopɔn nguan a wɔsom bo ma no no. (1 Kor. 5:6, 7, 11-13; Tito 3:10, 11) Ebetumi nso aboa ɔbɔnefo no ma wasakra, na Yehowa de ne bɔne akyɛ no. (Luka 5:32) Sɛ ɔbɔnefo bi nu ne ho a, mpanyimfo no bɔ mpae ma no, na wɔsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma ɔnsan nnyina ne nan so bio.—Yak. 5:15.

6. Sɛ wotu obi fi asafo no mu a, Yehowa betumi de ne bɔne akyɛ no anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Yɛmfa no sɛ bere a mpanyimfo ne ɔbɔnefo bi hyiae no, wannu ne ho. Ɛba saa a, wobetu no afi asafo no mu. Sɛ obuu aban mmara bi so a, mpanyimfo no rentwitwa nnye no. Yehowa ama aban ahorow no kwan sɛ, obiara a obebu wɔn mmara so no, sɛ onu ne ho oo, wannu ne ho oo, wobetumi abu no atɛn na wɔatwe n’aso. (Rom. 13:4) Nanso akyiri yi, sɛ ɔyaa ko no ani ba ne ho so, ohu sɛ nea wayɛ no nyɛ, na ofi ne komam sakra n’adwene na ɔsesa ne suban a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no. (Luka 15:17-24) Sɛ onipa ko no bɔne sõ sɛ dɛn mpo a, Yehowa betumi de akyɛ no.—2 Be. 33:9, 12, 13; 1 Tim. 1:15.

7. Sɛ Bible ka sɛ yɛmfa obi a wayɛ bɔne atia yɛn bɔne nkyɛ no a, dɛn na ɛkyerɛ?

7 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛahu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa de bɛkyɛ no anaa ɔremfa nkyɛ no! Nanso biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛyɛ dɛn? Ɛtɔ da a, obi tumi yɛ yɛn bɔne, wobɛhwɛ mpo no, na bɔne no sõ paa. Nanso ebia ɔbɛpa yɛn kyɛw na wasrɛ sɛ yɛmfa nkyɛ no. Ɛtɔ da nso a, wobɛhwɛ na watwii n’ani. Ne nyinaa mu no, yebetumi de akyɛ no, kyerɛ sɛ yɛrennya ne ho menasepɔw anaa yɛremfa ne ho abufuw nhyɛ yɛn mu. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnna fam sɛ yɛbɛyɛ wei. Ebia ebegye bere ne mmɔdenbɔ ansa na yɛatumi de akyɛ onii no, ɛnkanka sɛ nea ɔyɛe no haw yɛn paa a. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa September 15, 1994 no ka sɛ: “Sɛ wode ɔbɔnefo bi bɔne firi no a, eyi nkyerɛ sɛ woreboa bɔne no. Wɔ Kristoni fam no, bɔne fafiri kyerɛ ahotoso mu a ofi gyaw asɛm no ma Yehowa. Ɔne amansan nyinaa Temmufo a ɔteɛ no, na obebu atɛntrenee wɔ bere a ɛsɛ mu.” Adɛn nti na Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa bɔne nkyɛ, na yennya ne mu awerɛhyem sɛ obebu atɛntrenee?

NEA ENTI A YEHOWA HYƐ YƐN NKURAN SƐ YƐMFA BƆNE NKYƐ

8. Sɛ yɛde bɔne kyɛ a, adɛn nti na ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa mmɔborɔhunu?

8 Sɛ yɛde bɔne kyɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa mmɔborɔhunu. Mfatoho bi a Yesu mae mu no, ɔde Yehowa totoo owura bi ho. Ná owura no akoa bi de no ka kɛse bi a ɔtwe ne mu tann a ɔrentumi ntua, enti owura no de kyɛɛ no. Nanso saa akoa yi a ne wura huu no mmɔbɔ no, ɔno de, ne yɔnko akoa bi a ɔde no ka ketewa bi no, wanhu no mmɔbɔ. (Mat. 18:23-35) Dɛn na na Yesu pɛ sɛ yehu? Sɛ yɛn ani sɔ mmɔborɔhunu kɛse a Yehowa ayi no adi akyerɛ yɛn no a, ɛbɛka yɛn ma yɛde afoforo bɔne akyɛ wɔn. (Dw. 103:9) Mfe pii a atwam no, Ɔwɛn-Aban no kaa no sei: “Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn mpɛn dodow sɛn mpo a, ɛrennu sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn na ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn no da.”

9. Henanom na Yehowa hu wɔn mmɔbɔ? (Mateo 6:14, 15)

9 Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, Yehowa nso de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Wɔn a wohu afoforo mmɔbɔ no, Yehowa nso hu wɔn mmɔbɔ. (Mat. 5:7; Yak. 2:13) Yesu kaa wei ho asɛm pefee bere a ɔrekyerɛ n’asuafo sɛnea wɔbɛbɔ mpae no. (Kenkan Mateo 6:14, 15.) Sɛ yɛhwɛ asɛm bi a Yehowa ka kyerɛɛ ne somfo Hiob a, yenya asuade koro no ara. Mmarima mmiɛnsa bi a wɔn din de Elifas, Bildad ne Sofar kasa tiaa saa ɔbarima nokwafo yi yayaayaw ma ɛhaw no paa. Yehowa ka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔmmɔ mpae mma wɔn. Hiob bɔɔ mpae maa wɔn akyi no na Yehowa hyiraa no.—Hiob 42:8-10.

10. Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ɔkwan bɛn so na epira yɛn? (Efesofo 4:31, 32)

10 Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu a, epira yɛn. Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ɛte sɛ nea yɛso adesoa a emu yɛ duru. Yehowa pɛ sɛ ɔsoɛ yɛn ma yɛn kɔn mu dwo yɛn. (Kenkan Efesofo 4:31, 32.) Otu yɛn fo sɛ, “mma abufuw nnhyɛ wo so, na mma abufuhyew kwan.” (Dw. 37:8) Nyansa wom sɛ yɛde saa afotu no bɛyɛ adwuma. Sɛ yɛde afoforo ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ebetumi abɔ yɛn yare, na ebetumi nso ama yɛanya adwenemhaw. (Mmeb. 14:30) Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu, na yɛhwɛ kwan sɛ onii no na ɔbɛbrɛ a, na akɔyɛ te sɛ koterɛ rewe ne mako na ɔhwɛ kwan sɛ aponkyerɛne bɛte ho fifiri. Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ yiye? Enti sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, yɛn ara na ɛboa yɛn. (Mmeb. 11:17) Ɛma yenya asomdwoe ne akomatɔyam, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so som Yehowa.

11. Bɔne a yɛde tua bɔne so ka no, dɛn na Bible ka fa ho? (Romafo 12:19-21)

11 Yehowa na otua bɔne so ka. Yehowa mmaa yɛn kwan sɛ, sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, yentua no so ka. (Kenkan Romafo 12:19-21.) Esiane sɛ sintɔ wɔ yɛn ho nti, nea ɛwom ara ne sɛ, yɛrentumi nhu asɛm bi ani so yiye mmu atɛn sɛnea Onyankopɔn bɛyɛ no. (Heb. 4:13) Afei nso, ɛtɔ da a, yegyina sɛnea yɛte nka so na ebu atɛn. Wei ma ɛyɛ den sɛ yebebu atɛntrenee. Yehowa nam Yakobo so kaa sɛ: “Onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.” (Yak. 1:20) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Yehowa bɛyɛ nea ɛteɛ, na sɛ ɛkyɛ kyɛ sɛ dɛn mpo a, ɔbɛhwɛ ama atɛntrenee ayɛ adwuma.

Yi abufuw ne yawdi biara fi wo mu. Gyaw biribiara ma Onyankopɔn. Ɔhaw biara a bɔne akɔfa aba no, obeyi afi hɔ (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ obebu atɛntrenee?

12 Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ obebu atɛntrenee. Sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ asɛm biara mu no, Yehowa bebu atɛntrenee a, ɛkyerɛ sɛ, ɔhaw biara a bɔne akɔfa aba no, yegye di sɛ obeyi afi hɔ. Wiase foforo a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no mu no, ɛyaw biara a yɛafa mu no, ‘yɛrenkae na ɛremma komam bio.’ (Yes. 65:17) Nanso yemmisa sɛ, sɛ bɔne a onii no yɛɛ yɛn no ahaw yɛn paa a, ne ho abufuw anaa yawdi biara a ebia ɛwɔ yɛn komam no, yebetumi ayi afi hɔ anaa? Momma yɛnhwɛ nea ebinom atumi ayɛ.

NHYIRA A BƆNEFAKYƐ DE BA

13-14. Bɔnefakyɛ ho ade bɛn na wusua fii Tony ne José suahu no mu?

13 Yɛn nuanom Kristofo bebree wɔ hɔ a, ebinom yɛɛ ade ma ɛyɛɛ wɔn yaw paa, nanso wɔayi wɔn yam de akyɛ wɔn. Wɔyɛɛ saa no, nhyira bɛn na wɔanya?

14 Tony * te Philippines. Mfe pii ansa na ɔrebehu nokware no, ne nua mmarima a wɔn ani afi sen no no, obi kum wɔn mu baako, na obehui sɛ ɔbarima bi a ne din de José na ɔyɛɛ saa. Saa bere no, na Tony ani so yɛ krakra, na sɛ woka no a, ɔremfa wo ho nkyɛ wo. Enti na ɔpɛ sɛ ɔyɛ José bi tua ka. Bɔne a José yɛe nti, wɔde no kɔtoo afiase. Akyiri yi, bere a woyii José fii afiase no, Tony bɔɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛhwehwɛ no akum no. José nti, Tony kɔtɔɔ tuo. Emu hɔ ara na Tony fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Ɔka sɛ: “Bere a meresua Bible no, mihui sɛ, ɛsɛ sɛ mesesa m’akwan; ebi ne sɛ, na ɛsɛ sɛ miyi abufuw fi me mu.” Bere bi akyi no, Tony bɔɔ asu, na nkakrankakra ɔbɛyɛɛ asafo mu panyin. Bere a ɔtee sɛ José nso abɔ asu abɛyɛ Yehowa somfo no, hwɛ sɛnea ne ho dwiriw no fae! Bere a Tony ne José hyiae anim ne anim no, wɔde anigye yɛɛ wɔn ho atuu, na Tony ka kyerɛɛ José sɛ ɔde ne bɔne akyɛ no. Tony ka sɛ, ɔde José bɔne kyɛɛ no no, anigye bi a onyae de, onhu sɛnea ɔbɛkyerɛkyerɛ mu mpo. Anokwa, esiane sɛ Tony yii ne yam de José bɔne kyɛɛ no nti, Yehowa hyiraa no.

Peter ne Sue suahu no ma yehu sɛ yebetumi ayi abufuw ne yawdi biara afi yɛn mu (Hwɛ nkyekyɛm 15-16)

15-16. Bɔnefakyɛ ho ade bɛn na wusua fii Peter ne Sue suahu no mu?

15 Afe 1985 no, na Peter ne Sue wɔ adesua ase, prɛko pɛ na topae bi a ano yɛ den paee wɔ Ahenni Asa so hɔ. Ɔbarima bi na ɔde topae no kɔhyɛɛ Ahenni Asa so hɔ! Sue pirae paa, na ɛsɛee n’ani ne n’aso. Ná ɔnte ade hua nso. * Ná Peter ne Sue taa bisa wɔn ho sɛ, ‘Onipa bɛn koraa na odii saa awurukasɛm yi?’ Mfe pii akyi no, ɔbarima a ɔnyɛ Yehowa Danseni a ɔde topae no kɔhyɛɛ Ahenni Asa so hɔ no, wɔkyeree no, na wɔde no kɔtoo afiase ne nkwa nna nyinaa. Bere a wobisaa Peter ne Sue sɛ wɔde saa ɔbarima no bɔne akyɛ no anaa no, wɔkaa sɛ: “Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn sɛ, sɛ yɛde obi ho abufuw hyɛ yɛn mu na yenya ne ho menasepɔw a, ebetumi abɔ yɛn yare, ebetumi ama yɛadi awerɛhow, na ebetumi ama yɛanya adwenemhaw mpo. Enti, asɛm no sii ara pɛ na yɛsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn ma yenyi abufuw ne yawdi biara mfi yɛn mu, na yɛnhwɛ so mmɔ yɛn bra.”

16 Wohwɛ a, na ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wobeyi yawdi no afi wɔn mu na wɔde ɔbarima no bɔne akyɛ no anaa? Ɛnyɛ bere nyinaa na na ɛyɛ mmerɛw. Wɔtoa so sɛ: “Ɛwom ara na sɛ Sue pira no kɔfa nsunsuanso bɔne bi ba a, na ama yɛn bo afuw. Nanso yɛmfa nhyɛ yɛn mu, enti ɛnkyɛ na afi yɛn mu. Yebetumi afi yɛn komam aka sɛ, sɛ daakye ɔbarima a odii saa awurukasɛm no behu nokware no a, yɛbɛyɛ no awaawaa atuu. Saa osuahu yi ama yɛahu sɛ, sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ɛma yɛn ho dwo yɛn paa; sɛnea ɛma yɛn ho tɔ yɛn no, yɛrentumi mfa yɛn adwene mpo mmu! Afei nso, nim a yenim sɛ ɛrenkyɛ Yehowa beyi ɔhaw biara afi hɔ no kyekye yɛn werɛ paa.”

17. Bɔnefakyɛ ho ade bɛn na wusua fii Myra suahu no mu?

17 Myra huu nokware no, na waware awo mma mmienu dedaw. Ná ne mma no susua. Ne kunu de, wammegye nokware no. Bere bi akyi no, ɔsɛee aware, na oguan gyaw n’abusua no hɔ. Myra ka sɛ: “Bere a me kunu guan gyaw me ne mmofra no, metee nka sɛ obi a medɔ no paa ayi me ama. Me ho dwiriw me, mannye anni, midii awerɛhow, ɛhyee me paa, ɛyɛɛ me sɛ nea asi no fi me, na me bo fuwii.” Ɛwom sɛ aware no gui de, nanso nea ne kunu yɛe no ho yawdi no de, amfi hɔ. Myra toa so sɛ: “Sɛnea na mete nka no teetee me abosome bebree, na mihui sɛ na ɛresɛe me ne Yehowa ne afoforo ntam.” Seesei Myra ka sɛ wayi ne kunu dedaw no ho abufuw ne yawdi biara afi ne mu. Ɔhwɛ kwan sɛ daakye ɔbɛba abɛsom Yehowa. Myra nhwɛ n’akyi bio; n’anim ara na ɔrekɔ. Ɔyɛ ɔbaatankoro a watete ne mma mmienu no ma wɔabɛsom Yehowa. Ɛnnɛ, Myra ani agye sɛ ɔne ne mma no ne wɔn mmusua nyinaa resom Yehowa.

YEHOWA BU ATƐNTRENEE BERE NYINAA

18. Dɛn na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa, Ɔtemmufo Pumpuni no bɛyɛ?

18 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛahu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa de bɛkyɛ no anaa ɔremfa nkyɛ no! Esiane sɛ Yehowa na ɔyɛ Ɔtemmufo Pumpuni nti, ɔno na ɔbɛyɛ saa adwuma no. (Rom. 14:10-12) Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ obebu atɛntrenee bere nyinaa, efisɛ ɔno na ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne. (Gen. 18:25; 1 Ahe. 8:32) Ɔrenyɛ nea ɛnteɛ da!

19. Esiane sɛ Yehowa bu atɛntrenee bere nyinaa nti, dɛn na ɔbɛyɛ?

19 Nsunsuanso bɔne a sintɔ ne bɔne de aba no, yɛrehwɛ kwan denneennen sɛ bere bɛso ama Yehowa ayi ne nyinaa afi hɔ. Saa bere no, yare, dɛmdi ne adwenemhaw biara befi hɔ koraa. (Dw. 72:12-14; Adi. 21:3, 4) Yɛrenkae bio. Bere a yɛretwɛn mmere pa a ɛda yɛn anim no, yɛda Yehowa ase paa sɛ waboa yɛn ama yetumi suasua no, na yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn.

DWOM 18 Agyede no Som Bo Ma Yɛn

^ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn. Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, yɛpɛ sɛ yesuasua Yehowa na yɛde onii no bɔne kyɛ no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ bɔne a sɛ obi yɛ yɛn a yebetumi de akyɛ no, ne nea ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ asafo mu mpanyimfo. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea enti a Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara de ne yɔnko bɔne kyɛ no. Ɛno akyi, yɛbɛhwɛ nhyira a yebenya bere a yɛayɛ saa no.

^ Hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa April 15, 1996, “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” no.

^ Wɔasesa edin no bi.

^ Hwɛ May 8, 1992, Nyan! kr. 9-13 no. JW Broadcasting® so video a yɛato din Onua ne Onuawa Schulz: Yebetumi Adi Akomatu So no, hwɛ ɛno nso.