Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 30

Tete Nkɔmhyɛ Bi a Ɛfa Wo Ho

Tete Nkɔmhyɛ Bi a Ɛfa Wo Ho

“Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam.”—GEN. 3:15.

DWOM 15 Kamfo Yehowa Abakan No!

NEA YƐREBESUA a

1. Adam ne Hawa yɛɛ bɔne akyi pɛɛ no, dɛn na Yehowa yɛe? (Genesis 3:15)

 ADAM ne Hawa yɛɛ bɔne akyi pɛɛ no, Yehowa hyɛɛ nkɔm titiriw bi, na ɛmaa wɔn asefo nyaa anidaso. Saa nkɔmhyɛ no wɔ Genesis 3:15.—Kenkan.

2. Dɛn na ɛma saa nkɔmhyɛ no yɛ soronko?

2 Saa nkɔmhyɛ no wɔ Bible nhoma a edi kan no mu. Nanso ɔkwan bi so no, emu nsɛm no nenam Bible nhoma aka no nyinaa mu. Sɛ wohwɛ nhoma bi nkyɛnmu a, wubehu sɛ biribi wɔ hɔ a esuso nkratafa no mu. Ɛno na ɛka nkratafa no nyinaa bom ma ɛyɛ nhoma baako. Saa ara na asɛm a ɛwɔ Genesis 3:15 no nso te; ɛka Bible nhoma biara mu nsɛm bom ma ɛyɛ asɛntitiriw baako. Ɛne sɛ, Onyankopɔn bɛsoma Ogyefo bi ma wabɛsɛe Ɔbonsam ne n’akyitaafo atirimɔdenfo no nyinaa. b Wei bɛma wɔn a wɔdɔ Yehowa no ho adwo wɔn fɔmm!

3. Dɛn na yɛbɛpɛnsɛpɛnsɛ mu wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, yebenya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae. Ɛfa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no ho: Henanom na nkɔmhyɛ no ka wɔn ho asɛm? Sɛn na nkɔmhyɛ no aba mu? Na sɛn na ɛreboa yɛn?

HENANOM NA NKƆMHYƐ NO KA WƆN HO ASƐM?

4. Hena ne “ɔwɔ no,” na yɛyɛ dɛn hu saa?

4 Wɔn a Genesis 3:14, 15 ka wɔn ho asɛm no ne, “ɔwɔ” bi, ɔwɔ no ‘aseni,’ “ɔbea” bi ne ɔbea no ‘aseni.’ Bible ma yehu nea wɔn mu biara gyina hɔ ma. c Momma yenni kan nhwɛ nea “ɔwɔ no” gyina hɔ ma. Sɛ ɔwɔ no yɛ ɔwɔ ankasa a, anka ɔrentumi nte asɛm a Yehowa kaa wɔ Eden turom hɔ no ase. Enti, ɛbɛyɛ sɛ onii a na Yehowa rebu no atɛn no, na ɔyɛ abɔde a onim nyansa. Ɛyɛ hena? Adiyisɛm 12:9 ma yehu onii no. Asɛm a ɛwɔ hɔ no ma yehu no pefee sɛ “ɔwɔ dedaw no” gyina hɔ ma Satan Ɔbonsam. Ɛnde, henanom na egyina hɔ ma ɔwɔ no aseni no?

ƆWƆ NO

Satan Ɔbonsam a Adiyisɛm 12:9 frɛ no “ɔwɔ dedaw no” (Hwɛ nkyekyɛm 4)

5. Henanom na egyina hɔ ma ɔwɔ no aseni no?

5 Ɛtɔ da a Bible de asɛmfua aseni di dwuma de kyerɛ wɔn a wotumi suasua obi ara ma wuhu wɔn a wobɛka sɛ, wei de, papa asomasi mma ni. Enti, ɔwɔ no aseni no gyina hɔ ma abɔfo ne nnipa a wosuasua Satan na wɔsɔre tia Yehowa Nyankopɔn ne ne nkurɔfo. Abɔfo a wogyaw wɔn adwuma hɔ wɔ soro baa asaase so wɔ Noa bere so, ɛne nnipa abɔnefo a wɔyɛ wɔn ade te sɛ wɔn papa Ɔbonsam no nyinaa ka ho.—Gen. 6:1, 2; Yoh. 8:44; 1 Yoh. 5:19; Yuda 6.

ƆWƆ NO ASENI

Abɔfo bɔne ne nnipa a wɔsɔre tia Yehowa Nyankopɔn ne ne nkurɔfo (Hwɛ nkyekyɛm 5)

6. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ “ɔbea no” nyɛ Hawa?

6 Afei, momma yɛnhwɛ nea “ɔbea no” gyina hɔ ma. Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ ɔbea no gyina hɔ ma Hawa. Adɛn ntia? Yɛnhwɛ ade baako nti a yɛreka saa. Nkɔmhyɛ no kaa sɛ ɔbea no aseni no ‘bɛpɛtɛw’ ɔwɔ no ti. Sɛnea yɛabehu seesei ara no, ɔwɔ no gyina hɔ ma Satan, ɔbɔfo bɔne no, na Hawa aseni a ɔtɔ sin biara nso nni hɔ a obetumi asɛe Satan. Ɛnde, sɛn na wɔbɛsɛe Satan?

7. Sɛnea Adiyisɛm 12:1, 2, 5, 10 ma yehu no, hena ne ɔbea a Genesis 3:15 ka ne ho asɛm no?

7 Bible nhoma a etwa to no ma yehu ɔbea a Genesis 3:15 ka ne ho asɛm no. (Kenkan Adiyisɛm 12:1, 2, 5, 10.) Wei nyɛ ɔbea ankasa. Ɔsram wɔ ne nan ase, ɛnna ahenkyɛw a wɔde nsoromma 12 ayɛ hyɛ ne ti. Ɔwoo abofra nwanwani bi; saa abofra no ne Onyankopɔn Ahenni no. Ahenni no wɔ soro, enti ɛnyɛ dɛn ara a ɔbea no nso bɛwɔ soro. Ɔbea no gyina hɔ ma Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a abɔfo anokwafo na ɛwom no.—Gal. 4:26.

ƆBEA NO

Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a abɔfo anokwafo na ɛwom no (Hwɛ nkyekyɛm 7)

8. Hena ne ɔbea no aseni titiriw, na bere bɛn na oyii ne ti? (Genesis 22:15-18)

8 Onyankopɔn Asɛm san boa yɛn ma yehu ɔbea no aseni titiriw no. Ná saa aseni yi bepue afi Abraham abusua mu. (Kenkan Genesis 22:15-18.) Ampa-ne-ampa ara, sɛnea nkɔmhyɛ no kae no, na Yesu yɛ ɔnokwafo Abraham aseni pɛɛ. (Luka 3:23, 34) Esiane sɛ na ɔbea no aseni bɛpɛtɛw Satan Ɔbonsam ti asɛe no pasaa nti, na ɔbɛyɛ obi a ɔwɔ tumi sen onipa biara. Enti, bere a Yesu dii bɛyɛ mfe 30 no, wɔde honhom kronkron sraa no. Bere a wɔsraa Yesu no na ɔbɛyɛɛ ɔbea no aseni titiriw. (Gal. 3:16) Yesu wui na ɔsɔree akyi no, Onyankopɔn ‘de anuonyam ne nidi bɔɔ no abotiri,’ na ɔde “ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa” maa no. Tumi a ɔde ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma’ nso ka ho.—Heb. 2:7; Mat. 28:18; 1 Yoh. 3:8.

ƆBEA NO ASENI

Yesu Kristo ne 144,000 a wɔasra wɔn a ɔne wɔn bedi ade no (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)

9-10. (a) Henanom na ɛka ɔbea no aseni no ho, na bere bɛn na wɔba bɛka ho? (b) Dɛn bio na yebesusuw ho?

9 Yesu akyi no, ebinom nso bɛba abɛka ɔbea no aseni no ho. Ɔsomafo Paul ma yehu wɔn a ɛbɛba abɛka saa aseni yi ho bere a ɔka kyerɛɛ Kristofo a wɔyɛ Yudafo ne amanaman mufo a wɔasra wɔn no sɛ: “Sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo ampa, adedifo a mo nsa bɛka Onyankopɔn bɔhyɛ.” (Gal. 3:28, 29) Sɛ Yehowa de honhom kronkron sra Kristoni bi a, onii no bɛka ɔbea no aseni no ho. Enti, Yesu Kristo ne 144,000 a ɔne wɔn bedi ade no na ɛyɛ ɔbea no aseni. (Adi. 14:1) Wɔn nyinaa bɔ mmɔden suasua wɔn Agya, Yehowa Nyankopɔn.

10 Seesei, yɛahu wɔn a Genesis 3:15 ka wɔn ho asɛm no. Enti, sɛnea Yehowa ama nkɔmhyɛ no aba mu nkakrankakra, ne sɛnea ɛreboa yɛn no, momma yɛnhwɛ ho asɛm kakra.

SƐN NA NKƆMHYƐ NO ABA MU?

11. Ɔkwan bɛn so na ɔwɔ no kaa ɔbea no aseni no “nantin”?

11 Sɛnea nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 ka no, na ɔwɔ no bɛka ɔbea no aseni no “nantin.” Nkɔmhyɛ yi baa mu bere a Satan piapiaa Yudafo ne Romafo ma wokum Onyankopɔn Ba no. (Luka 23:13, 20-24) Obi pira wɔ ne nantin a, etumi ka no to hɔ kakra. Yesu nso, bere a owui a odii bɛyɛ nnansa wɔ ɔdamoa mu no, na ontumi nyɛ hwee.—Mat. 16:21.

12. Sɛn na wɔbɛpɛtɛw ɔwɔ no ti, na bere bɛn na wɔbɛyɛ saa?

12 Sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no bɛbam a, na ɛnsɛ sɛ Yesu ka ɔdamoa mu. Adɛn ntia? Efisɛ nkɔmhyɛ no kaa sɛ ɔbea no aseni no bɛpɛtɛw ɔwɔ no ti. Wei kyerɛ sɛ, na ɛsɛ sɛ Yesu nantin kuru no wu. Ampa ara, ekuru no wui! Efisɛ da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wonyan Yesu ma ɔbɛyɛɛ honhom a ontumi nwu da. Bere a Onyankopɔn ahyɛ no so a, Yesu bɛsɛe Satan pasaa. (Heb. 2:14) Kristo ne wɔn a ɔne wɔn bedi ade no bɛsɛe Onyankopɔn atamfo nyinaa anaa ɔwɔ no aseni afi asaase so.—Adi. 17:14; 20:4, 10. d

SƐN NA NKƆMHYƐ YI REBOA YƐN?

13. Sɛn na nkɔmhyɛ yi a aba mu no reboa yɛn?

13 Sɛ woyɛ Onyankopɔn somfo a woahyira wo ho so a, ɛnde nkɔmhyɛ yi a aba mu no, worenya so mfaso. Yesu baa asaase so no, ɔdaa n’Agya suban adi pɛpɛɛpɛ. (Yoh. 14:9) Enti, yɛnam no so ahu Yehowa Nyankopɔn na ama yɛadɔ no. Sɛnea Yesu kyerɛ Kristofo asafo no kwan no, yenya so mfaso, na ne nkyerɛkyerɛ nso boa yɛn. Wakyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra na ama yɛasɔ Yehowa ani. Afei nso, esiane sɛ ɔwɔ no kaa Yesu nantin, anaa owui nti, aboa yɛn nyinaa. Ɔkwan bɛn so? Bere a Yehowa nyanee Yesu no, ogyee n’afɔre a edi mu a ‘ɛhohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho’ no toom.—1 Yoh. 1:7.

14. Nkɔm a Yehowa hyɛe wɔ Eden no, anka ɛsɛ sɛ nnipa hwɛ kwan sɛ ɛbɛbam saa bere no anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

14 Nkɔm a Yehowa hyɛe wɔ Eden no, emu nsɛm no ma yehu sɛ na bere betwam ansa na aba mu. Ɔbea no aseni a na wɔahyɛ ne ho nkɔm, Ɔbonsam akyitaafo a na ɔbɛboaboa wɔn ano, ne ɔtan a na ɛbɛba abɛda wɔn ntam no, na ebegye bere ansa na wei nyinaa asi. Sɛ yɛte nkɔmhyɛ no ase a, ɛboa yɛn, efisɛ ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ wiase a Satan di so no bɛtan Yehowa asomfo. Akyiri yi, Yesu maa n’asuafo no hui sɛ biribi a ɛte saa besi. (Mar. 13:13; Yoh. 17:14) Yehu paa sɛ saa nkɔmhyɛ no fã yi aba mu, ɛnkanka mfe 100 a atwam no. Adɛn nti na yɛreka saa?

15. Adɛn nti na tan a wiase no tan ɔbea no aseni no, emu ayɛ den saa, nanso adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro Satan?

15 Bere a Yesu bɛyɛɛ Mesia Ahenni no so Hene wɔ afe 1914 no, ankyɛ koraa na wɔtow Satan fii soro. Seesei wɔaka no ahyɛ asaase yi so retwɛn ɔsɛe. (Adi. 12:9, 12) Nanso Satan nte hɔ kwa. Ne bo afuw denneennen, na watu n’ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so. (Adi. 12:13, 17) Ɛno nti na tan a wiase no tan Onyankopɔn nkurɔfo no mu ayɛ den saa no. Nanso, ɛnsɛ sɛ yesuro Satan ne n’akyitaafo no. Mmom, yebetumi anya ahotoso a na ɔsomafo Paul wɔ no bi. Ɔkaa sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?” (Rom. 8:31) Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so koraa, efisɛ sɛnea yɛahu no, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no fã kɛse no ara aba mu.

16-18. Onua Curtis, Onuawa Ursula, ne Onuawa Jessica tee Genesis 3:15 ase no, aboa wɔn sɛn?

16 Yehowa bɔhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no betumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ biara a yebehyia ano. Curtis a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwni wɔ Guam no ka sɛ: “Ɛtɔ da a mihyia sɔhwɛ ne nneɛma foforo a ɛma m’abam bu, na ɛsɔ nokware a medi ama Yehowa no hwɛ. Nanso, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 a midwinnwen ho no aboa me ma makɔ so de me ho ato yɛn soro Agya no so.” Yenim sɛ Yehowa beyi ɔhaw a yɛrehyia nyinaa afi hɔ, na Curtis rehwɛ saa da no kwan denneennen.

17 Onuawa bi a ne din de Ursula a ɔwɔ Bavaria ka sɛ, Genesis 3:15 a ɔtee ase no boaa no ma ogye dii sɛ Bible yɛ nhoma a efi Onyankopɔn hɔ ampa. Ohui sɛ nkɔmhyɛ a aka no nyinaa ne Genesis de no keka si anim kama, na wei kaa ne koma paa. Ɔde kaa ho sɛ: “Bere a mihuu sɛnea Yehowa kekaa ne ho ntɛm ara na ama adasamma anya anidaso no, epusuw me paa.”

18 Jessica a ofi Micronesia no ka sɛ: “Meda so ara kae sɛnea metee nka bere a mihuu nokware no foforo no! Ná mihu sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no gu so reba mu. Aboa me ama mahu sɛ asetena a yɛwom no, ɛnyɛ ɛno ne nkwa ankasa no. Nkɔmhyɛ yi ahyɛ me gyidi den sɛ, sɛ mesom Yehowa a, ɛbɛma m’abrabɔ asi me yiye nnɛ, na daakye nso menya asetena pa.”

19. Dɛn na ɛma yenya awerɛhyem sɛ nkɔmhyɛ no fã a etwa to no bɛba mu?

19 Sɛnea yɛahu no, Genesis 3:15 no gu so reba mu. Yɛahu ɔbea no aseni ne ɔwɔ no aseni. Yesu a ɔne ɔbea no aseni titiriw no nantin kuru no awu, na seesei ɔyɛ ɔhene a wɔahyɛ no anuonyam a ɔrentumi nwu da. Wɔn a wɔka ɔbea no aseni no ho no, Yehowa reyɛ apaw wɔn awie. Esiane sɛ nkɔmhyɛ no fã a edi kan no aba mu nti, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ nkɔmhyɛ no fã a etwa to a ɛne sɛ, wɔbɛpɛtɛw ɔwɔ no ti no nso bɛba mu. Sɛ woyi Satan fi hɔ a, nnipa anokwafo ho bɛtɔ wɔn papa! Enkosi sɛ ɛbɛba mu no, mpa abaw. Yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔnokwafo. Ɔnam ɔbea no aseni no so bɛma “asaase so aman nyinaa” anya nhyira bebree.—Gen. 22:18.

DWOM 23 Yehowa Redi Tumi

a Sɛ yebetumi ate Bible no ase yiye a, gye sɛ yɛte nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no ase. Sɛ yesua nkɔmhyɛ yi a, ɛbɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no den, na ama yɛanya ahotoso paa sɛ ɔbɛma ne bɔhyɛ nyinaa aba mu.

b Hwɛ Nkekaho B1 a wɔato din, “Asɛntitiriw a Ɛwɔ Bible Mu” wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu.

c Hwɛ adaka a yɛato din, “Wɔn a Genesis 3:14, 15 Ka Wɔn Ho Asɛm” no.

d Hwɛ adaka a yɛato din, “ Nsɛntitiriw Bi a Ɛma Genesis 3:15 Ba Mu” no.