Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 38

Yɛ Nea Ɛbɛma Afoforo Atumi Agye Wo Adi

Yɛ Nea Ɛbɛma Afoforo Atumi Agye Wo Adi

“Nea ɔyɛ ɔnokwafo de, ɔkata asɛm so.”—MMEB. 11:13.

DWOM 101 Yɛde Baakoyɛ Bom Yɛ Adwuma

NEA YƐREBESUA *

1. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yebetumi agye asomasi anaa ɔbenten adi?

 OBI a ɔyere ne ho di ne bɔhyɛ so na ɔka nokware no, ɔno na yebetumi agye no adi. (Dw. 15:4) Nkurɔfo nim sɛ wobetumi de wɔn ho ato no so. Saa na yɛpɛ sɛ yɛn nuanom hu yɛn. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama anuanom atumi agye yɛn adi?

2. Yɛbɛyɛ dɛn ama afoforo atumi agye yɛn adi?

2 Yɛrentumi nhyɛ afoforo sɛ wonnye yɛn nni. Sɛ wobetumi agye yɛn adi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma. Gye a obi begye wo adi no, yebetumi de atoto sika ho. Wobrɛ ansa na woanya, nanso ɛnyɛ den sɛ ebefi wo nsa. Ɛnyɛ sɛ yefitii ara na yegyee Yehowa dii; ɔyɛɛ biribi ansa. Ɛremma da sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛma yɛaka sɛ yenni ne mu gyidi bio, efisɛ “ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo.” (Dw. 33:4) Yehowa pɛ sɛ yesuasua no. (Efe. 5:1) Momma yɛnhwɛ Yehowa asomfo bi a wosuasuaa no, na wɔkyerɛe sɛ nkurɔfo betumi agye wɔn adi. Afei nso, yɛbɛhwɛ su ahorow nnum bi a ebetumi aboa ama afoforo agye yɛn adi.

SUASUA YEHOWA ASOMFO A NKURƆFO TUMI GYEE WƆN DII NO

3-4. Dɛn na odiyifo Daniel yɛe a ɛmaa nkurɔfo tumi gyee no dii, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛno kanyan yɛn ma yebisa yɛn ho?

3 Sɛ yɛreka wɔn a nkurɔfo tumi gyee wɔn dii a, yɛrentumi ntwa odiyifo Daniel nnyaw koraa. Ɛwom sɛ na atamfo abɛfa no kɔ nkoasom mu wɔ Babilon, nanso ankyɛ koraa na nkurɔfo hui sɛ ɔyɛ obi a wobetumi agye no adi. Nea ɛmaa nkurɔfo begyee no dii kɛse koraa ne sɛ, Yehowa boaa no ma otumi kyerɛɛ dae a Babilon hene Nebukadnesar sosoe no ase. Bere bi, na ɛsɛ sɛ Daniel ka kyerɛ ɔhene no sɛ Yehowa ani nnye nea ɔreyɛ no ho; wei nyɛ asɛm a na ɛbɛyɛ ɔhene no dɛ. Ná Nebukadnesar koko nye, enti na Daniel hia akokoduru ansa na watumi aka asɛm no! (Dan. 2:12; 4:20-22, 25) Wei akyi mfe pii no, Daniel san daa ne ho adi sɛ obi a nkurɔfo betumi agye no adi. Nkyerɛwee bi a obiara nnim nea ɛkyerɛ a ebeguu Babilon ahemfie fasu ho no, otumi kyerɛɛ ase pɛpɛɛpɛ. (Dan. 5:5, 25-29) Akyiri yi, Mediani Dario ne n’ahemfie mpanyimfo nso behui sɛ Daniel ‘nim nyansa paa.’ Wogye toom sɛ na Daniel ‘di nokware, ɔmfa n’adwuma nni agorɔ, na na bɔne biara nni ne ho.’ (Dan. 6:3, 4) Ahemfo a wɔyɛ abosonsomfo mpo hui sɛ, wobetumi de wɔn ho ato Yehowa somfo yi so!

4 Sɛ yesusuw Daniel nhwɛso yi ho a, yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ: ‘Sɛn na wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no hu me? Nkurɔfo nim me sɛ obi a ɔyɛ n’adwuma yiye a wobetumi agye me adi anaa?’ Adɛn nti na ɛho hia sɛ wubisa wo ho saa nsɛm yi? Efisɛ sɛ afoforo tumi nya yɛn mu gyidi a, ɛde ayeyi brɛ Yehowa.

Nehemia paw mmarima anokwafo bi de adwuma a ɛho hia hyɛɛ wɔn nsa (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Dɛn na Hanania yɛe a ɛmaa nkurɔfo tumi de wɔn ho too no so?

5 Afe 455 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba), bere a Amrado Nehemia san too Yerusalem afasu no wiei no, ɔhwehwɛɛ mmarima anokwafo a wobetumi ahwɛ kurow no so yiye. Nehemia paw Hanania a na ɔyɛ Abankɛse mu panyin no nso kaa ho. Bible ka Hanania ho asɛm sɛ, na “ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro nokware Nyankopɔn no sen nnipa bebree.” (Neh. 7:2) Ná ɔdɔ Yehowa, na na ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛnsɔ n’ani. Wei nti, adwuma biara a wɔde hyɛɛ ne nsa no, wantoto no ase. Yɛn nso, saa su ahorow no bɛboa yɛn na afoforo atumi de wɔn ho ato yɛn so wɔ Onyankopɔn som mu.

6. Sɛn na Tihiko kyerɛe sɛ ɔyɛ adamfo a ɔsomafo Paul betumi de ne ho ato no so?

6 Momma yɛnhwɛ Tihiko. Ná ɔyɛ adamfo a ɔsomafo Paul betumi de ne ho ato no so. Bere a Roma aban no kaa Paul hyɛɛ fie no, ɔde ne ho too Tihiko so, na ɔkaa ne ho asɛm sɛ, “ɔyɛ ɔsomfo nokwafo.” (Efe. 6:21, 22) Nkrataa a na Paul akyerɛw sɛ ɔde rekɔma anuanom a ɛwɔ Efeso ne Kolose no, na ɔwɔ Tihiko mu ahotoso sɛ ɔde bɛkɔ na wasan ahyɛ wɔn nkuran akyekye wɔn werɛ. Ɛnnɛ, nea Tihiko yɛe no ma yɛkae mmarima anokwafo a yegye wɔn di, a wɔhwɛ ma yɛn nsa ka nea yehia wɔ Onyankopɔn som mu no.—Kol. 4:7-9.

7. Sɛnea yetumi de yɛn ho to asafo mu mpanyimfo ne asomfo so no, dɛn na wubetumi asua afi mu?

7 Ɛnnɛ, yɛn ani sɔ paa sɛ yɛwɔ asafo mu mpanyimfo ne asomfo a yetumi de yɛn ho to wɔn so. Wɔmfa wɔn adwuma nni agorɔ koraa; wɔte sɛ Daniel, Hanania, ne Tihiko. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ansa na yɛbɛkɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua no, na yenim paa sɛ mpanyimfo no de dwumadi no nyinaa ahyehyɛ anuanom nsa dedaw. Sɛ anuanom a wɔde dwumadi no ahyehyɛ wɔn nsa no nso sua no yiye bɛyɛ no kama a, mpanyimfo no ani sɔ paa! Afei nso, yɛntwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛto nsa afrɛ yɛn Bible asuafo sɛ wɔmmra nnawɔtwe awiei adesua no, efisɛ yenim sɛ ɔkwan biara so, baguam ɔkasa bɛba so. Yegye di nso sɛ, yebenya nhoma de akɔ asɛnka. Saa anuanom anokwafo yi hwɛ ma yɛn nsa ka nea yehia biara wɔ Yehowa som mu, na yɛda Yehowa ase paa sɛ ɔde wɔn ama yɛn! Ɛnde, nneɛma bɛn na yɛyɛ a ɛbɛma afoforo atumi de wɔn ho ato yɛn so?

NYI KOKOAM NSƐM ADI NA AMA AFOFORO AGYE WO ADI

8. Ɛwom sɛ yedwen yɛn nuanom ho, nanso adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛfeefee wɔn nsɛm mu? (Mmebusɛm 11:13)

8 Yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo na yedwen wɔn yiyedi ho. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛfeefee wɔn nsɛm mu. Tete Kristofo asafo no mu no, na ebinom ‘di nseku de wɔn ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu, na na wɔkeka nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka.’ (1 Tim. 5:13) Yɛmpɛ sɛ yebesuasua wɔn. Nanso, yɛmfa no sɛ obi aka ne kokoam asɛm akyerɛ yɛn, na ɔmpɛ sɛ yɛbɛka ho asɛm akyerɛ obiara. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia onuawa bi aka ne yare bi anaa sɔhwɛ bi a ɔrehyia ho asɛm akyerɛ yɛn, na waka akyerɛ yɛn sɛ mma yɛnnka nnkyerɛ obiara. Ɛnde, ɛsɛ sɛ yetie no, na yɛma asɛm no ka yɛn tirim. * (Kenkan Mmebusɛm 11:13.) Afei, momma yɛnhwɛ tebea afoforo nso a ɛho behia sɛ yɛhwɛ na yɛanyi kokoam nsɛm adi.

9. Dɛn na abusua no muni biara betumi ayɛ na ama ne yɔnko agye no adi?

9 Abusua no mu. Ɛsɛ sɛ abusua no muni biara hwɛ na wanyi abusua no mufo kokoam nsɛm adi. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia na Kristoni bea bi nneyɛe bi yɛ ne kunu anika. Wohwɛ a, eye sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo de ahyɛ ne yere no aniwu anaa? Daabi! Esiane sɛ ɔdɔ ne yere nti, ɔrenyɛ biribi a ɛbɛma ne yere adi yaw. (Efe. 5:33) Mmabun pɛ sɛ nkurɔfo bu wɔn. Wei yɛ biribi a ɛnsɛ sɛ awofo werɛ fi. Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ wɔn mma mfomso dawuru de gu wɔn anim ase. (Kol. 3:21) Ɛsɛ sɛ mmofra yɛ anifere, na abusua no mufo ho nsɛm a ebegu wɔn anim ase no, wɔanyi no adi. (Deut. 5:16) Sɛ abusua no muni biara yɛ ne fam de, na wanyi abusua no mufo kokoam nsɛm adi a, ɛma ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no mu yɛ den.

10. Dɛn na ɛma yehu sɛ obi yɛ yɔnko berɛbo? (Mmebusɛm 17:17)

10 Yɛn adamfofa mu. Ɔbra akwantu yi mu no, ɛtɔ da a, na yehia yɔnko berɛbo bi aka yɛn koma mu asɛm akyerɛ no. Nanso ɛtɔ mmere bi a na ayɛ den. Ebia na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛka yɛn koma mu asɛm akyerɛ obi, efisɛ yesuro sɛ anhwɛ a na ɔde akodi nkɔmmɔ. Ɛba saa na akyiri yi yɛte a, ebetumi ahaw yɛn paa. Nanso, sɛ yɛwɔ adamfo bi a onyi kokoam nsɛm adi a, ɛbɛyɛ yɛn dɛ paa! Obi a ɔte saa na yɛka sɛ ɔyɛ “ɔyɔnko berɛbo.”—Kenkan Mmebusɛm 17:17.

Asafo mu mpanyimfo hwɛ sɛ wɔrenyi nkurɔfo kokoam nsɛm adi nkyerɛ wɔn abusuafo (Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. (a) Dɛn na asafo mu mpanyimfo ne wɔn yerenom yɛ de kyerɛ sɛ afoforo betumi de wɔn ho ato wɔn so? (b) Bere a asafo mu panyin bi kodii asafo no kokoam nsɛm bi ho dwuma na ɔbaa fie no, sɛnea ɔyɛɛ n’ade no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ mfoni no.)

11 Asafo no mu. Mpanyimfo a wotumi kora kokoam nsɛm so no, ‘wɔyɛ mframa ano hintabea ne guankɔbea’ ma anuanom. (Yes. 32:2) Yensuro sɛ yebefi yɛn komam ne saa mmarima yi abɔ nkɔmmɔ, efisɛ yɛwɔ ahotoso sɛ nea yɛbɛka akyerɛ wɔn biara, wɔrenyi no adi. Ɛnsɛ sɛ yeguan wɔn ho sɛ wɔnka kokoam nsɛm nkyerɛ yɛn. Afei nso, yɛn ani sɔ asafo mu mpanyimfo yerenom, efisɛ wɔmfa kwan bi so mma wɔn kununom nka asafo no mufo kokoam nsɛm nkyerɛ wɔn. Sɛ ɔpanyin bi anka asafo no mufo kokoam nsɛm ankyerɛ ne yere a, na wadom no paa. Asafo mu panyin bi yere kaa sɛ: “Sɛ me kunu kɔsrasra anuanom anaa ɔkɔhyɛ anuanom a wohia mmoa den a, ɛyɛ me dɛ paa sɛ ɔnka ho asɛm nkyerɛ me, anaa mpo ɔmmobɔ wɔn din. Ɛyɛ me dɛ sɛ nsɛm a merentumi nyɛ ho hwee no, ɔmfa nguan me ho. Wei ma mitumi fi me komam ne asafo no mufo nyinaa bɔ nkɔmmɔ kama. Afei nso, ɛma minya ahotoso sɛ, sɛ meka me haw anaa sɛnea mete nka kyerɛ me kunu a, ɔremfa nkodi nkɔmmɔ.” Nea ɛwom ara ne sɛ, yɛn nyinaa pɛ sɛ afoforo tumi gye yɛn di. Ɛnde, su ahorow bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛadu saa botae no ho? Momma yensusuw emu nnum ho.

BƆ MMƆDEN NYA SU AHOROW A ƐBƐBOA AMA AFOFORO AGYE WO ADI

12. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ ne su titiriw a ebetumi ama afoforo agye yɛn adi? Ma ho nhwɛso.

12 Ɔdɔ ne su titiriw a ebetumi ama afoforo agye yɛn adi. Yesu kaa sɛ ahyɛde mmienu a ɛho hia paa ne sɛ yɛbɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nipa. (Mat. 22:37-39) Yɛreka wɔn a yebetumi agye wɔn adi a, Yehowa da mu fua; ɔdɔ a yɛwɔ ma no nti, yɛpɛ sɛ yesuasua no. Ɔdɔ a yɛwɔ ma anuanom nti, yɛmpɛ sɛ yeyi wɔn kokoam nsɛm adi. Biribiara a ebetumi akɔfa ɔhaw, animguase anaa yawdi abrɛ anuanom no, yɛmpɛ sɛ yebeyi no adi da.—Yoh. 15:12.

13. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, sɛn na ɛbɛboa ma afoforo atumi agye yɛn adi?

13 Ahobrɛase bɛboa ama afoforo atumi agye yɛn adi. Sɛ asɛm bi si a, Kristoni a ɔbrɛ ne ho ase no, onni kan mfa nkɔto gua mfa mpɛ anuonyam. (Filip. 2:3) Ɔnyɛ nneɛma bi mfa nhoahoa ne ho mfa nkyerɛ sɛ onim kokoam nsɛm bi, nanso yɛabɔ n’ano sɛ mma ɔnnka. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, nsɛm bi a Bible anaa asafo nhoma nkyerɛkyerɛɛ mu no, yɛremfa nto yɛn ho so nkeka yɛn adwene wɔ ho nkyerɛ afoforo.

14. Sɛ yɛwɔ nhumu a, sɛn na ɛboa ma afoforo tumi gye yɛn di?

14 Nhumu bɛboa Kristoni ama wahu ‘bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ komm, ne bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa.’ (Ɔsɛnk. 3:7) Aman bi so no, wɔtaa ka sɛ: “Kasa yɛ dwetɛ, na kommyɛ yɛ sika kɔkɔɔ.” Nea wei kyerɛ ne sɛ, ɛtɔ da a, eye koraa sɛ yɛbɛyɛ komm sen sɛ yɛbɛkasa. Ɛno nti, Mmebusɛm 11:12 ka sɛ: “Onipa a ne nhumu dɔɔso de, ɔka n’ano tom.” Momma yɛnhwɛ nhwɛso bi. Ɛyɛ a wɔtaa ma asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw kɔboa nsafo bi a wɔrehyia ɔhaw. Asafo mu panyin foforo kaa saa ɔpanyin yi ho asɛm sɛ, “Bere nyinaa, ɔhwɛ yiye paa sɛ ɔrenyi nsafo a ɔreboa wɔn no kokoam nsɛm adi.” Nhumu a saa asafo mu panyin yi wɔ nti, mpanyimfo a wɔne no wɔ asafo mu no bu no paa. Wogye di sɛ ɔrenyi wɔn kokoam nsɛm adi.

15. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛka nokware a, etumi ma afoforo gye yɛn di.

15 Yɛka nokware a, ɛno nso tumi ma afoforo gye yɛn di. Yegye obi a ɔka nokware di, efisɛ yenim sɛ bere nyinaa, ɔbɛka nokware. (Efe. 4:25; Heb. 13:18) Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ wutu mpɔn wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu. Enti wopɛ sɛ woka kyerɛ onua bi sɛ ontie ɔkasa bi a wobɛma, na wuwie a wama wo nyansahyɛ a ɛbɛboa wo ama woatu mpɔn. Hena na wode saa adwuma no bɛhyɛ ne nsa? Wohwɛ a, ɛbɛyɛ obi a ɔbɛka nea ɛbɛyɛ w’asom dɛ, anaa obi a obeyi ne yam aka nea ankɔ yiye biara akyerɛ wo? Wei de, wunim mmuae no. Bible ka sɛ: “Ɔkasakyerɛ pefee ye sen ɔdɔ a ahintaw. Sɛ adamfo pira wo a, ɛyɛ nokwaredi ntia.” (Mmeb. 27:5, 6) Sɛ yɛn adamfo no yi ne yam ka nea ankɔ yiye biara kyerɛ yɛn a, ahyɛase no de, ɛrenyɛ yɛn dɛ papa, nanso ebewie ase no, ɛbɛboa yɛn.

16. Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 10:19 si so dua sɛ, ehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so?

16 Ahohyɛso yɛ su a ɛho hia paa na ama afoforo atumi agye yɛn adi. Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yenyi obi kokoam nsɛm adi a, saa su yi bɛboa yɛn na yɛaka yɛn ano atom. (Kenkan Mmebusɛm 10:19.) Yɛwɔ sohyia midia so a, ebia ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi ayi kokoam nsɛm adi akyerɛ nnipa pii mpo a yɛn ani nna. Sɛ yenya fa ɛlɛtrɔnik mfiri so yi kokoam nsɛm a ɛte saa adi a, nea afoforo de bɛyɛ, anaa ɔhaw a ɛbɛkɔ akɔfa aba de, yenni so tumi bio. Kokoam nsɛm a sɛ yeyi no adi a ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ anuanom no, sɛ asɔretiafo pɛ sɛ wɔdaadaa yɛn ma yɛka kyerɛ wɔn a, ahohyɛso bɛboa yɛn ma yɛayɛ dinn. Aman a wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ, anaa wɔmma yentumi nsom Yehowa sɛnea yɛpɛ wɔ hɔ no, sɛ apolisifo rebisabisa yɛn nsɛm a, yɛanhwɛ yiye a yebeyi kokoam nsɛm adi. Nnyinasosɛm a ɛka sɛ, “mede ade bɛhyɛ m’ano” no, yebetumi de ayɛ adwuma wɔ saa tebea yi ne tebea afoforo mu. (Dwom 39:1) Sɛ yɛn abusuafo na yɛne wɔn redi oo, sɛ yɛn nnamfo oo, sɛ anuanom oo, anaa obi foforo biara oo, ɛsɛ sɛ wotumi gye yɛn di. Sɛ wobetumi agye yɛn adi nso a, ehia sɛ yetumi hyɛ yɛn ho so.

17. Dɛn na yɛn mu biara yɛ a, ebetumi aboa ama obiara atumi agye ne yɔnko adi wɔ asafo no mu?

17 Abusua a emufo dodɔ wɔn ho na obiara gye ne yɔnko di yi mu no, yɛda Yehowa ase paa sɛ watwe yɛn abɛka ho! Asɛde a ɛda yɛn nyinaa so ne sɛ, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara ma anuanom atumi agye yɛn adi. Sɛ yɛn mu biara yere ne ho da ɔdɔ adi, brɛ ne ho ase, nya nhumu, ka nokware, na ɔhyɛ ne ho so a, ɛboa ma obiara a ɔwɔ asafo no mu tumi gye ne yɔnko di. Daa ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho ma ɛda adi sɛ afoforo betumi agye yɛn adi. Momma yɛnkɔ so nsuasua yɛn Nyankopɔn Yehowa, na yɛnkɔ so ara mma ɛnna adi sɛ afoforo betumi agye yɛn adi.

DWOM 123 Brɛ Wo Ho Ase Ma Nyankopɔn Nhyehyɛe

^ Sɛ afoforo begye yɛn adi a, ɛsɛ sɛ yedi kan ma wohu sɛ yɛyɛ anokwafo. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛho hia paa sɛ yɛn mu biara gye ne yɔnko di. Afei nso, yɛbɛhwɛ su ahorow a ɛbɛboa yɛn ama afoforo atumi agye yɛn adi.

^ Sɛ yɛte sɛ asafo no muni bi ayɛ bɔne kɛse a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔhwehwɛ mmoa mfi mpanyimfo no hɔ. Sɛ wankɔ a, nokware a yɛpɛ sɛ yedi ma Yehowa ne Kristofo asafo no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu panyin bi a ɔka ho ma wokodii obi kokoam nsɛm ho dwuma aba fie, nanso ɔhwɛ sɛ ɔrenka ho asɛm nkyerɛ n’abusua.