Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Masua Yehowa Ho Ade Akyerɛkyerɛ Afoforo Ama M’ani Agye

Masua Yehowa Ho Ade Akyerɛkyerɛ Afoforo Ama M’ani Agye

BERE a merenyin wɔ Easton a ɛwɔ Pennsylvania, U.S.A. no, nea na esi m’ani so ne sɛ mɛkɔ suapɔn abɛyɛ nipa titiriw daakye. Ná mepɛ adesua, na na meyɛ ade wɔ maas ne saens mu paa. Afe 1956 no, adwumakuw bi a ɛhwɛ sɛ wɔrensisi obiara maa me dɔla 25 de bɔɔ m’aba so sɛ asukuufo a wɔyɛ abibifo no, me na mebɔɔ mmɔden paa. Nanso akyiri yi, mesesaa botae a mede asisi m’ani so no. Adɛn ntia?

NEA ƐYƐE A MIBEHUU YEHOWA

Efi afe 1940 reba no, m’awofo fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Ɛwom sɛ m’awofo gyaee adesua no, nanso na me maame taa gye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no. Afe 1950 no, wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam bi wɔ New York City, na yɛn abusua no kɔɔ bi.

Ɛno akyi pɛɛ no, Onua Lawrence Jeffries fii ase baa yɛn fie. Ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛboa me ama masua Bible no. Mfiase no, na me ne no nyɛ adwene sɛ Yehowa Adansefo nyɛ amanyɔsɛm na wɔnkɔ sraadi. Meka kyerɛɛ no sɛ, sɛ obiara a ɔwɔ Amerika ka sɛ ɔrenkɔko mma ne man a, ɛnde sɛ atamfo bɛba abɛfa yɛn man yi. Onua Jeffries nyaa me ho abotare bisaa me sɛ: “Sɛ Amerikafo nyinaa som Yehowa Nyankopɔn, ɛnna atamfo abɛto ahyɛ wɔn so a, wohwɛ a, dɛn na anka Yehowa bɛyɛ?” Nea ɔkaa wɔ asɛm yi ne nsɛm foforo ho no ma mihui sɛ, nea mekae no nni nnyinaso biara. Ɛno maa m’ani gyee ho sɛ mesua nokware no.

Da a mebɔɔ asu

Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a na me maame agye agu hɔ no, migyee bere paa kenkanee. Bere bi akyi no, mihui sɛ nokware no ara na meresua no, enti memaa kwan maa Onua Jeffries ne me suaa Bible no. Mifii ase nso kɔɔ adesua daa. Nokware no kaa me koma, enti mebɛyɛɛ ɔdawurubɔfo. Bere a mebɛtee ase sɛ “Yehowa da kɛse no abɛn” no, mesesaa botae a na mede asisi m’ani so no. (Sef. 1:14) Afei meyɛɛ m’adwene sɛ merenkɔ suapɔn bio, na mmom mɛboa nkurɔfo ama wɔasua nokware a ɛwɔ Bible mu no.

Miwiee ntoaso sukuu June 13, 1956; nnansa akyi no, mebɔɔ asu wɔ ɔmansin nhyiam bi ase. Ná minnim sɛ, sɛɛ meyere me ho sua Yehowa ho ade na mekyerɛkyerɛ nkurɔfo a, menya nhyira pii saa.

AKWAMPAE ADWUMA AMA MASUA YEHOWA HO ADE ASAN AKYERƐKYERƐ AFOFORO

Mebɔɔ asu no, abosome nsia akyi na mebɛyɛɛ daa kwampaefo. December 1956 Ahenni Som a ɛbae no, na asɛm bi wom a yɛato din “Can You Serve Where the Need Is Great?” (Wubetumi Akɔsom Wɔ Baabi a Mmoa Ho Hia Anaa?) Midwen ho no, mihui sɛ, me nso metumi ayɛ bi. Ná mepɛ sɛ mekɔboa wɔ baabi a wohia adawurubɔfo pii ma wɔaka asɛmpa no.—Mat. 24:14.

Mitu kɔɔ Edgefield a ɛwɔ South Carolina. Asafo a ɛwɔ hɔ no, na adawurubɔfo nnan pɛ na ɛwom. Enti mekɔkaa ho ma wɔyɛɛ nnum. Ná yɛyɛ adesua wɔ onua bi asa so. Bosome biara na mede nnɔnhwerew 100 na ɛyɛ asɛnka adwuma no. Ná minni adaagye koraa, efisɛ na midi anim ma yɛyɛ asɛnka adwuma no, na na mema ɔkasa ahorow nso wɔ asafo no mu. Anikasɛm ne sɛ, bere a mereyɛ dwumadi pii wɔ asafo no mu nyinaa, na meresua Yehowa ho ade nso pii.

Ná me ne ɔbea bi sua ade, na na wabue adwuma bi a wɔyɛ afunsie ho ntotoe. Ná adwuma no wɔ Johnston; ɛyɛ kurow bi a ɛbɛn baabi a na mete no. Ná ne yam ye, enti ɔmaa me adwuma bi a na ennye me bere pii. Afei nso ɔmaa yɛn dan ketewa bi a na yebetumi de ayɛ Ahenni Asa.

Onua Jeffries a ɔne me suaa ade no, ne ba Jolly Jeffries tu fii Brooklyn, New York baa baabi a na mewɔ no, na me ne no boom yɛɛ akwampae adwuma no. Ná yɛte dan kar ketewa bi mu; onua bi na ɛde maa yɛn.

South ha adwuma de, na akatua no nye. Woyɛ adwuma da mu a, dɔla mmienu anaa mmiɛnsa pɛ na wunya. Da bi, mede me kakrawa a ɛwɔ me ho nyinaa kɔtɔɔ aduan wɔ sotɔɔ bi mu. Mipue fii hɔ no, ɔbarima bi baa me nkyɛn bebisaa me sɛ: “Worepɛ adwuma ayɛ anaa? Dɔnhwerew baako biara metua wo dɔla baako.” Ɔmaa mede nnansa kosiesiee baabi a na wɔresi dan. Ɛma mihui paa sɛ na Yehowa pɛ sɛ metena Edgefield. Ɛwom sɛ na m’akatua sua de, nanso afe 1958 amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York City no, mekɔɔ bi.

Yɛn ayeforohyia da

Nhyiam no da a ɛtɔ so mmienu no, biribi titiriw bi sii. Mihyiaa Ruby Wadlington; na ɔyɛ daa kwampaefo wɔ Gallatin, Tennessee. Ná yɛn mmienu nyinaa ani gye asɛmpatrɛw adwuma no ho. Enti nhyiam a ɛyɛ a wɔyɛ ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Gilead no, yɛkɔɔ bi wɔ saa nhyiam no ase. Akyiri yi, yefii ase kyerɛkyerɛw yɛn ho. Afei Gallatin asafo no too nsa frɛɛ me sɛ memmɛma baguam ɔkasa wɔ hɔ. Mefaa saa akwannya no so ka kyerɛɛ Ruby sɛ mepɛ sɛ meware no. Mifii m’asafo mu kɔkaa Ruby ho wɔ n’asafo mu, na yɛwaree afe 1959.

MISUAA YEHOWA HO ADE KYERƐKYERƐƐ AFOFORO WƆ ASAFO NO MU

Midii mfe 23 no, wɔpaw me sɛ asafo somfo (nea seesei wɔfrɛ no mpanyimfo ntam nkitahodifo no) wɔ Gallatin asafo mu. Bere a Charles Thompson bɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo no, yɛne asafo a odii kan bɛsraa yɛn. Ná ɔwɔ osuahu paa; nanso obisaa m’adwenkyerɛ wɔ nea anuanom hia ho, ne sɛnea amansin so ahwɛfo afoforo dii saa nneɛma no ho dwuma. Ade baako a misua fii ne hɔ ne sɛ, ansa na wubedi asɛm biara ho dwuma no, ɛsɛ sɛ wubisa nsɛm na wuhu n’ani so yiye.

May 1964 no, wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔɔ Ahenni Som Sukuu wɔ South Lansing, New York. Yɛde bosome baako na ɛyɛe. Anuanom a wɔbɛyɛɛ sukuu no boaa me paa ma m’ani begyee ho sɛ mesua Yehowa ho ade pii, na mabɛn no.

MISUAA YEHOWA HO ADE KYERƐKYERƐƐ AFOFORO WƆ ƆMANSIN NE ƆMANTAM ADWUMA NO MU

January afe 1965 no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Ruby ma yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma. Ɔmansin a wɔde maa yɛn no, na ɛso paa. Ná ɛhyɛ ase fi Knoxville, Tennessee, na na ɛrekeka kɔ Richmond, Virginia. Ná nsafo a ɛwɔ North Carolina, Kentucky, ne West Virginia nyinaa ka ho. Nsafo a abibifo wom nko ara na na mesom wɔn, efisɛ saa bere no na aban no mma kwan mma abibifo ne aborɔfo a ɛwɔ United States anaafo fam nhyiam. Ná anuanom nni bi, enti kakra a na yɛwɔ no, na yɛne wɔn kyɛ. Misuaa biribi titiriw bi fii ɔmansin sohwɛfo bi a wayɛ adwuma no akyɛ hɔ. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wokɔ asafo bi mu a, ma anuanom nhu sɛ wote sɛ wɔn ara, na nyɛ wo ho sɛ wo na woyɛ wɔn panyin. wohu sɛ wote sɛ wɔn ara a, ɛnna wubetumi aboa wɔn.”

Bere bi a yɛkɔsraa asafo ketewa bi no, Ruby fii ase ne maame bi a n’ani mfii sua ade. Ná ɔwɔ ɔbabea bi a wadi afe. Esiane sɛ na obiara nni asafo no mu a obetumi atoa adesua no so nti, Ruby faa krataakyerɛw so ne maame no toaa adesua no so. Yɛsan kɔsraa asafo no, maame no baa adesua no nyinaa. Akyiri yi, wɔde anuanom mmea mmienu a wɔyɛ akwampaefo titiriw kɔɔ hɔ. Wɔkɔtoaa adesua no so, na ankyɛ na maame no bɔɔ asu. Mfe 30 akyi, afe 1995 wɔ Patterson Betel no, ababaa bi baa Ruby nkyɛn ne no bɛkasae. Sɛɛ na ɛyɛ maame a Ruby ne no suaa ade no babea no a. Ná ne babea no ne ne kunu ka Gilead Sukuu adesuakuw a ɛtɔ so 100 no ho.

Ɔmansin a ɛtɔ so mmienu a yɛkɔsomee no, na ɛwɔ Florida mfinimfini. Saa bere no na yehia kar, enti yɛtɔɔ bi. Ná ne bo nso yɛ fow. Nanso nnawɔtwe a edi kan no ara na ingyin no ho biribi sɛee. Ná yenni sika a yɛde besiesie. Mefrɛɛ onua bi a na misusuw sɛ obetumi aboa yɛn. Ɔmaa n’adwumayɛfo no baako bɛyɛɛ kar no yiye maa yɛn a wannye yɛn sika biara. Nea ɔkae ara ne sɛ, “ou ɛnyɛ hwee.” Ɔkyɛɛ yɛn sika koraa kaa ho! Wei yɛ nhwɛso baako a ɛkyerɛ paa sɛ Yehowa hwɛ n’asomfo. Ɛkaee yɛn sɛ, yɛn nso, ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam boa afoforo.

Bere biara a yɛbɛkɔ akɔsra asafo bi no, na yɛtena anuanom fie. Ɛno nti, yenyaa nnamfo pa bebree. Bere bi a mede taeprata reyɛ asafo bi a mekɔsraa wɔn ho kyerɛwtohɔ no, manwie na migyaw hɔ kɔɔ baabi. Mesan beduu fie anwummere no, na abusua a yɛkɔsoɛɛ wɔn no babarima kumaa a wadi mfe mmiɛnsa abemiamia taeprata no so “akyerɛw” nea aka no ama me. Mede nea ɔyɛe no serew no mfe pii.

Afe 1971 no, me nsa kaa krataa sɛ menkɔyɛ ɔmantam sohwɛfo wɔ New York City. Yɛn ho dwiriw yɛn paa! Bere a yɛkɔɔ hɔ no, na madi mfe 34 pɛ. Me na na meyɛ ɔmantam sohwɛfo bibini a midii kan kɔsom wɔn; anuanom no gyee me fɛw so.

Ɔmantam sohwɛfo adwuma no nti, nnawɔtwe awiei biara na mekyerɛkyerɛ wɔ ɔmansin nhyiam ase. Ná amansin so ahwɛfo no bebree wɔ osuahu pii sen me. Wɔn mu baako na ɔmaa m’asubɔ kasa. Onua foforo nso ne Theodore Jaracz a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni no. Ná anuanom mmarima pii a wɔn ho akokwaw nso som wɔ Brooklyn Betel. M’ani gyei paa sɛ amansin so ahwɛfo ne Betelfo a ɛwɔ hɔ no maa m’ani kae. Me ara mede m’ani hui sɛ, saa anuanom yi yɛ ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ a wɔde Onyankopɔn Asɛm yɛ adwuma. Afei nso, mihui sɛ wɔtaa ahyehyɛde no akyi denneennen. Ahobrɛase a wɔwɔ no ma ɛyɛɛ mmerɛw maa me sɛ mɛyɛ ɔmantam sohwɛfo adwuma no.

MESAN KƆYƐƐ ƆMANSIN SOHWƐFO

Afe 1974 no, Akwankyerɛ Kuw no maa amansin so ahwɛfo bi bɛyɛɛ amantam so ahwɛfo. Wei nti, mesan kɔyɛɛ ɔmansin sohwɛfo; saa bere yi de, mekɔɔ South Carolina. Anigyesɛm ne sɛ, eduu saa bere no, na yenni nsafo a aborɔfo nko ara na ɛwom anaa nsafo a abibifo nko ara na ɛwom; na wɔn nyinaa aka abom. Wei maa anuanom no ani gyei paa.

Afe 1976 awiei hɔ no, mekɔyɛɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Georgia. Ná me mansin no wɔ Atlanta ne Columbus mfinimfini. Mekae paa sɛ memaa ayi ase kasa maa abibifo mmofra nnum bi wɔ asiei. Nnipabɔnefo bi na wɔkɔhyew wɔn fie ma wowuwui. Wɔn maame de, ɔhyehyewee, enti wogyee no too ayaresabea. Ɛbaa saa no, daa na Yehowa Adansefo abibifo ne aborɔfo bebree kɔ ayaresabea hɔ kɔkyekye awofo no werɛ. Mihui sɛ anuanom dɔ no yɛ fɛ paa. Sɛ Onyankopɔn asomfo kyerɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho saa a, sɛ wohyia sɔhwɛ a ɛso sɛ dɛn koraa a, wobetumi agyina mu.

ADESUA NE ƆKYERƐKYERƐ WƆ BETEL

Afe 1977 no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra Brooklyn Betel mmɛboa adwuma bi abosome kakra. Aka kakra ma yɛawie adwuma no, Akwankyerɛ Kuw no mufo mmienu hyiaa me ne Ruby, na wobisaa yɛn sɛ yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛsom wɔ Betel a yɛrensan nkɔ bio anaa. Yɛpenee so.

Meyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea mfe 24. Anuanom a ɛwɔ hɔ taa di nsɛm a ɛyɛ den na ne ka yɛ ka na ho dwuma. Bere nyinaa, Akwankyerɛ Kuw no hwɛ Bible nnyinasosɛm, na wɔde nsɛm a ɛtete saa ho akwankyerɛ ma. Akwankyerɛ a ɛte saa na ɛboa Ɔsom Dwumadibea no ma wotumi yiyi anuanom nsɛmmisa ano ma wɔn, na ɛno ara nso na wogyina so de kyerɛ amansin so ahwɛfo, asafo mu mpanyimfo ne akwampaefo ade. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa aboa anuanom bebree ama wɔn ho akokwaw. Wei ama Yehowa ahyehyɛde no nso ayɛ den.

Efi afe 1995 kosi afe 2018 no, minyaa hokwan somee sɛ asafo ti no nanmusini kɔsrasraa Betel ahorow. Kan no, na wɔfrɛ asafo ti no nanmusini dantaban sohwɛfo. Sɛ mekɔ a, na me ne Baa Boayikuw mufo, Betelfo ne asɛmpatrɛwfo hyia hyɛ wɔn nkuran. Afei, sɛ wɔwɔ ɔhaw bi nso a na maboa wɔn. Anuanom no nso, na wɔka wɔn suahu kyerɛ me ne Ruby, na na ɛhyɛ yɛn nkuran paa. Ɛho nhwɛso ni. Afe 2000 no, yɛkɔɔ Rwanda. Bere a yɛtee sɛnea anuanom a ɛwɔ hɔ ne Betel abusua no yɛɛ wɔn ade wɔ afe 1994 bere a akunkumakunkum bebrebe bi kɔɔ so wɔ hɔ no, ɛhyɛɛ yɛn nkuran paa. Ná wɔn mu bebree ahwere wɔn adɔfo. Ɛmfa ho ɔhaw a saa anuanom no faa mu no, na wɔwɔ gyidi, anidaso ne anigye.

Yɛn aware akyi, mfe 50

Seesei yɛadi boro mfe 80. Masom sɛ United States Baa Boayikuw no muni mfe 20 ni. Mankɔ suapɔn da; nanso manya ntetee a ɛsen biara afi Yehowa ne n’ahyehyɛde no hɔ. Wei aboa me ma mitumi kyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible mu nokware a ebetumi aboa wɔn afebɔɔ. (2 Kor. 3:5; 2 Tim. 2:2) Mahu sɛnea Bible mu asɛm aboa nkurɔfo ama wɔn asetena atu mpɔn ne sɛnea aboa wɔn ma wɔne wɔn Bɔfo no afa adamfo. (Yak. 4:8) Bere biara a yebetumi no, me ne Ruby hyɛ afoforo nkuran sɛ hokwan a wɔanya de resua Yehowa ho ade na wɔde Bible mu nokware kyerɛkyerɛ afoforo no, wɔmma ɛnsom bo mma wɔn. Wei yɛ akwannya kɛse paa a Yehowa somfo biara betumi anya!