Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Paul kaa sɛ ɔte sɛ “obi a ne bere anso na wɔwoo no no,” na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? (1 Korintofo 15:8)

Paul kaa wɔ 1 Korintofo 15:8 sɛ: “Nea etwa to koraa no, oyii ne ho adi kyerɛɛ me a mete sɛ obi a ne bere anso na wɔwoo no no.” Bere bi a atwam no, yɛkyerɛkyerɛɛ asɛm yi mu sɛ, osuahu a Paul ankasa nyae bere a onyaa anisoadehu bi a ɛfa Yesu a wɔahyɛ no anuonyam wɔ soro ho no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno ho asɛm na na Paul reka. Ná ɛte sɛ nea wanya hokwan ama wɔawo no, anaa wɔanyan no ama wayɛ honhom dedaw bere mpo a na bere nsoe koraa sɛ wonyan wɔn a wɔbɛkɔ soro no. Nanso bere a yɛtoo yɛn bo ase yɛɛ saa nkyekyɛm yi mu nhwehwɛmu kɔɔ akyiri no, yɛahu sɛ ehia sɛ yɛsesa ntease a yɛwɔ wɔ ho no.

Ɛyɛ nokware sɛ nea ɛtoo Paul ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, ɛno ho asɛm na na ɔreka. Nanso bere a ɔkaa sɛ ɔte sɛ “obi a ne bere anso na wɔwoo no no,” na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? Ebetumi aba sɛ nea edidi so yi bi na na ɛwɔ n’adwene mu.

Ɔbɛyɛɛ Kristoni putupuru, na nea ɔfaa mu no wosow no. Mpɛn pii no, mpofirim na wɔwo obi a ne bere anso. Saul (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Paul) nam kwan so rekɔ Damasko akɔtan Kristofo no ani no, na ɔnhwɛ kwan sɛ obenya anisoadehu bi a ɛfa Yesu a wɔanyan no no ho. Ɔkwan a Paul nam so bɛyɛɛ Kristoni no, ɛyɛɛ ɔno ankasa ne Kristofo a na ɔrekɔtan wɔn ani wɔ kurow no mu nyinaa nwanwa. Wei da nkyɛn a, nea ɔfaa mu no wosow no paa ma enti n’ani furae bere tiaa bi.—Aso. 9:1-9, 17-19.

Bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni no, na “ɛnyɛ bere pa.” Tete Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “obi a ne bere anso na wɔwoo no no,” ebetumi nso akyerɛ “obi a wɔanwo no bere pa mu.” The Jerusalem Bible kyerɛ saa asɛm no ase sɛ: “Ɛte sɛ nea wɔwoo me bere a na obiara nhwɛ kwan.” Bere a Paul bɛyɛɛ Kristoni no, na Yesu kɔ soro dedaw. Wɔn a Paul kaa wɔn ho asɛm wɔ nkyekyɛm a edi wei anim mu no, bere a Yesu nyanee no, wohuu no ansa na ɔrekɔ soro, nanso Paul de wanhu no. (1 Kor. 15:4-8) Sɛnea Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Paul putupuru no ma onyaa hokwan huu no, ɛwom sɛ asɛ na “ɛnyɛ bere pa” mu.

Ná ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔnyɛ obiara. Bible ho abenfo bi ka sɛ, asɛm a Paul de dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔnyɛ obiara. Sɛ ɛno na na ɛwɔ Paul adwene mu a, ɛnde na ɔreka sɛ ɔmfata sɛ wanya saa hokwan no. Nokwasɛm ne sɛ, ɔtoaa so sɛ: “Mene nea osua koraa wɔ asomafo no mu, na memfata sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metan Onyankopɔn asafo no ani. Nanso Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi.”—1 Kor. 15:9, 10.

Enti ebetumi aba sɛ, na Paul reka sɛ Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no putupuru bere a na ɔnhwɛ kwan, anaa bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni no, na ɛnyɛ bere pa, anaa na ɔmfata sɛ onya saa anisoadehu a ɛyɛ nwanwa no. Sɛnea ɛte biara no, wutumi hu paa sɛ Paul buu saa hokwan a onyae no sɛ ɛsom bo. Ɛma onyaa adanse a ɛkyerɛ pefee sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu. Saa osuahu a ɔnhwɛ kwan a onyae yi, sɛ na ɔreka Yesu wusɔre no ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo a, ɛnyɛ nwanwa sɛ na ɔtaa twe adwene si so.—Aso. 22:6-11; 26:13-18.