Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Henanom na wobenyan wɔn ma wɔabɛtena asaase so, na owusɔre bɛn na wobenya?

Yɛnhwɛ sɛnea Bible ma saa asɛmmisa yi ho mmuae.

Asomafo Nnwuma 24:15 ma yehu sɛ “atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo bɛsɔre afi awufo mu.” Atreneefo no ne wɔn a wɔyɛɛ osetie maa Onyankopɔn ansa na wɔrewu, enti wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu. (Mal. 3:16) Wɔn a wɔnyɛ atreneefo no, wɔn mu bi ne nnipa a wɔannya hokwan papa biara amfa ansua Yehowa ho ade no. Enti wɔn din nni nkwa nhoma no mu.

Nnipakuw mmienu a wɔn ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma 24:15 no, wɔn ara nso na Yohane 5:28, 29 ka wɔn ho asɛm no. Yesu kaa sɛ “wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔre mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyiwade no akɔ atemmu wusɔre mu.” Atreneefo no yɛɛ papa ansa na wɔrewu. Wobenya nkwa wusɔre, efisɛ wɔn din da so ara wɔ nkwa nhoma no mu. Nanso, wɔn a wɔnyɛ atreneefo no yɛɛ akyiwade ansa na wɔrewu. Ɛno nti, wobenya atemmu wusɔre. Wɔn din nni nkwa nhoma no mu, enti wɔbɛma wɔn bere ma wɔde akyerɛ sɛ wɔfata sɛ wɔn din ba mu anaa wɔmfata. Saa bere no, wobenya hokwan de asua Yehowa ho ade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn din betumi aba nkwa nhoma no mu.

Adiyisɛm 20:12, 13 kyerɛkyerɛ mu sɛ “nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee ahorow no mu no,” ebehia sɛ wɔn a wobenyan wɔn no nyinaa di so. Nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no, ɛyɛ mmara foforo a Yehowa de bɛma yɛn wɔ wiase foforo no mu. Obiara a wanni mmara no so no, wobeyi no afi hɔ.—Yes. 65:20.

Daniel 12:2 ka sɛ wɔn a wɔawuwu no, wobenyan ebinom ma ‘wɔabenya daa nkwa, na ebinom nso anim begu ase na wɔabu wɔn animtiaa daa.’ Awiei koraa no, akatua a wɔn mu biara benya no, ɛno na saa nkyekyɛm yi ka ho asɛm—ebinom benya “daa nkwa,” na wobebu ebinom nso “animtiaa daa.” Enti mfirihyia 1,000 no awiei no, ebinom benya daa nkwa, na wɔasɛe ebinom nso afebɔɔ.—Adi. 20:15; 21:3, 4.

Hwɛ mfatoho yi. Nnipakuw mmienu a wobenyan wɔn no, yebetumi de wɔn tebea no atoto ahɔho a wɔpɛ sɛ wɔkɔtena ɔman foforo so ho. Atreneefo no, wɔte sɛ ahɔho a wɔama wɔn tumi krataa a ɛbɛma wɔanya hokwan ahorow bi ne fahodi atumi ayɛ adwuma wɔ ɔman foforo no so anaa wɔatena ɔman no mu akyɛ. Nanso wɔn a wɔnyɛ atreneefo no de, wɔte sɛ ahɔho a wɔama wɔn bere tiaa mu tumi krataa a ɛbɛma wɔatumi atena ɔman no mu. Ahɔho a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ wɔma ɛda adi sɛ wɔfata ansa na wɔama wɔn kwan ma wɔakɔ so atena ɔman foforo no mu. Saa ara nso na wɔn a wɔnyɛ atreneefo a wobenyan wɔn no, ɛsɛ sɛ wodi Yehowa mmara so, na wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ atreneefo ansa na wɔama wɔn kwan ma wɔakɔ so atena Paradise. Ahɔho a wɔkɔ ɔman foforo so no, ɛmfa ho tumi krataa biara a mfiase no wɔde bɛma wɔn no, ebewie ase no, wɔbɛma ebinom abɛyɛ ɔmamma, na wɔapam ebinom. Sɛ aban no bɛma obi kwan ma wabɛyɛ ɔman ba oo, sɛ ɔbɛpam no oo, ne suban ne n’abrabɔ na ɛbɛkyerɛ. Saa pɛpɛɛpɛ na wɔn a wobenyan wɔn wɔ wiase foforo no mu no, awiei koraa no, akatua a wobenya no begyina wɔn nokwaredi ne wɔn suban so.

Yehowa nyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye kɛkɛ, na mmom ɔyɛ Onyankopɔn a obu atɛntrenee, na ntɛnkyea biara nni n’akwan mu. (Deut. 32:4; Dw. 33:5) Obenyan atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo de akyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn. Nanso ɔbɛhwɛ ama wɔadi ne mmara a ɛkorɔn no so. Wɔn a wɔbɛkyerɛ sɛ wɔdɔ no, na wodi ne mmara so no, wɔn nko ara na ɔbɛma wɔn kwan ma wɔakɔ so atena wiase foforo no mu.