Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 40

“Wɔboa Nnipa Bebree Ma Wɔbɛyɛ Atreneefo”

“Wɔboa Nnipa Bebree Ma Wɔbɛyɛ Atreneefo”

“Wɔn a wɔboa nnipa bebree ma wɔbɛyɛ atreneefo no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daa daa.”—DAN. 12:3.

DWOM 151 Ɔbɛfrɛ

NEA YƐREBESUA *

1. Anigyesɛm bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu?

 SƐ OWUSƆRE no fi ase wɔ asaase so wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu a, anigyesɛm a ɛbɛkɔ so de, ɛbɛyɛ krabɛhwɛ! Wɔn a wɔn adɔfo awuwu nyinaa, wonyae a anka wɔasan ahu wɔn bio. Saa ara na Yehowa nso te nka. (Hiob 14:15) Adɔfo a ɛbɛsan ahyia bio wɔ asaase so saa bere no de, ɛsɛ w’ani! Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, “atreneefo” a wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu no benya “nkwa wusɔre.” (Aso. 24:15; Yoh. 5:29) Wɔn a wobedi kan anyan wɔn aba asaase so no, ebia yɛn adɔfo bebree bɛka ho. * Bio nso, “wɔn a wɔnyɛ atreneefo,” te sɛ wɔn a wɔannya hokwan amfa ansua Yehowa ho ade, anaa wɔannya hokwan amfa nokwaredi ansom Yehowa ansa na wɔrewu no, wobenya “atemmu wusɔre.”

2-3. (a) Sɛnea Yesaia 11:9, 10 ma yehu no, nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi a yɛnyɛɛ bi da bɛn na ɛbɛkɔ so? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn a wobenyan wɔn no nyinaa. (Yes. 26:9; 61:11) Enti, ebehia sɛ nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi kɔ so. (Kenkan Yesaia 11:9, 10.) Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, wɔn a wɔnyɛ atreneefo no, ɛsɛ sɛ wosua Yesu Kristo, Ahenni no, ne agyede no ho ade. Afei nso, Yehowa din ne nea enti a ɔno nko ara na ɔfata sɛ odi yɛn so no, ebehia sɛ wosua ho ade. Atreneefo no mpo, sɛnea Yehowa akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo nkakrankakra ama wɔahu nea enti a ɔbɔɔ asaase no, ɛsɛ sɛ wosua ho ade. Yehowa asomfo anokwafo yi, wɔn mu bi wui dedaadaw ansa na wɔrekyerɛw Bible no awie. Enti, wɔn a wɔnyɛ atreneefo ne atreneefo no nyinaa wɔ pii sua.

3 Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: Sɛn na saa nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse no bɛkɔ so? Sɛ́ wɔbɛkyerɛw obi din wɔ nkwa nhoma no mu afebɔɔ anaa wɔrenkyerɛw no, sɛn na nkyerɛkyerɛ adwuma no bɛma ada adi? Ɛsɛ sɛ yɛma saa nsɛmmisa yi ho hia yɛn. Sɛnea yebehu no, sɛ wonyan awufo a, nea ebesi no, nkɔmhyɛ bi wɔ Daniel ne Adiyisɛm nhoma no mu a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu ntease foforo a yɛanya wɔ ho. Ɛnde, momma yenni kan nhwɛ nsɛm a ebesisi a Daniel 12:1, 2 hyɛɛ ho nkɔm no.

“WƆN A WƆADEDA WƆ FAM DƆTE MU NO . . . BENYAN”

4-5. Dɛn na Daniel 12:1 ma yehu fa awiei bere no ho?

4 Kenkan Daniel 12:1. Daniel nhoma no ma yehu nsɛm bi a ebesisi nnidiso nnidiso wɔ awiei bere no mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Daniel 12:1 ka sɛ Mikael a ɔne Yesu Kristo no ‘gyina hɔ ma Onyankopɔn man,’ anaa ogyina Onyankopɔn man akyi. Saa nkɔmhyɛ yi fii ase baa mu wɔ afe 1914 bere a wɔpaw Yesu sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene no.

5 Nanso, wɔka kyerɛɛ Daniel sɛ Yesu “bɛsɔre agyina” bere a “amanehunu a efi bere a ɔman bae ebi mmae da bɛba.” Saa “amanehunu” bere yi, ɛno ne “ahohiahia kɛse” a Mateo 24:21 ka ho asɛm no. Yesu bɛsɔre agyina, anaa obetwitwa agye Onyankopɔn nkurɔfo wɔ amanehunu bere no awiei wɔ Armagedon. Adiyisɛm nhoma no ka saafo yi ho asɛm sɛ wɔne ‘nnipakuw kɛse a wobefi ahohiahia kɛse no mu’ no.—Adi. 7:9, 14.

6. Sɛ nnipakuw kɛse no nya wɔn ti didi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu a, dɛn na ebesi wɔ ɛno akyi? Kyerɛkyerɛ mu. (“Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛfa wɔn a wobenyan wɔn aba asaase so a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, hwɛ ɛno nso.)

6 Kenkan Daniel 12:2. Sɛ nnipakuw kɛse no nya wɔn ti didi mu wɔ amanehunu bere no awiei a, dɛn na ebesi wɔ ɛno akyi? Bere bi a atwam no, yɛkaa sɛ owusɔre a nkɔmhyɛ yi ka ho asɛm no bɛkɔ so wɔ awiei mmere no mu, na ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so owusɔre a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn asomfo bɛsan akeka wɔn ho bio wɔ ne som mu, nanso yɛahu sɛ ɛnte saa. * Mmom, wɔn a wobenyan wɔn wɔ wiase foforo a ɛreba no mu no, wɔn na nkɔmhyɛ no fa wɔn ho. Adɛn nti na yɛreka saa? Asɛmfua “dɔte” no pue wɔ Hiob 17:16 nso, na ɛhɔ no, ɛne “Ɔdamoa” nyinaa kyerɛ ade koro. Saa nokwasɛm yi ma yehu sɛ owusɔre a Daniel 12:2 ka ho asɛm no nyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de, na mmom ɛyɛ owusɔre paa a ɛbɛkɔ so bere a awiei bere no atwam na Armagedon aba awiei no.

7. (a) Sɛn na wobenyan ebinom ama wɔanya “daa nkwa”? (b) Adɛn nti na saa owusɔre yi ye ‘kyɛn’ so?

7 Daniel 12:2 ka sɛ wobenyan ebinom ma wɔanya “daa nkwa.” Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, wɔn a wobenyan wɔn na wɔasua Yehowa ne Yesu ho ade ahu wɔn na wɔakɔ so ayɛ osetie ama wɔn wɔ mfirihyia 1,000 no mu no, wɔn na awiei koraa no wobenya daa nkwa. (Yoh. 17:3) Saa owusɔre yi ye ‘kyɛn’ wɔn a tete no wowui na wɔsan nyanee wɔn no. (Heb. 11:35) Adɛn ntia? Efisɛ nnipa a wowui a wonyan wɔn no, wɔsan wui.

8. Wɔn a wobenyan wɔn no, sɛn na ebinom “anim begu ase na wɔabu wɔn animtiaa daa”?

8 Wɔn a wobenyan wɔn no, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wobegye Yehowa nkyerɛkyerɛ atom. Daniel nkɔmhyɛ no ka sɛ wɔn a wobenyan wɔn no, ebinom “anim begu ase na wɔabu wɔn animtiaa daa.” Esiane sɛ wɔbɛtew atua nti, wɔrenkyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu, na wɔrennya daa nkwa. Mmom, ‘wobebu wɔn animtiaa daa,’ anaa wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ. Wɔn a wobenyan wɔn no, nea wɔbɛyɛ wɔ wɔn wusɔre akyi ne nea awiei koraa no ebefi mu aba no, ɛno na Daniel 12:2 ka ho asɛm. * (Adi. 20:12) Ebinom benya daa nkwa; ebinom nso rennya.

“WƆBOA NNIPA BEBREE MA WƆBƐYƐ ATRENEEFO”

9-10. Dɛn bio na ebesi wɔ ahohiahia kɛse no akyi, na henanom na ‘wɔbɛhyerɛn sɛnea wim hyerɛn no’?

9 Kenkan Daniel 12:3. Dɛn bio na ebesi wɔ “amanehunu” bere no akyi? Daniel 12:2 da nkyɛn a, nkyekyɛm 3 nso ka biribi a ebesi wɔ ahohiahia kɛse no akyi.

10 Henanom na ‘wɔbɛhyerɛn sɛnea wim hyerɛn no’? Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 13:43 no bɛboa yɛn ama yɛahu. Ɛhɔ ka sɛ: “Saa bere no, atreneefo bɛhyerɛn paa sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahenni mu.” Yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ hɔ no a, na Yesu reka “Ahenni mma no,” anaa ne nuanom a wɔasra wɔn a wɔne no bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu ho asɛm. (Mat. 13:38) Enti ɛbɛyɛ sɛ Daniel 12:3 reka wɔn a wɔasra wɔn ne adwuma a wɔbɛyɛ wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu ho asɛm.

Nkyerɛkyerɛ adwuma a ɛbɛkɔ so wɔ mfirihyia 1,000 no mu no, 144,000 no ne Yesu Kristo bɛbom ayɛ adwuma de ɛho akwankyerɛ ama (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11-12. Adwuma bɛn na 144,000 no bɛyɛ wɔ mfirihyia 1,000 no mu?

11 Sɛn na wɔn a wɔasra wɔn no bɛboa ‘nnipa bebree ma wɔabɛyɛ atreneefo’? Nkyerɛkyerɛ adwuma a ɛbɛkɔ so wɔ mfirihyia 1,000 no mu wɔ asaase so no, wɔn a wɔasra wɔn no ne Yesu Kristo bɛbom ayɛ adwuma de ɛho akwankyerɛ ama. Ɛnyɛ ahemfo nko na 144,000 no bɛyɛ, wɔbɛyɛ asɔfo nso. (Adi. 1:6; 5:10; 20:6) Wei nti, wɔbɛboa ma ‘wɔasa amanaman no yare,’ kyerɛ sɛ, wɔbɛboa adasamma nkakrankakra ma wɔasan akɔ pɛyɛ mu. (Adi. 22:1, 2; Hes. 47:12) Hwɛ sɛnea wɔn a wɔasra wɔn no ani begye afa!

12 “Nnipa bebree” a wɔbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ atreneefo no, henanom na ɛka ho? Wɔn a ɛka ho ne wɔn a wobenyan wɔn, ne wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Armagedon, ne mma biara a ebia wɔbɛwo wɔn wɔ wiase foforo no mu no. Mfirihyia 1,000 no bɛba awiei no, na obiara a ɔte asaase so no akɔ pɛyɛ mu. Ɛnde, edin a ɛte sɛ nea Yehowa de pɛnsere akyerɛw wɔ nkwa nhoma no mu no, bere bɛn na ɔbɛkyerɛw no afebɔɔ te sɛ nea ɔde pɛn akyerɛw?

SƆHWƐ A ETWA TO

13-14. Sɛ nnipa a ɛwɔ asaase so nyinaa kɔ pɛyɛ mu a, dɛn na ebehia sɛ wɔyɛ ansa na wɔanya daa nkwa?

13 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ obi kɔ pɛyɛ mu a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ ɔkwan biara so obenya daa nkwa. Yɛnhwɛ Adam ne Hawa. Ná bɔne biara nni wɔn ho, nanso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ osetie ma Yehowa Nyankopɔn ansa na wɔanya daa nkwa. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, wɔantie Yehowa.—Rom. 5:12.

14 Ebedu mfirihyia 1,000 no awiei no, na wɔn a ɛte asaase so no akɔ tebea bɛn mu? Ná wɔn nyinaa akɔ pɛyɛ mu. Sɛ saa a, ɛnde wɔn nyinaa bɛtaa Yehowa tumidi akyi afebɔɔ anaa? Anaa wɔn mu binom bɛyɛ wɔn ade te sɛ Adam ne Hawa a ɛmfa ho sɛ na bɔne biara nni wɔn ho no, wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden no? Yɛbɛyɛ dɛn anya nsɛmmisa yi ho mmuae?

15-16. (a) Bere bɛn na adasamma nyinaa benya hokwan de akyerɛ sɛ wɔtaa Yehowa akyi denneennen? (b) Dɛn na ebefi sɔhwɛ a etwa to no mu aba?

15 Wɔde Satan bɛto afiase mfe 1,000. Saa bere no ɔrentumi nkɔdaadaa obiara. Nanso sɛ mfe 1,000 no ba awiei a, wobegyaa Satan. Afei, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa nnipa a wɔakɔ pɛyɛ mu no. Edu saa sɔhwɛ bere no a, nnipa a wɔakɔ pɛyɛ mu a wɔwɔ asaase so no nyinaa benya hokwan de akyerɛ paa sɛ wɔtaa Onyankopɔn tumidi akyi anaa. (Adi. 20:7-10) Nea wɔn mu biara bɛyɛ wɔ Satan nnaadaa no ho no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔbɛkyerɛw wɔn din afebɔɔ wɔ nkwa nhoma no mu anaa wɔrenkyerɛw.

16 Nnipa bi a yennim wɔn dodow bɛyɛ wɔn ade te sɛ Adam ne Hawa, na wɔapo Yehowa tumidi. Dɛn na ɛbɛto wɔn? Adiyisɛm 20:15 ka sɛ: “Obiara a wɔanhu no wɔ nkwa nhoma no mu no, wɔtow no too ogya tare no mu.” Yiw, wɔbɛsɛe atuatewfo yi afebɔɔ. Nanso adasamma a wɔakɔ pɛyɛ mu no, wɔn mu fa kɛse no ara bedi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu. Afei, wɔbɛkyerɛw wɔn din afebɔɔ wɔ nkwa nhoma no mu.

“AWIEI BERE NO” MU

17. Dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Daniel sɛ ebesi wɔ yɛn bere yi so? (Daniel 12:4, 8-10)

17 Eye paa sɛ yebedwinnwen nsɛm a ebesisi daakye yi ho! Nanso ɔbɔfo bi kaa asɛm bi a ɛho hia nso kyerɛɛ Daniel. Ná saa asɛm no bɛbam wɔ yɛn bere yi so anaa “awiei bere no.” (Kenkan Daniel 12:4, 8-10; 2 Tim. 3:1-5) Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.” Wei kyerɛ sɛ, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no, Onyankopɔn nkurɔfo bɛte ase yiye. Ɔbɔfo no de kaa ho sɛ, yɛn bere yi so no, “nnipabɔnefo bedi bɔne, na ɔbɔnefo biara nni hɔ a ɔbɛte ase.”

18. Dɛn na ɛbɛto abɔnefo nnansa yi ara?

18 Ɛnnɛ, wohwɛ bɔne paa a ebinom reyɛ a, anhwɛ a wobɛka sɛ wɔafa wɔn ho adi. (Mal. 3:14, 15) Nanso ɛrenkyɛ, Yesu bebu wɔn a wɔte sɛ mpɔnkye no atɛn, na wama nnipa a wɔte sɛ nguan no afa wɔn ho adi. (Mat. 25:31-33) Abɔnefo yi rennya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu, na saa ara nso na wɔrennyan wɔn mmɛtena wiase foforo no mu. Wɔn din remma “nkae nhoma” a Malaki 3:16 ka ho asɛm no mu.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no nnɛ, na adɛn ntia? (Malaki 3:16-18)

19 Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi sɛ yɛnka abɔnefo ho. (Kenkan Malaki 3:16-18.) Wɔn a Yehowa bu wɔn sɛ “agyapade titiriw” anaa agyapade a ɛda ne koma so no, ɔreboaboa wɔn ano. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛpɛ sɛ ɔde yɛn ka ho.

Sɛ yehu sɛ Daniel, yɛn adɔfo a wɔawuwu, ne afoforo pii ‘asɔre’ abenya wɔn kyɛfa wɔ wiase foforo no mu a, yɛn ani begye sɛ! (Hwɛ nkyekyɛm 20)

20. Bɔhyɛ a etwa to bɛn na ɔbɔfo no kaa ho asɛm kyerɛɛ Daniel, na adɛn nti na wohwɛ kwan sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam?

20 Nokwasɛm ne sɛ, nsɛm pii resisi wɔ yɛn bere yi so. Nanso nea ɛnam kwan so reba de, ɛnyɛ asɛm ketewa. Ɛrenkyɛ yebehu sɛ wɔresɛe abɔnefo nyinaa. Ɛno akyi no, ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Daniel no bɛbam. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wobɛsɔre abenya wo kyɛfa wɔ nna no awiei.’ (Dan. 12:13) Ɛda a Daniel ne w’adɔfo a wɔawuwu ‘bɛsɔre’ bio no, worehwɛ kwan anaa? Sɛ saa a, efi nnɛ rekɔ yi, yɛ nea wubetumi biara di Yehowa nokware. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa renyi wo din mfi nkwa nhoma no mu da.

DWOM 80 “Monka Nhwɛ na Munhu sɛ Yehowa Ye”

^ Nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi a ɛbɛkɔ so a Daniel 12:2, 3 ka ho asɛm no, adesua yi bɛma yɛahu ntease foforo a yɛanya wɔ ho. Yɛbɛhwɛ bere a wei bɛkɔ so ne wɔn a wɔbɛyɛ saa adwuma no. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei no, nkyerɛkyerɛ adwuma yi bɛboa wɔn a wɔwɔ asaase so no ma wɔasiesie wɔn ho ama sɔhwɛ a etwa to no.

^ Anokwafo a wowui wɔ awiei bere yi mu no, ebia wɔn na wobedi kan anyan wɔn. Ɛno akyi no, wɔn a saa anokwafo yi nim wɔn no, ebia wɔn na edi hɔ a wobenyan wɔn. Afei na ɛrekɔ n’akyi, na ɛrekɔ n’akyi saa ara. Nea yɛaka yi, sɛ saa ara na ɛbɛyɛ a, ɛnde nnipa biara a wobenyan wɔn no, wɔn a na wonim wɔn no benya hokwan ama wɔn akwaaba. Yennim sɛnea ɛbɛyɛ de, nanso Kyerɛwnsɛm no ka wɔn a wobenya ɔsoro wusɔre no ho asɛm sɛ, “obiara ne ne bere.” Wei nti, yebetumi aka sɛ wɔn a wobenyan wɔn aba asaase so no nso, obiara ne bere a wɔde benyan no.—1 Kor. 14:33; 15:23.

^ Nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! nhoma no ne Ɔwɛn-Aban ɛbaa October 1, 1987, kr. 16-20 mu no, wei yɛ ntease foforo a yɛanya wɔ ho.

^ Nanso “atreneefo” ne “wɔn a wɔnyɛ atreneefo” a Asomafo Nnwuma 24:15 ka wɔn ho asɛm, ne “wɔn a wɔyɛɛ papa” ne “wɔn a wɔyɛɛ akyiwade” a Yohane 5:29 ka wɔn ho asɛm sɛ wobenyan wɔn no, nea wɔyɛe ansa na wɔrewu no, ɛno na kyerɛwnsɛm yi ka ho asɛm.