Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

2 | ‘Awerɛkyekye a Wubenya Afi Kyerɛwnsɛm No Mu’

2 | ‘Awerɛkyekye a Wubenya Afi Kyerɛwnsɛm No Mu’

BIBLE KA SƐ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn, na yɛnam yɛn animia ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.”​—ROMAFO 15:4.

Nea Wei Kyerɛ

Sɛ ɛkɔba sɛ yare nti, yenya adwene bi a ɛmfata a, Bible no wɔ awerɛkyekye nsɛm bebree a ebetumi ama yɛanya ahoɔden na yɛamia yɛn ani agyina ano. Ɛno da nkyɛn a, nsɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yenya anidaso sɛ, ɛyaw ne adwinnwen a etumi hyɛ yɛn so no bɛyera nsesa mu anaa ebefi hɔ.

Hwɛ Sɛnea Nea Edi So Yi Betumi Aboa Wo

Ɛwom, yɛn nyinaa, ɛtɔ da a nneɛma tumi hyɛ yɛn so anaa yɛn werɛ how, nanso wɔn a wɔwɔ adwene mu yare a yɛfrɛ no depression anaa wɔn a dadwen hyɛ wɔn so no de, da biara yɛ da bɔne ma wɔn; ɛte sɛ nea da biara biribi haw wɔn. Sɛn na Bible betumi aboa wɔn?

  • Nsɛm a ɛhyɛ nkuran bebree wɔ Bible mu a wɔbetumi de asi adwene biara a ɛmfata ananmu. (Filipifo 4:8) Bible mu nsɛm betumi akyekye yɛn werɛ, na ebetumi ama yɛanya adwempa a ɛbɛboa yɛn ama yaw a yɛredi no so atew.—Dwom 94:18, 19.

  • Sɛ yenya adwene sɛ yɛn so nni mfaso a, Bible no betumi aboa yɛn ama yɛabɔ agu anaa yɛayi afi yɛn tirim.—Luka 12:6, 7.

  • Bible mu nsɛm bebree ma yenya awerɛhyem sɛ, ɛnkaa yɛn nko ara; yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no te yɛn ase paa, na yɛn asɛm yɛ n’asɛm.—Dwom 34:18; 1 Yohane 3:19, 20.

  • Bible no hyɛ yɛn bɔ sɛ, nsɛm a asisi anaa yaw a yɛrefa mu no, Onyankopɔn beyi ne nyinaa afi hɔ, na ɛrenteetee yɛn bio. (Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:4) Sɛ ɛkɔba sɛ dadwen hyɛ wo so anaa woreteetee a, ma saa bɔhyɛ yi nhyɛ wo den, na ama woanya ahoɔden a wode begyina ano.