Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Adwene Mu Yare Nyinaa Befi Hɔ

Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Adwene Mu Yare Nyinaa Befi Hɔ

Wɔn a wɔanya adwene mu yare a enti wɔrehu amane no, Onyankopɔn ama wɔn akwankyerɛ ne awerɛkyekye wɔ Bible no mu a ebetumi aboa wɔn.

Nanso Onyankopɔn ayɛ nea ɛkyɛn saa. Wahyɛ bɔ sɛ, nneɛma a ɛkɔfa adwene mu yare ba no mpo, obeyi afi hɔ koraa.

Sɛ Onyankopɔn ma saa bɔhyɛ no ba mu a, nneɛma bi te sɛ ɛyaw, dadwen, nea yɛafa mu wɔ abrabɔ mu a yɛkae a ɛsɛe yɛn anigye, ne nea ɛkeka ho nyinaa befi hɔ. ‘Yɛrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma yɛn komam bio.’​—Yesaia 65:17.

Sɛn na Onyankopɔn bɔhyɛ kamakama yi bɛba mu? Bere bɛn na ɛbɛba? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ama woanya saa nsɛm yi ho mmuae.