Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 3

Yehowa Reboa Wo Ama Asi Wo Yiye

Yehowa Reboa Wo Ama Asi Wo Yiye

‘Yehowa dii Yosef akyi, na biribiara a ɔde ne nsa soo mu no, Yehowa ma ɛyɛɛ yiye.’GEN. 39:2, 3.

DWOM 30 M’agya, Me Nyankopɔn, ne M’adamfo

NEA YƐREBESUA a

1-2. (a) Sɛ yehyia sɔhwɛ a, adɛn nti na ɛnyɛ yɛn nwanwa? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

 YEHOWA asomfo de, sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛnyɛ yɛn nwanwa. Sɛnea Bible ka no, yenim sɛ “ɛsɛ sɛ yɛfa amanehunu bebree mu de kɔ Onyankopɔn Ahenni mu.” (Aso. 14:22) Afei nso, yenim sɛ yɛn haw no bi wɔ hɔ a, gye sɛ wiase foforo no mu na ebefi hɔ. Saa bere no, ‘na owu, awerɛhow, osu ne yaw nni hɔ bio.’—Adi. 21:4.

2 Yehowa ma kwan ma yehyia sɔhwɛ. Nanso ɔboa yɛn ma yegyina ano. Yɛnhwɛ nea ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔte Roma no. Odii kan bobɔɔ sɔhwɛ ahorow a na ɔne ne nuanom no rehyia. Ɛno akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim korakora.” (Rom. 8:35-37) Wei kyerɛ sɛ, sɛ sɔhwɛ no da so gyina mu mpo a, Yehowa betumi ama asi wo yiye. Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa boaa Yosef ma esii no yiye, ne sɛnea obetumi aboa wo nso ma asi wo yiye.

BERE A NNEƐMA ASESA PRƐKO PƐ

3. Sɛn na nneɛma sesaa prɛko pɛ wɔ Yosef asetena mu?

3 Agya panyin Yakob ma ɛdaa adi sɛ ɔdɔ ne ba Yosef papaapa. (Gen. 37:3, 4) Ɛno nti, Yakob mma mmarima mpanyimfo no ani beree wɔn nua no. Bere a wɔnyaa hokwan no, wɔtɔn Yosef maa Midianfo aguadifo bi. Saa aguadifo no de Yosef twaa kwantenten kɔɔ Egypt, na wɔn nso kɔtɔn no maa Potifar a ɔyɛ Farao awɛmfo so panyin no. Yosef asetena sesae prɛko pɛ; obi a na ɔyɛ ne papa dɔba, ɛnna afei de wabɛyɛ Egyptni bi akoa yi!—Gen. 39:1.

4. Ɔhaw bɛn na yebetumi ahyia a ɛte sɛ nea Yosef hyiae no?

4 Bible ka sɛ ‘asiane tumi to obiara.’ (Ɔsɛnk. 9:11) Ɛtɔ da a, ɔhaw anaa sɔhwɛ a “nnipa nyinaa” hyia no, yɛn nso yehyia bi. (1 Kor. 10:13) Ɛtɔ da nso a, Yesu asuafo a yɛyɛ kɛkɛ nti, yebetumi ahu amane. Ebia yɛn gyidi nti, nkurɔfo bɛserew yɛn, wɔbɛsɔre atia yɛn, anaa wɔbɛtan yɛn ani mpo. (2 Tim. 3:12) Sɔhwɛ biara a wubehyia no, Yehowa betumi ama asi wo yiye. Sɛn na ɔyɛɛ saa maa Yosef?

Bere a wɔtɔn Yosef sɛ akoa maa Potifar wɔ Egypt mpo, Yehowa boaa Yosef ma esii no yiye (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Sɛnea na nneɛma rekɔ yiye ma Yosef no, dɛn na Potifar ka faa ho? (Genesis 39:2-6)

5 Kenkan Genesis 39:2-6. Potifar hui sɛ na Yosef yɛ aberante a ɔbɔ ne ho mmɔden a ɔmfa n’adwuma nni agorɔ. Ná onim nea enti a Yosef te saa. Potifar hui sɛ “biribiara a [Yosef de] ne nsa beso mu no, Yehowa ma ɛyɛ yiye.” b Ewiee ase no, Potifar maa Yosef bɛyɛɛ ne somfo a ɔbɛn no. Afei nso, ɔde biribiara a ɛwɔ ne fie hyɛɛ Yosef nsa. Ekowiee sɛn? Ɛmaa Yehowa hyiraa Potifar.

6. Tebea a na Yosef wom no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔte nka sɛn?

6 Fa no sɛ wone Yosef. Wohwɛ a, dɛn paa na na ehia no? Sɛ́ Potifar behu no na wabɔ n’aba so anaa? Ebia nea na ehia no paa ne sɛ wɔbegyaa no, na wasan akɔ ne papa nkyɛn. Ade yi, hokwan bebree a Yosef nyae wɔ Potifar fie nyinaa akyi no, na ɔda so ara yɛ akoa a ɔhyɛ ne wura a ɔnsom Yehowa ase. Yehowa amma Potifar annyaa Yosef. Nea ɛwom ne sɛ, afei koraa na na ne haw no rebɛyɛ kɛse.

BERE A ƆHAW NO AYƐ KƐSE

7. Ɔkwan bɛn so na Yosef haw no yɛɛ kɛse? (Genesis 39:14, 15)

7 Sɛnea Genesis ti 39 ma yehu no, na Potifar yere ani gye Yosef ho. Enti ɔyɛe ara sɛ ɔbɛma Yosef ne no ada. Nanso bere biara a ɔbɛyɛ saa no, na Yosef ntwe mma no. Eduu baabi no, ne bo fuw Yosef paa, na otwaa asɛm too no so sɛ anka ɔrebɛto no mmonnaa. (Kenkan Genesis 39:14, 15.) Bere a Potifar tee ho asɛm no, ɔde Yosef kɔtoo afiase, na ɔdaa hɔ mfe pii. (Gen. 39:19, 20) Ná afiase hɔ te sɛn? Hebri asɛmfua a Yosef de kaa “afiase” ho asɛm no, ebetumi akyerɛ “amoa,” anaa “obon.” Wei betumi akyerɛ sɛ na esum wɔ baabi a ɔda no, na na ɔte nka sɛ anidaso nyinaa asa. (Gen. 40:15; ase hɔ asɛm) Afei nso, Bible ma yehu sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yosef nan, na wɔde dade hyɛɛ ne kɔn kosii bere bi. (Dw. 105:17, 18) Wuhu sɛ afei de, na Yosef haw no reyɛ kɛse. Akoa a na ɔda ne wura koma so sei, ɛnna afei de wadan ɔdeduani a wɔmfa no nyɛ hwee yi!

8. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ na emu bɛyɛ den mpo a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

8 Woahyia ɔhaw bi a wobɔɔ ho mpae saa ara nanso ankɔ, na mmom ɛyɛɛ kɛse pɛn? Biribi saa betumi ato wo. Satan wiase a yɛte mu yi, Yehowa ma kwan ma yehyia sɔhwɛ. (1 Yoh. 5:19) Nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ: Nea worefa mu biara no, Yehowa ani tua, na odwen wo ho. (Mat. 10:29-31; 1 Pet. 5:6, 7) Wahyɛ bɔ nso sɛ: “Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.” (Heb. 13:5) Nea worefa mu no, sɛ ɛte sɛ nea anidaso asa mpo a, Yehowa betumi aboa wo ma woagyina ano. Momma yɛnhwɛ sɛnea ɔyɛɛ saa maa Yosef.

Bere a Yosef da afiase mpo, Yehowa dii n’akyi, na wɔma ɔhwɛɛ nneduafo no nyinaa so (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ bere a na Yosef da afiase no, na Yehowa ka ne ho? (Genesis 39:21-23)

9 Kenkan Genesis 39:21-23. Bere a Yosef da afiase a na nneɛma mu ayɛ den paa ama no mpo no, Yehowa ma esii no yiye. Ɔkwan bɛn so? Eduu baabi no, Yosef nyaa ɔpanyin a ɔhwɛ afiase hɔ no anim dom sɛnea onyaa Potifar nso anim dom no. Ewiee ase no, afiase panyin no maa Yosef hwɛɛ nneduafo no so. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ka sɛ “biribiara a ɛhyɛ Yosef nsa no, afiase panyin no anhaw ne ho wɔ ho.” Afei de, na Yosef anya adwuma a ɔde n’adwene besi so. Wo de, hwɛ sɛnea nneɛma sesae prɛko pɛ! Ɔdeduani a wɔabɔ no sobo sɛ anka ɔrekɔto ahemfie panyin bi yere mmonnaa no, osi dɛn nya dibea kɛse saa? Ade baako pɛ na ebetumi ama aba saa. Sɛnea Genesis 39:23 ka no, “na Yehowa di Yosef akyi, na nea ɔyɛe biara, Yehowa hwɛ ma ɛyɛɛ yiye.”

10. Ebia Yosef tee nka sɛ ɛnyɛ biribiara mu na esii no yiye. Kyerɛkyerɛ mu.

10 San fa w’adwene bu sɛ wone Yosef. Bere a wɔtwaa atoro too no so, na wɔde no too afiase no, wohwɛ a ɔtee nka sɛ biribiara rekɔ yiye ma no anaa? Dɛn na na ehia Yosef paa? Sɛ́ obenya afiase panyin no anim dom anaa? Ebia nea na ehia Yosef paa ne sɛ wɔbegyaa no. Ɔka kyerɛɛ ɔdeduani bi a na wɔrebeyi no afi afiase hɔ sɛ ɔne Farao nkasa mma no, na wɔmmeyi no mfi afiase hɔ. (Gen. 40:14) Nanso ɔbarima no kɔe no, ɛnyɛ hɔ ara na ɔkɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Farao. Wei nti, Yosef kɔɔ so daa afiase hɔ mfe mmienu kaa ho. (Gen. 40:23; 41:1, 14) Ne nyinaa akyi no, Yehowa kɔɔ so ma esii Yosef yiye. Ɔkwan bɛn so?

11. Nyansa soronko bɛn na Yehowa de maa Yosef, na sɛn na wei boa maa Yehowa atirimpɔw baa mu?

11 Bere a Yosef da afiase no, Yehowa maa Egypt hene soo dae mmienu bi, na ɛteetee no paa. Ná Farao ho pere no sɛ obehu nea dae a ɔsosoe no kyerɛ. Bere a ɔhene no tee sɛ Yosef tumi kyerɛ dae ase no, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ no bae. Yehowa mmoa nti, Yosef tumi kyerɛɛ dae mmienu no ase, na afotu pa a ɔde maa Farao no pusuw no paa. Farao hui sɛ Yehowa di Yosef akyi, enti ɔpaw no sɛ ɔnhwɛ aduan so wɔ Egypt nyinaa. (Gen. 41:38, 41-44) Akyiri yi, ɔkɔm kɛse bi baa Egypt, na ɛtrɛw kɔɔ Kaanan a na Yosef abusua te no. Hokwan a na Yosef abenya nti, na obetumi agye n’abusua nkwa, na abusua a Mesia no befi mu aba no ase anhyew.

12. Akwan bɛn so na Yehowa ma esii Yosef yiye?

12 Wo de, hwɛ nsɛm a ɛyɛ nwanwa a esisii wɔ Yosef asetena mu. Hena na ɔmaa Potifar adwene kɔɔ Yosef a na ɔyɛ akoa kɛkɛ no so? Afiase panyin no nso, hena na ɔmaa Yosef a na ɔyɛ ɔdeduani a wɔmfa no nyɛ hwee no nyaa n’anim dom? Hena na ɔmaa Farao sosoo adae a ɛteetee no, na ɔmaa Yosef tumi kyerɛɛ ase? Hena na ɔmaa Farao paw Yosef sɛ ɔnhwɛ aduan so wɔ Egypt? (Gen. 45:5) Yebetumi asi no pi sɛ, biribiara a Yosef yɛe no, ɛyɛ Yehowa na ɔma esii no yiye. Ewiee ase no, pɔw bɔne a Yosef nuanom no bɔe no, Yehowa faa so maa n’atirimpɔw baa mu.

SƐNEA YEHOWA MA ESI WO YIYE

13. Nea ebesi wɔ yɛn abrabɔ mu biara no, Yehowa de ne ho gye mu anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

13 Dɛn na yebetumi asua afi Yosef asɛm no mu? Nea ebesi wɔ yɛn abrabɔ mu biara no, Yehowa de ne ho gye mu anaa? Adebɔne biara a ebesi wɔ yɛn asetena mu no, wohwɛ a ɔde ne ho gye mu dan no ma ɛyɛ papa anaa? Daabi, Bible nkyerɛkyerɛ saa. (Ɔsɛnk. 8:9; 9:11) Nanso nea yenim ne sɛ: Sɛ yehyia sɔhwɛ a, Yehowa hu, na otie yɛn sufrɛ. (Dw. 34:15; 55:22; Yes. 59:1) Nea ɛsen saa no, Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw ano. Ɔbɛyɛ no sɛn?

14. Sɛ yehyia ɔhaw a, sɛn na Yehowa boa yɛn?

14 Ɔkwan baako a Yehowa fa so boa yɛn ne sɛ, mpɛn pii no, bere a yehia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ paa no, ɔma yɛn nsa ka. (2 Kor. 1:3, 4) Saa na esii wɔ onua bi a ne din de Eziz a ɔwɔ Turkmenistan asetena mu. Ne gyidi nti, wɔde no too afiase mfe mmienu. Ɔka sɛ: “Da a wɔredi m’asɛm no, onua bi de Yesaia 30:15 kyerɛɛ me. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Mode mo ho to me so na mo koma antu a, mubenya ahoɔden.’ Saa kyerɛwsɛm yi boaa me ma mekaa me koma too me yam bere nyinaa, na mede me ho too Yehowa so wɔ biribiara mu. Meda afiase no nyinaa, midwinnwen saa kyerɛwsɛm yi ho na ɛboaa me paa.” Wokae bere bi a na wuhia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ paa wɔ w’asetena mu a Yehowa boaa wo maa wo nsa kae anaa?

15-16. Dɛn na wusua fi Tori hɔ?

15 Mpɛn pii no, sɛ yefi sɔhwɛ bi mu fi na yɛhwɛ yɛn akyi a, ɛnna yehu sɛ Yehowa boaa yɛn paa. Onuawa bi a ne din de Tori behui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ne babarima Mason koo kokoram mfe nsia kosii sɛ owui. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Tori koma bubui. Ɔka sɛ, “Sɛ́ ɔbaatan no, minnye nni sɛ biribi asi wɔ m’abrabɔ mu a atwa me nsono mu saa da.” Ɔde ka ho sɛ, “Migye di sɛ awofo ne me bɛyɛ adwene sɛ, sɛ wo ba rehu amane a, ɛyɛ yaw sen sɛ wo ara worehu amane.”

16 Nea ɛtoo Tori no bubuu no paa, nanso akyiri yi ɔkaakaee akwan a Yehowa faa so boaa no ma ogyinaa mu no. Ɔka sɛ, “Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, mitumi hu sɛ bere a me ba no yare no nyinaa, Yehowa di boaa me paa. Bere a Mason yare paa mpo a obi ba hɔ a onhu no no, na anuanom tu kar twa kwan nnɔnhwerew mmienu ba ayaresabea hɔ. Bere biara, na obi te baabi a wɔgye ahɔho no a wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn. Afei nso, wɔmaa yɛn nsa kaa nea yehia biara. Nneɛma mu yɛɛ den paa mpo no, nea yehia biara ammɔ yɛn.” Nea na Tori hia biara na watumi agyina ɔhaw no ano no, Yehowa de maa no, na saa ara na ɔyɛ maa Mason nso.—Hwɛ adaka a yɛato din “ Nea Yehia No, Ɛno Pɛpɛɛpɛ Na Yehowa De Maa Yɛn” no.

KAAKAE NHYIRA A WOANYA NO

17-18. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, dɛn na ɛbɛma yɛahu sɛ Yehowa reboa yɛn, na ama yɛakyerɛ ho anisɔ? (Dwom 40:5)

17 Kenkan Dwom 40:5. Obi a ɔforo bepɔw botae ne sɛ ɔbɛkɔ akodu bepɔw no atifi. Nanso ɔreforo nyinaa, mmeae bi a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ hɔ no, obetumi agyinagyina na wahwɛ. Wo nso, sɛ worehyia ɔhaw bi a, sɛnea Yehowa ama asi wo yiye no, ɛyɛ a taa gye bere dwinnwen ho. Da biara sɛ da no kɔ awiei a, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛn na Yehowa ahyira me nnɛ? Ɛwom sɛ ɔhaw no mfii hɔ de, nanso sɛn na Yehowa reboa me ama magyina ano?’ Hwɛ sɛ wubetumi ahu ade baako a Yehowa ayɛ ama wo a ɛkyerɛ sɛ wama asi wo yiye anaa.

18 Ɛwom, ebia worebɔ mpae sɛ sɔhwɛ bi a worehyia no mmra awiei. Sɛ saa a, ntease wom na ɛyɛ ne kwan so. (Filip. 4:6) Nanso, nhyira a yɛanya no saa bere yi nso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi. Ade yi, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhyɛ yɛn den, na waboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano. Enti sɛnea Yehowa reboa wo no, bere nyinaa ma w’ani nsɔ. Woyɛ saa a, wubehu sɛ, worehyia sɔhwɛ mpo a, Yehowa bɛma asi wo yiye sɛnea ɔyɛ maa Yosef no.—Gen. 41:51, 52.

DWOM 32 Gyina Yehowa Afã!

a Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ kɛse bi a, ebia yɛrennya adwene sɛ ‘asi yɛn yiye.’ Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ, sɛ sɔhwɛ no fi hɔ a, ɛnna ɛkyerɛ sɛ asi yɛn yiye. Nanso nsɛm a esisii wɔ Yosef asetena mu no ma yenya asuade titiriw bi. Ɛne sɛ, sɛ yɛda so ara rehyia sɔhwɛ mpo a, Yehowa betumi aboa yɛn ama asi yɛn yiye. Adesua yi bɛma yɛahu nea enti a yɛreka saa.

b Nsɛm a edii kan sisii wɔ Yosef asetena mu bere a na ɔyɛ akoa no, Bible ka ho asɛm wɔ nkyekyɛm kakraa bi mu, nanso ebetumi aba sɛ edii mfe pii.