Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 6

Dɛn Na Bible Ma Yehu Fa Nea Ɔde Maa Yɛn No Ho?

Dɛn Na Bible Ma Yehu Fa Nea Ɔde Maa Yɛn No Ho?

“Kyerɛw nsɛm a mɛka akyerɛ wo no nyinaa wɔ nhoma mu.”—YER. 30:2.

DWOM 96 Onyankopɔn Asɛm Yɛ Akorade

NEA YƐREBESUA a

1. Adɛn nti na Bible no som bo ma wo?

 YƐDA Yehowa Nyankopɔn ase paa sɛ ɔde Bible no ama yɛn! Ɔnam Bible no so ma yenya afotu pa a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw a yehyia no nnɛ no ano. Afei nso, wama yɛanya anidaso sɛ daakye papa bi da yɛn anim. Nea ehia sen saa ne sɛ, Yehowa nam Bible no so ama yɛahu ne su ahorow. Sɛ yedwinnwen Onyankopɔn su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho a, ɛka yɛn koma paa, na ɛtwe yɛn bɛn no ma yɛne no fa adamfo denneennen.—Dw. 25:14.

2. Akwan bɛn so na Yehowa ada ne ho adi akyerɛ nnipa?

2 Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo hu no. Tete no, ɔnam dae, anisoadehu, ne abɔfo mpo so daa ne ho adi. (Num. 12:6; Aso. 10:3, 4) Nanso dae, anisoadehu, anaa nkrasɛm a abɔfo de bae no, sɛ wɔankyerɛw anto hɔ a, anka ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu? Ɛno nti na nea Yehowa pɛ sɛ yehu no, ɔmaa mmarima ‘kyerɛw wɔ nhoma mu’ no. (Yer. 30:2) Esiane sɛ “nokware Nyankopɔn no kwan di mu” nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔkwan a ɔfa so ne yɛn di nkitaho no da mu fua, na ɛboa yɛn.—Dw. 18:30.

3. Sɛn na Yehowa hwɛ ma wɔkoraa Bible no so? (Yesaia 40:8)

3 Kenkan Yesaia 40:8. Onyankopɔn Asɛm ama mmarima ne mmea anokwafo anya akwankyerɛ pa mfe mpempem pii ni. Dɛn na ama wei atumi ayɛ yiye saa? Wei yɛ asɛmmisa a ɛho hia, efisɛ wɔkyerɛw Bible no akyɛ paa, na wɔkyerɛw wɔ nneɛma a etumi sɛe so. Enti nea wɔdii kan kyerɛwee no mu biara nni hɔ nnɛ. Nanso, Yehowa hwɛe sɛ ɔbɛma ebinom ahwɛ nhoma kronkron a na ɛwɔ hɔ no so akyerɛw bi. Ɛwom, akyerɛwfo a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi no, na wɔtɔ sin, nanso wɔyɛɛ ahwɛyiye paa. Nhomanimfo bi kaa Hebri Kyerɛwnsɛm no ho asɛm sɛ: “Yebetumi asi no pi aka sɛ tete nhoma biara nni hɔ a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi pɛpɛɛpɛ te sɛ Bible no.” Enti bere tenten a Bible no adi, nneɛma a etumi sɛe a wɔkyerɛw guu so, ne akyerɛwfo a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no sintɔ nyinaa akyi no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, nea yɛkenkan wɔ Bible mu no yɛ Yehowa a Bible no fi ne hɔ no nsɛm.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 “Akyɛde pa ne akyɛde a edi mu biara” fi Yehowa hɔ. (Yak. 1:17) Akyɛde a ɛsen biara a Yehowa de ama yɛn no, Bible yɛ emu baako. Sɛ obi kyɛ yɛn ade a, ɛma yehu sɛ onii no nim yɛn paa, na onim nea yehia nso. Nea ɔde Bible no maa yɛn no, saa ara na yebetumi aka afa ɔno nso ho. Sɛ yɛkenkan Bible no a, ɛma yehu nneɛma pii fa Yehowa ho. Ɛma yehu sɛ onim yɛn paa, na onim nea yehia nso. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Bible ma yehu Yehowa su mmiɛnsa a edidi so yi: ne nyansa, n’atɛntrenee, ne ne dɔ. Momma yenni kan nhwɛ sɛnea Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ nyansa.

BIBLE MA YEHU SƐ ONYANKOPƆN YƐ ONYANSAFO

5. Akwan a Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ nyansa no, emu baako ne sɛn?

5 Yehowa nim sɛ yehia n’afotu a nyansa wom. Bible a ɔde ama yɛn no, ne nyansa ahyɛ mu ma. Bible mu afotu tumi nya nkurɔfo so tumi paa, na etumi sesa wɔn abrabɔ. Bere a Mose kyerɛw nhoma nnum a edi kan wɔ Bible mu no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn man Israelfo no sɛ: “Nsɛm yi nyɛ nsɛnhunu, na mmom ɛno na mo nkwa gyina so.” (Deut. 32:47) Wɔn a wɔtiee Bible mu asɛm no, ewiee wɔn yiye na wɔn ani gyei. (Dw. 1:2, 3) Ɛwom sɛ wɔkyerɛw Onyankopɔn Asɛm no akyɛ de, nanso ɛda so ara wɔ tumi a etumi sesa nnipa abrabɔ. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, wohwɛ ɔfã a yɛato din, “Bible Tumi Sesa Nnipa” a ɛwɔ jw.org no a, wubehu anuanom bɛyɛ 50 asetenam nsɛm. Ɛma yehu sɛnea nnɛ tumi a ɛwɔ Bible mu no ‘yɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ gyidifo mu.’—1 Tes. 2:13.

6. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ nhoma biara nte sɛ Bible no?

6 Nhoma biara nni hɔ a ɛte sɛ Onyankopɔn Asɛm Bible no. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔde Bible no maa yɛn no, ɔyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ, ɔwɔ hɔ daa, na ne nyansa nni ano. Nhoma pii wɔ hɔ a, wɔn a wɔkyerɛwee no awuwu, nanso nhoma no da so wɔ hɔ. Afei nso, afotu a ɛwom no, ɛnkyɛ na atwam. Nanso afotu pa a ɛwɔ Bible mu no de, entwam da; bere biara nkurɔfo tumi de bɔ wɔn bra ma ɛboa wɔn. Sɛ yɛkenkan saa nhoma kronkron no, na yedwinnwen emu nsɛm ho a, Yehowa de ne honhom kronkron a ɛwɔ tumi no boa yɛn ma yehu sɛnea yebetumi de Bible mu afotu no abɔ yɛn bra. (Dw. 119:27; Mal. 3:16; Heb. 4:12) Nokwasɛm ne sɛ, nea ɔde Bible no maa yɛn no te ase, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo. Ɛsɛ sɛ wei ka yɛn paa ma yɛkenkan Bible da biara!

Tete no, sɛn na Bible kaa Yehowa nkurɔfo boom, na ɛnnɛ nso ɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 7-8)

7. Tete no, sɛn na Bible kaa Onyankopɔn nkurɔfo boom?

7 Ade foforo a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn nyansa na ɛwɔ Bible mu ne sɛ, ɛka Onyankopɔn nkurɔfo bom. Bere a Israelfo no koduu Bɔhyɛ Asaase no so no, wɔtenaa mmeae ahorow. Ná ebinom yɛ mpataayifo, na afoforo nso yɛn anantwi, ɛnna ebinom nso yɛ akuafo. Israelfo a na wɔte ɔman no fa baabi no, anka ɛrenyɛ den koraa sɛ wɔn werɛ befi wɔn nuanom Israelfo a wɔte ɔman no afã foforo. Nanso Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa Israelfo no hyiaam bere ne bere mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkenkan n’Asɛm no, na wɔakyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn. (Deut. 31:10-13; Neh. 8:2, 8, 18) Sɛ Israelni nokwafo bi bedu Yerusalem, na ohu ne mfɛfo ɔpepem pii a wɔn nso fi ɔman no mu baabiara aba rebɛsom a, wo de, hwɛ sɛnea n’ani begye afa! Yehowa nam saa kwan yi so boaa ne nkurɔfo ma wɔyɛɛ baako. Akyiri yi, yɛhwɛ tete Kristofo no nso a, yehu sɛ na wɔka kasa horow pii. Afei nso na ebinom yɛ nnipa titiriw, ebinom yɛ asikafo, ɛnna ebinom nso yɛ ahiafo. Nanso, esiane sɛ na Kyerɛwnsɛm no da wɔn koma so nti, wɔde baakoyɛ boom som nokware Nyankopɔn no. Wɔn a wɔbɛyɛɛ gyidifo no, sɛ na wɔbetumi ate Onyankopɔn Asɛm no ase a, na gye sɛ wɔn mfɛfo Kristofo boa wɔn, na wɔne wɔn hyiam som.—Aso. 2:42; 8:30, 31.

8. Sɛn na Bible no ma Yehowa nkurɔfo yɛ baako nnɛ?

8 Yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ onyansafo no kɔ so fa Bible no so kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo, na ɛma wɔyɛ baako. Bible no na Yehowa ho nokwasɛm biara a ehia sɛ yehu no wom. Yɛtaa kɔ asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkenkan Kyerɛwnsɛm no, wɔakyerɛkyerɛ mu akyerɛ yɛn, na yɛasusuw ho. Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ ɔpɛ sɛ n’asomfo ‘de baakoyɛ som no’ no, Bible no titiriw na ɔfa so yɛ saa.—Sef. 3:9.

9. Su bɛn na ehia sɛ yenya na ama yɛate Bible mu asɛm no ase? (Luka 10:21)

9 Momma yɛnhwɛ biribi foforo a ɛma yehu sɛ Yehowa yɛ onyansafo. Ɔma wɔkyerɛw Bible no afã pii wɔ ɔkwan bi so a, wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase nko ara na ebetumi ate ase. (Kenkan Luka 10:21.) Nnipa a ɛwɔ baabiara kenkan Bible no. Nhomanimfo bi kaa sɛ, Bible no “nyɛ nhoma a nnipa akenkan sen nhoma foforo biara kɛkɛ, na mmom ɛsan yɛ nhoma a nnipa ato wɔn bo ase akenkan paa.” Nanso wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase no nko ara na ɛte ase yiye, na wɔde emu afotu bɔ wɔn bra.—2 Kor. 3:15, 16.

10. Dɛn bio na ɛma yehu sɛ Yehowa nyansa na ɛwɔ Bible mu?

10 Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛma yehu sɛ Yehowa nyansa na ɛwɔ Bible no mu. Yehowa nam Bible no so kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo, nanso ɛnyɛ ɛno nko; yɛn mu biara nso, ɔfa Bible no so kyerɛkyerɛ yɛn na ɔkyekye yɛn werɛ. Sɛ yɛkenkan Bible a, yehu sɛ Yehowa dwen yɛn mu biara ho. (Yes. 30:21) Sɛ yɛrehyia ɔhaw bi a, mpɛn pii no, yetumi kan kyerɛwsɛm bi ma yɛka sɛ, wei de, asɛ wɔhyɛɛ da kyerɛw maa me. Nanso wei nyɛ nwanwa, efisɛ wɔkyerɛw Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ɔpepem pii betumi akenkan ate ase. Adɛn nti na wokan Bible a nea wuhia pɛpɛɛpɛ no, etumi di ho dwuma saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nea Bible no fi ne hɔ no, ɔno na onim nyansa paa.—2 Tim. 3:16, 17.

BIBLE MA YEHU SƐ ONYANKOPƆN BU ATƐNTRENEE

11. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, sɛn na Onyankopɔn kyerɛe sɛ onyiyi nnipa mu?

11 Yehowa su foforo ne atɛntrenee. (Deut. 32:4) Obi a obu atɛntrenee no, onyiyi nnipa mu, na saa ara na Yehowa te. (Aso. 10:34, 35; Rom. 2:11) Yɛhwɛ kasa ahorow a wɔde kyerɛw Bible no a, ɛma yehu sɛ Yehowa nyiyi nnipa mu ampa. Nhoma 39 a edi kan wɔ Bible mu no, wɔkyerɛw fa kɛse no ara wɔ Hebri kasa mu, efisɛ ɛno ne kasa a na Onyankopɔn nkurɔfo te ase saa bere no. Nanso ebeduu asomafo no bere so no, na Greek kasa na nnipa dodow no ara ka, enti nhoma 27 a etwa to wɔ Bible mu no, wɔkyerɛw fa kɛse no ara wɔ saa kasa no mu. Yehowa amma wɔamfa kasa baako pɛ ankyerɛw n’Asɛm no. Ɛnnɛ, nnipa bɛyɛ ɔpepepem nwɔtwe a ɛwɔ asaase so no ka kasa horow pii. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa pii saa atumi asua Yehowa ho ade?

12. Sɛnea Daniel 12:4 aba mu wɔ awiei bere yi mu no, emu baako ne sɛn?

12 Yehowa nam odiyifo Daniel so hyɛɛ bɔ sɛ awiei bere no mu no, “nimdeɛ a edi mu” a ɛwɔ Bible mu no “bɛdɔɔso.” Nnipa bebree bɛte ase. (Kenkan Daniel 12:4.) Ɔkwan baako a saa nimdeɛ no afa so adɔɔso ne sɛ, yɛakyerɛ Bible ne asafo nhoma ase kɔ kasa bebree mu, yɛatintim bi, na yɛde bi nso agu Intanɛt so ama nkurɔfo pii nsa aka bi. Bible no ne nhoma a wɔakyerɛ ase sen nhoma biara, na ɛno nso na nnipa bebree wɔ bi sen nhoma foforo biara. Bible nkyerɛase a nnwumakuw bi ayɛ no, ɛtɔ da a ne bo yɛ den paa. Yɛrekasa yi, Yehowa nkurɔfo akyerɛ Onyankopɔn Asɛm no nyinaa anaa ne fa bi ase kɔ kasa bɛboro 240 mu, na obiara nsa betumi aka bi a ɔrentua hwee. Wei nti, “Ahenni no ho asɛmpa” a yɛreka akyerɛ nnipa a ɛwɔ aman nyinaa mu ansa na awiei no aba no, nkurɔfo retie. (Mat. 24:14) Yɛn Nyankopɔn a obu atɛntrenee no pɛ sɛ ɔma nnipa bebree nya hokwan kenkan n’Asɛm no, na wɔhu no. Nea enti a ɔyɛ saa ne sɛ ɔdɔ yɛn nyinaa papaapa.

BIBLE MA YEHU SƐ ONYANKOPƆN DƆ YƐN

13. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Bible ma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn? (Yohane 21:25)

13 Bible ma yehu sɛ Yehowa su ahorow no, nea ɛyɛ kɛse paa ne ɔdɔ. (1 Yoh. 4:8) Momma yɛnhwɛ nea Yehowa de baa Bible mu ne nea wamfa amma mu. Nea ɔde ama yɛn wɔ Bible mu no, ɛno ara na yehia na yɛatumi ne no afa adamfo, yɛatumi anya anigye wɔ asetena mu nnɛ, na yɛatumi anya daa nkwa nso daakye. Nanso esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, nea yenhia no, wamfa anka ho.—Kenkan Yohane 21:25.

14. Dɛn bio na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn?

14 Ɔkwan a Yehowa fa so ne yɛn di nkitaho no nso kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn, efisɛ odi yɛn ni. Yɛhwɛ Bible mu a, ɔnhyehyɛɛ mmara buburugyaa mmaa yɛn, kyerɛ sɛ, ɔnhyɛɛ mmara wɔ biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu ho. Mmom, ɔnam ebinom asetenam nsɛm so, nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwanwa ne afotu pa so ma yesisi gyinae pa. Onyankopɔn Asɛm kanyan yɛn wɔ saa akwan yi so ma yefi yɛn komam dɔ no, na yetie no.

Sɛnea Yehowa ne n’asomfo a wɔtenaa ase tete no dii no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. (a) Sɛn na Bible ma ɛda adi sɛ Yehowa dwen yɛn ho? (b) Yɛhwɛ mfoni no a, nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm bɛn na abeawa no, aberante no, ne onuawa a n’ani afi no redwinnwen wɔn ho? (Gen. 39:1, 10-12; 2 Ahe. 5:1-3; Luka 2:25-38)

15 Bible ma yehu sɛ Yehowa dwen yɛn ho paa. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm ma yehu nea nnipa a ɛka wɔn ho asɛm no faa mu. Yebetumi ate wɔn ase, efisɛ na wɔyɛ nnipa a ‘wɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara.’ (Yak. 5:17) Ne titiriw paa no, sɛ yɛhwɛ sɛnea ɔne nnipa a ɛte sɛ yɛn no dii a, ɛma yɛte ase yiye sɛ “Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.”—Yak. 5:11.

16. Sɛ yɛkenkan Bible na yehu mfomso a ebinom dii a, dɛn na ɛma yesua fa Yehowa ho? (Yesaia 55:7)

16 Bible ma yehu ɔkwan foforo a Yehowa fa so yi ne dɔ adi kyerɛ yɛn. Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yedi mfomso a, Onyankopɔn rento yɛn nkyene. Israelfo no yɛɛ Yehowa bɔne mpɛn pii; nanso sɛ wɔfi wɔn komam nu wɔn ho a, na ɔde kyɛ wɔn. (Kenkan Yesaia 55:7.) Tete Kristofo no nso hui sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn paa. Ɔbarima bi a ɔyɛɛ bɔne kɛse na akyiri yi onuu ne ho no, honhom kronkron kanyan ɔsomafo Paul ma ɔhyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ ‘wɔmfa nkyɛ no, na wɔnkyekye ne werɛ.’ (2 Kor. 2:6, 7; 1 Kor. 5:1-5) Ɛka yɛn koma paa sɛ Yehowa ampo n’asomfo esiane bɔne a wɔyɛe nti! Mmom, oyii ne yam boaa wɔn, ɔteɛteɛɛ wɔn, na ɔsan gyee wɔn toom. Wahyɛ bɔ sɛ ɛnnɛ nso, abɔnefo a wɔnu wɔn ho nyinaa saa ara na ɔbɛyɛ ama wɔn.—Yak. 4:8-10.

ONYANKOPƆN ASƐM A ƐYƐ “AKYƐDE PA” NO, MA ƐNSOM BO MMA WO

17. Adɛn nti na Bible no yɛ akyɛde a ɛsom bo saa?

17 Yehowa akyɛ yɛn ade kɛse paa. Adɛn nti na n’Asɛm Bible no som bo saa? Sɛnea yɛahu no, Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn yɛ onyansafo, obu atɛntrenee, na ɔdɔ yɛn. Saa nhoma yi da no adi sɛ Yehowa pɛ sɛ yehu no. Ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ ne nnamfo.

18. Bible a ɛyɛ “akyɛde pa” a Yehowa de ama yɛn no, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ?

18 Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ “akyɛde pa” a ɔde ama yɛn no, yɛmpɛ sɛ yɛbɛtoto no ase koraa. (Yak. 1:17) Enti, momma yɛnkɔ so nkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛkenkan Bible no, na yedwinnwen emu nsɛm ho. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Opumpuni a Bible no fi ne hɔ no behyira yɛn mmɔdenbɔ so, na ‘yebenya Onyankopɔn ho nimdeɛ.’—Mmeb. 2:5.

DWOM 98 Kyerɛwnsɛm no Fi Yehowa Hɔ

a Bible boa yɛn ma yɛbɛn Yehowa. Dɛn na yebetumi asua afa Onyankopɔn nyansa, n’atɛntrenee, ne ne dɔ ho afi saa nhoma kronkron no mu? Nea yebesua no betumi aboa yɛn ma yɛanya anisɔ kɛse ama Onyankopɔn Asɛm, na yɛahu Bible no sɛ ɛyɛ akyɛde a efi yɛn soro Agya no hɔ.