Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 9

Nkwa a Onyankopɔn De Ama Wo No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo

Nkwa a Onyankopɔn De Ama Wo No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo

“Ɛnam no so na yɛwɔ nkwa, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.”—ASO. 17:28.

DWOM 141 Nkwa Yɛ Anwonwade

NEA YƐREBESUA a

1. Sɛn na yɛn nkwa som bo ma Yehowa?

 FA NO sɛ w’adamfo bi akyɛ wo dan. Ɔdan no ho awaawae kakra na enwunu nso. Adwuma wɔ dan no ho de, nanso sɛ wɔretɔn a, ɛbɛyɛ dɔla ɔpepem pii. Yegye di sɛ wobɛkyerɛ dan no ho anisɔ na woahwɛ so yiye. Yɛn nso, Yehowa ama yɛn akyɛde a ɛsom bo paa, ɛno ne nkwa. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa de ne ba no abɔ afɔre ama yɛn de akyerɛ sɛ yɛn nkwa som bo ma no paa.—Yoh. 3:16.

2. Sɛnea 2 Korintofo 7:1 ma yehu no, dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?

2 Yehowa ne nkwa Farebae. (Dw. 36:9) Ná ɔsomafo Paul gye saa nokwasɛm yi tom, enti ɔkaa sɛ: “Ɛnam no so na yɛwɔ nkwa, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.” (Aso. 17:25, 28) Enti yebetumi aka sɛ yɛn nkwa yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn. Ɔdɔ yɛn nti, nea yehia na ama yɛatumi atena ase no, ɔma yɛn nsa ka. (Aso. 14:15-17) Nanso Yehowa mmɔ yɛn nkwa ho ban anwanwakwan so. Mmom ɔpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya apɔwmuden, na yɛakɔ so asom no. (Kenkan 2 Korintofo 7:1.) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn apɔwmuden ne yɛn nkwa ho ban, na yɛbɛyɛ no sɛn?

MA NKWA A YEHOWA DE AMA WO NO NSOM BO MMA WO

3. Dɛn ne ade baako nti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwɛ yɛn apɔwmuden so yiye?

3 Ade baako nti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwɛ yɛn apɔwmuden so yiye ne sɛ, ɛbɛma yɛayɛ nea yebetumi biara asom Yehowa. (Mar. 12:30) Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ‘nipadua bɔ afɔre a ɛte ase, a ɛyɛ kronkron, na ɛsɔ Onyankopɔn ani,’ enti nneɛma a yenim sɛ ebetumi apira yɛn no, yɛkwati. (Rom. 12:1) Ɛwom, ɛmfa ho nea yɛbɛyɛ biara no, yebetumi ayare. Nanso yɛyɛ nea yebetumi biara hwɛ yɛn apɔwmuden so yiye, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛn soro Agya no hu sɛ nkwa a ɔde ama yɛn no, yɛn ani sɔ.

4. Dɛn na na Ɔhene Dawid pɛ sɛ ɔyɛ?

4 Ɔhene Dawid kyerɛɛ nea enti a nkwa a Onyankopɔn de maa no no, na ɛsom bo ma no. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mekɔ amoa mu a, mfaso bɛn na ɛwɔ me wu so? Dɔte betumi ayi wo ayɛ? Ebetumi aka wo nokwaredi akyerɛ nkurɔfo anaa?” (Dw. 30:9) Ɛbɛyɛ sɛ aka kakra ma Dawid awu no na ɔkyerɛw saa asɛm no. Nanso na wasi ne bo sɛ onnya nwui no de, ɔbɛhwɛ n’apɔwmuden so yiye, na watumi ayi Yehowa ayɛ. Saa ara na yɛn nyinaa nso, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ.

5. Sɛ yɛanyin anaa yɛyare sɛ dɛn mpo a, dɛn na yebetumi ayɛ?

5 Nneɛma a kan no na yetumi yɛ no, sɛ onyin anaa yare reteetee yɛn a, emu pii wɔ hɔ a, ebia yɛrentumi nyɛ. Ɛba saa a, ebia yɛbɛyɛ basaa anaa yɛn werɛ bɛhow. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw da sɛ yɛbɛhwɛ yɛn apɔwmuden so yiye. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛanyin anaa yɛyare sɛ dɛn mpo a, yebetumi akɔ so ayi Yehowa ayɛ sɛnea Ɔhene Dawid yɛe no. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛn sintɔ nyinaa akyi no, yɛsom bo ma Onyankopɔn! (Mat. 10:29-31) Sɛ yewu mpo a, Yehowa ani begye ho sɛ obenyan yɛn. (Hiob 14:14, 15) Enti bere a yɛda so te ase yi, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de hwɛ yɛn apɔwmuden ne yɛn nkwa so yiye.

TWE WO HO FI NNEƐMA A EBETUMI APIRA WO HO

6. Ɛba adidi ne ɔnom a, dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

6 Ɛwom sɛ Bible nyɛ apɔwmuden nhoma anaa nhoma a ɛkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yedi ne nea ɛnsɛ sɛ yedi, nanso ɛma yehu Yehowa adwene wɔ nneɛma a ɛtete saa ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa tu yɛn fo sɛ, “nneɛma a ebetumi apira” yɛn nipadua no, yenyi mfi yɛn akwan mu. (Ɔsɛnk. 11:10) Bible kasa tia adidi mmoroso ne asanom bebrebe efisɛ emu biara betumi adi yɛn awu. (Mmeb. 23:20) Yehowa pɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na yɛannidi anaa yɛannom nsa antra so.—1 Kor. 6:12; 9:25.

7. Afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 2:11 no, sɛn na ɛboa yɛn ma yesisi gyinae pa wɔ yɛn apɔwmuden ho?

7 Yebetumi de yɛn nyansa asisi gyinae a ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no paa. (Dw. 119:99, 100; kenkan Mmebusɛm 2:11.) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛnyɛ biribiara na ɛsɛ sɛ yedi. Sɛ yɛn ani gye aduan bi ho, na yɛn ara yenim sɛ yedi a ɛma yɛyare a, ɛnyɛ obi na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ yɛn sɛ yennyae di. Afei nso, sɛ yetumi da yiye, yɛtaa teɛteɛ yɛn apɔw mu, yedi yɛn ho ne yɛn afie ni a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ yɛn ade nyansam.

HWƐ WO HO YIYE NA WOAMPIRA

8. Hwɛ a yɛbɛhwɛ yɛn ho yiye na yɛampira no, sɛn na Bible ma yehu sɛ ɛho hia Onyankopɔn?

8 Mmara a Yehowa de maa Israel man no, na akwankyerɛ a ɛbɛbɔ wɔn ho ban na wɔampira wɔ fie anaa adwumam nso ka ho. (Ex. 21:28, 29; Deut. 22:8) Sɛ obi anhyɛ da mpo na okum obi a, na asodi kɛse da no so. (Deut. 19:4, 5) Abofra a ɔhyɛ yafunu mu mpo, sɛ obi anhyɛ da na opira no a, na Mmara no hwehwɛ sɛ wɔtwe n’aso. (Ex. 21:22, 23) Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye na yɛampira.

Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yebu nkwa wɔ tebea horow yi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛampira? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Sɛ yɛwɔ fie anaa yɛwɔ adwumam na yɛhwɛ yɛn ho yiye na yɛampira a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nneɛma a ano yɛ nnam, awuduru, ne nnuru sei, ɛnsɛ sɛ yɛtow gu baabiara kɛkɛ na ankopira obi. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛde gu baabi a mmofra nsa betumi aka. Sɛ yɛresɔ gya, yɛrenoa nsu, anaa yɛde mfiri a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma redi dwuma a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye; ɛnsɛ sɛ yegyaw si so a obiara nni hɔ. Sɛ aduru bi a yɛafa, nsa a yɛanom, anaa da a yɛanna yiye nti, ɛbɛma ayɛ den sɛ yɛbɛka kar yiye a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yɛka. Afei nso sɛ yɛreka kar a, ɛnsɛ sɛ yekura fon.

BERE A ATOYERƐNKYƐM BI ASI

10. Ansa na atoyerɛnkyɛm bi besi, anaa bere a asi no, dɛn na yebetumi ayɛ?

10 Ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi asiw asiane anaa akwanhyia ano. Nea yɛreka ho asɛm no bi ne atoyerɛnkyɛm, nsanyare, ne ɔko. Nanso sɛ asiane a ɛte saa si a, yebetumi ayɛ nneɛma bi de abɔ yɛn ho ban na yɛanya yɛn ti adidi mu. Ebi ne sɛ, sɛ aban no ka sɛ yemfi baabi a yɛwɔ no, mma yemmpue, anaa sɛ wɔhyɛ mmara pɔtee bi a, yebedi so. (Rom. 13:1, 5-7) Asiane no bi wɔ hɔ a, ɛbɔ yɛn nkae, enti akwankyerɛ biara a aban no de bɛma na aboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho ama atoyerɛnkyɛm no, ɛsɛ sɛ yedi so. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ebehia sɛ yɛpɛ nsu, nnuan a ɛnsɛe ne nnuru kakra gu hɔ.

11. Sɛ nsanyare bi retrɛw wɔ baabi a yɛwɔ no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ?

11 Sɛ nsanyare bi retrɛw wɔ baabi a yɛwɔ no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yetie akwankyerɛ a aban no de bɛma. Ebi ne sɛ yɛbɛhohoro yɛn nsa, yɛremmɛn afoforo pii, yɛbɛhyɛ mask, na sɛ yenya yare no bi a, yɛbɛhyɛ dan mu. Sɛ yɛbɔ mmɔden de akwankyerɛ no yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no, yɛn ani sɔ paa.

12. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, nsɛm a nkurɔfo keka fa ho no, sɛn na nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 14:15 no bɛboa yɛn ama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yegye di?

12 Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, ebia yɛn nnamfo, wɔn a ɛte bɛn yɛn, ne nsɛm ho amanneɛbɔfo bɛtrɛw atosɛm mu. Sɛ́ anka yebegye “asɛm biara” a yɛbɛte adi no, ɛsɛ sɛ yetie nsɛm a ɛyɛ nokware a aban no ne adɔktafo bɛka no. (Kenkan Mmebusɛm 14:15.) Akwankyerɛ Kuw no ne Betel ahorow no yɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔn nsa bɛka nsɛm a ɛyɛ nokware, ansa na wɔde asafo nhyiam ne asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ ama. (Heb. 13:17) Sɛ yetie wɔn a, ɛbɔ yɛne afoforo ho ban. Afei nso ebetumi ama mpɔtam hɔfo abɔ Yehowa Adansefo din pa.—1 Pet. 2:12.

YƐ KRADO SƐ WOBƐTWE WO HO AFI MOGYA HO

13. Sɛ mogya ho asɛm sɔre a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no, ɛsom bo ma yɛn?

13 Nnipa pii nim Yehowa Adansefo sɛ yennye mogya, efisɛ yebu mogya sɛ ɛyɛ kronkron. Yetie Yehowa mmara a ɛfa mogya ho no, enti sɛ yɛyare denneennen mpo a, yennye mogya. (Aso. 15:28, 29) Nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yewu. Mmom nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no som bo ma yɛn. Enti yɛhwehwɛ adɔktafo a wɔaben wɔ aduruyɛ mu a wɔpɛ sɛ wɔhwɛ yɛn a wɔmma yɛn mogya.

14. Dɛn na yebetumi ayɛ na sɛ ɛkɔba sɛ yɛyare a, ebia ɛho ammehia sɛ wɔyɛ yɛn oprehyen, na sɛ ɛsɛ sɛ wɔsa yɛn yare nso a, yɛn ayaresa no mu anyɛ den?

14 Nyansahyɛ a ɛfa apɔwmuden ho a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no, sɛ yɛde yɛ adwuma na ɛkɔba sɛ yɛyare a, ebia ɛho renhia sɛ wɔyɛ yɛn oprehyen. Bio nso, ebia ɛremma yɛn ayaresa no mu nyɛ den. Sɛ yɛhwɛ yɛn apɔwmuden so yiye na sɛ ɛho behia sɛ wɔyɛ yɛn oprehyen a, ɛbɛma yɛn ho atɔ yɛn ntɛm. Afei nso, nneɛma a ebetumi apira yɛn wɔ fie anaa adwumam no, sɛ yɛde gu yiye anaa yeyi fi hɔ, na yedi karka ho mmara so pɛpɛɛpɛ a, ebia ɛrenkɔba sɛ yebepira ma ɛho abehia sɛ wɔyɛ yɛn oprehyen.

Esiane sɛ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no som bo ma yɛn nti, yɛhyehyɛ mogya krataa (DPA) no, na yɛde hyɛ yɛn ho kɔ baabiara (Hwɛ nkyekyɛm 15) c

15. (a) Adɛn nti na ehia sɛ yɛhwɛ sɛ mogya krataa (DPA) a ekura yɛn no, yɛahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ? (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Sɛnea video no ma yehu no, mogya a wɔde di dwuma wɔ ayaresa mu no, yɛbɛyɛ dɛn asi ho gyinae pa?

15 Esiane sɛ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no som bo ma yɛn nti, yɛhyehyɛ mogya krataa (DPA) no, na yɛde hyɛ yɛn ho kɔ baabiara. Gyinae a yɛasi wɔ mogya ho ne sɛnea yɛpɛ sɛ wɔsa yɛn yare na yɛakyerɛw wɔ so. Woahyehyɛ wo DPA no pɛpɛɛpɛ anaa? Sɛ ɛho hia sɛ wohyehyɛ anaa wosesa biribi wom a, nyɛ mmɔtohɔ. Sɛnea yɛpɛ sɛ wɔsa yɛn yare no, sɛ yɛadi kan akyerɛw ato hɔ a, ɛbɛma wɔasa yɛn yare ntɛm, na wɔrenyɛ yɛn kɔ-na-bra-kɔ-na-bra. Ɛbɛboa nnuruyɛfo nso ma wɔahu nnuru a ɛsɛ sɛ wɔde ma yɛn, ne ayaresa a ɛbɛboa yɛn. b

16. Sɛ yennim sɛnea yɛbɛhyehyɛ DPA no a, dɛn na yebetumi ayɛ?

16 Ɛmfa ho sɛ yennyinii anaa yɛwɔ apɔwmuden no, yɛn nyinaa betumi ayare anaa yɛahyia akwanhyia. (Ɔsɛnk. 9:11) Enti ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhyehyɛ yɛn DPA no. Sɛ wunhu sɛnea wobɛhyehyɛ DPA no a, bisa w’asafo mu mpanyimfo na wɔmmoa wo. Mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbehu sɛnea yɛhyehyɛ DPA no ani so yiye, nanso wɔrensi ayaresa ho gyinae biara mma wo. Wo ara na ɛsɛ sɛ wusi saa gyinae no. (Gal. 6:4, 5) Nanso ayaresa ko a wopɛ no, wɔbetumi aboa wo ma woate ase, na nea wopɛ no, woakyerɛw.

DA NTEASE ADI

17. Ɛba apɔwmuden ho nsɛm a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ ntease?

17 Gyinae a yesisi wɔ yɛn apɔwmuden ne ayaresa ho no, emu pii wɔ hɔ a, yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no, ɛno na yegyina so yɛ saa. (Aso. 24:16; 1 Tim. 3:9) Gyinae a yɛasisi afa yɛn apɔwmuden ho no, sɛ yɛne afoforo rebɔ ho nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Filipifo 4:5 no yɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.” Sɛ yɛwɔ ntease a, yɛrennwen yɛn apɔwmuden ho mmoro so, saa ara nso na yɛremfa yɛn gyinaesi nhyɛ afoforo so. Yɛdɔ yɛn nuanom na yebu wɔn, ɛmfa ho mpo sɛ ɛsono wɔn gyinaesi no.—Rom. 14:10-12.

18. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no?

18 Yehowa ne nkwa Farebae. Enti sɛ yɛhwɛ yɛn apɔwmuden so yiye, na yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi nyinaa som Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nkwa a ɔde ama yɛn no. (Adi. 4:11) Seesei de, yebetumi ayare, na atoyerɛnkyɛm nso betumi asi ama yɛn ho aka. Nanso ɛnyɛ saa asetena yi na na yɛn Bɔfo no pɛ sɛ yenya. Ɛrenkyɛ obeyi yaw ne owu afi hɔ na wama yɛn daa nkwa. (Adi. 21:4) Nanso seesei de, hwɛ sɛnea ɛyɛ fɛ sɛ yɛde nkwa a yɛwɔ no resom yɛn soro Agya, Yehowa a ɔdɔ yɛn no!

DWOM 140 Daa Nkwa no Ni Ampa!

a Adesua yi bɛboa yɛn ama nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no, yɛakyerɛ ho anisɔ kɛse. Yɛbɛhwɛ nneɛma pɔtee bi a yebetumi ayɛ de abɔ yɛn apɔwmuden ne yɛn nkwa ho ban bere a atoyerɛnkyɛm bi asi, ne sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn ho yiye na yɛampira. Afei, nea yɛbɛyɛ de asiesie yɛn ho ama ayaresa ho nsɛm a etumi sɔre mpofirim nso, yebesusuw ho.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua aberante bi rehyehyɛ ne DPA, na ɔhwɛ sɛ baabiara a ɔbɛkɔ no ɛka ne ho.