Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɛbsaet Ho Nyansahyɛ

Wɛbsaet Ho Nyansahyɛ

Sɛnea Wobɛhwehwɛ Nsɛm a Yɛbɔ No Dawuru No

Wokɔ jw.org a, nsɛm a w’ani bedi kan abɔ so a yɛbɔ no dawuru wɔ hɔ no, anuanom bebree de di dwuma wɔ asɛnka mu. Ɛnyɛ den koraa sɛ wode bɛsɛnde obi, na mpɛn pii no, nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nnɛ a ɛma Bible nkɔmhyɛ ba mu no, ɛkyerɛkyerɛ mu. Sɛnea onua bi kyerɛwee no, nsɛm a w’ani bedi kan abɔ so wɔ wɛbsaet hɔ no, “ɛnnɛ, ɛno ara ne ade a yehia na yɛde ayɛ asɛnka adwuma no.”

Nanso wɔtaa sesa nsɛm a wɔde gu hɔ no, enti nsɛm bi a wɔde guu hɔ a enni hɔ bio no, wobɛyɛ dɛn ahu?

  • Sɛ wokɔ jw.org a, baabi a yɛde nsɛm a w’ani bedi kan abɔ so a yɛbɔ no dawuru gu no, klike “Kenkan Bi Ka Ho” a ɛwɔ ase hɔ no so. Woklike so a, ebebue “Nsɛm Foforo a Yɛde Agu JW.ORG So Nnansa Yi” no ama wo, na wubehu nsɛm a yɛabɔ no dawuru nnansa yi ara no bebree wɔ hɔ.

  • Wokɔ jw.org anaa JW Library® a, klike “Nhomakorabea” anaa “Library” so, afei kɔ “Nsɛm a Ɛba Toatoa So,” na klike “Nsɛm Foforo a Wubenya” so. Nsɛm a yɛabɔ no dawuru wɔ wɛbsaet no so no, wubehu pii wɔ hɔ.