Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 12

Sua Yehowa Ho Ade Pii Fi Nneɛma a Wabɔ Mu

Sua Yehowa Ho Ade Pii Fi Nneɛma a Wabɔ Mu

“Ne suban ahorow a nnipa ntumi nhu . . . no, ada adi pefee fi bere a ɔbɔɔ wiase, na wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.”—ROM. 1:20.

DWOM 6 Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ

NEA YƐREBESUA a

1. Dɛn ne ɔkwan baako a Hiob faa so behuu Yehowa yiye?

 NKƆMMƆ a Hiob bɔe wɔ n’asetenam nyinaa, ɛbɛyɛ sɛ na baako bi da mu fua. Ɛno ne nkɔmmɔ a ɔne Yehowa bɔe no. Saa nkɔmmɔbɔ no mu no, Yehowa ka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔnto ne bo ase nhwɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a wabɔ. Ná ɛno bɛma Hiob agye adi paa sɛ Yehowa yɛ onyansafo, na otumi hwɛ ne nkoa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔkaee Hiob sɛ, ɔno Yehowa na ɔma mmoa aduan, enti Hiob nso, ɔbɛhwɛ no. (Hiob 38:39-41; 39:1, 5, 13-16) Nneɛma a Onyankopɔn abɔ a Hiob too ne bo ase susuw ho no, ɛboaa no ma osuaa Onyankopɔn ho ade pii.

2. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yɛadwinnwen ho?

2 Yɛn nso, sɛ yɛhwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ na yedwinnwen ho a, yebetumi asua ne ho ade pii. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ebetumi ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa. Sɛ yɛte kurow kɛse mu a, nneɛma a Yehowa abɔ no, pii wɔ hɔ a, ebia ɛnyɛ daa na yebehu. Sɛ yɛte baabi a abɔde atwa yɛn ho ahyia mpo a, ebia yɛbɛte nka sɛ yenni adaagye a yɛde bɛhwɛ na yɛadwinnwen ho. Enti momma yɛnhwɛ nea enti a ɛho hia sɛ yɛpɛ bere na yɛyere yɛn ho hwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yedwinnwen ho. Yebesusuw sɛnea Yehowa ne Yesu de abɔde kyerɛkyerɛ yɛn no ho. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ nneɛma afoforo a yebetumi asua afi nneɛma a Yehowa abɔ mu.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐHWƐ ABƆDE NA YEDWINNWEN HO?

Nneɛma a Yehowa bɔe no, na ɔpɛ sɛ Adam ani gye ho, na ɔtoto mmoa no din (Hwɛ nkyekyɛm 3)

3. Nneɛma a Yehowa bɔe no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ na ɔpɛ sɛ Adam ani gye ho?

3 Nneɛma a Yehowa bɔe no, na ɔpɛ sɛ onipa a odii kan bɔɔ no no ani gye ho. Bere a Yehowa bɔɔ Adam no, ɔde no kɔtenaa paradise fɛfɛɛfɛ bi mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ mu adwuma na ɔntrɛw mu. (Gen. 2:8, 9, 15) Sɛ Adam hwɛ sɛnea aba fifi ne sɛnea nhwiren pae a, na ɛbɛma n’ani agye. Hokwan kɛse paa na Adam nyae sɛ ɔbɛhwɛ Eden turo no so! Afei nso, Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ ɔntoto mmoa no nyinaa din. (Gen. 2:19, 20) Anka Yehowa ankasa betumi atoto mmoa no din, nanso ɔde saa adwuma no hyɛɛ Adam nsa. Ɛda adi sɛ ansa na Adam retoto mmoa no din no, ɔtoo ne bo ase hwɛɛ sɛnea aboa biara su te ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Ɛbɛyɛ sɛ Adam ani gyee saa adwuma yi ho paa. Yehowa nyansa, ne ne nsa ano adwuma a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ krabɛhwɛ no, wei ma onyaa hokwan a ɔde bɛkyerɛ ho anisɔ kɛse.

4. (a) Dɛn ne ade baako nti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yedwinnwen ho? (b) Nneɛma a Yehowa abɔ no, emu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho paa?

4 Ade baako nti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yedwinnwen ho ne sɛ, Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ saa. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ, “momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ.” Afei obisa sɛ: “Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?” Wei de, enhia sɛ obi ka kyerɛ wo. (Yes. 40:26) Yehowa abɔ nneɛma a ɛyɛ nwanwa pii wɔ soro, asaase so, ne ɛpo mu a yebetumi asua biribi afi mu. (Dw. 104:24, 25) Wo de, susuw sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn no ho hwɛ. Ɔbɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bi so a, sɛ yehu nneɛma a ɛyɛ fɛ a wabɔ a, yetumi kyerɛ ho anisɔ. Afei nso, ɔde nneɛma nnum bi abɔ yɛn a ɛboa ma yɛn ani gye nneɛma ahorow-ahorow a wabɔ no ho. Ɛno ne yɛn ani a ɛma yehu ade, yɛn aso a ɛma yɛte asɛm, yɛn honam a sɛ biribi ka yɛn nipadua no a ɛma yɛte, yɛn tɛkrɛma a ɛma yɛte ade dɛ, ne yɛn hwene a ɛma yɛte ade hua.

5. Sɛnea Romafo 1:20 kyerɛ no, sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yedwinnwen ho a, ɛboa yɛn sɛn?

5 Bible no ma yehu biribi foforo a ɛho hia a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yedwinnwen ho. Ɛma yehu Yehowa su ahorow. (Kenkan Romafo 1:20.) Wo de, hwɛ nneɛma a Yehowa abɔ, na wubehu sɛ ɔyɛ obi a onim adwinni di yiye. Wei ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ nyansa paa. Afei nso, hwɛ nnuan ahorow-ahorow a ɔde ama yɛn. Wei kyerɛ pefee sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa. Sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ, na yehu ne su ahorow no a, ɛma yehu no yiye na ɛboa ma yɛbɛn no paa. Afei momma yɛnhwɛ akwan bi a Yehowa afa so de nneɛma a wabɔ akyerɛ nnipa asuade ahorow bi a ɛho hia.

ONYANKOPƆN NAM NNEƐMA A WABƆ SO MA YESUA NE HO ADE

6. Dɛn na yebetumi asua afi nnomaa hɔ?

6 Yehowa wɔ bere a ɔde yɛ ne biribiara. Afe biara, efi February awiei kosi May mfinimfini no, na Israelfo hu sɛ asukɔnkɔn bebree atu nam wim de wɔn ani akyerɛ atifi fam. “Asukɔnkɔn a ɔwɔ wim mpo nim ne bere.” (Yer. 8:7) Sɛnea Yehowa ahyɛ bere a ɛsɛ sɛ saa nnomaa yi de tu kɔ baabi foforo no, saa ara na wahyɛ bere a ɔde bebu atɛn. Ɛnnɛ, sɛ yehu sɛ nnomaa bebree atu nam wim rekɔ baabi foforo a, ɛkae yɛn sɛ yebetumi anya Yehowa mu awerɛhyem sɛ ‘bere a wahyɛ no so a,’ ɔde saa wiase bɔne yi bɛba n’awiei.—Hab. 2:3.

7. Sɛ yɛhwɛ sɛnea anomaa tu kɔ wim no a, awerɛhyem bɛn na ebetumi ama yɛanya? (Yesaia 40:31)

7 Yehowa hyɛ n’asomfo den. Yehowa nam Yesaia so hyɛɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ, sɛ wɔyɛ mmerɛw anaa wɔn abam bu a, ɔbɛhyɛ wɔn den, na “wɔde ntaban betu te sɛ akɔre.” (Kenkan Yesaia 40:31.) Ná Israelfo taa hu sɛ akɔre atu nam wim a wɔmmɔ wɔn ntaban mu pii. Mframa a emu yɛ hyew na ɛboa wɔn ma wɔtumi yɛ saa. Wei kae yɛn paa sɛ Yehowa a ɔma saa nnomaa no ahoɔden no, obetumi nso ahyɛ n’asomfo den! Sɛ wuhu sɛ anomaa kɛse bi atu nam wim kɔ sorosoro a asɛ ɔmmɔ ne ntaban mu a, kae sɛ ɔhaw biara a worehyia no, Yehowa betumi ama wo ahoɔden ma wode adi so.

8. Nneɛma a Onyankopɔn abɔ a Hiob dwinnwen ho no, dɛn na osua fii mu, na dɛn na yɛn nso yebetumi asua afi mu?

8 Ɛfata sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Yehowa boaa Hiob ma onyaa ne mu ahotoso kɛse. (Hiob 32:2; 40:6-8) Nkɔmmɔ a Onyankopɔn ne Hiob twetwee no mu no, Onyankopɔn twee adwene sii nneɛma pii a wabɔ so. Nneɛma a ɔkaa ho asɛm no bi ne nsoromma, omununkum ne anyinam. Yehowa san kaa mmoa bi te sɛ ɛkoɔ ne ɔpɔnkɔ ho asɛm. (Hiob 38:32-35; 39:9, 19, 20) Wei nyinaa ma ɛdaa adi sɛ, Onyankopɔn tumi so, na ne dɔ ne ne nyansa nso nni ano. Saa nkɔmmɔbɔ yi nti, Hiob benyaa Yehowa mu ahotoso kɛse. (Hiob 42:1-6) Yɛn nso, sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yedwinnwen ho a, ɛkae yɛn sɛ Yehowa wɔ nyansa ne tumi koraa sen yɛn. Yehowa betumi ayi yɛn haw nyinaa nso afi hɔ, na ɔbɛyɛ nso. Saa nokwasɛm yi betumi aboa yɛn ma yɛanya ne mu ahotoso kɛse.

YESU NAM ABƆDE SO KYERƐKYERƐƐ N’AGYA HO ADE

9-10. Dɛn na awia a ɛbɔ ne nsu a ɛtɔ ma yehu fa Yehowa ho?

9 Ná Yesu nim nneɛma a Yehowa abɔ yiye. Yesu yɛ “odwumayɛni a onim adwuma paa,” na bere a n’Agya rebɔ amansan no, onyaa hokwan ne no boom yɛɛ adwuma. (Mmeb. 8:30) Akyiri yi, bere a Yesu baa asaase so no, ɔnam abɔde so kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no n’Agya ho ade. Momma yɛnhwɛ nneɛma a ɔkyerɛkyerɛe no kakra.

10 Yehowa da ne dɔ adi kyerɛ obiara. Yesu Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔtwee n’asuafo no adwene sii nneɛma mmienu bi a Onyankopɔn abɔ so a nnipa bebree mfa wɔn adwene nkɔ so. Ɛno ne awia a ɛbɔ ne nsu a ɛtɔ. Yehia wei mu biara na yɛatumi atena ase. Yehowa pɛ a, anka wɔn a wɔnsom no no, ɔremma wɔn bi. Nanso, ne dɔ nti, ɔtɔ nsu bɔ awia ma obiara. (Mat. 5:43-45) Yesu de wei kyerɛɛ n’asuafo no sɛ Yehowa pɛ sɛ yeyi ɔdɔ adi kyerɛ obiara. Bere biara a yebehu sɛ awia rekɔtɔ anaa nsu regugu no, yebetumi adwinnwen ɔdɔ a Yehowa ayi no adi akyerɛ nnipa nyinaa no ho. Ne nhwɛso no betumi akanyan yɛn ma yɛn nso yɛaka asɛmpa no akyerɛ nnipa nyinaa de akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.

11. Sɛ yɛhwɛ wim nnomaa a, sɛn na ebetumi ahyɛ yɛn nkuran?

11 Yehowa ma yɛn nea yehia. Yesu Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔsan kaa sɛ: “Momfa mo ani nto fam nhwɛ wim nnomaa; wongu aba, wontwa, wɔmmoaboa ano ngu adekoradan mu, nanso mo soro Agya ma wɔn aduan.” Wɔn a na wɔretie Yesu no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔtumi hu sɛ nnomaa atu nam wim. Ɛno nti obisaa wɔn sɛ: “Mo ho nhia pii nsen wɔn anaa?” (Mat. 6:26) Yesu nam saa kwan pa yi so ma yɛn awerɛhyem sɛ, Yehowa bɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia. (Mat. 6:31, 32) Asuade a ɛwɔ saa asɛm yi mu kɔ so hyɛ Yehowa asomfo anokwafo nkuran. Ná onuawa ababaa kwampaefo bi a ofi Spain abam abu efisɛ na baabi pa a obenya atena ho ayɛ den ama no. Nanso bere a ohui sɛ nnomaa resosɔ nnuaba no, ɛhyɛɛ no nkuran. Ɔka sɛ, “Saa nnomaa no kaee me sɛ Yehowa hwɛ wɔn, enti me nso ɔbɛhwɛ me.” Ampa-ne-ampa ara, ankyɛ na onuawa no nyaa dan no bi.

12. Sɛnea Mateo 10:29-31 kyerɛ no, dɛn na nkasanoma ma yehu fa Yehowa ho?

12 Yɛn mu biara som bo ma Yehowa. Ansa na Yesu resoma n’asomafo no ma wɔakɔka asɛm no, ɔboaa wɔn ma wɔhui sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsuro wɔn a wɔbɛsɔre atia wɔn no. (Kenkan Mateo 10:29-31.) Ɔyɛɛ no sɛn? Ɔkaa nkasanoma ho asɛm; na wɔyɛ nnomaa a wɔnyɛ na wɔ Israel. Yesu bere so no, na nkurɔfo mmu saa nnomaa no. Nanso ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Wɔn mu baako mpo ntɔ fam a mo Agya renhu.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mo ho hia sen nkasanoma bebree.” Yesu nam wei so maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ wɔn mu biara som bo ma Yehowa, enti ɛnsɛ sɛ wɔsuro ɔsɔretia. Sɛ Yesu asuafo no reka asɛm no wɔ nkurow mu ne nkuraase na wɔhu nkasanoma a, ɔkwan biara so na wɔbɛkae asɛm a Yesu kae no. Enti bere biara a wubehu anomaa ketewa bi no, kae sɛ wosom bo ma Yehowa, efisɛ wo nso, wo “ho hia sen nkasanoma bebree.” Sɛ nkurɔfo sɔre tia wo a, esiane sɛ Yehowa ka wo ho nti, woremmɔ hu.—Dw. 118:6.

YƐBƐYƐ DƐN ASUA YEHOWA HO ADE PII AFI ABƆDE MU?

13. Nneɛma a Yehowa abɔ no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasua biribi afi mu?

13 Sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, yebetumi asua nneɛma afoforo pii afa ne ho. Yɛbɛyɛ no sɛn? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de hwɛ nneɛma a wabɔ no. Afei, nea ɛma yehu fa Yehowa ho no, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho. Ebia ɛnyɛ bere nyinaa na ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebetu anammɔn a ɛte saa. Onuawa bi a ofi Cameroon a ne din de Géraldine ka sɛ, “Minyinii wɔ kurow kɛse mu, enti mihu sɛ egye mmɔdenbɔ paa na obi atumi apɛ bere ahwɛ nneɛma a Yehowa abɔ.” Asafo mu panyin bi a ne din de Alfonso kyerɛ mu sɛ, “Mahu sɛ, ɛsɛ sɛ miyi bere pɔtee bi si hɔ de hwɛ Yehowa abɔde. Afei nea ɛbɛma mahu afa Yehowa ho no, na madwinnwen ho.”

Dawid hwɛɛ abɔde a atwa ne ho ahyia, na nea ɛma osua faa Yehowa ho no, odwinnwen ho (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Bere a Dawid dwinnwen Onyankopɔn abɔde ho no, dɛn na osuae?

14 Dawid dwinnwen Onyankopɔn abɔde ho kɔɔ akyiri. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Sɛ mihu ɔsoro nneɛma a woayɛ, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie no a, ɔdasani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a wudwen ne ho?” (Dw. 8:3, 4) Bere a Dawid hwɛɛ wim anadwo no, ɛnyɛ sɛ nea ohui no yɛɛ no nwanwa kɛkɛ. Mmom, nea nsoromma no ma osua faa Onyankopɔn ho no, odwinnwen ho. Ohui sɛ Yehowa sõ, na ɔyɛ kɛse. Ɛtɔ da nso a na Dawid dwinnwen sɛnea onyinii wɔ ne maame yam no ho. Bere a odwinnwen saa nneɛma a ɛyɛ nwanwa yi ho no, obehui sɛ Yehowa yɛ onyansafo paa.—Dw. 139:14-17.

15. Yehowa su ahorow a woahu wɔ nneɛma a wabɔ mu no, ma ho nhwɛso. (Dwom 148:7-10)

15 Sɛnea Dawid yɛe no, sɛ worepɛ biribi a Yehowa abɔ a wobɛhwɛ adwinnwen ho a, enni akyiri koraa. Baabiara a wobɛto w’ani ahwɛ no, wubehu biribi a ɛbɛboa wo ma woahu Yehowa su ahorow. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ awia rebɔ a, ɛma wuhu sɛ Yehowa wɔ tumi. (Yer. 31:35) Sɛ wuhu sɛ anomaa bi reyɛ ne birebuw a, ɛma wuhu sɛ Onyankopɔn wɔ nyansa. Sɛ wuhu sɛ ɔkraman ba bi redi ne dua ho agorɔ a, ɛma wuhu sɛ Yehowa yɛ anigye Nyankopɔn. Afei nso, sɛ wuhu sɛ ɔbaatan bi ne ne ba akokoaa redi agorɔ a, ɛma wuhu sɛ Yehowa wɔ ɔdɔ. Yɛwɔ hokwan pii a yebetumi de asua Yehowa ho ade. Nneɛma a wabɔ no, ebi susua, ebi soso, ebi wɔ akyirikyiri na ebi nso bɛn yɛn, nanso emu biara yi no ayɛ.—Kenkan Dwom 148:7-10.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

16 Yehowa yɛn Nyankopɔn nyansa ne ne dɔ de, adutwam; onim adwini di yiye na ɔwɔ tumi paa nso. Sɛ yɛde yɛn ani to fam hwɛ nneɛma a wabɔ a, yebehu saa su ahorow yi ne pii a ɛkeka ho. Momma yenyi bere nsi hɔ daa mfa nhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ. Afei, nea ɛma yesua fa Yehowa ho no, yennwinnwen ho. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛabɛn yɛn Bɔfo no paa. (Yak 4:8) Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ sɛnea awofo betumi de nneɛma a Yehowa abɔ aboa wɔn mma ma wɔabɛn Yehowa.

DWOM 5 Onyankopɔn Anwonwadwuma

a Nneɛma a Yehowa abɔ yɛ fɛ, na ɛyɛ nwanwa. Sɛ yɛhwɛ tumi paa a efi awia no mu, na yɛhwɛ nhwiren ketewa bi nso a esi baabi a, ne nyinaa tumi ma yɛn ho dwiriw yɛn. Nea yesua fi abɔde mu no betumi aboa yɛn ma yɛasua Yehowa ho ade pii. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de hwɛ nneɛma a Yehowa abɔ. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea enti a sɛ yɛyɛ saa a ɛbɛboa yɛn ama yɛabɛn Onyankopɔn.