Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua Ho Nyansahyɛ

Adesua Ho Nyansahyɛ

Sɛnea wode ɔfa a yɛato din “Ade Foforo a Aba” anaa “What’s New” No Bedi Dwuma Yiye

“Ade Foforo a Aba” anaa “What’s New” a ɛwɔ jw.org ne JW Library® so no ma yehu nneɛma a wɔde agu hɔ nnansa yi ara. Wobɛyɛ dɛn de saa ɔfa yi adi dwuma ahu nea aba foforo?

JW Library

  • Nsɛm a ɛba toatoa so anaa “Article Series” afa hɔ no, sɛ biribi foforo biara bɛka ho a, wubehu ahyɛnsode a ɛkyerɛ sɛ biribi foforo abɛka ho anaa wɔayɛ mu nsakrae no. Enti sɛ nsɛm a ɛba toatoa so anaa “Article Series” no bi ba “Ade Foforo a Aba” afa hɔ a, wubetumi atwe foforo a aba no bi. Afei wubetumi akan asɛm foforo a aba a abɛda soro hɔ pɛɛ no. Sɛ woklike “DA” no so a, foforo paa a aba no na wubehu sɛ edi kan no.

  • Nhoma a emu nsɛm dɔɔso te sɛ nsɛmma nhoma de, ebia worentumi nkan ne nyinaa nwie prɛko pɛ. Nea ɛbɛyɛ na woahu sɛ wonkan nwiei no, wubetumi de nsɛmma nhoma no aka ɔfa a yɛato din “Nea M’ani Gye Ho” anaa “Favorites” no ho akosi sɛ wobɛkan awie.

JW.ORG

Nsɛm no bi wɔ hɔ a, jw.org wɛbsaet no so nko ara na ɛba; ebi mma JW Library. Ebi ne amanneɛbɔ ne nkaebɔ ahorow bi. Sɛ wotaa hwɛ ɔfa a yɛato din “Ade Foforo a Aba” no wɔ wɛbsaet hɔ a, wubehu nsɛm foforo a abɛtɔ gua.