Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 35

Kɔ So Nya Abotare

Kɔ So Nya Abotare

“Momfa . . . abotare nyɛ ataade nhyɛ.”—KOL. 3:12.

DWOM 114 “Munnya Abotare”

NEA YƐREBESUA a

1. Adɛn nti na w’ani gye nkurɔfo a wɔwɔ abotare ho?

 YƐN mu hena na n’ani nnye obi a ɔwɔ abotare ho? Sɛ obi tumi nya biribi ho abotare a ne bo mfuw a, yebu saa nipa no paa. Sɛ yedi mfomso na nkurɔfo nya yɛn ho abotare a, yɛn ani sɔ. Afei nso, nea ɔne yɛn suaa Bible no, yɛn ani sɔ paa sɛ onyaa yɛn ho abotare bere a na ɛyɛ den sɛ yɛbɛte Bible nkyerɛkyerɛ bi ase anaa yɛde bɛyɛ adwuma no. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛda Yehowa Nyankopɔn ase paa sɛ ɔwɔ yɛn ho abotare!—Rom. 2:4.

2. Nneɛma bɛn mu na ebetumi ayɛ den sɛ yebenya abotare?

2 Ɛwom sɛ yɛn ani gye nkurɔfo a wɔwɔ abotare ho, nanso yɛn ankasa de, ebia ɛnyɛ bere nyinaa na ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebenya abotare. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛte kar mu rekɔ baabi na kar abɔ apee so wɔ kwan so a, ebetumi ayɛ den sɛ yebenya abotare, ɛnkanka bere a yɛreyɛ aka akyi no. Sɛ obi hyɛ yɛn abufuw nso a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Afei nso, wiase foforo a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no, ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so atwɛn sɛ ɛbɛba. Wopɛ sɛ wunya abotare pii anaa? Adesua yi mu no, yɛka sɛ obi wɔ abotare a, yɛbɛhwɛ nea ɛkyerɛ, ne nea enti a saa suban no ho hia paa. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya abotare pii.

YƐKA SƐ OBI WƆ ABOTARE A, ƐKYERƐ SƐN?

3. Sɛ nkurɔfo hyɛ obi a ɔwɔ abotare abufuw a, dɛn na ɔyɛ?

3 Yɛnhwɛ nneɛma nnan a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ abotare. Nea edi kan, obi a ɔwɔ abotare no, ne bo mfuw ntɛm. Sɛ nkurɔfo hyɛ no abufuw a, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so na wanyɛ bi antua ka. Afei nso, sɛ nneɛma hyɛ no so a, ɔnkasa hatuhatu. Bere a edi kan a asɛm, “ne bo mfuw ntɛm” puee wɔ Bible mu no, na ɛfa Yehowa ho. Bible kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso.”—Ex. 34:6.

4. Obi a ɔwɔ abotare no, sɛ ɛsɛ sɛ ɔtwɛn biribi a, sɛn na ɔyɛ n’ade?

4 Nea ɛtɔ so mmienu, obi a ɔwɔ abotare tumi to ne bo ase twɛn. Obi a ɔte saa no, sɛ ɔrehwɛ biribi kwan na sɛ ɛkyɛ mpo a, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔremma ne bo mfuw anaa ɔrenteetee. (Mat. 18:26, 27) Ehia sɛ yɛto yɛn bo ase twɛn wɔ nneɛma pii mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ obi rekasa a, ehia sɛ yɛto yɛn bo ase tie no a yɛrentwa n’ano. (Hiob 36:2) Afei nso, sɛ yɛreboa Bible suani bi ma wate Bible nkyerɛkyerɛ bi ase anaa wagyae suban bɔne bi a, ebehia sɛ yenya ne ho abotare.

5. Dɛn bio na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ abotare?

5 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, obi a ɔwɔ abotare mpere ne ho nyɛ ade. Ɛwom, ɛtɔ da a, ɛho behia sɛ yɛyɛ yɛn ade ntɛm so wɔ nneɛma bi mu. Nanso, obi a ɔwɔ abotare no, sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛho hia a, ɔmpere ne ho mfi ase; saa ara nso na ɔmpere ne ho sɛ obewie. Mmom, ɔpɛ bere de toto nneɛma ansa na wahyɛ ase. Afei onya bere ma nea ɔrebɛyɛ no, na ɔyɛ no yiye.

6. Obi a ɔwɔ abotare no, sɛ ɔrehyia sɔhwɛ anaa ɔhaw bi a, dɛn na ɔyɛ?

6 Nea ɛtɔ so nnan, obi a ɔwɔ abotare no, sɛ ɔrehyia sɔhwɛ a, omia n’ani gyina mu, na onnwiinwii. Wei kyerɛ sɛ, yehia abotare na yɛatumi amia yɛn ani agyina sɔhwɛ mu. Ɛwom, sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, mfomso biara nni ho sɛ yɛbɛka sɛnea yɛte nka akyerɛ yɛn yɔnko berɛbo bi. Nanso obi a ɔwɔ abotare no, omia n’ani gyina mu, na ɔmma ɛnsɛe n’anigye. (Kol. 1:11) Kristofo de, ɛsɛ sɛ yenya abotare wɔ nneɛma a yɛaka ho asɛm yi nyinaa mu. Adɛn ntia? Momma yɛnhwɛ nea enti a yɛreka saa no bi.

ADƐN NTI NA EHIA PAA SƐ YENYA ABOTARE?

Sɛnea okuafo nya abotare twɛn, na onya ahotoso sɛ obetwa ne nnɔbae no, yɛn nso, yɛwɔ ahotoso sɛ bere a ɛsɛ mu no, Yehowa bɛma ne bɔhyɛ nyinaa abam, enti yenya abotare twɛn (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Sɛnea Yakobo 5:7, 8 kyerɛ no, adɛn nti na ehia paa sɛ yenya abotare? (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Sɛ yebetumi anya nkwa a, ehia sɛ yenya abotare. Sɛnea Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe no, yɛn nso ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn ma Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa ba mu. (Heb. 6:11, 12) Bible de yɛn toto okuafo ho. (Kenkan Yakobo 5:7, 8.) Okuafo yɛ adwumaden dua ne nnɔbae gugu so nsu, nanso onnim bere pɔtee a ebefifi. Enti okuafo no nya abotare twɛn, na onya ahotoso sɛ obetwa ne nnɔbae no. Yɛn nso, ɛwom sɛ ‘yennim da ko a yɛn Wura bɛba,’ nanso yɛyere yɛn ho yɛ yɛn som adwuma. (Mat. 24:42) Yɛwɔ ahotoso sɛ, bere a ɛsɛ mu no, Yehowa bɛma ne bɔhyɛ nyinaa abam, enti yenya abotare twɛn. Sɛ yɛannya abotare a, yebetumi apa abaw, na nkakrankakra yɛbɛtwe yɛn ho afi nokware no ho. Afei nso, anhwɛ a, nneɛma a ebia ɛbɛma yɛn ani agye bere tiaa mu no, ɛno na yebedi akyi. Nanso sɛ yenya abotare a, yebetumi amia yɛn ani agyina mu akosi awiei, na wɔagye yɛn nkwa.—Mika 7:7; Mat. 24:13.

8. Sɛ yenya abotare a, sɛn na ɛboa ma yɛne afoforo ntam yɛ kama? (Kolosefo 3:12, 13)

8 Sɛ yenya abotare a, ɛboa ma yɛne afoforo ntam yɛ kama. Sɛ obi rekasa a, ɛboa yɛn ma yɛyɛ aso tie no yiye. (Yak. 1:19) Afei nso, sɛ yenya abotare a, ɛma asomdwoe tena yɛne afoforo ntam. Bio nso, ɛboa yɛn na sɛ nneɛma hyɛ yɛn so a, yɛampere yɛn ho anyɛ ade anaa yɛanka asɛm a ɛyɛ yaw ankyerɛ obi. Sɛ obi yɛ ade ma ɛhaw yɛn a, abotare a yɛwɔ nti, yɛremfa abufuw. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ bi atua ka no, ‘yɛbɛkɔ so anya ne ho abotare na obiara de ne yɔnko bɔne akyɛ no korakora.’—Kenkan Kolosefo 3:12, 13.

9. Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, sɛn na abotare boa yɛn? (Mmebusɛm 21:5)

9 Abotare betumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa nso. Sɛ́ anka yɛbɛpere yɛn ho asi gyinae anaa yɛbɛyɛ nea ɛbɛba yɛn adwenem biara no, yɛbɛto yɛn bo ase ahwehwɛ mu na yɛahu gyinae a yesi a ɛbɛboa yɛn. (Kenkan Mmebusɛm 21:5.) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛrepɛ adwuma na nea ebedi kan aba no bɛma yɛatoto yɛn som ase mpo a, anhwɛ a yɛbɛyɛ. Nanso, sɛ yɛwɔ abotare a, yɛbɛto yɛn bo ase ahwɛ baabi a adwuma no wɔ, nnɔnhwerew dodow a yɛde bɛyɛ adwuma no, ne sɛnea adwuma no bɛka yɛn abusua ne yɛn som. Sɛ yenya abotare a, ebetumi aboa yɛn na yɛansi gyinae bɔne.

NEA ƐBƐMA YƐANYA ABOTARE PII

10. Dɛn na Kristoni yɛ a ɛbɛma wakɔ so anya abotare?

10 Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo abotare pii. Abotare ka honhom aba no ho. (Gal. 5:22, 23) Enti yebetumi abɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron, na yɛasrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yennya honhom no aba no. Sɛ yehyia tebea bi a ɛma ɛyɛ den sɛ yebenya abotare a, ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so bisa’ Yehowa sɛ ɔmfa honhom kronkron mmoa yɛn mma yennya abotare. (Luka 11:9, 13) Yebetumi nso asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenhu nneɛma sɛnea ohu no no. Afei yɛbɔ mpae wie a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebenya abotare da biara. Sɛ yɛkɔ so bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya abotare, na yɛn ankasa nso yere yɛn ho a, nkakrankakra abotare bɛba abɛyɛ yɛn suban.

11-12. Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ abotare?

11 Dwinnwen Bible mu nhwɛso ahorow ho. Nnipa a na wɔwɔ abotare no, wɔn mu pii ho asɛm wɔ Bible mu. Sɛ yedwinnwen saa nkurɔfo no nhwɛso ho a, ebetumi ama yɛahu nea yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ abotare. Ansa na yɛbɛhwɛ wɔn mu bi ho asɛm no, momma yensusuw Yehowa nhwɛso ho, efisɛ ɔno ne obi a ɔwɔ abotare sen obiara.

12 Satan sɛee Yehowa din wɔ Eden turo mu hɔ, na ɔkaa sɛ Yehowa nyɛ Sodifo papa, na ɔnnɔ nnipa. Anka Yehowa betumi asɛe Satan a ɔyɛ dinsɛefo no amonom hɔ ara, nanso onyaa abotare na ɔhyɛɛ ne ho so, efisɛ na onim sɛ ebegye bere na ada adi sɛ ɔno Yehowa tumidi na ɛyɛ papa paa. Bere a Yehowa retwɛn no, nkurɔfo kɔ so ara sɛe ne din, nanso wamia n’ani agyina ne nyinaa ano. Afei nso, Yehowa anya abotare retwɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii betumi abenya daa nkwa. (2 Pet. 3:9, 15) Wei nti, ama nnipa ɔpepem pii abehu no. Sɛ yɛde yɛn adwene si mfaso a ɛwɔ Yehowa abotare so a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛtwɛn ma Yehowa de awiei no aba bere a ɛsɛ mu.

Sɛ yɛwɔ abotare na obi ne yɛn ankasa yiye a, ɛremma yɛn bo mfuw (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Sɛn na Yesu asuasua n’Agya abotare no pɛpɛɛpɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Yesu suasua n’Agya abotare pɛpɛɛpɛ. Bere a ɔbaa asaase so no, ɔdaa saa suban no adi. Ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na na ɛyɛ mmerɛw sɛ obenya afoforo ho abotare, ɛnkanka akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo no. (Yoh. 8:25-27) Nanso, na Yesu te sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ, enti na ne bo mfuw ntɛm. Bere a wɔyeyaw no anaa wɔhyɛɛ no abufuw no, wanyɛ wɔn bi antua ka. (1 Pet. 2:23) Yesu nyaa abotare miaa n’ani gyinaa sɔhwɛ ano, na wannwiinwii. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Bible ka sɛ, ‘nea ɔde animia gyinaa pintinn bere a nnebɔneyɛfo kasa tiaa no no, yensusuw ne ho yiye’! (Heb. 12:2, 3) Yehowa mmoa so nti, yɛn nso yebetumi de abotare agyina sɔhwɛ biara a yebehyia ano.

Sɛ yenya abotare te sɛ Abraham a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn nnɛ, na obehyira yɛn kɛse paa wɔ wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Abotare a Abraham nyae no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hebrifo 6:15) (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Yɛn mu bi wɔ hɔ a, yɛahwɛ kwan dedaadaw sɛ awiei no bɛba nso ɛmmae, na seesei mpo de, ɛyɛ yɛn sɛ anhwɛ a awiei no remmɛto yɛn. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so anya abotare atwɛn? Momma yɛnhwɛ Abraham nhwɛso no. Ná Abraham adi mfe 75, nanso na onni ba. Saa bere no, Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ: “Mɛyɛ wo ɔman kɛse.” (Gen. 12:1-4) Saa bɔhyɛ no baa mu maa Abraham hui anaa? Ohuu bi, nanso ɛnyɛ ne nyinaa. Bere a Abraham twaa Eufrate Asubɔnten akyi no, ɔtwɛnee mfe 25 ansa na Yehowa nam anwanwakwan so ma ɔwoo ne ba Isak. Afei ɔsan twɛnee mfe 60 ansa na wɔrewo ne mmanana Esau ne Yakob. (Kenkan Hebrifo 6:15.) Nanso bere a Abraham asefo bɛyɛɛ ɔman kɛse na wɔnyaa bɔhyɛ asaase no, wanhu. Ne nyinaa akyi no, na saa ɔbarima nokwafo yi ne ne Bɔfo no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den. (Yak. 2:23) Sɛ wɔnyan Abraham ba nkwa mu bio a, ɔbɛba abehu sɛ gyidi ne abotare a onyae nti, asaase so aman nyinaa anya nhyira. Hwɛ sɛnea n’ani begye afa! (Gen. 22:18) Dɛn na yesua fi mu? Ebia yɛrenhu sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa reba mu saa bere yi. Nanso, sɛ yenya abotare te sɛ Abraham a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn nnɛ, na obehyira yɛn kɛse paa wɔ wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu.—Mar. 10:29, 30.

15. Sɛ yɛn ankasa resua ade a, dɛn na yebetumi asua?

15 Nnipa afoforo pii nso a na wɔwɔ abotare ho asɛm wɔ Bible mu. (Yak. 5:10) Wubetumi asua wɔn mu bi ho ade. b Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Dawid yɛ abofra no, Yehowa ma wɔsraa no sɛ ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene daakye, nanso na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn mfe pii ansa na wɔasi no hene. Simeon ne Hana nso, bere a na wɔretwɛn sɛ wɔbehu Mesia a na wɔahyɛ ne ho bɔ no, wɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa. (Luka 2:25, 36-38) Sɛ woresua wɔn ho ade a, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi a: Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa saa nipa yi ma onyaa abotare? Abotare a onyae no boaa no sɛn? Mɛyɛ dɛn asuasua no? Sɛ wusua wɔn a wɔannya abotare nso ho ade a, ebetumi aboa wo. (1 Sam. 13:8-14) Wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na wɔannya abotare? Nsunsuanso bɛn na ɛde baa wɔn so?’

16. Sɛ yenya abotare a, nhyira a yenya no bi ne nea ɛwɔ he?

16 Sɛ yenya abotare a, nhyira a yenya no, dwinnwen ho. Sɛ yɛwɔ abotare a, yɛn ani gye paa na yɛn koma tɔ yɛn yam. Enti sɛ yɛwɔ abotare a, ebetumi ama yɛanya apɔwmuden. Sɛ yenya afoforo ho abotare nso a, ɛma yɛne wɔn ntam yɛ kama. Ɛma baakoyɛ nso tena yɛn asafo mu. Sɛ obi gyigye yɛn, na yɛamma yɛn bo amfuw ntɛm a, ebetumi adwudwo asɛm no ano na anyɛ kɛse. (Dw. 37:8, ase hɔ asɛm; Mmeb. 14:29) Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ yenya abotare a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua yɛn soro Agya no, na ɛma yɛbɛn no paa.

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

17 Anokwa, abotare yɛ suban a ɛyɛ fɛ paa, na ɛso wɔ mfaso! Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya abotare, nanso Yehowa mmoa so nti, yebetumi akɔ so anya abotare. Afei nso, bere a yɛanya abotare retwɛn sɛ wiase foforo no bɛba no, yebetumi anya ahotoso sɛ “Yehowa hwɛ wɔn a wosuro no no so; wɔn a wɔtwɛn ne dɔ a enni huammɔ no, ɔhwɛ wɔn so.” (Dw. 33:18) Momma yɛn nyinaa nsi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so de abotare ayɛ ataade ahyɛ.

DWOM 41 Tie Me Mpaebɔ

a Yɛhwɛ Satan wiase yi mu a, yehu sɛ nnipa nni abotare koraa. Nanso Bible ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa abotare nyɛ ataade nhyɛ. Adesua yi bɛma yɛahu nea enti a ehia paa sɛ yenya abotare, ne nea yɛyɛ a yebetumi anya abotare pii.

b Nnipa a wɔnyaa abotare a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, sɛ wopɛ sɛ wuhu bi a, hwɛ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no. Hwɛ asɛmti a ɛne, “Nkate, Suban, Ne Nneyɛe,” na hwɛ asɛmti ketewa a yɛato din “Abotare.”