Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 36

Soa Nea Ehia Sɛ Wosoa, Na Tow Nea Aka No Gu

Soa Nea Ehia Sɛ Wosoa, Na Tow Nea Aka No Gu

“Momma yenyi adesoa biara . . .  ngu, na yɛmfa animia ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.”—HEB. 12:1.

DWOM 33 Dan W’adesoa Ma Yehowa

NEA YƐREBESUA a

1. Sɛnea Hebrifo 12:1 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi atu nkwa ho mmirika no awie?

 BIBLE no de Kristofo abrabɔ toto ammirikatu ho. Wɔn a wɔbetumi atu mmirika no awie no benya daa nkwa. (2 Tim. 4:7, 8) Ɛnnɛ paa na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kɔ so tu mmirika no, efisɛ ɛrenkyɛ koraa na yɛawie. Ɔsomafo Paul a otumi tuu nkwa ho mmirika no wiei no, ɔkaa nneɛma bi a ɛbɛboa yɛn nso ma yɛadi nkonim. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ, “yenyi adesoa biara . . .  ngu, na yɛmfa animia ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.”—Kenkan Hebrifo 12:1.

2. Sɛ Bible ka sɛ “yenyi adesoa biara . . .  ngu” a, ɛkyerɛ sɛn?

2 Bere a Paul kyerɛwee sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yeyi adesoa biara gu’ no, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ adesoa biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ Kristoni soa anaa? Daabi, ɛnyɛ saa na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ. Mmom, nea na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ ne sɛ, adesoa biara a ɛho nhia no, ɛsɛ sɛ yɛtow gu. Adesoa a ɛte saa no betumi atwe yɛn asan na ama yɛagyae mmirika no tu. Sɛ yebetumi amia yɛn ani atu mmirika no awie a, adesoa biara a ɛho nhia a ebetumi atwe yɛn asan no, ɛsɛ sɛ yehu no ntɛm na yeyi fi hɔ. Nanso nnesoa a ehia sɛ yɛsoa no de, ɛnsɛ sɛ yɛtow gu. Sɛ yɛtow gu pɛ, ɛkyerɛ sɛ yɛagyae mmirika no tu. (2 Tim. 2:5) Nnesoa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛsoa?

3. (a) Sɛnea Galatifo 6:5 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛsoa? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu, na adɛn ntia?

3 Kenkan Galatifo 6:5. Paul kaa biribi a ɛsɛ sɛ yɛsoa ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ, “obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.” Ɛha no, na Paul reka asɛde a yɛn mu biara wɔ wɔ Onyankopɔn anim ho asɛm, biribi a yɛn ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Adesua yi mu no, yɛn ‘ankasa adesoa’ a yɛbɛsoa ne sɛnea yɛbɛsoa no no, yɛbɛhwɛ nea ɛkyerɛ. Afei nso, yɛbɛhwɛ nnesoa bi a ɛho nhia a ebia ɛso yɛn ne sɛnea yebetumi atow agu. Yɛn ankasa adesoa a yɛbɛsoa ne nnesoa a ɛho nhia a yɛbɛtow agu no, ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi atu nkwa ho mmirika no awie.

NNESOA A ƐSƐ SƐ YƐSOA

Yɛn ankasa adesoa a yɛbɛsoa no, ebi ne ɛbɔ a yɛahyɛ Yehowa sɛ yɛbɛsom no daa ne asɛde a yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu a yebedi ho dwuma. Afei nso, gyinae biara a yebesi no, ɛsɛ sɛ yegye ɛho nsunsuanso no tom (Hwɛ nkyekyɛm 4-9)

4. Ɛbɔ a yɛahyɛ Yehowa sɛ yɛbɛsom no daa no, adɛn nti na ɛnyɛ den dodo? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Ɛbɔ a yɛahyɛ Yehowa sɛ yɛbɛsom no daa. Bere a yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa no, yɛhyɛɛ bɔ sɛ yɛbɛsom no na yɛayɛ n’apɛde. Ɛsɛ sɛ yedi saa bɔhyɛ no so. Ɛbɔ a yɛahyɛ sɛ yɛbɛsom Yehowa daa no, ɛyɛ asɛde a emu yɛ duru, nanso ɛnyɛ den dodo, efisɛ Yehowa bɔɔ yɛn sɛ yɛnyɛ n’apɛde. (Adi. 4:11) Ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so, na sɛnea ɔbɔɔ yɛn no ma yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom no. Ne saa nti, yetumi bɛn no, na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. (Dw. 40:8) Afei nso, sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde na yedi ne Ba no akyi a, ‘yenya ɔhome.’—Mat. 11:28-30.

(Hwɛ nkyekyɛm 4-5)

5. Ɛbɔ a woahyɛ sɛ wobɛsom Yehowa daa no, dɛn na ɛbɛboa wo ma woadi so? (1 Yohane 5:3)

5 Wobɛyɛ dɛn asoa adesoa no? Nneɛma mmienu yi betumi aboa wo. Nea edi kan, ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no, kɔ so ara hyɛ mu den. Nea ɛbɛma woatumi ayɛ saa no, nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wo nyinaa ne nhyira a daakye ɔde bɛma wo no, dwinnwen ho. Sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no yɛ kɛse a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubetie no. (Kenkan 1 Yohane 5:3.) Nea ɛtɔ so mmienu, suasua Yesu. Otumi yɛɛ Onyankopɔn apɛde efisɛ ɔbɔɔ no mpae sɛ ɔmmoa no, na ɔkɔɔ so de n’ani sii akatua a na obenya no so. (Heb. 5:7; 12:2) Sɛnea Yesu yɛe no, wo nso, bɔ Yehowa mpae sɛ ɔnhyɛ wo den. Afei ma daa nkwa ho anidaso no ntena w’adwenem bere nyinaa. Sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no yɛ kɛse na wusuasua ne Ba no a, ɛbɔ a woahyɛ sɛ wobɛsom no daa no, wubetumi adi so.

6. Asɛde a yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma? (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Asɛde a yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu. Nkwa ho mmirika a yɛretu yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne Yesu sen yɛn abusuafo. (Mat. 10:37) Wei nkyerɛ sɛ asɛde a yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu no, yebetumi abu yɛn ani agu so, na yɛanya adwene sɛ yɛyɛ saa a na ɛbɛma yɛatumi asɔ Onyankopɔn ne Kristo ani. Sɛ yebetumi asɔ Onyankopɔn ne Kristo ani a, asɛde a yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu no, ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma. (1 Tim. 5:4, 8) Yɛyɛ saa a, yɛn ani begye paa. Yehowa nim sɛ, sɛ okunu dɔ ne yere na obu no, na ɔyere nso yɛ saa ara ma ne kunu a, wɔn ani begye. Afei nso, sɛ awofo dɔ wɔn mma na wɔtete wɔn, na mmofra no nso tie wɔn awofo a, wɔn nyinaa ani begye.—Efe. 5:33; 6:1, 4.

(Hwɛ nkyekyɛm 6-7)

7. Wobɛyɛ dɛn adi w’asɛde ho dwuma wɔ abusua no mu?

7 Wobɛyɛ dɛn asoa adesoa no? Asɛde biara a wowɔ wɔ abusua no mu no, ɛnyɛ sɛnea wote nka, amammerɛ, anaa nea animdefo ka na ɛsɛ sɛ wode yɛ adwuma, mmom tie nea Bible ka wɔ ho na fa yɛ adwuma. (Mmeb. 24:3, 4) Hwehwɛ akwankyerɛ nso fi asafo nhoma mu. Nyansahyɛ pii wom a ɛbɛboa wo ma woahu sɛnea wode Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma. Ɛho nhwɛso ne nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din, “Mmoa a Wɔde Ma Abusua No.” Nsɛm a ɛwɔ hɔ no, ɛfa ɔhaw a awarefo, awofo ne mmabun hyia nnɛ no ho. b Sɛ abusuafo a aka no mpɛ sɛ wɔde nea Bible ka no bɛyɛ adwuma mpo a, wo de, si wo bo sɛ wode bɛyɛ adwuma. Woyɛ saa a, ɛbɛboa w’abusua no, na Yehowa nso behyira wo.—1 Pet. 3:1, 2.

8. Gyinae a yesisi no, nsunsuanso bɛn na ebetumi de abrɛ yɛn?

8 Gyinae biara a yebesi no, ɛho asodi da yɛn so. Yehowa de yɛn pɛ ama yɛn, na ɔpɛ sɛ yesisi gyinae pa ma yɛn ani gye. Nanso sɛ yesisi gyinae bɔne a, ɔbɛma yɛatwa so aba. (Gal. 6:7, 8) Ɛno nti, sɛ yesisi gyinae bɔne, yɛankasa yiye, anaa yɛpere yɛn ho yɛ biribi a, ɛso nsunsuanso no, ɛsɛ sɛ yegye tom. Ebia nea yɛayɛ no nti, yɛn ahonim bɛhaw yɛn. Nanso esiane sɛ yenim sɛ gyinae a yebesi biara ho asodi da yɛn so nti, ebetumi aka yɛn ma yɛaka yɛn bɔne, yɛasiesie mfomso a yɛadi no, na yɛayere yɛn ho sɛ yɛrenni saa mfomso no bio. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so atu nkwa ho mmirika no.

(Hwɛ nkyekyɛm 8-9)

9. Sɛ woasi gyinae bɔne bi a, dɛn na ebetumi aboa wo? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Wobɛyɛ dɛn asoa adesoa no? Sɛ woasi gyinae bɔne bi na worentumi nyɛ ho hwee a, gye tom, efisɛ nea asi no, worentumi nsesa no. Nhaw wo ho sɛ wobɛsɛe bere akyerɛ nea enti a wusii saa gyinae bɔne no anaa wode ɛho asodi bɛto afoforo so. Mmom, gye wo mfomso tom, na yɛ nea wubetumi biara wɔ tebea a woaba mu no mu. Sɛ bɔne bi a woayɛ nti, w’ahonim haw wo a, bɔ Yehowa mpae, gye wo mfomso tom, na srɛ no sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. (Dw. 25:11; 51:3, 4) Wɔn a ebia woafom wɔn no, pa wɔn kyɛw, na sɛ ɛho hia a, hwehwɛ mmoa fi mpanyimfo no hɔ. (Yak. 5:14, 15) Sua biribi fi mfomso a woadi no mu, na bɔ mmɔden sɛ worenyɛ bio. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behu wo mmɔbɔ, na mmoa biara a wuhia no, ɔde bɛma wo.—Dw. 103:8-13.

NNESOA A ƐSƐ SƐ YƐTOW GU

10. Sɛ yɛde botae a yɛrentumi nnu ho sisi yɛn ani so a, adɛn nti na ebetumi ayɛ adesoa kɛse? (Galatifo 6:4)

10 Botae a yɛrentumi nnu ho a yɛde besisi yɛn ani so. Sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo a, ebetumi ayɛ adesoa kɛse ama yɛn. (Kenkan Galatifo 6:4.) Sɛ daa yɛde yɛn ho toto afoforo a, ebetumi ama yɛn ani abere wɔn, na yɛne wɔn asi akan. (Gal. 5:26) Nea afoforo ayɛ no, sɛ yɛn tebea mma yɛn kwan, na yɛyɛ sɛ kyenkyen ara a yɛn nso yɛbɛyɛ bi a, anhwɛ a ɛde ɔhaw bɛbrɛ yɛn. Sɛ “anidaso a ɛmma mu ntɛm no, ɛma koma yare” a, ɛnde sɛ yɛde biribi a yɛrentumi nnu ho da si yɛn ani so a, hwɛ sɛnea ɛbɛteetee yɛn afa! (Mmeb. 13:12) Yɛyɛ saa a, ebetumi atwe yɛn mu nsu, na atwe yɛn asan wɔ nkwa ho mmirika a yɛretu no mu.—Mmeb. 24:10.

11. Dɛn na ebetumi aboa wo na woamfa botae a worentumi nnu ho ansisi w’ani so?

11 Wobɛyɛ dɛn atow saa adesoa no akyene? Yɛ nea wubetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu, nanso nyɛ mmoro w’ahoɔden so. Yehowa nhwɛ kwan da sɛ wode nea wunni bɛma no. (2 Kor. 8:12) Nya awerɛhyem sɛ Yehowa mfa nea woyɛ ntoto afoforo de ho. (Mat. 25:20-23) N’ani sɔ wo nokwaredi ne w’animia ne wo kra nyinaa mu a wufi som no no. Gye tom sɛ ebia mfe a woadi, w’apɔwmuden, ne wo tebea nti worentumi nyɛ nea wopɛ sɛ woyɛ nyinaa. Sɛnea Basilai yɛe no, wo nso sɛ wɔde hokwan bi rema wo, na yare anaa onyin nti worentumi nyɛ a, nnye. (2 Sam. 19:35, 36) Suasua Mose; sɛ ebinom pɛ sɛ wɔboa wo a, gye tom na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa dwumadi hyehyɛ afoforo nsa. (Ex. 18:21, 22) Wobrɛ wo ho ase saa a, botae a worentumi nnu ho a ebetumi atwe wo asan wɔ nkwa ho mmirika no mu no, woremfa nsisi w’ani so.

12. Sɛ afoforo sisi gyinae bɔne a, ɛho asodi da yɛn so anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

12 Bere a yɛte nka sɛ gyinae bɔne a afoforo sisi ho asodi da yɛn so. Yɛrentumi nsisi gyinae mma afoforo; afei nso, sɛ wɔsisi gyinae bɔne a, ɛso nsunsuanso no, ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi abɔ wɔn ho ban afi ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia awofo bi babarima anaa wɔn babea betumi agyae Yehowa som. Ɛba saa a, ebetumi ama awofo no adi awerɛhow paa. Nanso, awofo a wɔn ba si gyinae bɔne a ɛyɛ wɔn sɛ ɛho asodi da wɔn so no, wɔso adesoa kɛse. Wei nyɛ adesoa a Yehowa pɛ sɛ wɔsoa.—Rom. 14:12.

13. Sɛ ɔwofo bi ba si gyinae bɔne a, dɛn na obetumi ayɛ?

13 Wobɛyɛ dɛn atow saa adesoa no akyene? Hu sɛ Yehowa de obiara pɛ ama no. Ɔpɛ sɛ obiara si ne gyinae. Som a obi bɛsom Yehowa anaa ɔrensom no no nso ka ho. Yehowa nim sɛ wonyɛ ɔwofo a bɔne nni wo ho; nea ɔpɛ ara ne sɛ wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa. Gyinae a wo ba besi no, ɛho asodi da no so, na ɛnyɛ wo. (Mmeb. 20:11) Ne nyinaa mu no, ebia mfomso a wudii sɛ ɔwofo no, sɛ ɛho asɛm besi wo tirim a, na agyaw wo adwinnwen. Sɛ saa a, ma Yehowa nhu sɛnea wote nka, na srɛ no sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. Onim sɛ nea mmoa adi no, wɔadi kɔ. Afei nso, gyinae a wo ba no asi no, ɔnhwɛ kwan sɛ ɛso nsunsuanso no, wobɛbɔ ne ho ban afi ho. Kae sɛ, sɛ wo ba no yɛ sɛ ɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn a, ɔbɛyɛ no awaawaa atuu.—Luka 15:18-20.

14. Bu a yebebu yɛn ho fɔ atra so no, adɛn nti na ɛyɛ adesoa a ɛsɛ sɛ yɛtow kyene?

14 Bu a yebebu yɛn ho fɔ atra so. Sɛ yɛyɛ bɔne na yɛn ahonim bu yɛn fɔ a, ntease wom. Nanso bu a yebebu yɛn ho fɔ atra so de, ɛnyɛ adesoa a Yehowa pɛ sɛ yɛsoa. Ɛyɛ adesoa a ɛsɛ sɛ yɛtow kyene. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛrebu yɛn ho fɔ atra so? Sɛ yɛaka yɛn bɔne, yɛanu yɛn ho, na yɛatu anammɔn a ɛremma yɛnsan nkɔyɛ saa bɔne no bio a, ɛnde yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de akyɛ yɛn. (Aso. 3:19) Sɛ yɛatu anammɔn a ɛte saa awie a, Yehowa mpɛ sɛ yɛkɔ so bu yɛn ho fɔ. Onim sɛ, sɛ yɛkɔ so bu yɛn ho fɔ a, ebetumi ateetee yɛn. (Dw. 31:10) Sɛ yɛma awerɛhow mene yɛn a, anhwɛ a yebegyae nkwa ho mmirika no tu.—2 Kor. 2:7.

Sɛ woayɛ bɔne na wufi wo komam anu wo ho a, Yehowa ayi n’adwene afi so, enti wo nso, yi w’adwene fi so (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Sɛ worebu wo ho fɔ tra so a, dɛn na ɛbɛboa wo? (1 Yohane 3:19, 20) (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Wobɛyɛ dɛn atow saa adesoa no akyene? Sɛ worebu wo ho fɔ tra so a, fa w’adwene si sɛnea Onyankopɔn de “bɔne kyɛ koraa” no so. (Dw. 130:4) Wɔn a wɔayɛ bɔne a wɔafi wɔn komam anu wɔn ho no, sɛ ɔde kyɛ wɔn a, ɔhyɛ bɔ sɛ: “Wɔn bɔne nso, merenkae bio.” (Yer. 31:34) Wei kyerɛ sɛ bɔne a Yehowa de akyɛ wo no, ɔrentwe w’aso wɔ ho bio. Ɛno nti, sɛ bɔne bi a woayɛ akɔfa nsunsuanso bɔne bi abrɛ wo a, nnyina ɛno so nka sɛ Yehowa mfa nkyɛɛ wo. Afei nso, sɛ mfomso a wudii nti hokwan bi a wowɔ wɔ asafo no mu abɔ wo a, mma ɛnnyɛ wo yaw. Bɔne a woyɛe no, Yehowa ayi n’adwene afi so, enti wo nso, yi w’adwene fi so.—Kenkan 1 Yohane 3:19, 20.

TU MMIRIKA NO NA DI NKONIM

16. Yɛn a yɛyɛ mmirikatufo no, dɛn na ehia sɛ yehu?

16 Nkwa ho mmirika a yɛretu no, ɛsɛ sɛ yetu ‘no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛanya abasobɔde no.’ (1 Kor. 9:24) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ehia sɛ yehu nnesoa a ɛsɛ sɛ yɛsoa ne nea ɛsɛ sɛ yɛtow gu. Adesua yi mu no, nnesoa a ɛsɛ sɛ yɛsoa ne nea ɛsɛ sɛ yɛtow gu no, yɛasusuw emu kakraa bi ho; pii da so wɔ hɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu kaa sɛ “adidi mmoroso ne asanom bebrebe ne asetena mu dadwen” betumi ‘ahyɛ yɛn koma so.’ (Luka 21:34) Saa kyerɛwnsɛm yi ne kyerɛwnsɛm afoforo betumi aboa wo ma woahu nsakrae a ebia ebehia sɛ woyɛ bere a woretu nkwa ho mmirika no.

17. Nkwa ho mmirika a yɛretu no, adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ yebedi nkonim?

17 Nkwa ho mmirika a yɛretu no, yebetumi agye adi sɛ yebedi nkonim, efisɛ Yehowa bɛma yɛn ahoɔden a yehia no. (Yes. 40:29-31) Enti ngow wo ho! Suasua ɔsomafo Paul, efisɛ ɔyeree ne ho tuu mmirika no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya abasobɔde a na esi n’ani so no. (Filip. 3:13, 14) Obiara rentumi ntu saa mmirika yi mma wo, nanso Yehowa betumi aboa wo ma woadi nkonim. Yehowa betumi aboa wo ma woasoa nnesoa a ehia sɛ wosoa no, na woatow nea ɛho nhia no agu. (Dw. 68:19) Yehowa mmoa so nti, wubetumi amia w’ani atu mmirika no na woadi nkonim!

DWOM 65 Kɔ W’anim!

a Adesua yi bɛboa yɛn ma yɛatu nkwa ho mmirika no. Nkwa ho mmirikatufo de, nnesoa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛsoa. Ebi ne ɛbɔ a yɛahyɛ Yehowa sɛ yɛbɛsom no daa ne asɛde a yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu. Afei nso, gyinae biara a yebesi no, ɛho asodi da yɛn so. Nanso adesoa biara a ɛho nhia a ebetumi atwe yɛn asan wɔ ammirikatu no mu de, ɛsɛ sɛ yɛtow gu. Saa nnesoa no bi ne nea ɛwɔ he? Adesua yi bɛma yɛanya saa asɛmmisa no ho mmuae.

b Nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din, “Mmoa a Wɔde Ma Abusua No,” wubetumi ahu wɔ jw.org. Nsɛm a wɔakyerɛw ama awarefo no bi ni: “Wobɛyɛ Dɛn Abu Wo Kunu Anaa Wo Yere?” ne “Kyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ”; awofo nso de ni: “Kyerɛ Wo Mma Sɛnea Wɔde Smatfon Bɛyɛ Adwuma Yiye” ne “Ɔbabun a Wo Ne No Bedi Nkitaho”; mmabun so de ni: “Sɛnea Wobɛko Atia Atipɛnfo Nhyɛso” ne “Sɛnea Wobɛdi Ankonamyɛ So.”