Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

1923​—Mfe Ɔha a Atwam

1923​—Mfe Ɔha a Atwam

JANUARY 1, 1923 Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ, “Yɛhwɛ kwan sɛ afe 1923 bɛyɛ anigye afe. Yɛanya hokwan kɛse sɛ yebedi . . . nnipa a wɔrehu amane wɔ wiase no adanse, na yɛakyerɛ wɔn sɛ mmere pa da wɔn anim.” Afe 1923 no, sɛnea na Bible Asuafo no yɛ wɔn adesua, wɔn nhyiam ne asɛnka adwuma no, wɔyɛɛ mu nsakrae. Wei maa baakoyɛ a ɛwɔ wɔn mu no yɛɛ kɛse.

ASAFO NHYIAM MAA BAAKOYƐ A ƐWƆ WƆN MU NO YƐƐ KƐSE

Kalenda a wɔahyehyɛ kyerɛwnsɛm ne nnwom a na wɔto nɔma wɔ so

Saa afe no, ahyehyɛde no yɛɛ nsakrae bi a ɛboa maa baakoyɛ baa Bible Asuafo no mu. Kyerɛwsɛm a ɛyɛ a wɔsusuw ho wɔ Mpaebɔ, Ayeyi, ne Adansedi Nhyiam a na wɔyɛ no nnawɔtwe biara ase no, wɔfii ase de ɛho nkyerɛkyerɛmu baa Ɔwɛn-Aban no mu. Afei nso, kyerɛwsɛm a wɔbesusuw ho nnawɔtwe biara, ne nnwom a wɔbɛto bere a wɔreyɛ abusua som anaa kokoam adesua no, Bible Asuafo no yɛɛ ho kalenda, na wɔhyehyɛɛ ne nyinaa wɔ so.

Sɛ Bible Asuafo no kɔ asafo nhyiam a, na wɔdi “adanse.” Ebi ne sɛ, na wɔka osuahu bi a wɔnyae wɔ asɛnka mu, wɔda Yehowa ase wɔ nea wayɛ ama wɔn ho, wɔto dwom bi, anaa wɔbɔ mpae mpo. Eva Barney bɔɔ asu afe 1923; na wadi mfe 15. Ɔkaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi adanse a, na ɔsɔre gyina hɔ ka biribi sei, ‘Mepɛ sɛ meda Awurade ase wɔ papa a wayɛ me nyinaa ho.’” Adansedi de, na anuanom binom pɛ paa. Onuawa Barney toaa so sɛ: “Onua Godwin a na ne mfe akɔ anim no, na nneɛma a ɔpɛ sɛ ɔda Awurade ase wɔ ho no dɔɔso. Nanso sɛ ne yere hu sɛ asɛ ɛhaw onua a ɔrehwɛ nhyiam no so no a, na watwe ne kunu ataade kakra, na wagyae kasa atena ase.”

Ná asafo biara yɛ Mpaebɔ, Ayeyi, ne Adansedi Nhyiam soronko bi pɛnkoro bosome biara. April 1, 1923 Ɔwɛn-Aban no kaa saa nhyiam yi ho asɛm sɛ: “Bere a yɛde yɛ adesua no, yɛde emu fã bɛka osuahu a yenyae wɔ asɛnka mu na yɛahyɛ adawurubɔfo no nkuran. . . . Yegye di sɛ asafo nhyiam a ɛte sei bɛma baakoyɛ a ɛwɔ anuanom mu no ayɛ kɛse.”

Charles Martin a na wadi mfe 19 a na ɔyɛ ɔdawurubɔfo wɔ Vancouver, Canada no, onyaa nhyiam a ɛte saa so mfaso paa. Akyiri yi ɔkaa sɛ: “Adesua a ɛte saa ase na midii kan huu nea mɛka wɔ asɛnka mu. Ná afoforo taa ka osuahu a wɔnyae wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu. Wei ma mihuu nsɛm a metumi aka. Afei nso, sɛ obi ka asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ ɔmpɛ sɛ otie asɛmpa no a, ɛma mihuu sɛnea me ne no bɛkasa.”

ASƐNKA ADWUMA NO MAA BAAKOYƐ A ƐWƆ WƆN MU NO YƐƐ KƐSE

Bulletin a ɛbaa May 1, 1923

“Nna a wɔyi sii hɔ sɛ wɔde bɛkɔ asɛnka” no, ɛno nso boa maa anuanom yɛɛ baako. April 1, 1923 Ɔwɛn-Aban no de too gua sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nyinaa de baakoyɛ bɛyɛ adwuma no nti . . . , yɛayi Benada, May 1, 1923 asi hɔ sɛ yɛn nyinaa de bɛkɔ asɛnka. Efi hɔ rekɔ no, Benada a edi kan wɔ bosome biara mu nso, saa ara na yɛbɛyɛ . . . Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara de ne ho hyɛ mu bi.”

Bible Asuafo a na wɔn ani mfii mpo yɛɛ bi. Hazel Burford a na saa bere no wadi mfe 16 no kaa sɛ: “Nsɛm a yebetumi aka wɔ asɛnka mu no, ná ɛba Bulletin no mu, na na ɛsɛ sɛ yɛkyere gu yɛn tirim. a Me ne me nanabarima yeree yɛn ho yɛɛ adwuma no nyinaa bi.” Nanso Onuawa Burford hyiaa ɔsɔretia fii baabi a na ɔnhwɛ kwan. Ɔkaa sɛ: “Ná onua bi a n’ani afi mpɛ koraa sɛ mɛka asɛm no bi akyerɛ nkurɔfo. Saa bere no, na ebinom nhu nea enti a ɛsɛ sɛ Bible Asuafo nyinaa, a ‘mmerante ne mmabaa’ ka ho, yi yɛn Bɔfo Kɛse no ayɛ.” (Dw. 148:​12, 13) Nanso Onuawa Burford kɔɔ so kaa asɛmpa no. Akyiri yi, wɔtoo nsa frɛɛ no ma ɔkɔɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛtɔ so mmienu no bi. Owiei no, ɔkɔyɛɛ ɔsɛmpatrɛwni wɔ Panama. Eduu baabi no, adwene a na saa anuanom no wɔ wɔ mmerante ne mmabaa a na wɔka asɛmpa no ho no, wɔsesaa no.

NHYIAM NKETEWA NE AKƐSE MAA BAAKOYƐ A ƐWƆ WƆN MU NO YƐƐ KƐSE

Nhyiam nketewa ne akɛse nso maa anuanom yɛɛ baako. Saa nhyiam no pii wɔ hɔ a, na wɔde nna no bi kɔ asɛnka. Ebi ne nhyiam a wɔyɛe wɔ Winnipeg, Canada no. Wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no nyinaa sɛ, edu March 31 a, wɔn nyinaa bɛyere wɔn ho ayɛ asɛnka adwuma no wɔ Winnipeg kurow no mu. Nna a na wɔyi si hɔ de yɛ asɛnka adwuma no, ɛboa ma wɔtumi kaa asɛm no kyerɛɛ nnipa pii, na biribi pa fii mu bae. Wɔsan yɛɛ nhyiam foforo wɔ Winnipeg August 5, na nnipa bɛyɛ 7,000 na ɛkɔɔ bi. Saa bere no, na wɔnyɛɛ nhyiam biara wɔ Canada nnyaa nnipa bebree saa da.

Afe 1923, August 18-26 no, Yehowa asomfo yɛɛ nhyiam bi a ɛho hia paa wɔ Los Angeles, California. Aka nnawɔtwe kakra ma wɔahyɛ nhyiam no ase no, wɔbɔɔ ho dawuru wɔ atesɛm nkrataa mu, na Bible Asuafo no nso de nkrataa too nsa frɛɛ nkurɔfo bɛboro 500,000. Nsɛm a wɔakyerɛkyerɛw a na wɔde rebɔ nhyiam no dawuru no, wɔde fomfam bɔs ne nkurɔfo kar ho.

Nhyiam a Bible Asuafo no yɛe wɔ Los Angeles afe 1923

Memeneda, August 25 no, Onua Rutherford maa ɔkasa bi a wɔato din sɛ “Nguan Ne Mpɔnkye”; ɔmaa emu daa hɔ pefee sɛ “nguan” no gyina hɔ ma nnipa a wɔyɛ adetrenee a wɔbɛtena paradise wɔ asaase so. Ɔsan maa ɔkasa foforo, na ɔde asɛm bi a wɔato din “Ɛyɛ Kɔkɔbɔ” too gua. Saa asɛm no mu no, wɔkasa tiaa Kristoman, na wɔka kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ koma pa sɛ womfi “Babilon Kɛse” no mu. (Adi. 18:​2, 4) Akyiri yi, Bible Asuafo no de nsi ne ahokeka kyekyɛɛ kratawa a saa asɛm yi wɔ so no ɔpepem pii wɔ wiase baabiara.

“Asafo nhyiam a ɛte sei bɛma baakoyɛ a ɛwɔ anuanom mu no ayɛ kɛse”

Nhyiam no da a etwa to no, nnipa bɛboro 30,000 na wɔtiee baguam ɔkasa a Onua Rutherford mae no. Ɔkasa no asɛmti ne, “Aman Nyinaa Reto Santen Akɔ Armagedon, Nanso Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ No Renwu Da.” Ná Bible Asuafo no hwɛ kwan sɛ nnipadɔm bɛba, enti wɔkɔhan agoprama bi a na wɔasi no foforo wɔ Los Angeles. Nea ɛbɛyɛ a obiara bɛte ɔkasa no, anuanom de akasam a ɛwɔ agoprama hɔ dii dwuma. Saa bere no, na wei yɛ biribi a aba foforo. Nnipa bebree nso tiee dwumadi no wɔ radio so.

ASƐNKA ADWUMA NO TRƐW KƆƆ WIASE BAABIARA

Afe 1923 no, asɛnka adwuma no trɛw kɔɔ Afrika, Europe, India, ne South America. India sei, na A. J. Joseph hwɛ ne yere ne ne mma nsia. Bere koro no ara nso, na ɔhwɛ ma wɔtintim nhoma wɔ Hindi, Malayalam, Tamil, Telugu, ne Urdu kasa mu.

William R. Brown ne n’abusua

Ná Alfred Joseph ne Leonard Blackman yɛ Bible Asuafo a wɔwɔ Sierra Leone. Wɔkyerɛw kɔmaa wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no sɛ wɔhia mmoa. April 14, 1923 no, wɔdii wɔn abisade no ho dwuma maa wɔn. Alfred kaa sɛ, Memeneda anadwo bi, onyaa kɔɔl bi a na ɔnhwɛ kwan. Nea ɔfrɛɛ no no de nne kɛse bi kaa sɛ, “Wo na wokyerɛw kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ wuhia asɛmpakafo no?” Alfred kaa sɛ, “Yiw.” Onii no kaa sɛ, “Ɛnde me na wɔasoma me sɛ memmɛboa mo no.” Ná onii no ne William R. Brown. Saa da no, na ɔne ne yere Antonia, ne ne mma mmaayewa Louise ne Lucy fi Caribbean abedu hɔ. Ná ɛrenkyɛ koraa na anuanom ahu Onua Brown ne n’abusua no.

Alfred toaa so sɛ: “Da a edi hɔ no anɔpa, na me ne Leonard resua Bible no sɛnea yɛyɛ no nnawɔtwe biara no. Menkɔhwɛ a, ɔbarima tenten gramo bi na wabegyina kwan no ano yi. Ná ɛyɛ Onua Brown. Ná nokware no redɛw wɔ ne mu te sɛ ogya, enti da a edi hɔ no ara, na ɔpɛ sɛ ɔma ɔkasa ma nkurɔfo betie bi.” Nhoma a ɔde bae no, annu bosome baako mpo na ɔmaa ne nyinaa. Ankyɛ koraa na wɔde nhoma 5,000 san brɛɛ no, nanso anni gyina koraa na ɛno nso sae. Nanso Onua Brown annye din sɛ nhomatɔnfo. Bere tenten a ɔde nsi ne ahokeka som Yehowa no nyinaa, na ɔtaa twe adwene si Bible no so. Wei maa nkurɔfo too no din Bible Brown.

Magdeburg Betel, bɛyɛ afe 1923

Yɛrekasa yi, Betel a ɛwɔ Barmen, Germany no, na ɛhɔ ayɛ ketewa ama anuanom. Afei nso, na wɔate sɛ ɛrenkyɛ koraa na France asraafo abɛtow ahyɛ kurow no so. Bible Asuafo no konyaa ɔdan kamakama bi wɔ Magdeburg a na ebetumi aboa wɔn ma wɔatintim wɔn nhoma. June 19 no, na anuanom no aboaboa nneɛma a wɔde tintim nhoma ne nneɛma foforo a aka no ano awie, na wɔtu kɔɔ Betel foforo a ɛwɔ Magdeburg no mu. Da a wɔka kyerɛɛ wiase nyinaa adwumayɛbea ti sɛ wɔatu afi Betel dedaw no mu no, saa da no ara na atesɛm nkrataa de too gua sɛ France asraafo abɛtow ahyɛ Barmen kurow no so agye afa. Anuanom no hui sɛ, wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ka wɔn ho na ɔrebɔ wɔn ho ban.

George Young, Sarah Ferguson (nifa) ne ne nuabea

Ná George Young tutu akwan kɔ mmeaemmeae kɔka asɛmpa no. Bere a oduu Brazil no, ɔpɛɛ baabi de yɛɛ Betel, na ofii ase tintim Ɔwɛn-Aban no wɔ Portuguese kasa mu. Ɔmaa nhoma bɛboro 7,000 wɔ abosome kakraa bi mu. Brazil a ɔkɔe no nso buee hokwan kamakama bi maa Sarah Ferguson. Afe 1899 mu tɔnn na ofii ase kenkan Ɔwɛn-Aban no, nanso na ontumi mmɔɔ asu mfa nkyerɛe sɛ wahyira ne ho so ama Yehowa. Abosome kakraa bi akyi no, afei de Onuawa Ferguson ne ne mma baanan tumi bɔɔ asu.

“YƐNKƆ SO MFA ANIGYE NSOM YEHOWA”

Bere a afe no kɔɔ awiei no, sɛnea Bible Asuafo no de baakoyɛ som Yehowa no, December 15, 1923 Ɔwɛn-Aban no kaa ho asɛm sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ, nsafo . . . no gyidi ayɛ den . . . Momma yɛnhyɛ yɛn sapɔw mu nsu, na yɛmfa nsi ne ahokeka nyɛ asɛnka adwuma no afe a ɛreba no nso, na yɛnkɔ so mfa anigye nsom Yehowa.”

Afe a edi hɔ no, na ɛyɛ afe titiriw ma Bible Asuafo no. Ná anuanom a ɛwɔ Betel no repɛ asaase bi atɔ wɔ Staten Island; na ɛbɛn wiase nyinaa adwumayɛbea ti a na ɛwɔ Brooklyn no. Ná wɔde abosome pii na aka asaase yi ho asɛm. Adan a wɔsisii wɔ hɔ no, afe 1924 mfiase mu hɔ na wɔwiei. Ɛboa maa anuanom no yɛɛ baako, na wɔkaa asɛmpa no kɔɔ akyiri sen bere biara a abɛsen kɔ.

Anuanom a wɔsii adan a ɛwɔ Staten Island no

a Seesei yɛfrɛ no Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma.