Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 44

Dɔ Onyankopɔn Asɛm No Mu Asukɔ

Dɔ Onyankopɔn Asɛm No Mu Asukɔ

‘Hu nokware no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ, ne sɛnea emu dɔ no yiye.’—EFE. 3:18.

DWOM 95 Hann no Kɔ So Hyerɛn

NEA YƐREBESUA a

1-2. Dɛn ne ɔkwan a eye paa a yebetumi afa so akenkan Bible na yɛasua? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

 FA NO sɛ wopɛ sɛ wotɔ dan bi. Dɛn na anka wobɛpɛ sɛ wuhu fa dan no ho na ama woatumi ahu sɛ wobɛtɔ anaa worentɔ? Ofie no anim foto kɛkɛ na wobɛpɛ sɛ wuhu anaa? Yegye di sɛ w’ankasa wobɛpɛ sɛ wokɔ fie hɔ de w’ani kohu, na wonantew twa ho hyia, na afei wuwura fie no mu hwehwɛ adankora a ɛwom nyinaa mu hu sɛnea emu te. Ebi mpo a, wobɛpɛ sɛ wohwɛ ɔdan no plan na wuhu sɛnea wɔsii dan no. Ofie a wopɛ sɛ wokɔtena mu de, sɛnea ɛte biara wobɛpɛ sɛ wuhu ɛho biribiara.

2 Sɛ yɛrekenkan Bible anaa yɛresua a, yebetumi ayɛ biribi a ɛte saa. Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ, Bible mu asɛm te sɛ “ɔdan kɛse bi a ɛware paa a wɔasi asi fapem a ɛyɛ den so.” Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ahu Bible mu yiye? Sɛ wode Bible akenkan tu mmirika a, ‘Onyankopɔn nsɛm kronkron a wudii kan suae no,’ anhwɛ a worensua biribi foforo biara nka ho. (Heb. 5:12) Mmom, sɛnea woretɔ fie a wobɛkɔ mu akɔhwɛ mu biribiara no, Bible no nso, “kɔ mu” na dɔ mu asukɔ. Ɔkwan a eye paa a wobɛfa so asua Bible ne sɛ, wubehu sɛnea Bible afa ahorow no nyinaa mu nsɛm keka si anim no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea wugye di no ase. Afei nso, nea enti a wugye di no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase.

3. Dɛn na ɔsomafo Paul hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ, na adɛn ntia? (Efesofo 3:​14-19)

3 Sɛ yɛbɛte Onyankopɔn Asɛm ase yiye a, nsɛm bi wɔ Bible mu a ɛsɛ sɛ yɛdɔ mu asukɔ. Ɔsomafo Paul hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho nsua Onyankopɔn Asɛm no yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbehu nokware no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ, ne sɛnea emu dɔ no yiye.’ Sɛ wɔyɛ saa a, na ‘wɔbegye ntini, na wɔatim’ wɔ gyidi no mu. (Kenkan Efesofo 3:​14-19.) Yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara. Momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi atweetwee Onyankopɔn Asɛm no mu ate ase yiye.

NNEƐMA A EMU DƆ A ƐWƆ BIBLE MU NO, TWEETWEE MU

4. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛabɛn Yehowa kɛse? Ma ho nhwɛso.

4 Kristofo de, sɛ yɛrekan Bible a, ɛnyɛ ani-ani no kɛkɛ na yɛpɛ sɛ yehu, na mmom yɛpɛ sɛ yɛdɔ mu asukɔ. Onyankopɔn honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛanya ɔpɛ de asua “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no mpo.” (1 Kor. 2:​9, 10) Wubetumi de biribi asi w’ani so na woasua ho ade akɔ akyiri, na ama woabɛn Yehowa kɛse. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nea Onyankopɔn yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔdɔ n’asomfo a wɔtenaa ase tete no, wubetumi asua ho ade, na ɛno bɛma woahu sɛ, wo nso, ɔdɔ wo. Afei nso, sɛnea na Yehowa pɛ sɛ Israelfo som no no, wubetumi asua ho ade, na wode atoto sɛnea ɔpɛ sɛ Kristofo som no nnɛ no ho. Anaa ebi nso a, nkɔmhyɛ a Yesu ma ɛbaa mu bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, wubetumi asua ho ade akɔ akyiri.

5. Biribi wɔ hɔ a wopɛ sɛ wusua ho ade kɔ akyiri anaa?

5 Ebinom wɔ hɔ a wɔn ani gye ho paa sɛ wɔbɛdɔ Bible no mu asukɔ. Bere bi, wɔbisaa wɔn mu bi sɛ, dɛn na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛtweetwee mu wɔ Onyankopɔn asɛm no mu? Adaka a wɔato din “ Nneɛma a Wubetumi Asua Ho Ade” no, mmuae a wɔde mae no bi wom. Sɛ wode Watch Tower Publications Index anaa Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no sua saa nneɛma yi ho ade a, ɛbɛma w’ani agye paa. Sɛ wodɔ Bible no mu asukɔ a, ebetumi ama wo gyidi ayɛ den, na ɛbɛboa wo ama “woanya Onyankopɔn ho nimdeɛ.” (Mmeb. 2:​4, 5) Afei, momma yɛnhwɛ Bible mu nsɛm bi a yebetumi atweetwee mu.

DWINNWEN ONYANKOPƆN ATIRIMPƆW HO

6. (a) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nhyehyɛe ne atirimpɔw mu? (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa atirimpɔw a ɔwɔ ma nnipa ne asaase no wɔ hɔ “daa”? (Efesofo 3:11)

6 Momma yɛmfa nea Bible ka fa Onyankopɔn atirimpɔw ho nyɛ nhwɛso. Nhyehyɛe ne atirimpɔw nyɛ ade koro. Sɛ obi yɛ nhyehyɛe bi a, ɛte sɛ nea ɔrefa ɔkwan pɔtee bi so akɔ baabi a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Sɛ biribi siw ɔkwan no a, nhyehyɛe no betumi agye agu. Nanso atirimpɔw de, yebetumi aka sɛ ɛno ara ne baabi a onipa no pɛ sɛ ɔkɔ no. Onim baabi pɔtee a ɔpɛ sɛ ɔkɔ, nanso ɛnyɛ kwan baako pɛ na obetumi afa so akodu hɔ. Sɛ ɛho behia a, obetumi asesa ɔkwan no. Anigyesɛm ne sɛ, nkakrankakra Yehowa ama yɛahu ne “daa atirimpɔw” no wɔ Bible mu. (Efe. 3:11) Yehowa betumi afa akwan pii so ayɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, efisɛ ‘biribiara a wayɛ no, wayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma n’atirimpɔw abam.’ (Mmeb. 16:4) Nea Yehowa yɛ biara no, nea ebefi mu aba no bɛtena hɔ daa. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw, na nsakrae bɛn na wayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw no bɛbam?

7. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden no, nsakrae bɛn na Yehowa yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛbam? (Mateo 25:34)

7 Onyankopɔn maa Adam ne Hawa huu nea enti a ɔbɔɔ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma na munnya so tumi, na . . . abɔde a nkwa wom a wɔnenam asaase so nyinaa, munnya wɔn so tumi.” (Gen. 1:28) Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden no, ɛmaa bɔne bɛsoɛɛ nnipa so, nanso ɛno amma Yehowa atirimpɔw anyɛ ɔkwa. Ɔkwan a na ɔbɛfa so ama n’atirimpɔw aba mu no, ɛhɔ ara na ɔsakraa mu. Ɛne sɛ, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛhyehyɛ Ahenni bi wɔ soro a ɛbɛma nea enti a ɔbɔɔ nnipa ne asaase no abam. (Kenkan Mateo 25:34.) Yehowa bere soe no, esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti, ɔsomaa n’Abakan no baa asaase so sɛ ɔmmɛka Ahenni no ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo, na ɔmfa ne nkwa nyɛ agyede nnye yɛn mfi bɔne ne owu mu. Ɛno akyi no, Yehowa nyan Yesu kɔɔ soro, na ɔma ɔyɛɛ n’Ahenni no so Hene. Nanso pii wɔ hɔ a yebetumi asua afa Onyankopɔn atirimpɔw ho.

Fa w’ani bu bere a Yehowa asomfo a ɛwɔ soro ne asaase so nyinaa aka abom de nokwaredi resom no! (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8. (a) Asɛntitiriw bɛn na Bible ka ho asɛm? (b) Sɛnea Efesofo 1:​8-11 kyerɛ no, dɛn ne ade a etwa to a Yehowa bɛyɛ ama n’atirimpɔw abam? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

8 Asɛntitiriw a Bible no ka ho asɛm ni: Ɛne sɛ, Yehowa nam n’Ahenni a Kristo yɛ so Hene no so bɛma n’atirimpɔw a ɔwɔ ma asaase no abam, na ama ne din ho atew. Obiara rentumi nsesa Yehowa atirimpɔw. Wahyɛ bɔ sɛ, asɛm biara a waka no bɛbam. (Yes. 46:​10, 11, ase hɔ nsɛm; Heb. 6:​17, 18) Asaase no bɛdan paradise, na bɔne ne sintɔ biara befi Adam ne Hawa asefo a wɔyɛ atreneefo no ho, na ‘wɔbɛtena ase daa ma wɔn ani agye.’ (Dw. 22:26) Nanso ɛnyɛ weinom nko ara na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. N’atirimpɔw paa ne sɛ, ɔbɛka n’asomfo a ɛwɔ soro ne asaase so nyinaa abom. Afei wɔn a ɛte ase nyinaa bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Yehowa ase ma wadi wɔn so. (Kenkan Efesofo 1:​8-11.) Sɛ wohwɛ ɔkwan a Yehowa refa so ama n’atirimpɔw abam no a, ɛnka wo koma?

DWINNWEN WO DAAKYE HO

9. Sɛ wokenkan Bible no a, daakye ho asɛm bɛn na ɛma wuhu?

9 Yɛnhwɛ nkɔm a Yehowa hyɛe wɔ Eden turom a ɛwɔ Genesis 3:15 no. b Ɛkyerɛɛ nsɛm a ebesisi ama Yehowa atirimpɔw abam. Ná mfe mpempem pii betwam ansa na saa nsɛm no asisi. Nsɛm a na ebesisi no bi ne sɛ, na Abraham benya abusua, na ɛno mu na na Kristo a ɔyɛ aseni no befi aba. (Gen. 22:​15-18) Afei, afe 33 Y.B. mu no, sɛnea nkɔmhyɛ no kae no, wɔkaa Yesu nantin. (Aso. 3:​13-15) Nkɔmhyɛ no fã a etwa to no, ɔbea no aseni no bɛpɛtɛw Satan ti. Ɛno de, mfirihyia 1,000 nniso no akyi na ɛbɛbam. (Adi. 20:​7-10) Afei nso, bere a ɔtan a ɛda Satan wiase ne Yehowa ahyehyɛde no ntam reba awiei no, nea ebesisi no, Bible ka ho nsɛm pii kyerɛ yɛn.

10. (a) Nsɛm bɛn na ebesisi nnansa yi ara? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ de asiesie yɛn adwene ne yɛn koma? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

10 Wo de, ma yɛnhwɛ nsɛm a ɛyɛ nwanwa a Bible ka sɛ ebesisi yi. Nea edi kan, amanaman no bɛka sɛ: “Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ!” (1 Tes. 5:​2, 3) Sɛ amanaman no tow hyɛ atorosom nyinaa so a, “prɛko pɛ” ahohiahia kɛse no befi ase. (Adi. 17:16) Ɛno akyi no, ebia nsɛnkyerɛnne akɛse bi besisi na ɛbɛda adi sɛ “onipa Ba no nam ɔsoro mununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba.” (Mat. 24:30) Yesu bebu nnipa atɛn, na obeyiyi nguan no afi mpɔnkye no mu. (Mat. 25:​31-33, 46) Nanso Satan remmobɔw ne nsa ngu ne bo ntena hɔ kwa. Esiane sɛ ɔtan Yehowa asomfo nti, obepiapia aman bi a wɔaka wɔn ho abom a Bible frɛ wɔn Gog a ofi Magog asaase so no ma wɔatow ahyɛ wɔn so. (Hes. 38:​2, 10, 11) Edu baabi a, Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asaase so no, wɔbɛboaboa wɔn ano akɔ soro ma wɔakɔka Kristo soro asafodɔm no ho ma wɔakɔ Armagedon ko no. Ɛno na ɛde ahohiahia kɛse no bɛba awiei. c (Mat. 24:31; Adi. 16:​14, 16) Ɛno akyi no, Kristo Mfirihyia Apem Nniso no befi ase adi tumi wɔ asaase so.—Adi. 20:6.

Wohwɛ a, bere a wode mfe ɔpepepem pii asua Yehowa ho ade no, sɛn na ɛbɛka wo ne n’abusuabɔ? (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Sɛ anidaso a wowɔ sɛ wobɛtena ase daa no bam a, hokwan bɛn na wubenya? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Afei nea ebesi mfirihyia apem no akyi no, dwinnwen ho. Bible ka sɛ yɛn Bɔfo no de ‘bere a enni awiei mpo ahyɛ yɛn komam.’ (Ɔsɛnk. 3:11) Wo de, dwen nea wei kyerɛ ho, na hwɛ sɛnea ɛbɛka wo ne Yehowa abusuabɔ. Bɛn Yehowa nhoma no ka asɛm bi wɔ kratafa 319, na ɛma yɛn kɔn dɔ sɛ yɛbɛtena paradise. Ɛka sɛ: “Sɛ yɛtena ase mfe ɔha, mfe mpempem, anaa mfe ɔpepepeepee mpo a, nea yebesua afa Yehowa Nyankopɔn ho de, buburugyaa. Ɛno mpo no, yebehu sɛ yɛwɔ nneɛma pa pii a ɛsɛ sɛ yesua fa Yehowa ho. . . . Yɛkɔ paradise a, sɛnea ɛhɔ bɛyɛ dɛ no, yɛrentumi nka mpo. Yebenya kwan ayɛ nneɛma ahorow ahorow bebree, na biribiara nni hɔ a ɛbɛyɛ dɛ asen hokwan a yebenya abɛn Yehowa afebɔɔ no.” Saa bere no nnya mmae yi, ɛnnɛ sɛ yɛresua Onyankopɔn Asɛm no a, dɛn bio na yebetumi agye bere atweetwee mu?

MA W’ANI SO HWƐ SORO

12. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ani so ahwɛ soro? Ma ho nhwɛso.

12 Onyankopɔn Asɛm no ma yehu baabi a Yehowa te wɔ “soro tɔnn” no ho asɛm kakra. (Yes. 33:5) Bible ma yehu Yehowa ne n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ho asɛm a ɛyɛ nwanwa. (Yes. 6:​1-4; Dan. 7:​9, 10; Adi. 4:​1-6) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nneɛma a ɛyɛ nwanwa a Hesekiel hui bere a ‘ɔsoro buei, na onyaa anisoadehu fii Onyankopɔn hɔ’ no, yebetumi akenkan ho ade.—Hes. 1:1.

13. Sɛnea Hebrifo 4:​14-16 kyerɛ no, dɛn na w’ani gye ho wɔ dwuma a Yesu redi wɔ soro no ho?

13 Seesei, dwuma a Yesu redi wɔ ɔsoro sɛ yɛn Hene ne Ɔsɔfo Panyin a ɔte yɛn mmerɛwyɛ ase no, dwinnwen ɛno nso ho. Sɛ yebetumi akɔ Onyankopɔn “adom ahengua no” anim abɔ no mpae, asrɛ mmɔborɔhunu, na yɛanya mmoa wɔ “bere a ɛsɛ mu” a, gye sɛ yɛfa Yesu so. (Kenkan Hebrifo 4:​14-16.) Nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn, ne nea wɔda so ara reyɛ ma yɛn no, mommma da koro mpo nntwam a yennwinnwen ho. Ɔdɔ a wɔayi no adi akyerɛ yɛn no, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn koma paa na ɛkanyan yɛn ma yɛde nsi ne ahokeka som Yehowa.—2 Kor. 5:​14, 15.

Sɛ wokɔ wiase foforo no mu na wuhu nkurɔfo a woboaa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo ne Yesu asuafo a, hwɛ sɛnea w’ani begye afa! (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no, ɔkwan baako a eye paa a yebetumi afa so akyerɛ ho anisɔ kɛse ne sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Nea Onyankopɔn ne ne Ba no ayɛ ama yɛn no, ɔkwan baako a eye paa a yebetumi afa so akyerɛ ho anisɔ kɛse ne sɛ, yɛbɛyere yɛn ho aboa afoforo ma wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo ne Yesu asuafo. (Mat. 28:​19, 20) Anisɔ a na ɔsomafo Paul wɔ ma Onyankopɔn ne Kristo nti, ɔyɛɛ saa. Ná onim sɛ nea Yehowa pɛ ne sɛ ‘obegye nnipa ahorow nyinaa na wɔanya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.’ (1 Tim. 2:​3, 4) Ɔyeree ne ho yɛɛ asɛnka adwuma no de boaa nnipa pii sɛnea n’ahoɔden betumi, na ama ‘wafa ɔkwan biara so agye ebinom nkwa.’—1 Kor. 9:​22, 23.

MA W’ANI NNYE HO SƐ WOBƐDƆ ONYANKOPƆN ASƐM NO MU ASUKƆ

15. Sɛnea Dwom 1:2 kyerɛ no, dɛn na ɛbɛma yɛn ani agye?

15 Ɛnyɛ nwanwa sɛ odwontofo no kaa sɛ obi a “n’ani gye Yehowa mmara ho,” na ‘odwinnwen ho awia ne anadwo’ no, n’ani gye, na nea ɔyɛ biara bewie yiye. (Dw. 1:​1-3) Joseph Rotherham yɛ obi a na ɔkyerɛ Bible ase. Ɔkaa saa kyerɛwsɛm yi ho asɛm sɛ, ɛsɛ sɛ obi “ma n’ani gye ho paa sɛ ɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ, asua, na wagye bere adwinnwen ho.” Ɔde kaa ho sɛ, “sɛ obi ma da koro mpo twam a wankenkan Bible a, na wama da no ayɛ ɔkwa.” Sɛ woto wo bo ase sua Bible, wotweetwee mu, na wuhu sɛnea emu nsɛm no nyinaa hyia a, ebetumi ama w’ani agye ne sua ho. Sɛ wodɔ Onyankopɔn Asɛm no mu asukɔ a, hwɛ sɛnea w’ani begye afa!

16. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

16 Nneɛma pa a Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm no mu no, ɛmmoro yɛn ntease so. Nneɛma a emu dɔ a ɛwɔ Bible mu no, emu baako ne Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm wɔ Hebrifo nhoma no mu no. Adesua a edi hɔ no, yebesusuw ɛno nso ho. Yegye di sɛ, sɛ wodɔ mu asukɔ a, w’ani begye paa.

DWOM 94 Yɛn Ani Sɔ Onyankopɔn Asɛm No

a Sɛ yesua Bible no a, ebetumi ama yɛn ani agye yɛn nkwa nna nyinaa, na ɛbɛtwe yɛn abɛn yɛn soro Agya no. Adesua yi bɛma yɛahu sɛnea yebetumi adɔ Onyankopɔn Asɛm no mu asukɔ ahu ne “tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ, ne sɛnea emu dɔ.”

b Hwɛ asɛm a yɛato din “Tete Nkɔmhyɛ Bi a Ɛfa Wo Ho.” Ɛwɔ July 2022 Ɔwɛn-Aban no mu.

c Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wubesiesie wo ho ama nsɛm a ɛyɛ nwanwa a ebesisi nnansa yi ara no a, hwɛ Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi! nhoma no kratafa 230.