Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 45

Hokwan a Woanya De Resom Wɔ Yehowa Honhom Fam Asɔrefie No, Ma W’ani Nsɔ

Hokwan a Woanya De Resom Wɔ Yehowa Honhom Fam Asɔrefie No, Ma W’ani Nsɔ

‘Monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase no.’—ADI. 14:7.

DWOM 93 Hyira Yɛn Nhyiam Yi

NEA YƐREBESUA a

1. Asɛm bɛn na ɔbɔfo bi reka akyerɛ nnipa nyinaa, na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn sɛn?

 FA NO sɛ ɔbɔfo bi pɛ sɛ ɔka asɛm bi kyerɛ wo. Anka wubetie anaa? Ɛnde ɛnnɛ, ɔbɔfo bi rekasa kyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” Asɛm bɛn na ɔreka? Nea ɔreka ne sɛ: ‘Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam. Monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase no.’ (Adi. 14:​6, 7) Yehowa nko ara ne nokware Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ obiara som no. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ wama yɛanya hokwan kɛse resom no wɔ ne honhom fam asɔrefie kɛse no mu!

2. Dɛn ne Yehowa honhom fam asɔrefie no? (Adaka a yɛato din “ Nea Ɛnkyerɛ” no, hwɛ ɛno nso.)

2 Dɛn paa ne honhom fam asɔrefie no, na ɛhe na yebenya ɛho nkyerɛkyerɛmu? Honhom fam asɔrefie no nyɛ ɔdan ankasa. Ɛyɛ nhyehyɛe a Yehowa nam Yesu Kristo agyede afɔre no so ayɛ sɛ yɛmfa so nsom no nokwarem. Krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔyɛ Hebrifo a na wɔte Yudea no, ɔkyerɛkyerɛɛ saa nhyehyɛe yi mu wom. b

3-4. Kristofo a wɔyɛ Hebrifo a na wɔte Yudea no, adɛn nti na na wɔn asɛm haw Paul, na dɛn na ɔyɛ de boaa wɔn?

3 Kristofo a wɔyɛ Hebrifo a na wɔte Yudea no, adɛn nti na Paul kyerɛw wɔn? Ɛbɛyɛ sɛ nneɛma mmienu bi ntia. Nea edi kan, ɔkyerɛw de kɔhyɛɛ wɔn nkuran. Esiane sɛ wɔtetee wɔn mu dodow no ara wɔ Yudasom mu nti, ɛbɛyɛ sɛ na Yudasom mu mpanyimfo no di wɔn ho fɛw sɛ wɔabɛyɛ Kristofo. Nea enti a ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ saa ne sɛ, na Kristofo no nni asɔrefie kɛse biara a wɔkɔ mu kɔsom, ná wɔnni afɔremuka a wɔbɔ so afɔre ma Onyankopɔn, na na wɔnni asɔfo nso. Ná wei betumi ama Kristo asuafo no abam abu na wɔn gyidi ayɛ mmerɛw. (Heb. 2:1; 3:​12, 14) Ɛbɛyɛ sɛ wɔn mu bi mpo yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsan akɔ Yudasom mu.

4 Nea ɛtɔ so mmienu, Paul maa saa Kristofo a wɔyɛ Hebrifo no hui sɛ, nkyerɛkyerɛ a emu dɔ anaa “aduan a ɛyɛ den” a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, wɔmpɛ sɛ wɔbɛyere wɔn ho asua ate ase. (Heb. 5:​11-14) Ɛda adi sɛ, na wɔn mu bi da so ara kura Mose Mmara no mu denneennen. Nanso Paul kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, afɔre ahorow a na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ wɔbɔ no, ɛrentumi ntu bɔne ase korakora. Ɛno nti na na Onyankopɔn de Mose Mmara no “ato nkyɛn” no. Enti Paul kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bi a emu dɔ. Ɔkaee ne nuanom Kristofo no sɛ wɔwɔ “anidaso a ɛkyɛn” nea Mose Mmara no de bae no. Saa anidaso yi de, egyina Yesu afɔrebɔ no so, na ɛno paa na ebetumi aboa wɔn ma ‘wɔabɛn Onyankopɔn.’—Heb. 7:​18, 19.

5. Dɛn na ɛwɔ Hebrifo nhoma no mu a ɛsɛ sɛ yɛte ase, na adɛn ntia?

5 Paul maa ne nuanom Hebrifo no huu nea enti a Kristosom yɛ papa paa sen Yudasom. Nneɛma a na wɔyɛ wɔ Yudasom mu no, na ɛyɛ “nea ɛreba no sunsuma” kɛkɛ, “papa no de, ɛno ne Kristo.” (Kol. 2:17) Ade bi sunsuma nyɛ ade no ankasa. Nneɛma a na wɔyɛ wɔ Yudasom mu no nso, na ɛyɛ papa a na ɛreba no sunsuma kɛkɛ. Nhyehyɛe a Yehowa ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya bɔnefakyɛ, na ama yɛatumi asom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so no, ɛsɛ sɛ yɛte ase. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Hebrifo nhoma no mu no, momma yɛmfa “sunsuma” (tete Yudasom) ntoto “papa no” (Kristosom) ho nhwɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛte honhom fam asɔrefie no ne sɛnea ɛfa yɛn ho no ase yiye.

NTAMADAN NO

6. Ntamadan no, dwuma bɛn na na Israelfo no de di?

6 Tete Yudasom. Ntamadan a Mose sii wɔ afe 1512 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba) no, ɛno so na Paul de n’asɛm no gyinae. (Hwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ a yɛato din “Tete Yudasom (Sunsuma No)—Kristosom (Papa No.)”) Ná Israelfo no soa ntamadan no bere a na wɔredi atutena no. Wɔsomee wɔ ntamadan no mu ara bɛyɛ mfe 500 kosii sɛ wɔsii asɔrefie wɔ Yerusalem. (Ex. 25:​8, 9; Num. 9:22) Baabi a na “ahyiae ntamadan” anaa ntamadan no si no, ɛhɔ na na Israelfo no hyiam som Onyankopɔn na wɔbɔ afɔre ahorow. (Ex. 29:​43-46) Nanso na ntamadan no san gyina hɔ ma biribi papa paa a na ɛreba ama Kristofo.

7. Bere bɛn na honhom fam asɔrefie no bae?

7 Kristosom. Ná ntamadan no yɛ ‘nea ɛkɔ so wɔ soro no sunsuma,’ na na egyina hɔ ma Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no. Paul kaa sɛ “saa ntamadan yi yɛ nhwɛso ma bere a ɛwɔ hɔ seesei yi.” (Heb. 8:5; 9:9) Enti bere a na Paul rekyerɛw Hebrifo no, na honhom fam asɔrefie no aba dedaw. Afe 29 Y.B. na ɛbae. Saa afe no na Yesu bɔɔ asu na wɔde honhom kronkron sraa no. Saa afe no ara nso na ofii ase som sɛ Yehowa ‘sɔfo panyin kɛse’ wɔ honhom fam asɔrefie hɔ. cHeb. 4:14; Aso. 10:​37, 38.

ƆSƆFO PANYIN NO

8-9. Sɛnea Hebrifo 7:​23-27 kyerɛ no, nsonsonoe kɛse bɛn na ɛda asɔfo mpanyin a na wɔwɔ Israel ne Yesu Kristo a ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin kɛse no ntam?

8 Tete Yudasom. Ɔsɔfo panyin no na Onyankopɔn paw no sɛ onni ne nkurɔfo anim wɔ ne som mu. Bere a wɔrehyira ntamadan no so no, saa bere no na Yehowa paw Aaron sɛ Israel sɔfo panyin a odi kan. Nanso sɛnea Paul kyerɛkyerɛɛ mu no, “na ɛsɛ sɛ nnipa pii bɛyɛ asɔfo efisɛ owu amma asɔfo no antoa so anni sɔfo daa.” d (Kenkan Hebrifo 7:​23-27.) Esiane sɛ na saa asɔfo mpanyin yi tɔ sin nti, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn ankasa bɔne ho afɔre. Wei ma yehu sɛ, nsonsonoe kɛse da asɔfo mpanyin a na wɔwɔ Israel ne Yesu Kristo a ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin kɛse no ntam.

9 Kristosom. Yɛn Sɔfo Panyin Yesu Kristo yɛ “obi a ɔsom wɔ . . . ntamadan ankasa no mu; saa ntamadan no, Yehowa na ɔyɛe, na ɛnyɛ onipa.” (Heb. 8:​1, 2) Paul kyerɛɛ mu sɛ, ‘esiane sɛ Yesu te ase daa nti, ɔyɛ ɔsɔfo daa; obiara nni n’ade.’ Paul de kaa ho sɛ ‘efĩ nni Yesu ho, na wɔatew no afi abɔnefo ho.’ Afei nso, esiane sɛ Yesu nte sɛ asɔfo mpanyin a na wɔwɔ Israel no nti, “enhia sɛ da biara odi kan bɔ afɔre” ma n’ankasa bɔne. Afei momma yɛnhwɛ nsonsonoe a ɛda afɔremuka ne afɔre ahorow a na ɛwɔ tete Yudasom mu ne nea ɛwɔ Kristosom mu no ntam.

AFƆREMUKA AHOROW NE AFƆRE AHOROW NO

10. Afɔre a na wɔbɔ wɔ kɔbere afɔremuka no so no, na egyina hɔ ma dɛn?

10 Tete Yudasom. Ná kɔbere afɔremuka no si ntamadan no kwan ano, na na wɔde mmoa bɔ afɔre wɔ so ma Yehowa. (Ex. 27:​1, 2; 40:29) Nanso saa afɔre a na wɔbɔ no, na entumi mpopa nkurɔfo no bɔne korakora. (Heb. 10:​1-4) Mmoa a na wɔde bɔ afɔre daa wɔ ntamadan no mu no, na egyina hɔ ma afɔre baako a na wɔbɛbɔ de agye nnipa afi wɔn bɔne mu korakora.

11. Afɔremuka bɛn na Yesu de ne ho bɔɔ afɔre wɔ so? (Hebrifo 10:​5-7, 10)

11 Kristosom. Ná Yesu nim sɛ Yehowa asoma no asaase so sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre mfa nnye adasamma. (Mat. 20:28) Enti bere a Yesu bɔɔ asu no, ɔde ne ho maa Yehowa sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde. (Yoh. 6:38; Gal. 1:4) Afɔremuka a Yesu de ne ho bɔɔ afɔre wɔ so no, na egyina hɔ ma Onyankopɔn “apɛde.” Ná Yehowa apɛde ne sɛ, ne Ba no de ne nkwa a bɔne biara nni ho no bɛbɔ afɔre de agye nnipa. Yesu Kristo de ne ho mae “prɛko,” sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a obegye no adi no, ɔbɛpata ne bɔne anaa ɔbɛkata so korakora. (Kenkan Hebrifo 10:​5-7, 10.) Afei, momma yɛnhwɛ nea ntamadan no mu nneɛma no gyina hɔ ma.

KRONKRONBEA NE KRONKRON MU KRONKRONBEA NO

12. Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu no, henanom na na etumi kɔ hɔ?

12 Tete Yudasom. Ntamadan no ne asɔrefie a akyiri yi wɔsii wɔ Yerusalem no, sɛnea na emu te no, ɛkame ayɛ sɛ na ɛyɛ ade koro. Ná wɔakyɛ mu mmienu; “Kronkronbea” no ne “Kronkron Mu Kronkronbea” no. Ntama na na wɔde atwa ntam. (Heb. 9:​2-5; Ex. 26:​31-33) Kronkronbea hɔ no, nneɛma a na ɛwɔ hɔ ne sika kaneadua, afɔremuka a na wɔhyew aduhuam wɔ so, ne ɔpon a paanoo a wɔde kyerɛ no si so. ‘Wɔn a na wɔasra wɔn ahyɛ wɔn asɔfo no,’ wɔn nko ara na na wɔtumi kɔ Kronkronbea hɔ kɔyɛ wɔn asɔfodwuma. (Num. 3:​3, 7, 10) Kronkron Mu Kronkronbea hɔ no, apam adaka a na ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ Israelfo mu no, ɛhɔ na na esi. (Ex. 25:​21, 22) Afe biara, edu Mpata Da no a, ɔsɔfo panyin no nko ara na na otumi tra ntwamutam no wura Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. (Lev. 16:​2, 17) Ná ɔde mmoa mogya kɔ hɔ kɔpata ma ɔno ara ne bɔne ne ɔman no nyinaa de. Akyiri yi, nneɛma a na ɛwɔ ntamadan no mu no, Yehowa nam ne honhom kronkron so maa nea ɛkyerɛ no daa adi pefee.—Heb. 9:​6-8. e

13. Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu no, egyina hɔ ma dɛn wɔ Kristosom mu?

13 Kristosom. Wɔde honhom kronkron asra Kristo asuafo no mu kakraa bi, na wɔne Yehowa anya abusuabɔ soronko. Saa 144,000 no ne Yesu bɛyɛ asɔfo wɔ soro. (Adi. 1:6; 14:1) Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu no, egyina hɔ ma tebea a saa Kristofo yi akɔ mu; ɛne sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron asra wɔn ma wɔabɛyɛ ne mma bere a wɔwɔ asaase so. (Rom. 8:​15-17) Kronkron Mu Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu no gyina hɔ ma ɔsoro, baabi a Yehowa te no. “Ntwamutam” a na ɛkyɛ Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no mu no, egyina hɔ ma Yesu honam nipadua; na ɔrentumi mfa saa nipadua no nkɔ soro nkɔtoa so nsom sɛ honhom fam asɔrefie no Sɔfo Panyin kɛse. Bere a Yesu de ne honam nipadua bɔɔ afɔre maa nnipa no, ebuee kwan maa Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa sɛ wɔbetumi akɔ soro. Ɛsɛ sɛ wɔn nso gyaw wɔn honam nipadua hɔ ansa na wɔatumi akɔ soro akonya wɔn akatua. (Heb. 10:​19, 20; 1 Kor. 15:50) Bere a Yehowa nyan Yesu no, owuraa honhom fam asɔrefie no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ; akyiri yi Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa bɛkɔ akɔka ne ho wɔ hɔ.

14. Sɛnea Hebrifo 9:​12, 24-26 kyerɛ no, adɛn nti na nhyehyɛe a Yehowa ayɛ sɛ yɛmfa so nsom no wɔ honhom fam asɔrefie hɔ no yɛ papa paa?

14 Wei nyinaa ma yehu pefee sɛ, nhyehyɛe a Yehowa ayɛ sɛ yɛmfa so nsom no nokwarem no yɛ papa paa. Egyina Yesu Kristo agyede afɔre no ne n’asɔfodi so. Sɛ ɔsɔfo panyin a na ɔwɔ Israel no rekɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ a, na ɔde mmoa a wɔde abɔ afɔre mogya na ɛkɔ. Nanso Yesu de, ɔkɔɔ “ɔsoro ankasa,” baabi a ɛhɔ yɛ kronkron sen baabiara, na okopuee Onyankopɔn anim. Oduu hɔ no, ɔde ne nipadua a bɔne biara nni ho, a ɔde yɛɛ agyede maa yɛn no kɔkyerɛɛ n’Agya, na “ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe no so beyi bɔne afi hɔ.” (Kenkan Hebrifo 9:​12, 24-26.) Afɔre a Yesu bɔe no, ɛno ne afɔre a eyi bɔne fi hɔ korakora. Nea edi hɔ no, yebehu sɛ, sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asaase so oo, yɛn nyinaa betumi asom Yehowa wɔ ne honhom fam asɔrefie hɔ.

ADIWO NO

15. Ntamadan no adiwo hɔ no, henanom na na wɔkɔsom wɔ hɔ?

15 Tete Yudasom. Ná ntamadan no wɔ adiwo baako; ná ɛtrɛw, na na wɔagye ho ban. Ɛhɔ na na asɔfo no yɛ wɔn asɔfodwuma. Nneɛma a na ɛwɔ adiwo hɔ ni: afɔremuka kɛse a wɔde kɔbere ayɛ a na wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so, ne ɔsɛn a wɔde kɔbere ayɛ. Ɔsɛn no na na wɔde nsu gu mu ma asɔfo no de hohoro wɔn ho ansa na wɔakɔyɛ wɔn asɔfodwuma. (Ex. 30:​17-20; 40:​6-8) Asɔrefie a akyiri yi wɔsii no, na adiwo no yɛ mmienu; nea ɛwɔ akyi no, ɛhɔ na na wɔn a wɔnyɛ asɔfo no tumi kogyina som Onyankopɔn.

16. Henanom na ɛresom wɔ honhom fam asɔrefie no adiwo no biara mu?

16 Kristosom. Wɔn a Yehowa de honhom kronkron asra wɔn a wɔwɔ asaase so no, wɔde nokwaredi som wɔ honhom fam asɔrefie no adiwo a ɛwɔ mfinimfini ansa na wɔakɔka Yesu ho wɔ soro ne no akodi sɔfo. Ɔsɛn kɛse a nsu wɔ mu a na esi ntamadan no mu ne asɔrefie hɔ no, ɛma Kristofo a wɔasra wɔn ne Kristofo a wɔaka nyinaa kae ade titiriw bi. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ daa wɔma wɔn abrabɔ ne ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no ho tew. Ɛnde, “nnipakuw kɛse” a wɔde nokwaredi boa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no, ɛhe na wɔgyina som Yehowa? Ɔsomafo Yohane hui sɛ ‘wogyinagyina ahengua no anim na wɔde ɔsom kronn rema Onyankopɔn awia ne anadwo wɔ n’asɔrefi.’ Nnipakuw kɛse no yɛ saa wɔ asaase so ha wɔ honhom fam asɔrefie no adiwo a ɛwɔ akyi no. (Adi. 7:​9, 13-15) Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ yɛanya hokwan kɛse resom Yehowa wɔ ne honhom fam asɔrefie kɛse no mu!

HOKWAN A YƐANYA DE RESOM YEHOWA

17. Afɔre bɛn na yɛanya hokwan sɛ yɛbɛbɔ ama Yehowa?

17 Ɛnnɛ, Kristofo nyinaa wɔ hokwan sɛ wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode bɔ afɔre de boa Yehowa som adwuma de kyerɛ sɛ wɔresom no. Sɛnea ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Hebrifo no, yɛn nso yebetumi ‘abɔ ayeyi afɔre ama Onyankopɔn daa, ɛno ne yɛn anofafa aba a yɛde bɔ ne din kyerɛ nkurɔfo no.’ (Heb. 13:15) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Yehowa som mu a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛanya de resom no no.

18. Sɛnea Hebrifo 10:​22-25 ka no, dɛn na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so da, na dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da?

18 Kenkan Hebrifo 10:​22-25. Bere a Paul de ne krataa no reba awiei no, ɔkaa nneɛma bi a yɛyɛ wɔ yɛn som mu a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so da. Emu bi ne sɛ, yɛbɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo, yɛbɛkɔ asafo nhyiam, na yɛahyehyɛ yɛn ho nkuran, ‘titiriw, bere a yehu sɛ Yehowa da no rebɛn no.’ Ɛrekɔ Adiyisɛm nhoma no awiei no, Yehowa bɔfo bi sii so dua mprenu sɛ: “Som Onyankopɔn!” (Adi. 19:10; 22:9) Nneɛma a emu dɔ a ɛfa Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no ho ne hokwan a ɛso bi nni a yɛanya de resom yɛn Nyankopɔn kɛse no, mommma yɛn werɛ mmfi da!

DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan

a Nneɛma a emu dɔ a Bible ka ho asɛm no, baako ne Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no. Dɛn ne saa asɔrefie no? Bible mu nhoma a ɛne Hebrifo no ka saa asɔrefie yi ho nsɛm pii. Adesua yi mu no, yebesua ho ade akɔ akyiri. Hokwan a woanya de resom Yehowa no, adesua yi bɛboa wo ama woanya ho anisɔ kɛse.

b Sɛ wopɛ sɛ wuhu Hebrifo Nhoma no n’apɔ so n’apɔ so a, hwɛ video a yɛato din, Hebrifo Nhoma No Nnianim Nsɛm. Ɛwɔ jw.org.

c Hebrifo nhoma a ɛwɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, ɛno nko ara ne nhoma a ɛka sɛ Yesu yɛ Ɔsɔfo Panyin.

d Nhoma bi ka sɛ, bere a wɔsɛee asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem afe 70 Y.B. no, na asɔfo mpanyin bɛyɛ 84 na na ɛwɔ Israel.

e Edu Mpata Da no a, nea na ɔsɔfo panyin no yɛ no, sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛkyerɛ a, hwɛ video a yɛato din The Tent no. Ɛwɔ jw.org.

g Hwɛ adaka a yɛato din “Sɛnea Honhom no Ma Yehuu Nea Honhom Fam Asɔrefie no Kyerɛ” no. Ɛwɔ July 15, 2010, Ɔwɛn-Aban mu, kr. 22.