Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Mana ne mmoko da nkyɛn a, Israelfo no nyaa aduan foforo dii wɔ sare no so anaa?

Mfe 40 a Israelfo no dii wɔ sare no so no, aduan titiriw a wɔdii ne Mana. (Ex. 16:35) Afei nso, Yehowa maa wɔn mmoko mprenu. (Ex. 16:​12, 13; Num. 11:31) Nanso, Israelfo no nyaa nnuan foforo nso dii.

Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa de Israelfo no kɔ “baabi a wɔbɛsoɛ” a, ɛtɔ da a na wɔnya nneɛma bi a nnipa hia te sɛ nsu ne aduan wɔ hɔ. (Num. 10:33) Baabi a ɔde wɔn kɔe no baako ne Elim, “na na asuti 12 ne mmedua 70 wɔ hɔ.” Ɛbɛyɛ sɛ na mmedua no yɛ nkyeresia anaa nea wɔfrɛ no date palm no. (Ex. 15:27) Nhoma bi a wɔato din Plants of the Bible ka sɛ, nkyeresia “tumi nyin wɔ mmeae bebree, . . . na wɔn a wɔte anhweatam so no, ɛno ne wɔn aduan titiriw. Afei nso, wɔtumi de yɛ ngo, na nnipa ɔpepem pii tumi de ne dua no si dan da mu.”

Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ Israelfo no soɛɛ asaase kɛse a ɛso yɛ frɔmfrɔm bi a ɛnnɛ wɔfrɛ no Feiran no so. Feiran no yɛ subon kɛse bi a wɔfrɛ no Wadi Feiran no fã bi. a Nhoma bi a wɔato din Discovering the World of the Bible ka sɛ saa subon yi, “ne tenten yɛ akwansin 81 [kilomita 130], na nsubon a ɛware paa wɔ Sinai no, ɛka ho. Afei nso, nsubon a ɛyɛ fɛ paa na agye din wɔ Sinai no, ɛka ho.” Nhoma no san kaa sɛ, sɛ obi fi mpoano na ɔfa subon no mu a, obetwa akwansin 28 anaa kilomita 45 ansa na wakodu baabi a Feiran Oasis anaa asaase frɔmfrɔm no wɔ no. Baabi a ɛda no, ɛhɔ wɔ soro sen ɛpo bɛyɛ anammɔn 2,000 anaa mita 610, na ne tenten nso yɛ akwansin 3 anaa kilomita 4.8. Mmedua ahyɛ hɔ ma, na ɛhɔ yɛ fɛ ara ma wɔde toto Eden turo no ho. Mmedua pii a ɛwɔ hɔ nti, mfe mpempem pii ni na nkurɔfo aba hɔ abɛhwɛ hɔ.

Nkyeresia anaa date palm a ɛwɔ Feiran asaase a ɛso yɛ frɔmfrɔm no so no

Bere a Israelfo refi Egypt no, wɔde mmɔre ne ade a wɔfɔtɔw mmɔre wom kɔe. Afei, ɛbɛyɛ sɛ wɔde esiam ne ngo nso kɔe. Ɛwom, yebetumi aka sɛ saa nneɛma yi anni nna bi. Israelfo no de “nguan ne anantwi ne nyɛmmoa ahorow pii” nso kaa wɔn ho kɔe. (Ex. 12:​34-39) Nanso esiane sɛ na sare no so asetena yɛ den nti, ɛbɛyɛ sɛ mmoa no pii wuwui. Ebia wɔwee bi; ɛbɛyɛ sɛ wɔde bi nso bɔɔ afɔre, na ebi mpo a wɔde bi bɔɔ afɔre maa abosom. b (Aso. 7:​39-43) Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no bere a wɔyɛɛ ne so asoɔden no ma yehu sɛ na wɔyɛn mmoa. Ɔkaa sɛ: “Mo mma bɛyɛ nguanhwɛfo wɔ sare no so mfe 40.” (Num. 14:33) Enti yebetumi aka sɛ na wɔn mmoa no ma wɔnya nufusu, na ɛtɔ da nso a na wɔnya nam we. Nanso sɛ wohwɛ mu a, na ɛnnɔɔso sɛ ɛbɛso nnipa bɛyɛ ɔpepem mmiɛnsa akosi mfe 40. c

Ɛhe na mmoa no nyaa aduan ne nsu? d Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na nsu tɔ paa wɔ sare no so, enti na afifide pii wɔ hɔ. Insight on the Scriptures, Volume 1 no ka sɛ, mfe 3,500 a atwam no, “nsu a na wɔnya wɔ Arabia no, ɛdɔɔso sen nea wɔnya wɔ hɔ nnɛ no koraa. Wokɔ hɔ a, wubehu nsubon pii a emu dɔ a nsu nnim. Wei ma yehu sɛ bere bi a atwam no, na nsu tɔ wɔ hɔ paa ma enti na nsubɔnten pii deda hɔ.” Nanso, na sare no so yɛ akwaweɛ, na na ɛso tena yɛ hu. (Deut. 8:​14-16) Sɛ Yehowa anyɛ anwanwade amma Israelfo no annya nsu a, anka wɔne wɔn mmoa nyinaa ase bɛhyew.—Ex. 15:​22-25; 17:​1-6; Num. 20:​2, 11.

Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ Yehowa maa wɔn mana ‘na wɔahu sɛ ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.’—Deut. 8:3.

a Hwɛ May 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no, kr. 24-25.

b Bere a na Israelfo no wɔ sare no so no, Bible ka sɛ wɔde mmoa bɔɔ afɔre maa Yehowa mprenu. Nea edi kan no yɛ bere a wɔhyɛɛ Aaron ne ne mma asɔfo no; nea ɛtɔ so mmienu no yɛ bere a na wɔredi Twam afahyɛ no. Mmienu yi nyinaa kɔɔ so afe 1512 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba); bere a Israelfo no fii Egypt no akyi bɛyɛ afe baako.—Lev. 8:14–9:24; Num. 9:​1-5.

c Aka kakra ma mfe 40 a Israelfo dii wɔ sare no so aba awiei no, bere biara a na wɔbɛkɔ ɔko no, na wɔfa mmoa mpempem pii sɛ asade. (Num. 31:​32-34) Wei nyinaa akyi mpo, wɔkɔɔ so dii mana kosii sɛ wɔduu Bɔhyɛ Asaase no so.—Yos. 5:​10-12.

d Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na mmoa no di mana no bi, efisɛ Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, nea onipa biara betumi adi no, ɛno na ɔmfa; wanka sɛ wɔmfa bi mma mmoa no.—Ex. 16:​15, 16.