Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua Ho Nyansahyɛ

Adesua Ho Nyansahyɛ

Ntease Foforo a Yenya No, Yebehu Wɔ He?

Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛte ase nnɛ, efisɛ nkakrankakra Yehowa rema yɛate Bible no ase yiye sen bere biara. (Dan. 12:4) Nanso, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ Bible mu ntease foforo a yenya no, yebehu ne nyinaa. Saa ntease foforo yi ne ɛho nkyerɛkyerɛmu no, yebehu wɔ he?

• Sɛ wohwɛ Watch Tower Publications Index no mu, na wokɔ “Beliefs Clarified” a, ntease foforo a yɛanya ne afe a yenyaa saa ntease no, wɔahyehyɛ ne nyinaa wɔ hɔ.

• Wohwɛ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no mu a, ntease foforo a yɛanya no, wubehu kakra wɔ hɔ. Nea edi kan, hwɛ “Yehowa Adansefo,” na kɔ “Yɛn Gyidi,” afei hwɛ “Ntease Foforo a Yɛanya Wɔ Yɛn Gyidi Ho.”

Ntease foforo a yɛanya wɔ yɛn gyidi ho nnansa yi, ne kyerɛwnsɛm a wɔgyinaa so yɛɛ saa nsakrae no, wubetumi afa bi, na woasua ho ade.