Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 48

Sɛ Nneɛma Nkɔ Yiye Mpo a, Wubetumi Anya Yehowa Mu Ahotoso

Sɛ Nneɛma Nkɔ Yiye Mpo a, Wubetumi Anya Yehowa Mu Ahotoso

“‘Monhyɛ mo ho den, . . . efisɛ meka mo ho,’ asafo Yehowa asɛm ni.”—HAG. 2:4.

DWOM 118 “Ma Yɛn Gyidi Nyɛ Kɛse”

NEA YƐREBESUA a

1-2. Yudafo a wɔsan kɔɔ Yerusalem no, ɔhaw ahorow a wɔhyiae no, sɛn na ɛne nea yɛrefa mu nnɛ no di nsɛ? (Hwɛ adaka a yɛato din “Hagai, Sakaria Ne Esra Bere So” no nso.)

 ESIANE sɛ yennim nea ebesi daakye nti, ɛtɔ da a egyaw wo adwinnwen anaa? Ebia w’adwuma afi wo nsa na sɛnea wobɛhwɛ w’abusua ayɛ wo dadwen. Ebia amanyɔsɛm nti basabasayɛ rekɔ so wɔ wo man mu, anaa nkurɔfo resɔre tia asɛnka adwuma no. Ɛno nti, sɛnea wobɛbɔ w’abusua ho ban agyaw wo tipae. Worehyia saa ɔhaw yi bi anaa? Sɛ saa a, sɛnea Yehowa boaa tete Israelfo no bere a wɔhyiaa ɔhaw a ɛtete saa no, sɛ wususuw ho a, ɛbɛboa wo.

2 Ná Yudafo no mu bebree atena Babilon wɔn nkwa nna nyinaa, na na wɔdi yiye. Eduu baabi no, na ɛsɛ sɛ wɔsan kɔ wɔn kurom, nanso na wɔn mu dodow no ara nnim sɛnea ɛhɔ asetena te. Enti na egye gyidi na wɔatu akɔtena hɔ. Wɔkodui no, ankyɛ koraa na sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn mmusua bɛyɛɛ wɔn dadwen, na basabasayɛ nso baa Persia Ahemman no mu. Ɛno da nkyɛn a, aman a atwa wɔn ho ahyia no nso fii ase tan wɔn ani. Enti bere a na wɔresan asi Yehowa asɔrefie no, na ayɛ den ama wɔn mu bi sɛ wɔde wɔn adwene besi adwuma no so. Wei nti, afe 520 ansa na Yesu reba no, Yehowa somaa odiyifo Hagai ne odiyifo Sakaria sɛ wɔnkɔhyɛ nkurɔfo no nkuran ma wɔnsan nkeka wɔn ho wɔ Yehowa som mu. (Hag. 1:1; Sak. 1:1) Sɛnea yebehu wɔ adesua yi mu no, nkuranhyɛ a saa adiyifo yi de mae no boae paa. Nanso bɛyɛ mfe 50 akyi no, Yudafo a wɔsan bae no abam bui bio. Enti, Esra a na ne ho akokwaw wɔ Mmara no kyerɛw mu no, ofii Babilon kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ wɔmfa nokwaresom nni kan wɔ wɔn asetena mu.—Esra 7:​1, 6.

3. Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho? (Mmebusɛm 22:19)

3 Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ tete no, bere a wɔhyiaa ɔsɔretia no, Hagai ne Sakaria nkɔmhyɛ no boaa wɔn ma wɔkɔɔ so nyaa Yehowa mu ahotoso. Yɛn nso, sɛ nneɛma nkɔ yiye mpo a, saa nkɔmhyɛ no betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so anya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛboa yɛn. (Kenkan Mmebusɛm 22:19.) Onyankopɔn asɛm a ɔde somaa Hagai ne Sakaria sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ne nkurɔfo no, yebesusuw ho. Afei nso, yebesusuw Esra nhwɛso no ho. Wei bɛboa yɛn ma yɛanya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Ɔhaw a Yudafo a wɔsan kɔɔ wɔn kurom hyiae no, sɛn na ɛkaa wɔn asetena? Sɛ nneɛma nkɔ yiye a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn apɛde di kan wɔ yɛn asetenam? Sɛ nneɛma nkɔ yiye a, ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ mu den?

ƆHAW A YUDAFO A WƆSAN KƆƆ WƆN KUROM HYIAE NO, SƐN NA ƐKAA WƆN ASETENA?

4-5. Ahokeka a Yudafo no de fii ase sii asɔrefie no, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛma ɛkɔɔ fam?

4 Bere a Yudafo no san kɔɔ Yerusalem no, na nnwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ntɛm ara na wɔsan sii Yehowa afɔremuka no, na wɔtoo asɔrefie no fapem. (Esra 3:​1-3, 10) Nanso ahokeka a wɔde fii ase no, ankyɛ na ɛkɔɔ fam. Adɛn ntia? Asɔrefie a na wɔresi no da nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ wɔsisi adan a wɔn ankasa bɛtena mu, wɔyɛ mfuw, na wɔhwɛ wɔn mmusua nso. (Esra 2:​68, 70) Wei nyinaa nka mfua, atamfo sɔre tiaa wɔn, na wɔbɔɔ pɔw sɛ wɔbɛma Yudafo no agyae asɔrefie no si.—Esra 4:​1-5.

5 Yudafo a efii Babilon san baa Yerusalem no, ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mmusua, na na ntɔkwaw-ntɔkwaw nso rekɔ so wɔ ahemman no mu. Ná wɔn man no akɔka Persia Ahemman no ho. Bere a Persia Hene Kores wui afe 530 ansa na Yesu reba no, Cambyses a obedii n’ade no tuu Egyptfo so sa sɛ obedi wɔn so nkonim. Bere a Cambyses asraafo no de wɔn ani kyerɛɛ Egypt no, ɛbɛyɛ sɛ wɔkɔfaa Israelfo asaase so na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn nsu, aduan, ne baabi a wɔbɛda. Wei maa Israelfo no haw yɛɛ kɛse. Dario I na obedii Cambyses ade. N’ahenni no mfiase no, atuatew ne basabasayɛ tuu atese. Yudafo a na wɔasan aba wɔn kurom no, tebea a ɛte sei nyinaa maa hwɛ a na wɔbɛhwɛ wɔn mmusua no yɛɛ wɔn dadwen. Esiane ɔhaw a ɛtete sei a wɔhyiae nti, Yudafo no bi tee nka sɛ ɛnyɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ wɔsan si Yehowa asɔrefie no.—Hag. 1:2.

6. Ɔhaw foforo bɛn na Yudafo no hyiae, na sɛnea Sakaria 4:​6, 7 kyerɛ no, awerɛhyem bɛn na Sakaria de maa wɔn?

6 Kenkan Sakaria 4:​6, 7. Sikasɛm mu ahokyere a Yudafo no hyiae ne basabasayɛ a na ɛrekɔ so wɔ ahemman no mu no da nkyɛn a, wɔhyiaa ɔsɔretia nso. Yudafo no atamfo kotutu guu Persia aban no asom sɛ Yudafo no retew atua. Wei nti, afe 522 ansa na Yesu reba no, Persia aban no baraa Yudafo no sɛ wɔnyae asɔrefie no si. Nanso Sakaria maa Yudafo no awerɛhyem sɛ Yehowa de ne tumi beyi akwanside biara afi hɔ. Afe 520 ansa na Yesu reba no, Ɔhene Dario maa kwan sɛ Yudafo no betumi atoa so asi asɔrefie no, na ɔmaa wɔn sika mpo a wɔde bɛyɛ saa. Afei nso, ɔka kyerɛɛ amradofo a atwa wɔn ho ahyia no sɛ wɔmmoa wɔn.—Esra 6:​1, 6-10.

7. Bere a Yudafo no de Onyankopɔn apɛde dii kan no, nhyira bɛn na wɔnyae?

7 Yehowa nam Hagai ne Sakaria so hyɛɛ Yudafo no bɔ sɛ, sɛ wɔde asɔrefie no a wɔbɛsan asi no di kan wɔ wɔn asetena mu a, ɔno nso bɛtaa wɔn akyi. (Hag. 1:​8, 13, 14; Sak. 1:​3, 16) Nkuranhyɛ a Yudafo no nya fii adiyifo no hɔ nti, wɔkɔtoaa so sii asɔrefie no wɔ afe 520 ansa na Yesu reba, na annu mfe nnum mpo na wɔwiei. Ɛwom sɛ na Yudafo no rehyia ɔhaw, nanso esiane sɛ wɔde Yehowa apɛde dii kan nti, ɔno nso de nea wɔhia wɔ honam fam ne honhom fam nyinaa maa wɔn. Wei nti, wɔnyaa anigye de som Yehowa.—Esra 6:​14-16, 22.

FA SI W’ANI SO SƐ WOBƐYƐ ONYANKOPƆN APƐDE

8. Asɛm a ɛwɔ Hagai 2:4 no, ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ so? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

8 Esiane sɛ ahohiahia kɛse no rebobɔ ba nti, yehu sɛ saa bere yi paa na ehia sɛ yetie ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no. (Mar. 13:10) Nanso sɛ yɛn sikasɛm ayɛ basaa anaa asɛnka adwuma no nti yɛrehyia ɔsɔretia a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛde yɛn adwene besi asɛnka adwuma no so. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde Ahenni no adi kan wɔ yɛn asetena mu? Ɛne sɛ, yebenya awerɛhyem sɛ “asafo Yehowa” b ka yɛn ho. Sɛ yɛkɔ so de Ahenni no di kan a, ɔno nso bɛboa yɛn. Enti ɛnsɛ sɛ biribiara bɔ yɛn hu.—Kenkan Hagai 2:4.

9-10. Osuahu bɛn na awarefo bi nyae a ɛma yehu sɛ asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 6:33 no yɛ nokware?

9 Momma yɛnhwɛ Oleg ne Irina. c Wɔyɛ awarefo a wɔyɛ akwampaefo. Wɔtu kɔɔ asafo bi mu kɔboaa wɔn. Bere a wɔwɔ hɔ no, esiane sɛ na ɔman no mu sikasɛm nkɔ yiye nti, adwuma a na ɛma wɔn nsa kɔ wɔn ano no fii wɔn nsa. Ɛwom sɛ afe twaam a na wɔnnyaa adwuma papa biara nyɛe, nanso daa na wɔte nka sɛ Yehowa ka wɔn ho, na ɛwom ara a, na anuanom nso boa wɔn. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔtumi gyinaa ɔhaw yi nyinaa ano? Oleg a mfiase no n’adwene tu frae no ka sɛ, “Asɛnka adwuma no a yɛyeree yɛn ho yɛe no, ɛno na ɛboaa yɛn ma yɛde yɛn adwene sii nea ɛho hia paa wɔ asetena mu no so.” Bere a na ɔne ne yere repɛ adwuma no nyinaa, na wɔayere wɔn ho reyɛ asɛnka adwuma no denneennen.

10 Da koro bi a wɔfii asɛnka beduu fie no, wɔhui sɛ wɔn yɔnko berɛbo bi atwa kwan kilomita 160 anaa akwansin 100 de aduan ne ɛho akade bag mmienu abrɛ wɔn. Oleg ka sɛ: “Saa da no, yɛsan hui sɛ, Yehowa ne asafo no dwen yɛn ho paa. Yegye di paa sɛ, sɛ tebea no nye sɛ dɛn koraa a, Yehowa werɛ mfi n’asomfo da.”—Mat. 6:33.

11. Sɛ yɛde yɛn adwene si Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ so a, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn?

11 Asuafoyɛ adwuma a egye nnipa nkwa no, Yehowa pɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so. Sɛnea yɛkae wɔ nkyekyɛm 7 no, Hagai hyɛɛ Yehowa nkurɔfo nkuran sɛ wɔnsɔre waka na wɔnkɔtoa so nsi asɔrefie no. Sɛ wɔyɛ saa a, na Yehowa nso ahyɛ bɔ sɛ ‘obehyira wɔn.’ (Hag. 2:​18, 19) Yɛn nso, adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no, sɛ yɛde di kan wɔ yɛn asetena mu a, yebetumi anya ahotoso sɛ obehyira yɛn.

NEA YƐYƐ A ƐBƐMA YƐANYA YEHOWA MU AHOTOSO KƐSE

12. Adɛn nti na na ehia sɛ Esra ne ne mfɛfo Yudafo no nya gyidi a emu yɛ den?

12 Afe 468 ansa na Yesu reba, bere a Esra refi Babilon asan akɔ Yerusalem no, ɔne Yudafo no bi kɔe. Sɛ na Esra ne wɔn a ɛka ne ho no betumi atwa saa kwan yi a, na wɔbehia gyidi a emu yɛ den. Ná wɔkura sika kɔkɔɔ ne dwetɛ bebree a nkurɔfo de ama wɔn sɛ wɔmfa nkɔboa asɔrefie no. Afei nso, ɔkwan a na wɔbɛfa so no, na ɛso yɛ hu paa. Enti, na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ akorɔmfo-werɛmfo bɛtow ahyɛ wɔn so. (Esra 7:​12-16; 8:31) Afei nso, ankyɛ na wɔhui sɛ Yerusalem koraa nso, ɛhɔ nnwoe. Ná nnipa kakraa bi na abɔ ahwete wɔ kurow no mu, na na kurow no apon ne n’afasu nso asɛesɛe. Ɛba nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya Yehowa mu ahotoso kɛse a, dɛn na yebetumi asua afi Esra hɔ?

13. Ahotoso a na Esra wɔ wɔ Yehowa mu no, ɛyɛɛ dɛn na emu yɛɛ den? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

13 Esra huu sɛnea bere bi Yehowa boaa ne nkurɔfo wɔ amanehunu bere mu. Afe 484 ansa na Yesu reba no, Ɔhene Ahasweros hyɛɛ mmara sɛ Yudafo a wɔwɔ Persia Ahemman no mu nyinaa, wɔntɔre wɔn ase. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Esra wɔ Babilon. (Ester 3:​7, 13-15) Ná Esra nkwa da esiane mu! Bere a Yudafo a ɛwɔ “ɔmantam biara” mu tee mmara a ɔhene no ahyɛ no, wɔyɛɛ akɔnkyen na wɔdii awerɛhow, na ɛda adi sɛ wɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn. (Ester 4:3) Bere a asɛm no danee na atamfo no mmom ho kaa aguaa mu no, hwɛ sɛnea Esra ne ne mfɛfo Yudafo no ani begye afa! (Ester 9:​1, 2) Nea Esra faa mu wɔ saa mmere bɔne no mu no, ɛbɛyɛ sɛ esiesiee no maa sɔhwɛ a na obehyia daakye, na ɛda adi sɛ ahotoso a na ɔwɔ sɛ Yehowa tumi bɔ ne nkurɔfo ho ban no, ɛhyɛɛ mu den. d

14. Bere a onuawa bi kɔɔ ahokyere mu a Yehowa twitwa gyee no no, asuade bɛn na onyae?

14 Sɛ yɛkɔ ahokyere mu na Yehowa twitwa gye yɛn a, ɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu no yɛ kɛse. Momma yɛnhwɛ Anastasia a ɔte Eastern Europe. Ogyaee n’adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremfa ne ho nhyɛ amanyɔsɛm mu. Ɛbaa saa no, ɔkaa sɛ: “Me sika nyinaa sae; me bɔtɔ mu nwee saa da.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Migyaw biribiara maa Yehowa na mihui sɛ odwen me ho paa. Sɛ ɛba sɛ m’adwuma fi me nsa bio a, merensuro koraa. Sɛ me soro Agya no hwɛ me nnɛ a, ɔkyena nso, ɔbɛhwɛ me.”

15. Yehowa mu ahotoso a na Esra wɔ no, dɛn na ɛboaa no ma ɛyɛɛ kɛse? (Esra 7:​27, 28)

15 Esra huu Yehowa nsa wɔ n’asetena mu. Mmere a Yehowa twitwa gyee no a odwinnwen ho no, ɛboaa no ma ahotoso a ɔwɔ wɔ Yehowa mu no yɛɛ kɛse. Hyɛ asɛm a ɔkae yi nsow: ‘Yehowa me Nyankopɔn nsa wɔ me so.’ (Kenkan Esra 7:​27, 28.) Esra kaa nsɛm bi a ɛte sɛ wei mpɛn pii wɔ nhoma a ɔkyerɛwee no mu.—Esra 7:​6, 9; 8:​18, 22, 31.

Tebea ahorow bɛn mu na yebetumi ahu pefee sɛ Onyankopɔn nsa wɔ yɛn asetena mu? (Hwɛ nkyekyɛm 16) e

16. Tebea ahorow bɛn mu na yebetumi ahu pefee sɛ Onyankopɔn nsa wɔ yɛn asetena mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Sɛ yɛrehyia ɔhaw bi a, Yehowa betumi aboa yɛn. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛka kyerɛ yɛn adwumawura sɛ ɔmma yɛn kwan mma yɛnkɔ nhyiam, anaa ɔnyɛ yɛn adwuma mu nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ asafo nhyiam no nyinaa a, ɛboa yɛn ma yetumi hu Yehowa nsa wɔ yɛn asetena mu. Ebia nea ebefi mu aba no bɛyɛ yɛn nwanwa. Ɛba saa a, Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ no bɛyɛ kɛse.

Ɔman no bɔne nti, Esra werɛ ahow na ɔde nisu rebɔ mpae wɔ asɔrefie hɔ. Nnipadɔm no nso resu. Sekania rekyekye Esra werɛ, na ɔrema no awerɛhyem sɛ: “Anidaso wɔ hɔ ma Israel. . . . Yɛn nso yɛtaa w’akyi.”​—Esra 10:​2, 4 (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Bere a na nneɛma nkɔ yiye wɔ Esra asetena mu no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔbrɛ ne ho ase? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

17 Esra srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. Bere biara a na Esra bɛte nka sɛ n’adwuma no ho dadwen ahyɛ no so no, na ɔbɔ Yehowa mpae. (Esra 8:​21-23; 9:​3-5) Nea Esra yɛe nti, wɔn a na wɔatwa ne ho ahyia no boaa no, na wɔsuasuaa ne gyidi. (Esra 10:​1-4) Sɛ yɛte nka sɛ asetena mu nneɛma a yehia anaa yɛn abusua ahobammɔ ho dadwen ahyɛ yɛn so a, ɛsɛ sɛ yɛde ahotoso kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu.

18. Ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no, dɛn na ɛbɛboa ma ayɛ kɛse?

18 Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hwehwɛ Yehowa mmoa, na yegye mmoa a yɛn mfɛfo Kristofo de ma yɛn no tom a, ɛbɛma Onyankopɔn mu ahotoso a yɛwɔ no ayɛ kɛse. Erika yɛ onuawa a ɔwɔ mma mmiɛnsa. Ɛmfa ho sɛ ohyiaa ɔhaw bi a ani soso no, ɔkɔɔ so nyaa Yehowa mu ahotoso. Bere tiaa bi mu no, ɔhweree ne ba a ɔhyɛ yafunu mu ne ne kunu a ɔdɔ no. Obu kɔmpɔ hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Worentumi nhu ɔkwan a Yehowa bɛfa so aboa wo. Obetumi afa akwan bi a wonna nnwenee ho so abɛboa wo. Mahu sɛ Yehowa nam nsɛm a anuanom ka ne wɔn nneyɛe so abua me mpaebɔ bebree. Sɛ meka nea merefa mu kyerɛ me nuanom a, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛboa me.”

NYA YEHOWA MU AHOTOSO KOSI AWIEI

19-20. Yudafo a wɔantumi ansan ankɔ Yerusalem no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

19 Yudafo a wɔantumi ansan ankɔ Yerusalem no nso, yebetumi asua biribi afi wɔn hɔ. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ sɛ esiane onyin, yare a emu yɛ den, anaa asɛde a wɔwɔ wɔ wɔn abusua mu nti, wɔantumi ansan ankɔ wɔn nkyi. Nanso, wɔyii wɔn yam de wɔn nneɛma boaa wɔn a na wɔresan akɔ no. (Esra 1:​5, 6) Yudafo a edii kan kɔɔ Yerusalem no, ɛbɛyɛ sɛ mfe 19 akyi mpo, wɔn a ɛkaa Babilon no, na wɔda so ara fi wɔn pɛ mu de nneɛma kɔboa wɔn nuanom a ɛwɔ Yerusalem no.—Sak. 6:10.

20 Sɛ yɛte nka sɛ nea yetumi yɛ wɔ Onyankopɔn som mu no nyɛ ahe biara mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara a yefi yɛn koma mu yɛ no, Yehowa ani sɔ. Yɛyɛ dɛn hu saa? Odiyifo Sakaria bere so no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a Yudafo a ɛkaa Babilon no de baa Yerusalem no, ɔmfa nyɛ ahenkyɛw. (Sak. 6:11) Ná saa “ahenkyɛw kɛse” yi bɛyɛ “nkae ade” ama obiara akae nneɛma a wɔde kɔboae no. (Sak. 6:​14, ase hɔ nsɛm) Sɛ nneɛma nkɔ yiye mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa no, ne werɛ remfi da.—Heb. 6:10.

21. Ɛmfa ho nea ebesi daakye biara no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho ato Yehowa so?

21 Bere a yɛda so ara te awiei mmere yi mu de, yɛbɛkɔ so ahyia ɔhaw, na ebi mpo a daakye nneɛma bɛsɛe asen sei. (2 Tim. 3:​1, 13) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma wei ho dadwen mene yɛn. Momma yɛnkae asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Hagai beresofo no. Ɔkaa sɛ: “Meka mo ho . . . Munnsuro.” (Hag. 2:​4, 5) Yɛn nso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de yɛ nea Yehowa pɛ a, ɔbɛka yɛn ho. Nea yɛasua afi Hagai ne Sakaria nkɔmhyɛ ne Esra nhwɛso no mu no, sɛ yɛde yɛ adwuma na sɛ daakye nneɛma nkɔ yiye a, yɛbɛkɔ so de yɛn ho ato Yehowa so.

DWOM 122 Muntintim, Munnhinhim!

a Sɛ yɛn sikasɛm nkɔ yiye, amanyɔsɛm nti basabasayɛ rekɔ so wɔ yɛn man mu, anaa nkurɔfo sɔre tia asɛnka adwuma no a, adesua yi bɛboa yɛn ama ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no, yɛahyɛ mu den.

b Asɛm a ɛne “asafo Yehowa” no, epue mpɛn 14 wɔ Hagai nhoma no mu. Ɛkaee Yudafo no, na ɛkae yɛn nso sɛ Yehowa tumi nni ano, na abɔfo ɔpepem huhaa hyɛ n’ase.—Dw. 103:​20, 21.

c Wɔasesa edin no bi.

d Esra a na ne ho akokwaw wɔ Onyankopɔn Mmara no kyerɛw mu no, ansa na ɔrekɔ Yerusalem no, na ɔwɔ ahotoso kɛse sɛ Yehowa hyɛ nkɔm a, ɛbam.—2 Be. 36:​22, 23; Esra 7:​6, 9, 10; Yer. 29:14.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi resrɛ n’adwumawura sɛ ɔmma no kwan ma ɔnkɔ ɔmantam nhyiam, nanso wampene. Ɔpɛ sɛ ɔsan kɔ n’adwumawura no hɔ bio, enti ɔrebɔ mpae ahwehwɛ mmoa ne akwankyerɛ. Ɔde ɔmantam nhyiam nsato krataa no rekyerɛ n’adwumawura no, na ɔreka mfaso a ɛwɔ Bible nkyerɛkyerɛ so akyerɛ no. Adwumawura no ani agye ho na wasesa n’adwene.