Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua Ho Nyansahyɛ

Adesua Ho Nyansahyɛ

Kyere “Nnwom Kronkron” No Mu Nsɛm Gu Wo Tirim

“Sɛ ɛtɔ da na mebotow a, Yehowa nam JW Broadcasting® no mu nnwom so hyɛ me den.”—Lorraine, U.S.A.

Efi tete nyinaa, Kristofo ato “nnwom kronkron” de ayi Onyankopɔn ayɛ. (Kol. 3:16) Sɛ wokyere saa nnwom yi mu nsɛm gu wo tirim na sɛ wunkura nnwom nhoma anaa ɛlɛtrɔnik afiri biara mpo a, ebetumi aboa wo. Sɛ woyɛ nea edidi so yi a, ebetumi aboa wo ma woakyere nnwom no mu nsɛm agu wo tirim.

  • To wo bo ase kenkan nnwom no mu nsɛm na ama woate ase. Sɛ wote asɛm bi ase yiye a, ɛboa wo ma wutumi kae no ntɛm. Nnwom a enni yɛn nnwom nhoma mu, nnwom a wɔayɛ ama mmofra, ne yɛn nnwom a aka nyinaa, wubenya emu nsɛm no bi wɔ jw.org so. Wubue ɔfa a yɛato din Nhomakorabea no a, kɔ Nnwom afã hɔ.

  • Kyerɛw nnwom no mu nsɛm gu krataa so. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo paa ma emu nsɛm no aka wo tirim.—Deut. 17:18.

  • Bobɔ so ma empue w’ano. Kenkan dwom no mu nsɛm anaa to no mpɛn pii.

  • Hwɛ sɛ wobɛkae emu nsɛm no a. To dwom no anaa ka emu nsɛm no a wonhwɛ krataa no so, wuwie a hwɛ nea wutumi yɛe.