Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 1

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

Sɛ Wobɔ Hu a, Fa Wo Ho To Yehowa So

Sɛ Wobɔ Hu a, Fa Wo Ho To Yehowa So

AFE 2024 AFE ASƐM: “Sɛ mebɔ hu a, mede me ho to wo so.”DW. 56:3.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yebehu sɛnea yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so kɛse na aboa yɛn ama yɛadi ehu so.

1. Ɛtɔ da a, adɛn nti na ehu tumi ka yɛn?

 ƐTƆ da a, ehu tumi ka yɛn mu biara. Ɛwom, Bible a yɛasua nti, yensuro awufo, ahonhommɔne, anaa nea ebesi daakye. Nanso mmere a yɛte mu yi, “nneɛma a ɛyɛ hu” te sɛ akodi, nsɛmmɔnedi, ne yare reteetee yɛn. (Luka 21:11) Yehowa som nti, ebia aban mpanyimfo anaa yɛn abusuafo bɛtan yɛn ani. Wei betumi ama nnipa ho suro nso ahyɛ yɛn so. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔsuro sɛ sɔhwɛ a wɔrehyia nnɛ anaa nea ebia wɔbehyia daakye no, wɔrentumi nnyina ano.

2. Tebea bɛn na Dawid kɔɔ mu wɔ Gat?

2 Ɛtɔ da a, na ehu tumi ka Dawid. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a na Ɔhene Saul retaataa no apɛ no akum no no, oguan kɔɔ Filistifo kurow Gat mu. Ankyɛ na Gat hene Akis tee sɛ, sɛɛ Dawid ne ɔkatakyi a wɔde nnwom bɔ gyee no so sɛ wakum Filistifo “mpem du” no. Wei maa ‘ehu kaa Dawid paa.’ (1 Sam. 21:​10-12) Ná osuro nea Akis de bɛyɛ no. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na Dawid tumi dii ehu yi nyinaa so?

3. Sɛnea Dwom 56:​1-3, 11 kyerɛ no, ɛyɛɛ dɛn na Dawid tumi dii ehu a ɛkaa no no so?

3 Yɛhwɛ Dwom 56 a, Dawid kaa sɛnea ɔtee nka bere a na ɔwɔ Gat no. Dwom yi mu nsɛm ma yehu pefee sɛ na Dawid abɔ hu, nanso ɛsan ma yehu nea ɛboaa no ma odii so. Sɛ ehu ka Dawid a, na ɔde ne ho to Yehowa so. (Kenkan Dwom 56:​1-3, 11.) Bere a Dawid de ne ho too Yehowa so no, ne nsa ansi fam. Yehowa boaa no ma ɔfaa nyansakwan bi so nyaa ne ho tetewee: Ɔyɛɛ ne ho sɛ obi a wabɔ dam! Ɛno maa Akis pam Dawid fii n’anim, enti Dawid nyaa kwan guanee.—1 Sam. 21:13–22:1.

4. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn ho ato Yehowa so kɛse? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

4 Yɛn nso, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, yebetumi adi ehu so. Nanso yɛbɛyɛ dɛn de yɛn ho ato Yehowa so kɛse, ɛnkanka bere a yɛabɔ hu no? Yɛnhwɛ mfatoho yi. Sɛ dɔkta ka kyerɛ wo sɛ yare bi abɔ wo a, mfiase no ebia ehu bɛka wo. Nanso sɛ wowɔ dɔkta no mu awerɛhyem a, ehu no betumi aba fam. Ebia wagye din sɛ otumi sa saa yare no. Ebia ɔbɛyɛ aso atie wo, na ɛno bɛma woahu sɛ ɔte nea worefa mu no ase paa. Afei nso, ɔkwan a wafa so asa afoforo yare ma aboa wɔn no, ebia ɔbɛka ho asɛm akyerɛ wo. Yɛn nso, nea Yehowa ayɛ dedaw, nea ɔreyɛ seesei, ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛma yɛde yɛn ho ato no so kɛse. Saa ara na Dawid yɛe. Bere a yɛresusuw nsɛm a Yehowa maa Dawid kyerɛwee wɔ Dwom 56 no bi ho no, hwɛ sɛnea wo nso wubetumi de wo ho ato Yehowa so kɛse, na aboa wo ma woadi ehu so.

DƐN NA YEHOWA AYƐ DEDAW?

5. Sɛ ehu ka Dawid a, nea ɛbɛyɛ na wadi so no, dɛn na na odwinnwen ho? (Dwom 56:​12, 13)

5 Ɛmfa ho sɛ na Dawid nkwa da asiane mu no, ɔde n’adwene sii nea na Yehowa ayɛ dedaw no so. (Kenkan Dwom 56:​12, 13.) Dawid asetena mu nyinaa, saa ara na na ɔyɛ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nneɛma a Yehowa abɔ no, ɛtɔ mmere bi a na odwinnwen ho. Wei kaee no sɛ Yehowa tumi nni ano, na odwen nnipa ho paa. (Dw. 65:​6-9) Afei nso, nneɛma a na Yehowa ayɛ ama afoforo dedaw no, osusuw ho. (Dw. 31:19; 37:​25, 26) Bio, nneɛma a na Yehowa ayɛ ama ɔno ankasa no, odwinnwen ho paa. Efi Dawid mmofraase nyinaa, Yehowa boaa no na ɔbɔɔ ne ho ban. (Dw. 22:​9, 10) Yebetumi aka sɛ, saa nneɛma a Dawid dwinnwen ho no boaa no paa ma ɔde ne ho too Yehowa so kɛse

Bere a Dawid de n’adwene sii nea Yehowa ayɛ dedaw, nea na ɔreyɛ saa bere no, ne nea ɔbɛyɛ daakye so no, ɛboaa no ma ɔde ne ho too Yehowa so kɛse (Hwɛ nkyekyɛm 5, 8, 12) d


6. Sɛ yɛbɔ hu a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho ato Yehowa so?

6 Sɛ ehu ka wo a, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na Yehowa ayɛ dedaw?’ Dwinnwen nneɛma a wabɔ no ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa ammɔ nnomaa ne nhwiren wɔ ne suban so, na emu biara rentumi nsom no, nanso n’ani ku saa nneɛma a wabɔ yi nyinaa ho. Sɛ yɛde ‘yɛn ani to fam hwɛ’ sɛnea ɔhwɛ nnomaa ne nhwiren no a, ɛbɛma yɛanya ahotoso kɛse sɛ yɛn nso ɔbɛhwɛ yɛn. (Mat. 6:​25-32) Afei nso, nea Yehowa ayɛ ama n’asomfo no, dwinnwen ho. Nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm sɛ na wɔwɔ gyidi kɛse no, wubetumi asua wɔn mu bi ho ade, anaa wubetumi akenkan Yehowa asomfo a ɛwɔ hɔ nnɛ no bi asetenam nsɛm. a Nea ɛka ho bio, sɛnea Yehowa aboa wo dedaw no, dwinnwen ho. Sɛn na ɔboaa wo ma wuhuu nokware no? (Yoh. 6:44) Sɛn na wabua wo mpaebɔ? (1 Yoh. 5:14) Sɛn na wunya ne Dɔba no afɔrebɔ no so mfaso da biara?—Efe. 1:7; Heb. 4:​14-16.

Sɛ yɛn nso yɛde yɛn adwene si nea Yehowa ayɛ dedaw, nea ɔreyɛ seesei ne nea ɔbɛyɛ daakye so a, ɛma yenya ne mu ahotoso kɛse (Hwɛ nkyekyɛm 6, 9-10, 13-14) e


7. Sɛn na odiyifo Daniel asɛm no boaa Vanessa ma otumi dii ehu so?

7 Vanessa b yɛ onuawa bi a ɔwɔ Haiti; ohyiaa tebea bi a na ɛyɛ hu. Ná ɔbarima bi a ɔte ne mpɔtam taataa no sɛ ɔpɛ no. Enti da biara na ɔfrɛfrɛ no, na na ɔsɛnde-sɛnde no tɛs mɛsegye. Vanessa ka kyerɛɛ no pen sɛ n’ani nnye nea ɔreyɛ no ho. Nanso ɔbarima no ani beree paa, na ohunahunaa no sɛ obedi no bɔne. Vanessa kaa sɛ, “Ná misuro.” Enti, dɛn na ɔyɛe? Ɔyɛɛ nea obetumi biara de bɔɔ ne ho ban. Asafo mu panyin bi boaa no ma okohuu aban mpanyimfo. Wei da nkyɛn a, sɛnea Yehowa boaa n’asomfo a wɔtenaa ase tete no, odwinnwen ɛno nso ho. Vanessa ka sɛ, “Onipa a odi kan a ne ho adwene baa me tirim ne odiyifo Daniel. Ɛmfa ho sɛ na asɛm biara nni ne ho no, wɔtow no too agyata amena mu. Ne nyinaa mu no, Yehowa gyee no. Enti mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔno ara nhwɛ nni m’asɛm mma me. Ɛno akyi no, mammɔ hu bio.”—Dan. 6:​12-22.

DƐN NA YEHOWA REYƐ SEESEI?

8. Dɛn na na Dawid gye di paa? (Dwom 56:8)

8 Ɛwom sɛ bere a Dawid wɔ Gat no, na ne nkwa da asiane mu paa, nanso wamma ehu ankyekyere no. Mmom, nea na Yehowa reyɛ ama no saa bere no, ɛno na ɔde n’adwene sii so. Ná Dawid tumi hu sɛ Yehowa kyerɛ no kwan, ɔbɔ ne ho ban, na ɔte no ase. (Kenkan Dwom 56:8.) Afei nso, na Dawid wɔ nnamfo pa te sɛ Yonatan ne Ɔsɔfo Panyin Ahimelek. Wɔn nyinaa boaa no paa. (1 Sam. 20:​41, 42; 21:​6, 8, 9) Ɛwom sɛ na Ɔhene Saul atu n’ani asi Dawid so, nanso onyaa ne ho tetewee. Sɔhwɛ a na ɔrehyia ne sɛnea na ɔte nka no, na ogye di paa sɛ Yehowa nim.

9. Dɛn na Yehowa hu wɔ yɛn mu biara ho?

9 Sɛ wuhyia sɔhwɛ na ɛma wobɔ hu a, kae sɛ Yehowa hu sɔhwɛ a worefa mu no ne sɛnea wote nka. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, amanehunu a na Israelfo no refa mu wɔ Egypt no, na Yehowa ani tua, na na onim “wɔn brɛ nyinaa” nso. (Ex. 3:7) Dawid too dwom sɛ Yehowa hu ‘n’amanehunu’ ne ‘n’ahohia bebrebe no.’ (Dw. 31:7) Sɛ na Onyankopɔn nkurɔfo sisi gyinae bɔne mpo na wɔhu amane a, na ‘ne ho hiahia no.’ (Yes. 63:9) Sɛ wobɔ hu a, Yehowa nim sɛnea wote nka, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo ama woadi ehu no so.

10. Sɛ worehyia sɔhwɛ a, dɛn na ɛma wugye di sɛ Yehowa dwen wo ho na ɔbɛboa wo ama woagyina ano?

10 Sɛ worehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubehu sɛ Yehowa reboa wo. Enti srɛ no sɛ ɔmma wunhu sɛ ɔreboa wo. (2 Ahe. 6:​15-17) Afei susuw wei ho hwɛ: Ɔkasa anaa mmuae bi a obi mae wɔ adesua ase ahyɛ wo den pɛn? Woakan nhoma bi anaa woahwɛ video bi ama ahyɛ wo nkuran pɛn? Na nnwom a enni yɛn nnwom nhoma no mu nso ɛ, woatie bi ama ahyɛ wo nkuran pɛn anaa? Obi aka asɛm bi akyerɛ wo anaa ɔne wo asusuw kyerɛwsɛm bi ho ma akyekye wo werɛ pɛn? Sɛnea yɛn nuanom dɔ yɛn ne honhom fam aduan a yenya no, anhwɛ a, yebebu no adewa. Nanso, ne nyinaa yɛ akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de ama yɛn. (Yes. 65:13; Mar. 10:​29, 30) Wei kyerɛ sɛ odwen yɛn ho. (Yes. 49:​14-16) Afei nso, ɛma yehu sɛ yebetumi de yɛn ho ato no so.

11. Nea na ama Aida abɔ hu no, dɛn na ɛboaa no ma otumi dii so?

11 Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Aida a ɔte Senegal. Bere a ohyiaa sɔhwɛ bi no, ɔde n’ani too fam hwɛɛ sɛnea Yehowa boaa no. Esiane sɛ ɔyɛ ɔba panyin nti, na n’awofo hwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ adwuma ahwɛ ɔne wɔn nyinaa. Nanso Aida yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo, enti otwitwaa nneɛma so. Ɛno maa ne sikasɛm yɛɛ basaa. N’abusuafo bu fuw no, na wɔkasa tiaa no. Ɔkaa sɛ, “Ná misuro sɛ merentumi nhwɛ m’awofo, na anhwɛ a na obiara ayi me baako ahyɛ me nsa. Mebɔɔ Yehowa sobo mpo sɛ ɔno na wama nneɛma ayɛ basaa saa.” Akyiri yi, otiee ɔkasa bi wɔ adesua ase, na ɔkaa sɛ: “Ɔkasafo no kaee yɛn sɛ, nea ama yɛn koma abubu biara, Yehowa nim ne nyinaa. Afotu a mpanyimfo ne afoforo de maa me nso, nkakrankakra ɛma mesan nyaa awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ me. Mebɔɔ Yehowa mpae na ɛma minyaa ahotoso kɛse. Bere a mihui sɛ ɔrebua me mpaebɔ no, ɛma minyaa asomdwoe paa.” Bere bi akyi no, Aida nyaa adwuma, na ɛboaa no ma otumi yɛɛ akwampae adwuma no. Ɛnyɛ ɛno nko, otumi hwɛɛ n’awofo na ɔboaa afoforo nso. Ɔka sɛ, “Mahu sɛ ɛsɛ sɛ mede me ho to Yehowa so korakora. Seesei, sɛ mebɔ mpae wie a, na ehu biara atu ayera.”

DƐN NA YEHOWA BƐYƐ DAAKYE?

12. Sɛnea Dwom 56:9 kyerɛ no, awerɛhyem bɛn na na Dawid wɔ?

12 Kenkan Dwom 56:9. Kyerɛwsɛm yi ma yehu ade foforo a ɛboaa Dawid ma odii ehu so. Ɛmfa ho sɛ na ne nkwa da so da asiane mu no, nea na Yehowa bɛyɛ ama no daakye no, odwinnwen ho. Ná Dawid nim sɛ bere a ɛsɛ mu no, Yehowa begye no. Ade yi na Yehowa aka sɛ, sɛ Saul nni hɔ a, ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene. (1 Sam. 16:​1, 13) Dawid de, na ogye di sɛ nea Yehowa ahyɛ ho bɔ biara, ɔkwan biara so ɔbɛyɛ.

13. Dɛn na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛyɛ?

13 Dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama wo? Yɛnhwɛ kwan sɛ Yehowa begye yɛn afi ɔhaw a yehyia nyinaa mu. c Nanso, sɔhwɛ biara a ebia wubehyia wɔ wiase bɔne yi mu no, Yehowa beyi afi hɔ wɔ wiase foforo a ɛreba no mu. (Yes. 25:​7-9) Yegye di paa sɛ yɛn Bɔfo no wɔ tumi kɛse a ɔde benyan awufo, ɔde bɛsa yɛn yare, na wayi atamfo nyinaa afi hɔ.—1 Yoh. 4:4.

14. Dɛn na yebetumi adwinnwen ho?

14 Sɛ wobɔ hu a, dwinnwen nneɛma a Yehowa bɛyɛ ama yɛn daakye no ho. Wo de, hwɛ sɛ Yehowa ayi Satan afi hɔ, na wasɛe abɔnefo ma aka atreneefo, na nkakrankakra wayi sintɔ afi hɔ; wo ara hwɛ sɛnea w’ani begye afa! Afe 2014 ɔmantam nhyiam a yɛyɛe no, yɛhwɛɛ ɔyɛkyerɛ bi a ɛkyerɛɛ yɛn sɛnea yebetumi adwinnwen anidaso a yɛwɔ no ho. Agya bi ne n’abusua susuw 2 Timoteo 3:​1-5 ho. Ɔkaa sɛ, sɛ saa kyerɛwnsɛm no kaa nea ebesi wɔ Paradise ho asɛm a, ebia anka ɛbɛka biribi sei: “Na hu eyi sɛ wiase foforo no mu no, anigye kɛse bɛba. Efisɛ nnipa bɛdɔ ne yɔnko nnipa, wɔn ani begye Onyankopɔn Asɛm ho, abrɛ wɔn ho ase, ayi Onyankopɔn ayɛ, atie wɔn awofo, wɔrenyɛ bonniayɛ, wɔbedi nokware, wɔbenya tema kɛse ama wɔn abusuafo, nkurɔfo betumi ne wɔn ayɛ apam, wɔbɛbɔ nnipa din pa bere nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ho so, wɔbedwo, wɔbɛyɛ nneɛma pa, wɔrenyi afoforo mma, wɔbɛte asɛm ase, wɔremma wɔn ho so, sɛ anka wɔbedi anigyede akyi no, wɔbɛdɔ Onyankopɔn mmom, wɔbeyi wɔn yam de onyamesom pa abɔ wɔn bra; saa nnipa yi, bata wɔn ho.” Sɛnea asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no, ɛyɛ a wo ne w’abusua ne wo nuanom Kristofo bɔ ho nkɔmmɔ?

15. Ɛwom sɛ na Tanja suro de, nanso dɛn na ɛboaa no ma otumi dii ehu so?

15 Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Tanja a ɔwɔ North Macedonia. Odwinnwen nhyira a yɛn nsa bɛka daakye no ho, na ɛboaa no ma odii ehu so. Bible a na ɔresua nti, n’awofo tan n’ani paa. Ɔka sɛ: “Nneɛma bi a na misuro sɛ ebesisi no, esisii nso ampa. Mekɔ adesua ba biara a, na me maame boro me. M’awofo kaa sɛ, sɛ mebɛyɛ Yehowa Danseni a, wɔbekum me.” Ewiee ase no, Tanja awofo pam no fii fie. Dɛn na ɔyɛe? Ɔkaa sɛ: “Sɛ midi nokware ma Yehowa a, sɛnea m’ani begye afebɔɔ no, ɛno na mede m’adwene sii so. Afei nso, midwinnwen ho sɛ, sɛ mehwere biribi wɔ wiase bɔne yi mu a, Yehowa bɛhyɛ m’ananmu wɔ wiase foforo no mu. Saa bere no, yɛrenkae nneɛma bɔne biara bio.” Ampa-ne-ampa ara Tanja dii nokware maa Yehowa. Yehowa adaworoma, onyaa baabi tenae. Ɛnnɛ, Tanja aware onua nokwafo bi na wɔde anigye abom reyɛ bere nyinaa som adwuma no.

FA WO HO TO YEHOWA SO KƐSE NNƐ

16. Sɛ yehu sɛ asɛm a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Luka 21:​26-28 resisi a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya akokoduru de agyina pintinn?

16 Ahohiahia kɛse no mu no, ‘ehu bɛma nnipa atwitwa ahwe.’ Nanso Onyankopɔn nkurɔfo de akokoduru begyina pintinn. (Kenkan Luka 21:​26-28.) Adɛn nti na yɛremmɔ hu? Efisɛ ebedu hɔ no, na yɛahu sɛnea yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so. Tanja a yɛadi kan aka n’asɛm no ka sɛ ɔhaw a ɔfaa mu bere bi a atwam no, ɛno na nnɛ ɛboa no ma ɔhaw afoforo a emu yɛ den a ohyia no, otumi gyina ano. Ɔka sɛ, “Mahu sɛ tebea biara mu no, Yehowa betumi atwitwa agye yɛn. Ɛtɔ da a, wohwɛ a wobɛka sɛ ebinom wɔ tumi ara ma, nanso nokwasɛm ne sɛ, sɛ Yehowa amma wɔn kwan a wɔrentumi nyɛ hwee. Ɛwom, sɛ worehyia sɔhwɛ a, ɛnyɛ mmerɛw, nanso ɛnkyɛ-nkyɛ wɔ n’afe.”

17. Sɛn na afe 2024 afe asɛm no bɛboa yɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

17 Ɛnnɛ, nneɛma pii ma yetumi bɔ hu. Nanso, sɛnea Dawid yɛe no, yɛn nso yɛremma ehu nkyekyere yɛn. Dawid bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Sɛ mebɔ hu a, mede me ho to wo so.” (Dw. 56:3) Ɛno ne afe 2024 afe asɛm no. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka kyerɛwsɛm yi ho asɛm sɛ, Dawid “amfa n’adwene ansi ɔhaw a na ɔrehyia anaa nneɛma a na ɛbɔ no hu no so. Mmom, ɔde n’ani too Onii a na obegye no no so.” Da biara, bɔ mmɔden dwinnwen afe asɛm no ho paa, ɛnkanka bere a worehyia sɔhwɛ a ɛyɛ hu no. Nea Yehowa ayɛ dedaw, nea ɔreyɛ seesei, ne nea ɔbɛyɛ daakye no, gye bere dwinnwen ho. Woyɛ saa a, nea Dawid kae no, wo nso wubetumi aka bi. Ɔkaa sɛ: ‘Onyankopɔn na mede me werɛ ahyɛ ne mu; minsuro.’—Dw. 56:4.

Atoyerɛnkyɛm bi asi, na onuawa bi redwinnwen afe asɛm no ho (Hwɛ nkyekyɛm 17)

SƐ WUDWINNWEN NEA EDIDI SO YI HO A, SƐN NA ƐBƐBOA WO MA WOATUMI ADI EHU SO?

  • Nea Yehowa ayɛ dedaw.

  • Nea Yehowa reyɛ seesei.

  • Nea Yehowa bɛyɛ daakye.

DWOM 33 Dan W’adesoa Ma Yehowa

a Sɛ wokɔ jw.org na wobɔ “suasua wɔn gyidi” anaa “asetenam nsɛm” wɔ search afa hɔ a, wubenya nsɛm pii wɔ hɔ a ɛbɛhyɛ wo gyidi den. Sɛ wubue JW Library® app no a, hwɛ nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Suasua Wɔn Gyidi” anaa “Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm.”

b Wɔasesa edin no bi.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛnea Yehowa maa Dawid ahoɔden ma otumi kum osisi, ne sɛnea ɔfaa Ahimelek so boaa no no, Dawid dwinnwen ho. Afei nso, ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ no sɛ ɔbɛyɛ ɔhene no, odwinnwen ho.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi gyidi nti, wɔde no ato afiase. Sɛnea Yehowa boaa no ma otumi gyaee sigaretnom, nkrataa a n’adɔfo kyerɛw brɛ no a Yehowa nam so hyɛ no den, ne daa nkwa a Yehowa de bɛma no wɔ Paradise no, ɔredwinnwen ho.