Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 2

DWOM 19 Awurade Anwummeduan

Woasiesie Wo Ho Ama Da Titiriw a Ɛwɔ Afe No Mu No?

Woasiesie Wo Ho Ama Da Titiriw a Ɛwɔ Afe No Mu No?

“Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”LUKA 22:19.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ nea enti a Nkaedi no da yɛn koma so saa, nea yɛbɛyɛ de asiesie yɛn ho, ne sɛnea yebetumi aboa afoforo ama wɔakɔ bi.

1. Adɛn nti na ɛda a yɛde kae Yesu wu no yɛ da titiriw wɔ afe no mu? (Luka 22:19, 20)

 YEHOWA nkurɔfo de, ɛda a yɛde kae Kristo wu no yɛ da titiriw paa ma yɛn wɔ afe no mu. Ɛno nko ara ne da a Yesu hyɛɛ da ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmfa nkae no. (Kenkan Luka 22:19, 20.) Ɛda a yɛde kae Yesu wu no, ɛyɛ a yɛhwɛ kwan paa. Momma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa no bi.

2. Nea enti a yɛhwɛ Nkaedi no kwan no, ebi ne sɛn?

2 Mfaso a ɛwɔ agyede no so no, Nkaedi no boa yɛn ma yedwinnwen ho. Ɛkae yɛn nneɛma a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yesu afɔrebɔ no. (2 Kor. 5:14, 15) Ɛsan ma yenya hokwan ne yɛn nuanom hyia sɛnea ɛbɛyɛ a “obiara de ne gyidi bɛhyɛ ne yɔnko nkuran.” (Rom. 1:12) Afe biara, anuanom a agyae asɛnkakɔ no, bebree ba Nkaedi no bi. Sɛ wɔba a, sɛnea anuanom gye wɔn fɛw so no, ɛkanyan ebinom ma wɔsan ba Yehowa nkyɛn. Afei nso, wɔn a yɛto nsa frɛ wɔn no, wɔn mu bebree ba a, nea wɔte ne nea wɔhu no, ɛkanyan wɔn ma wɔfi ase fa nkwa kwan no so. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Nkaedi no da yɛn koma so saa!

3. Sɛn na Nkaedi no ma anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa yɛ baako? (Hwɛ mfoni no nso.)

3 Afei nso, Nkaedi no ma anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa yɛ baako. Bere a owia akɔtɔ no, Yehowa Adansefo a ɛwɔ wiase baabiara hyiam kae Yesu wu no. Yɛn nyinaa tie ɔkasa a ɛma yehu mfaso a ɛwɔ agyede no so. Yɛto nnwom mmienu yi Yehowa ayɛ, na yɛde paanoo ne bobesa no fa obiara anim. Afei nso yɛbɔ mpae nnan, na obiara fi ne komam ka “amen.” Enti ɛntɔ ara sɛ nnɔnhwerew 24 betwam no, na nsafo a ɛwɔ wiase nyinaa ayɛ ade koro yi ara. Sɛ Yehowa ne Yesu hu sɛnea yɛde baakoyɛ rehyɛ wɔn anuonyam wɔ saa kwan yi so a, wunhu sɛ wɔn ani begye paa?

Nkaedi no ma anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa yɛ baako (Hwɛ nkyekyɛm 3) f


4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Yebesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ adesua yi mu: Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn koma ama Nkaedi no? Yɛbɛyɛ dɛn aboa nkurɔfo ama wɔanya so mfaso? Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a agyae asɛnkakɔ no? Nsɛmmisa yi ho mmuae bɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho ama saa da titiriw yi.

YƐBƐYƐ DƐN ASIESIE YƐN KOMA AMA NKAEDI NO?

5. (a) Mfaso a ɛwɔ agyede no so no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho? (Dwom 49:​7, 8) (b) Video a yɛato din Adɛn Nti Na Yesu Wui? no, dɛn na wusua fii mu?

5 Sɛ yɛresiesie yɛn koma ama Nkaedi no a, ade baako a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ, mfaso a ɛwɔ Yesu Kristo agyede afɔre no so no, yebedwinnwen ho. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛrentumi ntetew yɛn ho mfi bɔne ne owu ho da. (Kenkan Dwom 49:7, 8; video a yɛato din Adɛn Nti Na Yesu Wui? no, hwɛ ɛno nso.) a Yehowa yɛɛ nhyehyɛe sɛ Yesu mfa ne nkwa mmɛto hɔ mma yɛn; wei yɛ afɔre kɛse paa a ɔne ne Ba no bɔe. (Rom. 6:23) Nea Yehowa ne Yesu de bɔɔ afɔre maa yɛn no, sɛ yɛkɔ so dwinnwen ho a, ɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma agyede no ayɛ kɛse. Nea Yehowa ne Yesu faa mu ansa na yɛn nsa reka agyede no, yebesusuw emu kakraa bi ho. Nanso yenni kan nhwɛ nea Yesu de tuaa agyede no.

6. Dɛn ne agyede, na adɛn nti na na ehia sɛ Yesu betua agyede no?

6 Agyede yɛ biribi a yetua de gye biribi a akodi baabi. Bere a Yehowa bɔɔ Adam no, na bɔne biara nni ne ho. Bere a ɔyɛɛ bɔne no, anidaso a na ɔwɔ sɛ ɔne ne mma nyinaa bɛtena ase daa no bɔɔ no. Nea ɛbɛyɛ na yɛn nsa aka nea Adam hweree no, Yesu de ne nkwa a bɔne biara nni ho no bɛbɔɔ afɔre. Yesu baa asaase so no, “wanyɛ bɔne biara, na wɔanhu nnaadaasɛm nso wɔ n’anom.” (1 Pet. 2:22) Ansa na Adam reyɛ bɔne no, na ne nkwa di mu. Yesu nso bere a owui no, na ne nkwa di mu te sɛ bere a na Adam nyɛɛ bɔne no. Enti otumi de ne nkwa no sesaa nea Adam hweree no.—1 Kor. 15:45; 1 Tim. 2:6.

7. Bere a Yesu wɔ asaase so no, sɔhwɛ a ohyiae no bi ne sɛn?

7 Yesu baa asaase so no, ohyiaa sɔhwɛ pii, nanso ne nyinaa mu no, otiee ne soro Agya no wɔ biribiara mu. Bere a Yesu yɛ abofra no, na bɔne biara nni ne ho. Nanso otiee n’awofo ɛmfa ho sɛ na bɔne wɔ wɔn ho no. (Luka 2:51) Ɔyɛ aberantewaa no, na anka nkurɔfo betumi apiapia no ama wayɛ n’awofo so asoɔden anaa anka wɔbetumi ama watew Yehowa so atua, nanso wanyɛ saa. Afei nso, bere a onyinii no, Satan Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe mpɛn pii, nanso otumi gyinaa ano. Bere bi mpo de, Satan ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsom no. (Mat. 4:1-11) Ná Satan pɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara ma Yesu yɛ bɔne, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentumi ntua agyede no.

8. Sɔhwɛ afoforo bɛn na Yesu hyiae?

8 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, ohyiaa sɔhwɛ afoforo. N’atamfo sɔre tiaa no, na wɔyɛe sɛ wɔbekum no. (Luka 4:28, 29; 13:31) Esiane sɛ na sintɔ wɔ n’akyidifo no ho nti, na ɛsɛ sɛ onya wɔn ho abotare. (Mar. 9:33, 34) Bere a na wɔredi n’asɛm no, wɔdii ne ho fɛw na wɔyɛɛ no ayayade nso. Ɛno akyi no, wɔguu n’anim ase na wɔkum no yayaayaw. (Heb. 12:​1-3) Ne sɔhwɛ no fã a etwa to no, Yehowa ammɔ ne ho ban, enti na ɛsɛ sɛ ɔno ara gyina mu. bMat. 27:46.

9. Sɛn na yɛte nka wɔ afɔre a Yesu bɔe no ho? (1 Petro 1:8)

9 Yetumi hu sɛ, Yesu huu amane paa ansa na ɔretua agyede no. Yesu fii ne pɛ mu de nneɛma pii bɔɔ afɔre ansa na ɔde ne nkwa reto hɔ ama yɛn. Sɛ yedwinnwen nea ɔyɛe no ho a, ɛmma yɛnnɔ no kɛse anaa?—Kenkan 1 Petro 1:8.

10. Dɛn na Yehowa faa mu ansa na ɔde agyede no rema yɛn?

10 Yehowa nso ɛ? Dɛn na oyii ne yam de bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a Yesu betumi atua agyede no? Sɛnea Agya bi ne ne ba betumi anya abusuabɔ a emu yɛ den no, Yehowa ne Yesu nso, ayɔnkofa a ɛda wɔn ntam no, emu yɛ den paa. (Mmeb. 8:30) Bere a Yehowa hui sɛ Yesu refa sɔhwɛ bebree mu wɔ asaase so no, wohwɛ a, na ɔbɛte nka sɛn? Ɛnyɛ dɛn ara a, na ɛbɛyɛ Yehowa yaw paa, efisɛ ohui sɛ nkurɔfo reyɛ ne ba no ayayade, wɔnnye no nni, na wɔreteetee no paa.

11. Sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa tee nka bere a wɔrekum Yesu no, fa nhwɛso kyerɛkyerɛ mu.

11 Ɔwofo biara a ne ba awu pɛn no, onim sɛ ɛde awerɛhodi kɛse na ɛba. Sɛ yɛn biribi wu a, ɛwom sɛ yegye di sɛ owusɔre no bɛba, nanso ɛno mpopa yaw a yedi no mfi hɔ. Saa nhwɛso yi ma yɛte nea Yehowa faa mu no ase. Bere a ne Dɔba no huu amane na owui no, ɛda adi sɛ odii yaw paa. cMat. 3:17.

12. Sɛ aka kakra ma yɛayɛ Nkaedi no a, dɛn na yebetumi ayɛ?

12 Efi saa bere yi kosi da a yɛbɛyɛ Nkaedi no, sɛ woreyɛ kokoam adesua anaa moreyɛ abusua som a, mubetumi asua agyede no ho ade. Sɛ wopɛ sɛ wusua agyede no ho ade kɔ akyiri a, wubetumi de Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no anaa asafo nhoma afoforo ayɛ. d Afei nso, Nkaedi Bible akenkan a ɛwɔ Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma no mu no, bɔ mmɔden di akyi. Ɛno da nkyɛn a, Daa Asɛm titiriw a wɔyɛ ma yɛn Nkaedi da no, mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛhwɛ. Sɛ yetumi siesie yɛn koma ma Nkaedi no a, yebetumi aboa afoforo ma wɔn nso anya so mfaso.—Esra 7:10.

BOA AFOFORO MA WƆNNYA NKAEDI NO SO MFASO

13. Dɛn ne ade a edi kan a yebetumi ayɛ de aboa afoforo ama wɔanya Nkaedi no so mfaso?

13 Yɛbɛyɛ dɛn aboa afoforo ma wɔanya Nkaedi no so mfaso? Nea edi kan ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn. Wɔn a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn wɔ asɛnka mu akyi no, nnipa bi a yenim wɔn a yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn no, yebetumi akyerɛw wɔn din. Ebi ne yɛn abusuafo, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma, yɛn mfɛfo sukuufo, ne afoforo. Sɛ yenni nsato krataa no pii a, yebetumi de ɛho link no asɛnde wɔn. Ade yi, yennim nea ɔbɛba ne nea ɔremma.—Ɔsɛnk. 11:6.

14. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea nsato krataa no tumi bɔ adwuma.

14 Krataa a yɛde bɛto nsa afrɛ obi anaa link a yɛde bɛsɛnde obi no, ebetumi abɔ adwuma paa. Da bi, onuawa bi a ne kunu nyɛ Ɔdansefo de anigye ka kyerɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ Nkaedi no. Wei yɛɛ onuawa no nwanwa paa. Adɛn ntia? Ná onuawa no ato nsa afrɛ ne kunu no mpɛn pii, nanso emu biara nni hɔ a ɔkɔe. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na ɔsesaa n’adwene? Ne kunu no kaa sɛ, asafo mu panyin bi a onim no na ɔmaa no nsato krataa no bi. Saa afe no, ne kunu no kɔe, na efi hɔ rekɔ no, ɔkɔ toatoaa so mfe pii.

15. Sɛ yɛreto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛtena yɛn adwene mu?

15 Kae sɛ wɔn a yɛto nsa frɛ wɔn no, ebinom wɔ hɔ a ebia nsɛm bi kyere wɔn adwene, ɛnkanka wɔn a wɔmmaa yɛn adesua koraa da no. Nsɛm a yɛhwɛ a ebetumi akyere wɔn adwene no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn. (Kol. 4:6) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ dwumadi no ase?’ ‘Ebedi bere tenten sɛn?’ ‘Ataade bɛn na menhyɛ?’ ‘Sɛ meba a metua sika anaa?’ ‘Wɔbegyigye kɔlɛhyen anaa?’ Sɛ yɛreto nsa afrɛ obi aba Nkaedi no ase a, yebetumi aka akyerɛ no sɛ, sɛ asɛm bi kyere n’adwene a, obetumi abisa ama yɛakyerɛkyerɛ no mu. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa onii no ma ohu sɛnea yɛyɛ yɛn adesua ahorow no a, yebetumi ayi video a yɛato din Kae Yesu Wu No ne Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? no akyerɛ no. Afei nso, Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, adesua 28 no, yebenya nsɛm afoforo wɔ hɔ a yebetumi de aboa wɔn.

16. Wɔn a wɔbɛba Nkaedi no bi no, nsɛm afoforo bɛn na ebia wɔbebisa?

16 Wɔn a yɛtoo nsa frɛɛ wɔn a wɔtumi baa Nkaedi no bi no, yɛpɔn a ebia wɔbebisa yɛn nsɛm foforo. Ebia wɔbebisa sɛ adɛn nti na nnipa kakraa bi na wɔdii bi, anaa adɛn nti na obiara anni bi? Ebi nso a wɔbebisa nea enti a yɛyɛ no pɛnkoro pɛ wɔ afe no mu no. Afei nso, ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔhu sɛ Yehowa Adansefo nhyiam nyinaa, saa ara na wɔyɛ no anaa. Ɛwom sɛ, sɛ ɔkasafo no rema Nkaedi kasa no a, ɔbɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm yi bebree mu. Nanso wɔn a wɔaba hɔ foforo no de, ebia wɔn mu bi behia nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri. Asɛm bi wɔ jw.org a ebetumi aboa yɛn ama yɛayi wɔn nsɛmmisa no bi ano. Yɛato din “Sɛnea Yehowa Adansefo Hyɛ Awurade Anwummere Aduan No Ho Fã No Ne Asɔre a Aka No De Nyɛ Pɛ. Adɛn Ntia?” Ansa na Nkaedi no bedu so no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara boa wɔn a “wɔwɔ koma pa” ma wɔnya so mfaso. Saa ara nso na bere a Nkaedi no adu so ne bere a yɛawie no, yɛpɛ sɛ yɛkɔ so ara boa wɔn.—Aso. 13:48.

BOA WƆN A WƆAGYAE ASƐNKAKƆ NO

17. Sɛn na asafo mu mpanyimfo betumi aboa wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ no? (Hesekiel 34:12, 16)

17 Nkaedi bere no du a, sɛn na asafo mu mpanyimfo betumi aboa wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ no? Momma wɔnhu sɛ mudwen wɔn ho. (Kenkan Hesekiel 34:12, 16.) Ansa na yɛbɛyɛ Nkaedi no, wɔn mu dodow biara a mubetumi ahwehwɛ wɔn akyi kwan no, monhwɛ sɛ mobɛyɛ saa. Monka nkyerɛ wɔn sɛ mudwen wɔn ho, na mopɛ sɛ moyɛ nea mubetumi biara de boa wɔn. Monto nsa mfrɛ wɔn mmra Nkaedi no. Sɛ wɔtumi ba a, munnye wɔn fɛw so. Yewie Nkaedi no a, monkɔ so nsrasra saa anuanom yi. Afei mmoa biara a ehia sɛ mode ma wɔn na wɔasan aba Yehowa nkyɛn no, momfa mma wɔn.—1 Pet. 2:25.

18. Dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ no? (Romanfo 12:10)

18 Wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ a wɔbaa Nkaedi no bi no, asafo no mufo nyinaa betumi aboa wɔn. Wɔbɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ yɛbɛdɔ wɔn, yɛbɛda ayamye adi akyerɛ wɔn, na yɛrenkeka nsɛm bi a ebebu wɔn abam. (Kenkan Romafo 12:10.) Kae sɛ ebia na ɛnyɛ mmerɛw mma saa anuanom yi sɛ wɔbɛsan aba adesua. Ebia na wɔsuro sɛ anuanom rentew wɔn anim mma wɔn. e Mmisabisa nsɛm a ɛbɛhyɛ wɔn aniwu anaa nkeka nsɛm a ɛyɛ yaw nkyerɛ wɔn. (1 Tes. 5:11) Saa anuanom yi yɛ yɛn mfɛfo agyidifo. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ wɔasan abɛka yɛn ho ma yɛresom Yehowa.—Dw. 119:176; Aso. 20:35.

19. Sɛ yɛkae Yesu wu no a, mfaso bɛn na yenya?

19 Ɛnyɛ nwanwa sɛ Yesu kaa sɛ afe biara yɛnkae ne wu no. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛne afoforo nyinaa nya so mfaso pii. (Yes. 48:17, 18) Ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne Yesu no yɛ kɛse. Afei nso, ɛma yɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn no paa, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no yɛ kɛse. Afei nso, ebetumi ama yɛaboa afoforo ama wɔahu sɛ agyede no nti wɔbetumi anya nhyira bebree. Ɛnde, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara nsiesie yɛn ho mma afe yi Nkaedi no, efisɛ ɛno ne da titiriw a ɛwɔ afe no mu!

YƐBƐYƐ DƐN . . .

  • asiesie yɛn koma ama Nkaedi no?

  • aboa afoforo ama wɔanya so mfaso?

  • aboa wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ no?

DWOM 18 Agyede no Som Bo Ma Yɛn

a Sɛ wopɛ nsɛm ne video a wɔatwe adwene asi so wɔ adesua yi mu no a, kɔ jw.org., na bɔ asɛmti no hyɛ search afã hɔ.

b Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ April 2021 Ɔwɛn-Aban mu no.

d Hwɛ adaka a yɛato din, “ Nsɛm a Wubetumi Ayɛ Ho Nhwehwɛmu” no.

e Hwɛ mfoni no ne adaka a yɛato din “ Sɛn Na Asafo No Mufo Yɛɛ Wɔn Ade?” no Ɛyɛ den ma onua bi a wagyae asɛnkakɔ sɛ obewura Ahenni Asa so, nanso watumi ayere ne ho awura mu. Anuanom agye no fɛw so na wɔne no rebɔ nkɔmmɔ.

f MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yehowa asomfo a wɔwɔ aman bi so rekae Yesu wu no; aman afoforo so nso, ebinom resiesie wɔn ho ama saa da titiriw yi.