Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yehowa Bu Mmea No, Saa Ara Na Wo Nso Wubu Wɔn Anaa?

Sɛnea Yehowa Bu Mmea No, Saa Ara Na Wo Nso Wubu Wɔn Anaa?

YƐANYA hokwan ne mmea anokwafo pii resom Yehowa. Yɛdɔ wɔn, na adwumaden a wɔyɛ ne wɔn nokwaredi no, yɛn ani sɔ paa! Enti anuanom mmarima, monyere mo ho ne wɔn nni no yiye, na monkyerɛ sɛ mubu wɔn. Nanso, esiane sɛ yɛtɔ sin nti, ɛtɔ da a na ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa. Wei da nkyɛn a, baabi wɔ hɔ a anuanom mmarima hyia ɔhaw foforo nso.

Anuanom mmarima bi wɔ hɔ a, baabi a wɔtetee wɔn no, mmarima mmu mmea. Ɛho nhwɛso ni. Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Bolivia a ne din de Hans ka sɛ: “Mmarima bi wɔ hɔ a, baabi a wɔtetee wɔn nti, ama wɔanya adwene sɛ wɔkorɔn koraa sen mmea. Enti wɔmfa mmea nyɛ hwee.” Asafo mu panyin bi a ɔwɔ Taiwan a ne din de Shengxian ka sɛ: “Baabi a mete no, mmarima pii te nka sɛ ɛnsɛ sɛ mmea de wɔn ano toto wɔn nsɛm mu. Sɛ ɔbarima bi bɔ ne ho mmusu kɔfa ɔbea bi adwenkyerɛ ba a, ebia ne mfɛfo mmarima bebu no animtiaa.” Mmarima afoforo nso, sɛnea wɔmmu mmea no, anhwɛ a worenhu. Ebia wɔbeyi nsɛnkwaa a ebu mmea animtiaa.

Nanso, ɛnsɛ sɛ ɔbarima biara ma n’amammerɛ kyekyere no. Adwene a ɛne sɛ mmarima korɔn sen mmea no, obetumi ayi afi ne mu. (Efe. 4:​22-24) Osuasua Yehowa a, obetumi ayɛ saa. Yɛnhwɛ sɛnea Yehowa bu mmea, ne sɛnea anuanom mmarima betumi asuasua no. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔbu mmea.

SƐN NA YEHOWA BU MMEA?

Sɛnea ɛsɛ sɛ yebu mmea no, Yehowa ayɛ ho nhwɛso fɛfɛɛfɛ ama yɛn. Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ayamhyehye, na ɔdɔ ne mma nyinaa. (Yoh. 3:16) Anuanom mmea anokwafo nso, obu wɔn sɛ ne mma mmea a wɔda ne koma so. Yɛnhwɛ akwan a Yehowa fa so kyerɛ sɛ odi mmea ni.

Ommu wɔn sɛ wɔba fam sen mmarima. Yehowa bɔɔ mmea ne mmarima nyinaa wɔ ne suban so. (Gen. 1:27) Wammɔ mmarima amma wɔn adwenem ammue ansen mmea, saa ara nso na wamma wɔn ɔdom akyɛde bi a mmea ntumi nnya bi. Afei nso, ɔmpɛ mmarima asɛm nsen mmea. (2 Be. 19:7) Wammɔ mmarima sɛ wɔkan Bible no a, wɔnte ase yiye nsen mmea. Afei nso, wammɔ wɔn sɛ wɔntumi nsuasua ne suban yiye nsen mmea. Bio nso, anidaso a Yehowa de ama mmarima no, ɛno ara bi na ɔde ama mmea; ebinom bɛtena paradise asaase so daa, na ebinom nso ayɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro. (2 Pet. 1:1) Wei ma ɛda adi pefee sɛ, Yehowa mmu mmea sɛ wɔba fam sen mmarima.

Otie wɔn. Sɛnea mmea te nka ne ɔhaw a wɔhyia no, ɛho hia Yehowa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Rahel ne Hanah bɔɔ mpae no, Yehowa tiei na ɔyɛɛ wɔn abisade no maa wɔn. (Gen. 30:22; 1 Sam. 1:​10, 11, 19, 20) Afei nso, mmarima a wɔyɛɛ aso tiee nea mmea kae no, Yehowa ma wɔkyerɛw wɔn mu bi ho asɛm wɔ Bible mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ontie ne yere Sara no, wampopo ne ti. (Gen. 21:​12-14) Ɔhene Dawid nso tiee Abigail. Nokwasɛm ne sɛ, ɔtee nka mpo sɛ Yehowa na asoma Abigail sɛ ɔne no mmɛkasa. (1 Sam. 25:​32-35) Yesu a osuasua n’Agya pɛpɛɛpɛ no, ɔno nso tiee ne maame Maria. (Yoh. 2:​3-10) Nhwɛso ahorow yi ma yehu sɛ ɔkwan baako a Yehowa fa so kyerɛ sɛ obu mmea ne sɛ, otie wɔn.

Ogye wɔn di. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na Yehowa gye Hawa di sɛ obetumi aboa ma wɔahwɛ asaase no so. (Gen. 1:28) Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ na ommu Hawa sɛ ɔba fam sen ne kunu Adam, na mmom na obu no sɛ ɔboafo pa. Odiyifobea Debora ne odiyifobea Hulda nso, na Yehowa gye wɔn di sɛ wɔbetumi atu ne nkurɔfo fo; ná ɔtemmufo ne ɔhene bi mpo ka ho. (Atem. 4:​4-9; 2 Ahe. 22:​14-20) Ɛnnɛ nso, Yehowa de adwuma ahyɛ Kristofo mmea nsa. Anuanom mmea anokwafo yi, ebi yɛ adawurubɔfo, akwampaefo, ne asɛmpatrɛwfo. Ahenni Asa ne Betel adan ahorow nso, wɔboa ma wɔyɛ ho plan. Afei nso, wɔboa ma wɔsisi, na sɛ biribi sɛe wɔ ho nso a, wɔhwɛ siesie. Ebinom som wɔ Betel, na ebinom nso yɛ adwuma wɔ baabi a wɔkyerɛ nsɛm ase (RTO). Saa anuanom mmea yi yɛ dɔm kɛse a Yehowa de wɔn reyɛ n’apɛde. (Dw. 68:11) Wei ma yehu sɛ Yehowa mmu mmea sɛ wɔyɛ mmerɛw anaa wɔnnim hwee yɛ.

ANUANOM MMARIMA BƐYƐ DƐN ASUASUA SƐNEA YEHOWA BU MMEA?

Anuanom mmarima, sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛ, sɛnea Yehowa bu anuanom mmea no, saa ara na yebu wɔn a, ehia sɛ yebisabisa yɛn ho nsɛm bi hwɛ sɛ adwene bɛn na yɛwɔ wɔ wɔn ho. Yebetumi ayɛ saa a, yehia mmoa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yare wɔ obi koma ho a, afiri a wɔde twa X-ray tumi ma yehu. Saa ara nso na sɛ yɛwɔ adwene a ɛmfata wɔ mmea ho a ɛyɛ den sɛ afoforo behu a, yɔnko berɛbo anaa Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ama yɛahu. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya mmoa a ɛte saa?

Bisa wo yɔnko berɛbo bi. (Mmeb. 18:17) Sɛ yɛwɔ adamfo bi a yegye di sɛ ɔrenka nea ɛyɛ yɛn dɛ nkyerɛ yɛn a, yebetumi abisa no nsɛm a edidi so yi: “Sɛnea me ne anuanom mmea di no, wuhu no sɛn? Wohwɛ a, wɔte nka sɛ mibu wɔn? Sɛnea me ne wɔn di no, wohwɛ a, ɛho behia sɛ meyɛ nsakrae bi anaa?” Sɛ w’adamfo no kyerɛ wo nsakrae bi a wubetumi ayɛ a, mfa nsɛm nyiyi wo ho ano. Mmom, yɛ nsakrae biara a ehia.

Sua Onyankopɔn Asɛm. Ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so ahu sɛ yɛne anuanom mmea redi no yiye ne sɛ, yɛde Bible bɛhwehwɛ yɛn mu. (Heb. 4:12) Sɛ yesua Bible no a, yebehu sɛ mmarima bi dii mmea ni, ebinom nso anyɛ saa. Yebetumi de nea wɔyɛe no atoto yɛn de ho. Bio nso, ɛsɛ sɛ anuanom mmarima hwɛ yiye na adwene a ɛnteɛ a ebia wɔwɔ wɔ mmea ho no, wɔannyina kyerɛwsɛm baako pɛ bi so anka sɛ ɛfoa so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, 1 Petro 3:7 ka sɛ, ɛsɛ sɛ mmarima di mmea ni efisɛ wɔyɛ “anwenne a ɛyɛ mmerɛw.” a Wohwɛ a, wei kyerɛ sɛ mmea ba fam sen mmarima anaa wɔn adwenem mmuei te sɛ mmarima? Ɛnte saa koraa! Sɛ yɛde Petro asɛm no toto asɛm a ɛwɔ Galatifo 3:​26-29 no ho a, ɛbɛma yɛahu nea enti a yɛreka saa. Ɛhɔ ka sɛ Yehowa apaw mmea ne mmarima sɛ wɔne Yesu nkodi ade wɔ soro. Sɛnea yebu mmea no, sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm anaa yebisa yɛn yɔnko berɛbo bi adwene wɔ ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nsakrae bi a ebia ehia sɛ yɛyɛ.

DƐN NA ASAFO MU MPANYIMFO YƐ DE KYERƐ SƐ WƆBU ANUANOM MMEA?

Sɛnea asafo mu mpanyimfo kyerɛ sɛ wɔbu anuanom mmea no, anuanom mmarima a ɛwɔ asafo no mu betumi asuasua. Dɛn na mpanyimfo no yɛ de kyerɛ sɛ wɔbu anuanom mmea? Ma yɛnhwɛ akwan pɔtee bi a wɔfa so yɛ saa.

Wɔkamfo anuanom mmea. Ɔsomafo Paul yɛɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ a mpanyimfo betumi asuasua. Krataa a ɔkyerɛw kɔmaa asafo a na ɛwɔ Roma no mu no, ɔkamfoo anuanom mmea. (Rom. 16:12) Bere a wɔkenkan Paul krataa no kyerɛɛ asafo no a anuanom mmea no tee wɔn din no, wunhu sɛ wɔn ani begye paa? Ɛnnɛ nso, suban pa a anuanom mmea wɔ ne adwuma a wɔyɛ wɔ Yehowa som mu no, asafo mu mpanyimfo taa kamfo wɔn wɔ ho. Wei ma anuanom mmea hu sɛ asafo no bu wɔn paa, na wɔn ani sɔ wɔn mmɔdenbɔ no. Nkuranhyɛsɛm a ɔpanyin bi bɛka akyerɛ anuanom mmea no, ebia ɛno ara na wɔhia na aboa wɔn ma wɔakɔ so asom Yehowa.—Mmeb. 15:23.

Kamfo wɔn

Sɛ asafo mu mpanyimfo rekamfo anuanom mmea a, ɛsɛ sɛ wɔka asɛm pɔtee bi a ɛyɛ nokware. Adɛn ntia? Onuawa bi a ne din de Jessica ka sɛ: “Sɛ anuanom mmarima ma onuawa bi ‘ayekoo’ a, eye. Nanso sɛ wɔhyɛ da ka biribi pɔtee a, yɛn ani sɔ paa. Ebi ne sɛ, wɔbɛkamfo yɛn sɛ yɛaboa yɛn mma ma wɔatena ase dinn wɔ adesua ase, anaa yɛabɔ mmɔden akɔfa Bible suani bi aba adesua.” Sɛ mpanyimfo kamfo anuanom mmea wɔ biribi pɔtee ho a, ɛma wɔte nka sɛ wɔsom bo na wɔka asafo no ho.

Wɔtie mmea adwenkyerɛ. Asafo mu mpanyimfo a wɔbrɛ wɔn ho ase gye tom sɛ nyansa nni ɔbaakofo tirim. Mpanyimfo a wɔte saa bisa anuanom mmea adwenkyerɛ, na sɛ wɔrekasa a mpanyimfo no tie wɔn yiye. Sɛ mpanyimfo no yɛ saa a, ɛhyɛ anuanom mmea nkuran, na mpanyimfo no nso nya so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Ɔpanyin bi a ɔsom wɔ Betel a ne din de Gerardo ka sɛ: “Mahu sɛ, sɛ mibisa anuanom mmea adwenkyerɛ a, ɛboa me ma mitumi yɛ m’adwuma yiye. Mpɛn pii no, wɔayɛ adwuma no akyɛ sen anuanom mmarima dodow no ara.” Anuanom mmea pii yɛ akwampaefo wɔ asafo no mu, enti wɔnim nnipa a ɛwɔ mpɔtam hɔ yiye. Asafo mu panyin bi a ne din de Bryan ka sɛ: “Anuanom mmea wɔ suahu ne nimdeɛ pii a wɔbetumi de aboa ahyehyɛde no. Enti sua biribi fi wɔn hɔ.”

Tie wɔn

Mpanyimfo a wɔwɔ nhumu mpere wɔn ho mmɔ anuanom mmea adwenkyerɛ ngu. Adɛn ntia? Asafo mu panyin bi a ne din de Edward ka sɛ: “Onuawa bi adwenkyerɛ ne ne suahu betumi aboa onua bi ma wahu asɛm bi ani so yiye, na aboa no ama wanya tema ama afoforo.” (Mmeb. 1:5) Sɛ ɔpanyin bi rentumi mfa onuawa bi adwenkyerɛ nyɛ adwuma mpo a, obetumi ada no ase sɛ sɛnea na ohu asɛm bi no, wamfa ansie na ɔkyerɛɛ n’adwene.

Wɔtete anuanom mmea. Mpanyimfo a wɔwɔ nhumu hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so atete anuanom mmea. Wɔbetumi akyerɛ anuanom mmea sɛnea wɔhwɛ asɛnka nhyiam so sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ onua a wabɔ asu nni hɔ a, wɔbetumi ayɛ. Wɔbetumi akyerɛ wɔn sɛnea wɔde nnwinnade anaa mfiri bi bɛyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi aboa ma wɔasisi asafo adan anaa wɔasiesie. Wokɔ Betel sei a, mpanyimfo a ɛdeda nnwuma a ɛwɔ hɔ ano no, wɔatete anuanom mmea ma wɔtumi yɛ nnwuma ahorow pii. Ebi ne sɛnea wɔbesiesie nneɛma a asɛesɛe, wɔbɛtotɔ nneɛma, wɔbebu sika ho akontaa, wɔbɛhyehyɛ kɔmputa so dwumadi, ne nea ɛkeka ho. Sɛ mpanyimfo tete anuanom mmea a, ɛkyerɛ sɛ wɔgye wɔn di sɛ wɔde biribi hyɛ wɔn nsa a, wɔbetumi ayɛ.

Tete wɔn

Ntetee a anuanom mmea nya fi mpanyimfo no hɔ no, wɔn mu pii de boa afoforo. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ atoyerɛnkyɛm si na anuanom afie sɛe a, anuanom mmea yi bi de adansi ho ntetee a wɔanya no boa wɔn ma wɔsan si. Anuanom mmea binom nso, ntetee a wɔanya wɔ baguam adansedi mu no, wɔde tete anuanom mmea bebree ma wɔn nso hu sɛnea wɔbɛyɛ no. Mpanyimfo a wɔtete anuanom mmea no, sɛn na anuanom mmea no hu wɔn? Onuawa bi a ne din de Jennifer ka sɛ: “Bere bi a mekɔboaa Ahenni Asa bi a na wɔresi no, ɔpanyin a ɔda ano no too ne bo ase de ntetee maa me. Ohuu adwuma a meyɛe no, na ɔkamfoo me. Ná m’ani gye ho sɛ me ne no bɛyɛ adwuma efisɛ na ogye me di, na na ɔma mete nka sɛ mesom bo.”

YƐFA ANUANOM MMEA SƐ YƐN ABUSUAFO A, MFASO BƐN NA ƐWƆ SO?

Sɛnea Yehowa dɔ anuanom mmea no, saa ara na yɛn nso yɛdɔ wɔn. Enti yɛfa wɔn sɛ yɛn abusuafo. (1 Tim. 5:​1, 2) Wɔsom bo ma yɛn, na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛne wɔn abom resom. Afei nso, sɛ wɔhu sɛ yɛdɔ wɔn na yɛtaa wɔn akyi a, ɛma yɛn ani gye paa. Onuawa bi a ne din de Vanessa ka sɛ: “Meda Yehowa ase paa sɛ meka n’ahyehyɛde no ho; anuanom mmarima a ɛwɔ saa ahyehyɛde yi mu ma me ho dwo me.” Onuawa bi a ɔwɔ Taiwan ka sɛ: “Ɛyɛ me dɛ paa sɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde no bu mmea sɛ wɔsom bo na wɔdwen yɛn ho. Wei hyɛ me gyidi den, na hokwan a mewɔ sɛ meka Yehowa ahyehyɛde no ho no, m’ani sɔ paa.”

Sɛnea Yehowa bu mmea no, sɛ ohu sɛ Kristofo mmarima anokwafo reyere wɔn ho sɛ wɔbesuasua no a, ɛma n’ani gye sɛ! (Mmeb. 27:11) Asafo mu panyin bi a ɔwɔ Scotland a ne din de Benjamin ka sɛ: “Ɛnnɛ, mmarima pii a ɛwɔ wiase no mmu mmea koraa. Enti, sɛ mmea ba Ahenni Asa so a, yɛpɛ sɛ yɛma wɔte nka sɛ yebu wɔn.” Momma yɛn nyinaa nyɛ nea yebetumi biara nsuasua sɛnea Yehowa bu anuanom mmea na ɔdɔ wɔn no.—Rom. 12:10.

a Asɛm a ɛne “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” no, wopɛ ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Sɛnea ‘Anwenne a Ɛyɛ Mmerɛw’ Som Bo” no. Ɛwɔ May 15, 2006, Ɔwɛn-Aban mu. Afei nso wubetumi ahwɛ asɛm a yɛato din, “Akwankyerɛ Pa a Wɔde Ma Awarefo” no. Ɛwɔ March 1, 2005, Ɔwɛn-Aban mu.