Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA HO NYANSAHYƐ

Nea Yebetumi De Ayɛ Kokoam Adesua Anaa Abusua Som

Nea Yebetumi De Ayɛ Kokoam Adesua Anaa Abusua Som

Sɛ yɛkɔ adesua, amansin ne amantam nhyiam a, yɛbom som Yehowa. Nanso ɛnyɛ ɛno nko. Yɛsom Yehowa sɛ ankorankoro ne mmusua nso. Wopɛ sɛ woyɛ kokoam adesua anaa abusua som a, nea edidi so yi betumi aboa wo:

  • Sua nea yebesua wɔ adesua ase no. Nnwom a yɛbɛto no, mubetumi abobɔ so. Bio nso, mubetumi aboa obiara a ɔwɔ abusua no mu ma wasiesie mmuae a ɔbɛma.

  • Kenkan Bible mu asɛm bi. Wuwie a, drɔ biribi a esii wom ho mfoni anaa kyerɛw nea wusua fii mu.

  • Monkenkan mpaebɔ bi a ɛwɔ Bible mu. Afei, sɛnea ebetumi aboa mo ma mo mpaebɔ atu mpɔn no, munsusuw ho.

  • Hwɛ asafo video bi na wo ne afoforo mmɔ ho nkɔmmɔ anaa kyerɛw biribi a w’ani gyee ho wom.

  • Nea mopɛ sɛ moka wɔ asɛnka mu no, mubetumi abobɔ so.

  • Monhwɛ abɔde, na nea ɛma musua fa Yehowa ho no, munnwinnwen ho, anaa mommɔ ho nkɔmmɔ. a

a Hwɛ asɛm a yɛato din “Sua Yehowa Ho Ade Pii Fi Nneɛma a Wabɔ Mu” no. Ɛwɔ March 2023 Ɔwɛn-Aban no mu.