Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 5

DWOM 27 Onyankopɔn Bɛda Ne Mma Adi

“Merennan M’akyi Nkyerɛ Wo Da Biara Da”!

“Merennan M’akyi Nkyerɛ Wo Da Biara Da”!

“[Onyankopɔn aka] sɛ: ‘Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.’”HEB. 13:5b.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Ɛbɛma Onyankopɔn asomfo a ɛwɔ asaase so anya awerɛhyem sɛ, sɛ wɔfa Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa kɔ soro a, Onyankopɔn rennan n’akyi nkyerɛ wɔn.

1. Bere bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa bɛkɔ soro?

 BERE bi a atwam no, na Yehowa asomfo bisa sɛ, ‘Kristofo a wɔasra wɔn no, bere bɛn na wɔbɛfa wɔn a wɔtwa to no akɔ soro?’ Bere bi, na ɛyɛ yɛn sɛ, sɛ Armagedon ko no ba awiei a, wɔn a wɔasra wɔn no, ebia wɔn mu bi bɛkɔ so atena Paradise wɔ asaase so ha akosi bere bi. Nanso July 15, 2013 Ɔwɛn-Aban no ma yehui sɛ, ansa na Armagedon ko no befi ase no, na wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa wɔ soro dedaw.—Mat. 24:31.

2. Asɛm bɛn na yebetumi abisa, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Nanso ebia yebebisa sɛ: “Ahohiahia kɛse” no mu no, Kristo “nguan foforo” a wɔde nokwaredi resom Yehowa wɔ asaase so no, dɛn na ɛbɛto wɔn? (Yoh. 10:16; Mat. 24:21) Ebia anuanom binom bɛte nka sɛ, sɛ wɔfa Kristofo a wɔasra wɔn no kɔ soro a, wɔn ani so bɛtan wɔn anaa wɔrenhu nea wɔnyɛ. Momma yɛnhwɛ Bible mu nsɛm mmienu bi a ebetumi ama saafo no ate nka saa. Ɛno akyi no, nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛma wei yɛ yɛn dadwen no, yebesusuw ho.

DƐN NA ƐRENTO NGUAN FOFORO NO?

3-4. Dɛn na ebetumi ayɛ ebinom dadwen, na adɛn ntia?

3 Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ, Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ Akwankyerɛ Kuw no mufo no, sɛ wɔnni hɔ a wɔbɛkyerɛ nguan foforo no kwan a, anhwɛ a wɔbegyae Yehowa som. Ebia Bible mu nsɛm bi na ɛma wɔnya adwene a ɛte saa. Momma yɛnhwɛ emu mmienu. Nea edi kan no sii wɔ Ɔsɔfo Panyin Yehoiada bere so. Ná Yehoiada yɛ Onyankopɔn somfo nokwafo. Ɔne ne yere Yehosabat bɔɔ abarimaa bi a ne din de Yehoas ho ban, na wɔboaa no ma ɔbɛyɛɛ ɔhempa. Bere a Yehoiada te ase nyinaa, Yehoas som Yehowa. Nanso Yehoiada wu akyi no, ankyɛ koraa na Yehoas fii ase yɛɛ nneɛma bɔne. Otiee Yuda mpanyimfo atuatewfo no, na ɔtwee ne ho fii Yehowa ho.—2 Be. 24:​2, 15-19.

4 Nhwɛso a ɛtɔ so mmienu no, ɛno ne nea esii wɔ asomafo no wu akyi no. Ɔsomafo a onyin kyɛe paa ne Yohane. Bere a ɔte ase nyinaa, ɔboaa Kristofo bebree ma wɔtumi som Yehowa yiye. (3 Yoh. 4) Ɔne Yesu asomafo anokwafo a aka no ko tiaa ɔwae a na ɛrekɔ so no denneennen. (1 Yoh. 2:18; 2 Tes. 2:7) Nanso Yohane wu akyi no, ɔwae no trɛwee te sɛ ogyatanaa. Mfe bi akyi no, awaefo de wɔn nkyerɛkyerɛ sɛee Kristofo asafo no koraa.

5. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya wɔ Bible mu nsɛm mmienu no ho?

5 Bible mu nsɛm mmienu a yɛaka ho asɛm yi, wohwɛ a ɛkyerɛ sɛ, sɛ wɔfa wɔn a wɔasra wɔn no kɔ soro a, Kristo nguan foforo no nso begyae Yehowa som anaa? Saa bere no, wohwɛ a, Kristofo anokwafo a wɔwɔ asaase so no, wɔbefi ase ayɛ nneɛma bɔne te sɛ Yehoas, anaa wɔbɛdan awaefo sɛnea Kristofo bebree yɛe wɔ asomafo no wu akyi no anaa? Ɛnte saa koraa! Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ wɔn a wɔasra wɔn no kɔ soro a, Yehowa bɛhwɛ nguan foforo no, na wɔbɛkɔ so asom no. Adɛn nti na yebetumi anya saa awerɛhyem no?

NOKWARESOM RENSƐE DA

6. Mmere mmiɛnsa bɛn na yebesusuw ho tiawa?

6 Mmere bɔne a ɛrebobɔ ba no mu mpo, adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ nokwaresom rensɛe da? Efisɛ Bible ma yehu sɛ, ɛsono bere a yɛwom yi koraa, ɛnna ɛsono tete Israelfo no bere. Afei nso, Kristofo a na ɛwɔ hɔ wɔ asomafo no wu akyi no, wɔn nso, na ɛsono wɔn bere. Enti momma yɛnto yɛn bo ase nsusuw saa mmere mmiɛnsa yi ho: (1) Tete Israelfo no bere, (2) asomafo no wu akyi, ne (3) yɛn bere yi so, “mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa.”—Aso. 3:21.

7. Tete Israel no, sɛ ɔmanfo no ne ahemfo no yɛ nneɛma bɔne a, adɛn nti na na emmu anokwafo abam?

7 Tete Israelfo no bere so. Aka kakraa bi ama Mose awu no, ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Minim sɛ me wu akyi no mobɛyɛ bɔne pii, na mobɛman afi ɔkwan a maka sɛ momfa so no so.” (Deut. 31:29) Mose san bɔɔ Israel man no kɔkɔ sɛ, sɛ wɔtew Yehowa so atua a, atamfo bɛba abɛsoa wɔn akɔ. (Deut. 28:​35, 36) Saa asɛm no baa mu anaa? Yiw. Mfe ɔhaha pii mu no, ahemfo bebree yɛɛ nneɛma bɔne na ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo fom kwan. Wei nti, Yehowa twee Israelfo abɔnefo no aso, na wɔamma wɔn ahemfo no anni wɔn so bio. (Hes. 21:​25-27) Nanso bere a Israelfo anokwafo no hui sɛ nea Onyankopɔn kae no abam no, ɛma wɔnyaa akokoduru kɔɔ so som no.—Yes. 55:​10, 11.

8. Asomafo no wu akyi no, wohwɛ a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa sɛ nsafo a ɛwɔ hɔ no sɛee? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Asomafo no wu akyi. Asomafo no wu akyi no, wohwɛ a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa sɛ nsafo a ɛwɔ hɔ no sɛee? Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa koraa. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ ɔwae kɛse bi bɛba. (Mat. 7:​21-23; 13:​24-30, 36-43) Asomafo Paul, Petro ne Yohane nyinaa sii so dua sɛ na Yesu nkɔmhyɛ no afi ase reba mu dedaw wɔ asomafo no bere so. (2 Tes. 2:​3, 7; 2 Pet. 2:1; 1 Yoh. 2:18) Asomafo no wu akyi no, Kristofo asafo no sɛee. Kristofo awaefo maa wɔn homene so, na wɔbedii Babilon Kɛse anaa atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa no mu tintimman. Ɛha nso, nea Yesu kae no baa mu.

9. Tete Israelfo no bere ne asomafo no wu akyi no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ na ɛsono saa mmere no, ɛnna ɛsono bere a yɛwom yi?

9 “Mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa.” Tete Israelfo no bere ne asomafo no wu akyi a ɔwae kɛse no bae no, ɛsono saa mmere no, ɛnna ɛsono bere a yɛwom yi. Bere a yɛwom yi, yɛfrɛ no sɛn? Yɛtaa frɛ no wiase bɔne yi “awiei mmere.” (2 Tim. 3:1) Nanso Bible ma yehu sɛ bere tenten bi a nneɛma akɛseakɛse besisi nso fii ase wɔ awiei mmere no mu. Saa bere no bɛkɔ so ara akosi sɛ Mesia Ahenni no beyi bɔne ne sintɔ afi nnipa ho, na ama asaase adan paradise. Saa bere yi na yɛfrɛ no “mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa” no. (Aso. 3:21) Saa bere no fii ase afe 1914. Dɛn na wɔsiesiee no saa bere no? Yehowa sii Yesu hene wɔ soro. Wei nti, Yehowa san nyaa Ɔhene Dawid aseni ma osii n’ananmu dii ade. Nanso ɛnyɛ saa Ahenni no nko ara na Yehowa san de bae. Ɛno akyi bere tiaa bi no, nokwaresom san faa ne ntama pa furae. (Yes. 2:​2-4; Hes. 11:​17-20) Wohwɛ a, nokwaresom bɛsan asɛe bio anaa?

10. (a) Dɛn na Bible ka faa nokwaresom ho wɔ yɛn bere yi so? (Yesaia 54:17) (b) Adɛn nti na nkɔmhyɛ a ɛte saa kyekye yɛn werɛ?

10 Kenkan Yesaia 54:17. Susuw saa nkɔmhyɛ no ho hwɛ: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye”! Ɛnnɛ, saa nkɔmhyɛ no rebam. Awerɛkyekyesɛm a edi so yi nso rebam wɔ yɛn bere yi so: “Yehowa bɛkyerɛkyerɛ wo mma mmarima nyinaa, na wo mma mmarima asomdwoe bɛdɔɔso. W’ase betim wɔ trenee mu. . . . Worensuro hwee, na biribiara remmɔ wo hu, efisɛ ɛremmɛn wo.” (Yes. 54:​13, 14) Satan a ɔyɛ “wiase yi nyame” no mpo, ɔrentumi mma Yehowa nkurɔfo nnyae nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔreyɛ no. (2 Kor. 4:4) Nokwaresom afa ne ntama pa afura, na ɛrensɛe bio da biara da. Abegye agua afebɔɔ. Akode biara a wɔbɛyɛ de aba yɛn so no renyɛ yiye!

DƐN NA EBESI?

11. Dɛn na ɛma yenya awerɛhyem sɛ, sɛ wɔn a wɔasra wɔn no kɔ soro a, Yehowa rennan n’akyi nkyerɛ nnipakuw kɛse no?

11 Sɛ wɔfa wɔn a wɔasra wɔn no kɔ soro a, dɛn na ebesi? Kae sɛ Yesu ne yɛn Hwɛfo. Ɔno ne Kristofo asafo no ti. Yesu kaa no pefee sɛ: “Mo Kannifo yɛ baako, ɔne Kristo no.” (Mat. 23:10) Yɛn Hene a ɔredi tumi no bɛyɛ n’adwuma pɛpɛɛpɛ. Sɛ Kristo na ɔredi nneɛma anim a, ɛnde ɛnsɛ sɛ n’akyidifo a ɛwɔ asaase so no suro hwee. Ɛwom, sɛnea Kristo bedi ne nkurɔfo anim saa bere no, yennim ɛho nsɛm nyinaa. Nanso Bible mu nhwɛso ahorow bi bɛma yɛanya awerɛhyem sɛ nneɛma bɛkɔ yiye. Momma yɛnhwɛ.

12. Sɛn na Yehowa hwɛɛ ne nkurɔfo (a) wɔ Mose wu akyi? (b) bere a Elia nyaa dwumadi foforo no? (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Aka kakra ama Israelfo adu Bɔhyɛ Asaase no so no, Mose wui. Dɛn na ɛtoo Onyankopɔn nkurɔfo? Mose nni hɔ no, wɔn ani tutu kaa wɔn nsam anaa? Daabi. Bere a wɔkɔɔ so dii Yehowa nokware no, ɔno nso hwɛɛ wɔn. Ansa na Mose rewu no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔmma Yosua nni Israelfo no anim. Ná Mose de mfe bebree atete Yosua. (Ex. 33:11; Deut. 34:9) Afei nso, na mmarima a wɔfata bebree a wɔdi nneɛma anim wɔ hɔ; na wɔwɔ mpanyimfo a wɔhwɛ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne du biara so. (Deut. 1:15) Onyankopɔn anto ne nkurɔfo agyaagyaamu, ɔhwɛɛ wɔn sɛnea ɛsɛ. Elia nhwɛso no nso si wei so dua. Odii Israelfo no anim mfe pii ma wɔsom Yehowa. Nanso eduu baabi no, Yehowa maa no dwumadi foforo; oyii no kɔɔ Yuda anaafo. (2 Ahe. 2:1; 2 Be. 21:12) Anokwafo a na ɛwɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu no, wohwɛ a, Yehowa dan n’akyi kyerɛɛ wɔn anaa? Daabi. Ná Elia de ntetee ama Elisa mfe pii. Ná “adiyifo mma” a ɛda adi sɛ wɔatete wɔn nso wɔ hɔ. (2 Ahe. 2:7) Enti na mmarima anokwafo pii wɔ hɔ a wɔbetumi adi Onyankopɔn nkurɔfo anim. Yehowa atirimpɔw anka nsensɛnmu, na ɔkɔɔ so hwɛɛ n’asomfo anokwafo.

Mose (mfoni a ɛwɔ benkum) ne Elia (mfoni a ɛwɔ nifa), wɔn mu biara tetee obi a ɔfata ma osii n’anan (Hwɛ nkyekyɛm 12)


13. Awerɛkyekyesɛm bɛn na ɛwɔ Hebrifo 13:5b? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Sɛ yɛhwɛ nea yɛasusuw ho yi a, wɔn a wɔasra wɔn no, sɛ wɔfa wɔn a wɔtwa to no kɔ soro a, wohwɛ a dɛn na ebesi? Ɛnsɛ sɛ wei yɛ yɛn dadwen. Bible ka awerɛkyekyesɛm tiawa yi kyerɛ yɛn: Yehowa rennan n’akyi nkyerɛ ne nkurɔfo a ɛwɔ asaase so da biara da. (Kenkan Hebrifo 13:5b.) Sɛnea Mose ne Elia yɛe no, ɛnnɛ nso, Akwankyerɛ Kuw no a ɛredi nneɛma anim no nim sɛ ɛho hia paa sɛ wɔtete afoforo. Mfe pii ni na Akwankyerɛ Kuw no atete mmarima a wɔyɛ nguan foforo no mufo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi adi nneɛma anim. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔayɛ sukuu bebree de atete asafo mu mpanyimfo, amansin so ahwɛfo, Baa Boayikuw mufo, mpanyimfo a wɔdi nneɛma anim wɔ Betel ne nea ɛkeka ho. Afei nso, Akwankyerɛ Kuw no ankasa de ntetee ma wɔn aboafo no tee. Yɛrekasa yi, nnwuma akɛseakɛse hyehyɛ aboafo yi nsa na wɔreyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wɔanya ntetee a ɛfata a ɛbɛma wɔakɔ so ahwɛ Kristo nguan no.

Akwankyerɛ Kuw no abɔ mmɔden ayɛ sukuu bebree de atete asafo mu mpanyimfo, amansin so ahwɛfo, Baa Boayikuw mufo, mpanyimfo a wɔdi nneɛma anim wɔ Betel ne asɛmpatrɛwfo wɔ wiase nyinaa (Hwɛ nkyekyɛm 13)


14. Asɛntitiriw a ɛwɔ nea yɛreka yi mu ne sɛn?

14 Nea yɛreka ho asɛm no, asɛntitiriw a ɛwɔ mu ni: Wɔn a wɔasra wɔn no, sɛ aka kakra ama ahohiahia kɛse no aba awiei na wɔfa wɔn a wɔtwa to no kɔ soro a, nokwaresom bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asaase so ha. Yɛn Kannifo Yesu Kristo adaworoma nti, Onyankopɔn asomfo renhwere hwee. Ɛwom, yenim sɛ saa bere no, aman bi a wɔbɛka wɔn ho abom a yɛfrɛ no Gog a ofi Magog no bɛtow ahyɛ yɛn so. (Hes. 38:​18-20) Nanso ɛrenkosi hwee; ɛremma Onyankopɔn nkurɔfo nnyae ne som. Ɔkwan biara so, Yehowa begye wɔn! Ɔsomafo Yohane huu “nnipakuw kɛse” a wɔka Kristo nguan foforo no ho wɔ anisoadehu mu. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane sɛ saa “nnipakuw kɛse” no ‘fi ahohiahia kɛse no mu.’ (Adi. 7:​9, 14) Wei ma yehu sɛ Yehowa bɛbɔ wɔn ho ban!

15-16. Sɛnea Adiyisɛm 17:14 kyerɛ no, dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no bɛyɛ wɔ Armagedon ko no mu, na adɛn nti na wei hyɛ yɛn nkuran?

15 Ne nyinaa akyi no, ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Kristofo a wɔasra wɔn no nso ɛ? Wɔkɔ soro a, dɛn na wɔbɛyɛ?’ Bible bua saa asɛmmisa no tee. Ɛka sɛ atumfoɔ a ɛwɔ wiase no ne “Oguammaa no bɛko.” Nanso yenim sɛ wɔbedi nkogu. Bible ka sɛ: ‘Oguammaa no bedi wɔn so nkonim.’ Henanom na ɛbɛboa Oguammaa no? Wɔn a “wɔafrɛ wɔn,” “wɔapaw wɔn,” na ‘wodi nokware.’ (Kenkan Adiyisɛm 17:14.) Wɔyɛ henanom? Wɔn a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn afi awufo mu no. Enti wɔn a wɔasra wɔn no, sɛ aka kakra ama ahohiahia kɛse no aba awiei na wɔfa wɔn a wɔtwa to no kɔ soro a, adwuma a wɔbedi kan ayɛ no, emu baako ne sɛ wɔbɛkɔ ɔko. Adwuma yi bɛyɛ anika sɛ! Kristofo a wɔasra wɔn no, ansa na ebinom rebɛyɛ Yehowa Adansefo no, na wɔko ntɔkwaw. Ná ebinom mpo yɛ asogyafo. Nanso bere a wɔbɛyɛɛ nokware Kristofo no, wɔsuaa sɛnea wɔne afoforo bɛtena asomdwoe mu. (Gal. 5:22; 2 Tes. 3:16) Wɔtwee wɔn ho fii akodi ho koraa. Nanso sɛ wɔnyan wɔn kɔ soro a, wɔbɛkɔ akɔka Kristo ne n’abɔfo kronkron no ho, na wɔne Onyankopɔn atamfo de afee so wɔ ɔko a etwa to no mu.

16 Wo de, susuw ho hwɛ! Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asaase so no, ebinom mfe akɔ anim paa, na ebinom mpo ayɛ mmerɛw. Nanso sɛ wɔnyan wɔn kɔ soro a, wɔbɛyɛ honhom abɔde ahoɔdenfo a wɔrenwu da; wɔbɛkɔ akɔka wɔn Sahene Yesu Kristo ho na wɔako atia Onyankopɔn atamfo wɔ Armagedon. Ɔko no akyi no, wɔne Yesu bɛbom ayɛ adwuma na wɔaboa adasamma ma wɔakɔ pɛyɛ mu. Ɛda adi pefee sɛ, seesei a wɔwɔ asaase so a sintɔ wɔ wɔn ho yi, wɔreboa wɔn nuanom a ɛwɔ ha no, nanso sɛ wɔwɔ soro a wɔbetumi aboa wɔn asen saa koraa!

17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn somfo biara ho rentɔ kyima wɔ Armagedon ko no mu?

17 Woka nguan foforo no ho anaa? Ɛnde, sɛ Armagedon ko no fi ase a, dɛn na ebehia sɛ woyɛ? Ɛno ara ne sɛ wode wo ho bɛto Yehowa so na woadi n’akwankyerɛ so. Akwankyerɛ no bi ne nea ɛwɔ he? Bible ka sɛ: “Monkɔhyɛ mo mpia mu na monto mo apon mu wɔ mo akyi. Momfa mo ho nsie kakra nkosi sɛ abufuhyew no betwam.” (Yes. 26:20) Saa bere no, Onyankopɔn bɛbɔ n’asomfo a ɛwɔ soro ne asaase so nyinaa ho ban. Sɛnea ɔsomafo Paul kae no, yɛn nso yegye di paa sɛ, “aban anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba . . . rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ . . . ho.” (Rom. 8:​38, 39) Bere nyinaa kae sɛ: Yehowa dɔ wo, na ɔrennan n’akyi nkyerɛ wo da biara da!

KRISTOFO A WƆASRA WƆN NO, SƐ WƆFA WƆN A WƆTWA TO NO KƆ SORO A,

  • dɛn na ɛrensi?

  • adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ nokwaresom rensɛe?

  • adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛhwɛ n’asomfo?

DWOM 8 Yehowa Ne Yɛn Guankɔbea