Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 6

DWOM 10 Kamfo Yɛn Nyankopɔn Yehowa!

“Munyi Yehowa Din Ayɛ”

“Munyi Yehowa Din Ayɛ”

“Yehowa nkoa, munyi no ayɛ, munyi Yehowa din ayɛ.”DW. 113:1.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Hokwan biara a yebenya no, yɛde yi Yehowa din kronkron no ayɛ. Yɛbɛhwɛ nea ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ saa.

1-2. Yehowa din a nkurɔfo agu ho fi no, sɛnea ɔte nka wɔ ho no, nhwɛso bɛn na ebetumi ama yɛate ase?

 SUSUW wei ho hwɛ: Fa no sɛ obi a wudwen ne ho atwa asɛm ato wo so yayaayaw. Wunim sɛ nea ɔreka no nyɛ nokware, nanso ebinom agye adi. Nea etwa wo nsono mu koraa ne sɛ, wɔn nso afi ase retrɛw atosɛm a ɛte saa mu, na nnipa bebree nso agye adi. Wobɛte nka sɛn? Sɛ wudwen afoforo ho, na din pa a wowɔ no ho hia wo a, ɛnde, dinsɛe a ɛte saa bɛteetee wo paa, anaa ɛnte saa?—Mmeb. 22:1.

2 Saa nhwɛso yi betumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea Yehowa tee nka bere a wɔsɛee ne din no. Abɔfo a ɛwɔ soro no mu baako kaa ne ho atosɛm kyerɛɛ Hawa, ɔbea a odi kan no, na ɔno nso gye dii. Saa atosɛm no maa yɛn awofo a edi kan no tew Yehowa so atua. Wei kɔfaa bɔne ne owu bɛsoɛɛ nnipa so. (Gen. 3:​1-6; Rom. 5:12) Ɔhaw a yehu wɔ wiase nyinaa a ebi ne owu, akokoakoko, ne amanehunu no, atosɛm a Satan kaa no wɔ Eden turo no mu no, ɛno na akɔfa ne nyinaa aba. Atosɛm a Satan kae ne ɛso nsunsuanso no, wohwɛ a ɛyɛ Yehowa yaw anaa? Ɛyɛ ne yaw paa! Nanso Yehowa mma wei nteetee no. Nokwasɛm ne sɛ ɔda so ara yɛ “anigye Nyankopɔn.”—1 Tim. 1:11.

3. Hokwan bɛn na yɛwɔ?

3 Yɛn nso yɛwɔ hokwan a yebetumi de aboa ma Yehowa din ho atew. Ɛne sɛ yebetie ahyɛde yi: “Munyi Yehowa din ayɛ.” (Dw. 113:1) Sɛ yɛka Yehowa ho nokwasɛm kyerɛ afoforo a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyi ne din kronkron no ayɛ. Woyɛ bi anaa? Momma yɛnhwɛ nneɛma titiriw mmiɛnsa bi a ebetumi akanyan yɛn ma yɛafi yɛn koma nyinaa mu ayi yɛn Nyankopɔn din no ayɛ.

SƐ YEYI YEHOWA DIN AYƐ A, ƐMA N’ANI GYE

4. Adɛn nti na yeyi Yehowa ayɛ a, n’ani gye? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Sɛ yeyi yɛn soro Agya no din ayɛ a, ɛma n’ani gye. (Dw. 119:108) Sɛnea ɛyɛ a nnipa pɛ sɛ nkurɔfo yi wɔn ayɛ ma wɔte nka sɛ wɔn nso hyɛ hɔ no, wohwɛ a saa ara na ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no nso te anaa? Daabi. Momma yɛnhwɛ mfatoho yi. Ebia abaayewa bi betu mmirika akɔbam ne papa aka sɛ, “Dada, mepɛ w’asɛm paa!” Wobɛhwɛ na papa no ani agye, na ɔreserew. Adɛn ntia? Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ yenya adwene sɛ, sɛ abaayewa no ankamfo ne papa no a, anka ɛremma n’ani nnye anaa? Daabi. Mmom yegye di sɛ papa no ani gye dedaw, nanso fɛ na ɛyɛ fɛ sɛ ne babea no akyerɛ sɛ ɔdɔ no, na ɔrekamfo no. Papa no nim sɛ, sɛ ne babea no nyin a, saa su no bɛma n’ani agye. Saa ara na yɛn nso, sɛ yeyi Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ soro no ayɛ a, ɛma n’ani gye.

Sɛ abofra bi ka kyerɛ ne papa sɛ ɔdɔ no na n’ani sɔ nea wayɛ ama no a, ɛma papa no ani gye. Yehowa nso, sɛ yeyi ne din no ayɛ a, ɛma n’ani gye (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. Sɛ yeyi Onyankopɔn din ayɛ a, atosɛm bɛn na yebetumi abɔ agu?

5 Sɛ yeyi yɛn soro Agya no ayɛ a, atosɛm bi a Satan aka afa yɛn ho no, ɛma yetumi bɔ gu. Satan kyerɛ sɛ, onipa biara nni hɔ a obetumi asom Onyankopɔn afebɔɔ. Ɔkyerɛ sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ a, yebegyae Onyankopɔn som. Ɔka sɛ, sɛ ɛnyɛ nneɛma pa a yenya fi Onyankopɔn hɔ nti a, anka yɛagyae Yehowa som. (Hiob 1:​9-11; 2:4) Nanso ɔnokwafo Hiob ma ɛdaa adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Wo nso ɛ, wubesuasua Hiob anaa? Yɛn mu biara wɔ hokwan sɛ ɔkɔ so de nokwaredi som Yehowa ma Yehowa ani gye. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛretew ne din no ho. (Mmeb. 27:11) Wei yɛ akwannya kɛse paa.

6. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Ɔhene Dawid ne Lewifo no? (Nehemia 9:5)

6 Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no fi wɔn koma nyinaa mu yi ne din no ayɛ. Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Ma minyi Yehowa ayɛ; ma memfa me koma nyinaa nyi ne din kronkron no ayɛ.” (Dw. 103:1) Ná Dawid nim sɛ, sɛ oyi Yehowa din ayɛ a, na Yehowa ankasa na ɔreyi no ayɛ no. Yehowa din ma yehu onii ko a ɔyɛ; ɛkae yɛn ne su ahorow a ɛyɛ fɛ ne n’anwanwadwuma. Ná Dawid bu n’Agya din no sɛ ɛyɛ kronkron, enti na ɔpɛ sɛ oyi no ayɛ. Ná ɔpɛ sɛ ɔde ne “koma nyinaa” yɛ saa. Saa ara na Lewifo no nso yɛe; wɔdii ɔman no anim ma wɔyii Yehowa ayɛ. Wɔbrɛɛ wɔn ho ase gye toom sɛ, Yehowa din kronkron no boro ayeyi ne nkamfo nyinaa so. (Kenkan Nehemia 9:5.) Ɛda adi pefee sɛ, sɛnea wɔbrɛɛ wɔn ho ase na wɔyii wɔn yam kamfoo Yehowa no maa n’ani gyei.

7. Yɛbɛyɛ dɛn ayi Yehowa ayɛ wɔ asɛnka adwuma no ne yɛn abrabɔ mu?

7 Ɛnnɛ, sɛ yefi yɛn koma mu ka Yehowa ho asɛm de kyerɛ sɛ yɛdɔ no, na yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn a, ɛma n’ani gye. Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ, yɛn botae paa ne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔabɛn Yehowa, na yɛaboa wɔn ma wɔabɛdɔ Yehowa sɛnea yɛdɔ no no. (Yak. 4:8) Bible ma yehu sɛ Yehowa wɔ su ahorow a ɛyɛ fɛ bebree. Ebi ne ne dɔ, n’atɛntrenee, ne nyansa, ne ne tumi. Enti yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu sɛnea ɔte. Afei nso, sɛ yɛyere yɛn ho suasua Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyi no ayɛ, na ɛma n’ani gye. (Efe. 5:1) Yɛyɛ saa a, ɛma yɛda nsow wɔ wiase bɔne yi mu. Ebia nkurɔfo behu sɛ yɛyɛ soronko, na ebia wɔbebisa nea enti a ɛte saa. (Mat. 5:​14-16) Yɛne wɔn rekɔ ba nyinaa, ebia yebetumi akyerɛ wɔn nea enti a yɛbɔ yɛn bra saa. Ɛba saa a, ɛbɛma wɔn a wɔwɔ koma pa atwe abɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛfa saa akwan yi so yi Yehowa ayɛ a, ɛma ne koma tɔ ne yam.—1 Tim. 2:​3, 4.

SƐ YEYI YEHOWA DIN AYƐ A, ƐMA YESU ANI GYE

8. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu ne obi a oyi Yehowa din ayɛ sen obiara?

8 Abɔfo a ɛwɔ soro ne nnipa a ɛwɔ asaase so nyinaa, obiara nni hɔ a onim Yehowa yiye sen Yesu. (Mat. 11:27) Yesu dɔ n’Agya, na obiara nni hɔ a oyi Yehowa din ayɛ sen no. (Yoh. 14:31) Anadwo a ade rebɛkye ama wawu no, ɔbɔɔ n’Agya mpae. Mpaebɔ no mu no, ɔkaa ne som adwuma a ɔbɛyɛe wɔ asaase so nyinaa no ho asɛm sɛ: “Mama wɔahu wo din.” (Yoh. 17:26) Dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ?

9. Mfatoho bɛn na Yesu de kyerɛkyerɛɛ sɛnea n’Agya te no mu tiawa?

9 Yesu anka ankyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn din de Yehowa kɛkɛ. Yudafo a na Yesu kyerɛkyerɛ wɔn no, na wɔnim Onyankopɔn din dedaw. Nanso Yesu paa na ‘ɔkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn te.’ (Yoh. 1:​17, 18) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Hebri Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye. (Ex. 34:​5-7) Yesu maa mfatoho bi a ɛfa ɔba desɛefo bi ne ne papa ho, na ɔde kyerɛkyerɛɛ saa nokwasɛm no mu pefee. Bere a papa no huu ne ba a wanu ne ho no sɛ “ɔda so ara wɔ akyirikyiri no,” otuu mmirika kohyiaa no, ɔbam no, na ofi ne koma nyinaa mu de ne bɔne kyɛɛ no. Wei ma yehu paa sɛ Yehowa mmɔborɔhunu ne n’ayamhyehye de, adutwam. (Luka 15:​11-32) Yesu maa nkurɔfo huu sɛnea n’Agya te ankasa.

10. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu de n’Agya din ankasa frɛɛ no, na na ɔpɛ sɛ afoforo nso yɛ saa? (Marko 5:19) (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Dɛn na Yesu pɛ sɛ yɛyɛ nnɛ?

10 Wohwɛ a, na Yesu pɛ sɛ afoforo nso de n’Agya din ankasa frɛ no anaa? Yiw. Nyamesom akannifo bi a na wɔwɔ hɔ tete no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔgye di sɛ Onyankopɔn din no yɛ kronkron dodo sɛ obi bɛbɔ. Nanso Yesu amma saa gyidi a na ennyina Kyerɛwnsɛm no so no ansiw no kwan sɛ ɔde n’Agya din bɛfrɛ no. Momma yɛnhwɛ bere bi a Yesu tuu ahonhommɔne fii ɔbarima bi mu wɔ Gerasafo asaase so no. Ehu kaa nkurɔfo no, na wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi hɔ nkɔ, enti ɔno nso fii hɔ. (Mar. 5:​16, 17) Nanso na Yesu pɛ sɛ nkurɔfo hu Yehowa din wɔ mpɔtam hɔ. Enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima a otuu ahonhommɔne no fii ne mu no sɛ ɔnkɔka nea Yehowa ayɛ ama no nkyerɛ nkurɔfo, ɛnyɛ nea ɔno Yesu ayɛ. (Kenkan Marko 5:19.) a Ɛnnɛ nso, ɔpɛ sɛ yɛma nkurɔfo hu n’Agya din wɔ wiase baabiara. (Mat. 24:14; 28:​19, 20) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yɛn Hene Yesu ani gye.

Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima bi a otuu ahonhommɔne fii ne mu no sɛ, ɔnkɔka nea Yehowa ayɛ ama no no nkyerɛ nkurɔfo (Hwɛ nkyekyɛm 10)


11. Dɛn na Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae, na sɛnea Hesekiel 36:23 kyerɛ no, adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ saa?

11 Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔbɛtew ne din ho, kyerɛ sɛ, atosɛm biara a wɔaka afa ne ho no, ɔbɛbɔ agu. Ná Yesu nim saa nokwasɛm yi. Ɛno nti, ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mat. 6:9) Ná Yesu nim sɛ wei ne asɛnkɛse paa a ɛda amansan nyinaa kɔn mu. (Kenkan Hesekiel 36:23.) Ɛba Yehowa din a ɛho bɛtew a, obiara nni amansan yi mu a wadi mu akoten paa sen Yesu. Nanso bere a Yesu atamfo kyeree no no, sobo bɛn na wɔde bɔɔ no? Wɔkaa sɛ waka abususɛm. Ná Yesu te nka sɛ, sɛ́ ɔbɛkasa atia anaa ɔbɛsɛe n’Agya din kronkron no yɛ bɔne a ɛyɛ abofono paa. Sɛ ɔkae sɛ saa sobo no na wɔde bɛbɔ no na wɔabu no fɔ a, na biribi reyɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na aka kakra ama wɔakyere Yesu no, na “ne ho yeraw no paa” no.—Luka 22:​41-44.

12. Sɛn na Yesu tew n’Agya din ho wɔ ɔkwan a ɛsen biara so?

12 Nkurɔfo yɛɛ Yesu ayayade, wɔdidii no atɛm, na wɔtwaa atoro too no so. Nanso omiaa n’ani gyinaa wei nyinaa mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtew n’Agya din ho. Ná onim sɛ wayɛ osetie ama n’Agya wɔ biribiara mu, enti na biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma n’ani wu. (Heb. 12:2) Ná onim nso sɛ saa mmere bɔne no mu no, Satan ankasa na na ɔde ɔhaw a ɛtete saa nyinaa reba no so. (Luka 22:​2-4; 23:​33, 34) Nea na esi Satan ani so paa ne sɛ ɔbɛma Yesu adan n’akyi akyerɛ Yehowa, nanso odii nkogu pɔtɔɔ! Yesu ma ɛdaa adi pefee sɛ Satan yɛ kontomponi dabrabani na Yehowa wɔ asomfo anokwafo a sɛ wɔhyia sɔhwɛ a emu yɛ den mpo a, wɔrennan wɔn akyi nkyerɛ no.

13. Wobɛyɛ dɛn ama wo Hene a ɔredi tumi no ani agye?

13 Wopɛ sɛ woma wo Hene a ɔredi tumi no ani gye anaa? Ɛnde, kɔ so yi Yehowa din no ayɛ, na boa afoforo ma wɔnhu sɛnea yɛn Nyankopɔn no te ankasa. Woyɛ saa a, na woredi Yesu anammɔn akyi. (1 Pet. 2:21) Sɛnea Yesu yɛe no, wobɛma Yehowa ani agye, na woama ada adi sɛ ne tamfo Satan yɛ ɔtorofo ankasa!

SƐ YEYI YEHOWA DIN AYƐ A, ƐBOA NKURƆFO MA WƆNYA NKWA

14-15. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔbehu Yehowa a, dɛn na etumi si?

14 Sɛ yeyi Yehowa din ayɛ a, ɛboa nkurɔfo ma wɔnya nkwa. Ɔkwan bɛn so? Nea ɛwom ne sɛ, Satan “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani.” (2 Kor. 4:4) Ɛno nti, wɔabegye Satan nnaadaasɛm a edidi so yi adi: Onyankopɔn biara nni hɔ, Onyankopɔn mmɛn ha baabiara, na yɛn asɛm mfa ne ho, Onyankopɔn tirim yɛ den na ɔyɛ abɔnefo ayayade daa. Nnaadaasɛm yi nyinaa botae ni: ɛne sɛ ɛbɛma Yehowa din ayera anaa asɛe ne din sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara rempusuw nkurɔfo sɛ wɔmmɛn no. Nanso yɛn asɛnka adwuma no sɛe botae a esi Satan ani so yi. Yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo Onyankopɔn ho nokwasɛm, na yeyi ne din kronkron no ayɛ. Yɛyɛ saa a, dɛn na efi mu ba?

15 Tumi wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu paa. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔbehu Yehowa ne sɛnea ɔte ankasa a, biribi a ɛyɛ nwanwa tumi si. Satan atosɛm a ayɛ sɛ abona a akata wɔn ani no, nkakrankakra efi ase waawae, na wɔhu suban a ɛyɛ fɛ a Yehowa wɔ no. Sɛ wɔhu ne tumi a enni ano no a, ɛma wɔn ho dwiriw wɔn. (Yes. 40:26) Sɛnea obu atɛntrenee no ma wɔtumi de wɔn ho to no so. (Deut. 32:4) Ne nyansa a emu dɔ no ma wɔn ani bue. (Yes. 55:9; Rom. 11:33) Afei nso, sɛ wɔbehu sɛ Onyankopɔn ne dɔ a, ɛkyekye wɔn werɛ. (1 Yoh. 4:8) Anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa sɛ ne mma no, wɔrebɛn Yehowa nyinaa, na emu reyɛ den. Ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔafa yɛn soro Agya no adamfo! Yɛyɛ saa a, Yehowa bu yɛn sɛ ne “mfɛfo adwumayɛfo.”—1 Kor. 3:​5, 9.

16. Sɛ ebinom hu Onyankopɔn din a, ɛka wɔn sɛn? Ma ho nhwɛso.

16 Mfiase no, ebia yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Sɛ obi wɔ koma pa a, ɛno ara kɛkɛ mpo betumi asesa n’abrabɔ. Momma yɛmfa ɔbea bi a ne din de Aaliyah b asɛm no nyɛ nhwɛso; ná ɔnyɛ Kristoni. Ɔsom a na ɔwom no, na n’ani nnye ho, na na ɔnte nka sɛ Onyankopɔn bɛn no. Nanso, bere a ofii ase ne Adansefo no suaa ade no, wante nka saa bio. Nkakrankakra Onyankopɔn bɛyɛɛ n’adamfo. Bere a obehui sɛ Bible asekyerɛfo bi ayiyi Onyankopɔn din afi Bible pii mu, na wɔde abodin kɛkɛ te sɛ Awurade asisi ananmu no, ne ho dwiriw no. Yehowa din a ohui no sesaa n’abrabɔ. Ɔteɛɛm sɛ: “Sɛɛ m’Adamfo paa no wɔ din!” Dɛn na efii mu bae? Ɔkaa sɛ: “Manya asomdwoe paa wɔ me komam. Ɛyɛ hokwan kɛse.” Ɔbarima bi a na ɔbɔ nnwom a ne din de Steve nso, na ɔyɛ Yudani a ɔyɛ katee. Wankɔdɔm ɔsom biara, efisɛ ohui sɛ nyaatwom adonnɔn wɔn. Nanso bere a ne maame wui no, na Yehowa Adansefo ne obi resua Bible, na ɔkɔtenaa mu bi. Bere a ohuu Onyankopɔn din no, ɛkaa ne koma paa. Ɔkaa sɛ: “Na mentee Onyankopɔn din da.” Ɔtoaa so sɛ: “Ɛno ne bere a edi kan a mibehui sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ankasa! Mibehui sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ atenka. Ɛhɔ na mihui sɛ manya Adamfo.”

17. Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so ayi Yehowa din no ayɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

17 Sɛ woreyɛ asɛnka adwuma no a, ɛyɛ a woka Yehowa din kronkron no ho asɛm kyerɛ afoforo anaa? Ɛyɛ a woboa wɔn ma wɔhu sɛnea Onyankopɔn te ankasa? Woyɛ saa a, na woreyi Onyankopɔn din no ayɛ. Kɔ so ara boa nkurɔfo ma wɔmmehu Yehowa su a ɛyɛ fɛ no. Woyɛ saa a, ebetumi agye wɔn nkwa. Ɛbɛma woadi yɛn Hene Kristo Yesu anammɔn akyi. Nea ɛsen ne nyinaa no, wobɛma yɛn soro Agya Yehowa ani agye. Enti bɔ mmɔden yɛ nea wubetumi biara fa ‘yi Yehowa din ayɛ daa daa!’—Dw. 145:2.

Sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn din de Yehowa, na yɛma wɔhu sɛnea ɔte a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyi ne din no ayɛ (Hwɛ nkyekyɛm 17)

SƐ YEYI ONYANKOPƆN DIN NO AYƐ A, SƐN NA . . .

  • ɛma Yehowa ani gye?

  • ɛma Kristo Yesu ani gye?

  • ɛboa ma nkurɔfo nya nkwa?

DWOM 2 Wo Din Ne Yehowa

a Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ paa sɛ bere a Marko ankasa rekyerɛw Yesu anom asɛm yi, ɔde Onyankopɔn din na ɛhyɛɛ hɔ. Enti sɛ wohwɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu a, yɛde ahyɛ hɔ.

b Wɔasesa din ahorow no.